< 1 Kraljevima 22 >

1 I proðoše tri godine bez rata izmeðu Siraca i Izrailjaca.
Ɔko biara ansi Aram ne Israel ntam mfe abiɛsa.
2 A treæe godine doðe Josafat car Judin k caru Izrailjevu.
Na mfe abiɛsa no mu, ɔhene Yehosafat a odi ade wɔ Yuda kɔɔ Israelhene Ahab nkyɛn.
3 I reèe car Izrailjev slugama svojim: ne znate li da je naš Ramot u Galadu? a mi ne radimo da ga uzmemo iz ruku cara Sirskoga.
Na Ahab abisa ne mpanyimfo se, “Moahu sɛ Aramfo da so te yɛn kurow Ramot Gilead mu ana? Nanso yɛnyɛɛ ho hwee!”
4 I reèe Josafatu: hoæeš li iæi sa mnom na vojsku na Ramot Galadski? A Josafat reèe caru Izrailjevu: ja kao ti, narod moj kao tvoj narod, konji moji kao tvoji konji.
Enti obisaa Yehosafat se, “Wobɛka me ho na yɛako atia Ramot Gilead ana?” Na Yehosafat buaa ɔhene Ahab se, “Adɛn? Ɛyɛ asɛm a ɛda ne kwan mu. Wo ne me yɛ anuanom, na mʼakofo yɛ wo de sɛ wobɛka asɛm a wopɛ akyerɛ wɔn. Mpo, mʼapɔnkɔ da wo da.”
5 Još reèe Josafat caru Izrailjevu: upitaj danas šta æe Gospod reæi.
Na Yehosafat ka kaa ho se, “Nea edi kan no, ma yemmisa Awurade hɔ afotu.”
6 Tada car Izrailjev sabra oko èetiri stotine proroka, i reèe im: hoæu li iæi na vojsku na Ramot Galadski ili æu se okaniti? A oni rekoše: idi, jer æe ga Gospod dati u ruke caru.
Enti ɔhene Ahab frɛɛ nʼadiyifo a wɔn dodow bɛyɛ ahannan no nyinaa, bisaa wɔn se, “Menkɔko ntia Ramot Gilead anaa mennkɔ?” Wɔn nyinaa buae se, “Kɔ so! Awurade bɛma woadi nkonim anuonyam so.”
7 A Josafat reèe: ima li tu još koji prorok Gospodnji da ga pitamo?
Nanso Yehosafat bisae se, “Enti Awurade diyifo biara nso nni ha? Anka mepɛ sɛ mibisa no saa asɛm koro no ara.”
8 A car Izrailjev reèe Josafatu: ima još jedan èovjek, preko kojega bismo mogli upitati Gospoda; ali ja mrzim na nj, jer mi ne prorièe dobra nego zlo; to je Miheja sin Jemlin. A Josafat reèe: neka car ne govori tako.
Ɔhene Ahab buae se, “Awurade diyifo baako da so wɔ ha, nanso metan no. Ɔnhyɛ nkɔm pa biara sɛ nkɔm bɔne na ɔhyɛ fa me ho. Ne din de Mikaia a ɔyɛ Imla babarima.” Na Yehosafat kae se, “Nkasa saa. Momma yentie asɛm a ɔwɔ ka.”
9 Tada car Izrailjev dozva jednoga dvoranina, i reèe mu: brže dovedi Miheju sina Jemlina.
Enti Israelhene frɛɛ ne mpanyimfo no mu baako, ka kyerɛɛ no se, “Ka wo ho kɔfa Imla babarima Mikaia bra.”
10 A car Izrailjev i Josafat car Judin sjeðahu svaki na svojem prijestolu obuèeni u carske haljine na poljani kod vrata Samarijskih, i svi proroci prorokovahu pred njima.
Israelhene Ahab ne Yudahene Yehosafat hyɛɛ wɔn ahemfo ntade, tenaa wɔn ahengua mu wɔ apongua a ɛbɛn Samaria kwan no ano. Saa bere no, na Ahab adiyifo no rehyɛ nkɔm wɔ wɔn anim.
11 I Sedekija sin Hananin naèini sebi gvozdene rogove, i reèe: ovako veli Gospod: ovijem æeš pobosti Sirce dokle ih ne istrijebiš.
Na wɔn mu baako a ɔyɛ Kenaana babarima Sedekia de nnade yɛɛ mmɛn, na ɔdaa no adi se, “Sɛnea Awurade se ni: Mode saa mmɛn yi bɛwowɔ Aramfo yi ama wɔawuwu!”
12 Tako i svi proroci prorokovahu govoreæi: idi na Ramot Galadski, i biæeš sreæan, jer æe ga Gospod dati caru u ruke.
Adiyifo a wɔwɔ hɔ no nyinaa penee so kae se, “Yiw, monkɔ Ramot-Gilead, na munkodi nkonim, efisɛ Awurade bɛma moadi nkonim.”
13 A poslanik koji otide da dozove Miheju reèe mu govoreæi: evo, proroci prorièu svi jednijem glasom dobro caru; neka i tvoja rijeè bude kao rijeè njihova, govori dobro.
Na ɔbɔfo a ɔkɔfaa Mikaia no ka kyerɛɛ no se, “Tie, adiyifo no nyinaa hyɛ nkonimdi ho nkɔm ma ɔhene. Hwɛ sɛ wo ne wɔn adwene bɛyɛ baako, na wo nso, wobɛhyɛ nkonimdi ho nkɔm.”
14 A Miheja reèe: tako da je živ Gospod, govoriæu ono što mi Gospod kaže.
Nanso Mikaia buae se, “Mmere dodow a Awurade te ase yi, nea Awurade aka akyerɛ me sɛ menka no, ɛno na mɛka.”
15 I kad doðe k caru, reèe mu car: Miheja! hoæemo li iæi na vojsku na Ramot Galadski ili æemo se okaniti? A on mu reèe: idi, biæeš sreæan, jer æe ga Gospod dati caru u ruke.
Bere a Mikaia beduu ahemfi no, Ahab bisaa no se, “Mikaia, yɛnkɔko ntia Ramot-Gilead anaa yɛnnkɔ?” Na Mikaia buae se, “Monkɔ! Na Awurade bɛma ɔhene adi nkonim anuonyam so.”
16 A car mu reèe: koliko æu te puta zaklinjati da mi ne govoriš nego istinu u ime Gospodnje?
Ɔhene amma nʼano ansi, na obuaa no se, “Mpɛn ahe na menka nkyerɛ wo se, sɛ worekasa ama Awurade a, ka nokwasɛm?”
17 Tada reèe: vidjeh sav narod Izrailjev razasut po planinama kao ovce koje nemaju pastira; jer reèe Gospod: ovi nemaju gospodara; neka se vrate svak svojoj kuæi s mirom.
Na Mikaia ka kyerɛɛ no se, “Anisoadehu mu, mihuu sɛ Israel abɔ apete mmepɔw no so, te sɛ nguan a wonni ɔhwɛfo. Na Awurade kae se, ‘Wɔakum wɔn wura. Ma wɔnkɔ fie asomdwoe mu.’”
18 Tada reèe car Izrailjev Josafatu: nijesam li ti rekao da mi neæe prorokovati dobra nego zlo?
Israelhene ka kyerɛɛ Yehosafat se, “Manka saa ankyerɛ wo ana? Da biara saa na ɔyɛ. Ɔnhyɛ nkɔm pa biara sɛ atoro nkɔm na ɔhyɛ fa me ho.”
19 A Miheja mu reèe: zato èuj rijeè Gospodnju; vidjeh Gospoda gdje sjedi na prijestolu svojem, a sva vojska nebeska stajaše mu s desne i s lijeve strane.
Mikaia toaa so se, “Tie nea Awurade ka. Mihuu Awurade sɛ ɔte nʼahengua so a ne ɔsorofo asraafo nyinaa atwa ne ho ahyia wɔ ne nifa ne ne benkum so.”
20 I reèe Gospod: ko æe prevariti Ahava da otide i padne kod Ramota Galadskoga? I jedan reèe ovo a drugi ono.
Na Awurade bisae se, “Hena na obetumi adaadaa Ahab, ama wakɔ ɔko atia Ramot Gilead, a ebetumi aba sɛ wobekum no wɔ hɔ?” Wosusuw nsɛm ahorow bebree ho wɔ hɔ,
21 Tada izide jedan duh i stavši pred Gospoda reèe: ja æu ga prevariti. A Gospod mu reèe: kako?
kosii sɛ ne koraa no, honhom bi bɛnee Awurade kae se, “Metumi ayɛ!”
22 Odgovori: izaæi æu i biæu lažljiv duh u ustima svijeh proroka njegovijeh. A Gospod mu reèe: prevariæeš ga i nadvladaæeš, idi i uèini tako.
Awurade bisae se, “Ɔkwan bɛn so na wobɛfa ayɛ eyi?” Na honhom no buae se, “Mɛkɔ akɔdaadaa Ahab adiyifo, ama wɔadi atoro.” Awurade kae se, “Kɔ so yɛ, na wubedi nkonim.
23 Zato sada eto, Gospod je metnuo lažljiv duh u usta svijem tvojim prorocima, a Gospod je izrekao zlo po te.
“Enti woahu sɛ Awurade de nkontompo honhom ahyɛ wʼadiyifo no anom. Awurade adwene sɛ ɔde amanehunu bɛba wo so.”
24 Tada pristupi Sedekija sin Hananin, i udari Miheju po obrazu govoreæi: kuda je otišao duh Gospodnji od mene da govori s tobom?
Afei Kenaana babarima Sedekia kɔɔ Mikaia so, kɔbɔɔ nʼani so. Obisaa no se, “Da bɛn na Awurade honhom fii me mu bɛkasa kyerɛɛ wo?”
25 A Miheja mu reèe: eto, vidjeæeš u onaj dan kad otideš u najtajniju klijet da se sakriješ.
Na Mikaia buae se, “Ɛrenkyɛ biara, wubehu nokware no, bere a wubeguan akɔtetɛw kokoa mu dan bi mu.”
26 Tada car Izrailjev reèe: uhvati Miheju i odvedi ga k Amonu zapovjedniku gradskom i k Joasu sinu carevu;
Israelhene Ahab hyɛe se, “Monkyere Mikaia, na momfa no nkɔma Amon a ɔyɛ kurow no mu amrado, na momfa no nkɔ me babarima Yoas nkyɛn.
27 I reci im: ovako veli car: metnite ovoga u tamnicu, i dajite mu po malo hljeba i po malo vode dokle se ne vratim u miru.
Monka saa asɛm a efi ɔhene nkyɛn yi nkyerɛ wɔn se, ‘Fa saa ɔbarima yi to afiase. Mommma no aduan biara sɛ brodo ne nsu, kosi sɛ mefi akono bɛba asomdwoe mu.’”
28 A Miheja reèe: ako se vratiš u miru, nije Gospod govorio preko mene. Još reèe: èujte, svi narodi!
Nanso Mikaia buae se, “Sɛ wosan ba asomdwoe mu a, na ɛkyerɛ sɛ, Awurade amfa me so ankasa.” Na ɔka kyerɛɛ wɔn a wogyinagyina hɔ, atwa ne ho ahyia no se, “Saa asɛm a maka yi, monhyɛ no nsow.”
29 I otide car Izrailjev s Josafatom carem Judinijem na Ramot Galadski.
Na Israelhene ne Yudahene Yehosafat dii wɔn asraafo anim, kɔtow hyɛɛ Ramot-Gilead so.
30 I reèe car Izrailjev Josafatu: ja æu se preobuæi kad poðem u boj; a ti obuci svoje odijelo. I preobuèe se car Izrailjev i otide u boj.
Afei, ɔhene Ahab ka kyerɛɛ Yehosafat se, “Yɛrekɔ ɔko yi, mɛsakra me ho, sɛnea ɛbɛyɛ a, obiara renhu me. Nanso, wo de, hyɛ wʼahentade.” Enti Ahab sakraa ne ho, na wɔkɔɔ ɔko no.
31 A car Sirski zapovjedi vojvodama, kojih bijahu trideset i dvije nad kolima njegovijem, i reèe: ne udarajte ni na maloga ni na velikoga, nego na samoga cara Izrailjeva.
Saa bere no, na Aramhene aka akyerɛ ne nteaseɛnamkafo aduasa abien no sɛ, “Monkɔtow nhyɛ Israelhene nko ara so!”
32 I kad vojvode od kola vidješe Josafata, rekoše: zacijelo je car Izrailjev. I okrenuše se na nj da udare; ali Josafat povika.
Enti bere a Aramhene nteaseɛnamkafo no huu Yehosafat sɛ ɔhyɛ nʼahentade no, wɔtaa no. Wɔteɛteɛɛ mu se, “Israelhene no ne no.” Nanso, bere a Yehosafat teɛɛ mu no,
33 A vojvode od kola vidješe da nije car Izrailjev, te otstupiše od njega.
nteaseɛnamkafo no huu sɛ ɛnyɛ ɔno ne Israelhene no nti, wogyaw nʼakyidi.
34 A jedan zastrijeli iz luka nagonom, i ustrijeli cara Izrailjeva gdje spuèa oklop. A on reèe svojemu vozaèu: savij rukom svojom i izvezi me iz boja, jer sam ranjen.
Aram sraani bi de anibiannaso tow agyan kyerɛɛ Israel asraafo no so, maa ɛkɔwɔɔ Israelhene wɔ ne nkatabo ahyiae so. Ahab teɛɛ mu kyerɛɛ ne teaseɛnamkafo no se, “Fa me fi ha ntɛm, na wɔapira me pa ara.”
35 I boj bi žestok onoga dana; a car zaosta na kolima svojim prema Sircima, pa umrije uveèe, i krv iz rane njegove tecijaše u kola.
Ɔko no kɔɔ so saa ara da mu no nyinaa, na wɔde Ahab twerii biribi wɔ ne teaseɛnam mu a nʼani kyerɛ Aramfo no. Mogya tuu no fi nʼapirakuru no mu, guu teaseɛnam no mu, na onwini dwoe no, owui.
36 I proðe glasnik po vojsci o zahodu sunèanom govoreæi: svak u svoj grad, i svak u svoju zemlju.
Onwini reyɛ adwo no, wɔteɛteɛɛ mu faa asraafo no nyinaa mu se: “Ɔko no aba awiei. Monsan nkɔ fie!”
37 Tako umrije car, i odnesoše ga u Samariju; i pogreboše cara u Samariji.
Na ɔhene no wui no, wɔde nʼamu no kɔɔ Samaria, kosiee no wɔ hɔ.
38 A kad prahu kola na jezeru Samarijskom, lizaše psi krv njegovu, tako i kad prahu oružje njegovo, po rijeèi koju reèe Gospod.
Na wɔhoroo ne teaseɛnam no ho wɔ asubura bi a ɛwɔ Samaria a nguamanfo guare hɔ, na akraman bɛtaforoo ɔhene no mogya no, sɛnea Awurade aka ato hɔ no.
39 A ostala djela Ahavova i sve što je uèinio, i za kuæu od slonove kosti koju je sagradio, i za sve gradove što je sagradio, nije li to zapisano u dnevniku careva Izrailjevijeh?
Nsɛm a ɛfa Ahab ahenni ho ne asonse ahemfi ho asɛm ne nkurow a ɔkyekyeree nyinaa no, wɔakyerɛw agu Israel Ahemfo Abakɔsɛm Nhoma no mu.
40 Tako poèinu Ahav kod otaca svojih, i na njegovo se mjesto zacari Ohozija sin njegov.
Bere a Ahab wui no, wosiee no wɔ nʼagyanom mu. Na ne babarima Ahasia dii nʼade sɛ ɔhene.
41 A Josafat sin Asin zacari se nad Judom èetvrte godine carovanja Ahavova nad Izrailjem;
Asa babarima Yehosafat bedii Yuda so bere a na Ahab adi ade wɔ Israel ne mfe anan so no.
42 I imaše Josafat trideset i pet godina kad poèe carovati, i carova dvadeset i pet godina u Jerusalimu. A materi mu bješe ime Azuva kæi Silejeva.
Odii ade no, na wadi mfe aduasa anum, na odii ade Yerusalem mfirihyia aduonu anum. Na ne na din de Asuba a ɔyɛ Silhi babea.
43 I hoðaše putem Ase oca svojega sasvijem, i ne otstupi od njega èineæi sve što je pravo pred Gospodom. Ali visina ne oboriše; narod još prinošaše žrtve i kaðaše na visinama.
Na Yehosafat yɛ ɔhene papa a odii nʼagya Asa anammɔn akyi. Ɔyɛɛ ade a ɛsɔ Awurade ani. Nanso, nʼahenni mu no, wansɛe abosonnan a na nnipa kɔbɔ afɔre, kɔhyew nnuhuam wɔ hɔ no.
44 I uèini mir Josafat s carem Izrailjevijem.
Yehosafat ne Israelhene tenaa ase asomdwoe mu.
45 A ostala djela Josafatova i junaštva što uèini i kako vojeva, nije li to zapisano u dnevniku careva Judinijeh?
Nsɛm a ɛfa Yehosafat ahenni ho nkae no, faako a ne tumi kodui ne ako a odii no nyinaa, wɔankyerɛw angu Yuda Ahemfo Abakɔsɛm Nhoma no mu.
46 On istrijebi iz zemlje svoje ostatak adžuvana, koji bijahu ostali za života Ase oca njegova.
Ɔpam abosomfi so nguamanfo a na wogu so bɔ aguaman fii nʼagya Asa bere so no nyinaa.
47 U to vrijeme ne bijaše cara u Idumeji, nego bijaše namjesnik carev.
Saa bere no, na ɔhene nni Edom gye kurow no sohwɛfo nko.
48 I Josafat naèini laðe Tarsiske da idu u Ofir po zlato; ali ne otidoše; jer se laðe razbiše u Esion-Gaveru.
Yehosafat yɛɛ aguadihyɛn bebree sɛ ɛnkɔ Ofir nkɔhwehwɛ sikakɔkɔɔ. Nanso ahyɛn no antumi anyɛ adwuma. Ɛsɛee wɔ Esion-Geber.
49 Tada reèe Ohozija sin Ahavov Josafatu: neka idu moje sluge s tvojim slugama na laðama. Ali Josafat ne htje.
Saa bere no, Ahab babarima Ahasia susuw ho kyerɛɛ Yehosafat se, “Ma me mmarima ne wo mmarima nkɔ po so akwan nsrahwɛ.” Nanso Yehosafat ampene so.
50 I poèinu Josafat kod otaca svojih, i pogreboše ga kod otaca njegovijeh u gradu Davida oca njegova; a na njegovo se mjesto zacari Joram sin njegov.
Yehosafat wui no, wosiee no nʼagyanom nkyɛn wɔ Dawid kurom. Ne babarima Yehoram na odii nʼade sɛ ɔhene.
51 Ohozija sin Ahavov zacari se nad Izrailjem u Samariji sedamnaeste godine carovanja Josafatova nad Judom; i carova nad Izrailjem dvije godine.
Ahab babarima Ahasia fii ase dii Israel so bere a na Yehosafat adi ade mfe dunson wɔ Yuda. Odii ade wɔ Samaria mfe abien.
52 I èinjaše što je zlo pred Gospodom, i hoðaše putem oca svojega i putem matere svoje i putem Jerovoama sina Navatova, koji navede na grijeh Izrailja.
Na ɔfaa nʼagya ne ne na ne Nebat babarima Yeroboam anammɔn so, som ahoni, yɛɛ bɔne wɔ Awurade ani so.
53 I služaše Valu i klanjaše mu se, i gnjevljaše Gospoda Boga Izrailjeva sasvijem kako je èinio otac njegov.
Ɔsom Baal, sɔree no, nam so fuw Awurade, Israel Nyankopɔn, bo sɛnea nʼagya yɛe no.

< 1 Kraljevima 22 >