< 1 Dnevnika 17 >

1 A kad David sjeðaše kod kuæe svoje, reèe David Natanu proroku: gle, ja stojim u kuæi od kedrova drveta, a kovèeg zavjeta Gospodnjega pod zavjesima.
Dawid bɔɔ ne ho atenase wɔ nʼahemfi hɔ no, ɔka kyerɛɛ odiyifo Natan se, “Me de, manya ahemfi a wɔde sida asi no fɛfɛ mu atena, nanso Awurade Apam Adaka no de, ɛhyɛ ntamadan mu.”
2 A Natan reèe Davidu: što ti je god u srcu, èini, jer je Bog s tobom.
Natan buae se, “Nea ɛwɔ wʼadwene mu a wopɛ sɛ woyɛ no, kɔ so na Onyankopɔn ka wo ho.”
3 Ali onu noæ doðe rijeè Božija Natanu govoreæi:
Saa anadwo no ara, Onyankopɔn ka kyerɛɛ Natan se,
4 Idi i reci Davidu sluzi mojemu: ovako veli Gospod: ti mi neæeš sazidati kuæe da u njoj nastavam.
“Kɔka kyerɛ me somfo Dawid se, ‘Sɛnea Awurade se ni: ɛnyɛ wo na ɛsɛ sɛ wusi asɔredan ma me tena mu.
5 Kad nijesam nastavao u kuæi otkad izvedoh Izrailja do danas, nego sam išao od šatora do šatora i od naslona do naslona,
Efi bere a mede Israelfo fii Misraim besi nnɛ, mentenaa asɔredan mu da. Daa, mete ntamadan mu na wɔde di atutena.
6 Kuda sam god hodio sa svijem Izrailjem, jesam li jednu rijeè rekao kome izmeðu sudija Izrailjevijeh kojima zapovijedah da pasu narod moj, i kazao: zašto mi ne naèinite kuæu od kedra?
Na mannwiinwii ankyerɛ Israel ntuanofo no a wɔyɛ me nkurɔfo nguanhwɛfo no da. Mimmisaa wɔn da sɛ: “Adɛn nti na munsii sida dua asɔredan fɛfɛ mmaa me?”’
7 Ovako dakle reci sluzi mojemu Davidu: ovako veli Gospod nad vojskama: ja te uzeh od tora, od ovaca, da budeš voð narodu mojemu Izrailju.
“Afei, kɔka kyerɛ me somfo Dawid se, ‘Sɛnea Asafo Awurade se ni: Miyii wo sɛ di me nkurɔfo Israelfo anim bere a na woyɛ abarimaa guanhwɛfo a worehwɛ wo nguan wɔ adidibea.
8 I bjeh s tobom kuda si god išao, i istrijebih sve neprijatelje tvoje ispred tebe, i stekoh ti ime kao što je ime velikih ljudi na zemlji.
Baabiara a wokɔe no, mekaa wo ho. Na masɛe wʼatamfo nyinaa. Na afei, mɛma wo din ahyeta wɔ asase so baabiara.
9 I odrediæu mjesto narodu svojemu Izrailju, i posadiæu ga, te æe nastavati u svom mjestu, i neæe se više pretresati; niti æe im više dosaðivati nepravednici kao prije,
Mama me nkurɔfo Israelfo no baabi a wɔbɛtena afebɔɔ. Beae bi a ɛwɔ bammɔ a obiara renhaw wɔn. Ɛhɔ bɛyɛ wɔn ankasa asase a aman amumɔyɛfo renhyɛ wɔn so, sɛnea wɔyɛɛ bere bi a atwa mu no,
10 I od onoga dana kad sam postavio sudije nad narodom svojim Izrailjem; i pokorih sve neprijatelje tvoje; nego ti javljam da æe ti Gospod sazidati kuæu.
fi bere a miyii atemmufo sɛ wonni me nkurɔfo so no. Na mɛka wʼatamfo nyinaa ahyɛ. “‘Na merepae mu aka se, Awurade besi fi ama wo, ahenni nnidiso.
11 I kad se navrše dani tvoji da otideš k ocima svojim, podignuæu sjeme tvoje nakon tebe, koje æe biti izmeðu sinova tvojih, i utvrdiæu carstvo njegovo.
Na sɛ wuwu a, mɛma wo mmabarima no mu baako so, na mama nʼahenni ayɛ den.
12 On æe mi sazidati dom, i utvrdiæu prijesto njegov dovijeka.
Ɔno ne obi a obesi fi a ɛyɛ asɔredan no ama me. Na metim nʼahengua ase afebɔɔ.
13 Ja æu mu biti otac, i on æe mi biti sin; a milosti svoje neæu ukloniti od njega kao što sam uklonio od onoga koji bješe prije tebe.
Mɛyɛ nʼagya na ɔbɛyɛ me ba. Merenyi me dɔ a ɛnsa da no mfi ne so, sɛnea miyi fii Saulo a wudii nʼade so no.
14 Nego æu ga utvrditi u domu svom i u carstvu svom dovijeka, i prijesto æe njegov stajati dovijeka.
Mɛma nʼase atim wɔ mʼahenni nnidiso ne mʼaheman mu bere nyinaa mu, na nʼahengua no bɛtena hɔ daa.’”
15 Po svijem ovijem rijeèima i po svoj ovoj utvari kaza Natan Davidu.
Enti Natan san kɔɔ Dawid nkyɛn kɔkaa nsɛm a Awurade aka no nyinaa kyerɛɛ no.
16 Tada doðe car David i stade pred Gospodom, i reèe: ko sam ja, Gospode Bože, i šta je dom moj, te si me doveo dovde?
Afei, ɔhene Dawid kɔtenaa Awurade anim bɔɔ mpae se, “Me ne hena, Awurade Nyankopɔn, na mʼabusua yɛ abusua bɛn a nti wode me abedu saa tebea yi mu?
17 I to ti se èini malo, Bože, nego si govorio i za dom sluge svojega na dugo vremena, i postarao si mi se za tu slavu zakonom èovjeèijim, Gospode Bože.
Na mprempren, Awurade, eyi nyinaa akyi no, woka se wobɛma me ahenni nnidiso afebɔɔ. Wokasa me ho te sɛ obi a meyɛ ɔkɛse pa ara, Awurade Nyankopɔn!
18 Šta æe još David da ti govori o èasti sluge tvojega, kad ti znaš slugu svojega?
“Dɛn na menka bio mfa ɔkwan a woafa so ahyɛ me anuonyam yi ho? Wunim sɛnea mete ankasa.
19 Gospode, sluge svojega radi i po srcu svojemu èiniš svu ovu veliku stvar, obznanjujuæi sve ove velike stvari.
Awurade, me nti ne wo pɛ mu nti, woayɛ saa nneɛma akɛse yi nyinaa, na woada no adi.
20 Gospode, nema takoga kakav si ti, i nema Boga osim tebe, po svemu što èusmo svojim ušima.
“Awurade, obiara nni hɔ a ɔte sɛ wo. Onyame foforo bi nni hɔ! Yɛntee da mpo sɛ onyame foforo bi wɔ hɔ te sɛ wo!
21 Jer koji je narod na zemlji kao tvoj narod Izrailj? radi kojega je Bog išao da ga iskupi da mu bude narod, i da steèe sebi ime velikim i strašnim djelima izgoneæi narode ispred naroda svojega, koji si iskupio iz Misira.
Ɔman foforo bɛn na ɛwɔ asase so a, ɛte sɛ Israel? Ɔman foforo bɛn, Onyankopɔn, na woayi no afi nkoasom mu de wɔn abɛyɛ wʼankasa wo nkurɔfo? Bere a wugyee wo nkurɔfo fii Misraim no, wode gyee din. Wonam nsɛnkyerɛnne a ɛyɛ ahodwiriw so pam aman a wɔayɛ akwanside ama wɔn no.
22 Jer si uèinio narod svoj Izrailja svojim narodom dovijeka; a ti si im, Gospode, Bog.
Wuyii Israel sɛ wɔmmɛyɛ wo nkurɔfo afebɔɔ, na wo, Awurade, woabɛyɛ wɔn Nyankopɔn.
23 I tako, Gospode, rijeè koju si obrekao sluzi svojemu i domu njegovu neka bude tvrda dovijeka, i uèini kako si rekao.
“Awurade, afei yɛ nea woahyɛ ho bɔ afa me ne mʼabusuafo ho no. Ma ɛnyɛ bɔhyɛ a ebetim hɔ daa.
24 Neka bude tvrda, da se velièa ime tvoje dovijeka i da se govori: Gospod nad vojskama, Bog Izrailjev jest Bog nad Izrailjem, i dom Davida sluge tvojega neka stoji tvrdo pred tobom.
Wo din ase ntim, na wɔnhyɛ no anuonyam afebɔɔ sɛnea ɛbɛyɛ a wiase nyinaa bɛka se, ‘Asafo Awurade yɛ Onyankopɔn wɔ Israel!’ Na ma wo somfo Dawid ahenni nnidiso no ase ntim wɔ wʼanim.
25 Jer si ti, Bože moj, javio sluzi svojemu da æeš mu sazidati dom, zato se sluga tvoj usudi da ti se pomoli.
“Wo me Nyankopɔn, masi me bo abɔ saa mpae yi, efisɛ woada no adi sɛ wubesi fi ama me, mʼahenni nnidiso a ɛbɛtena hɔ daa.
26 Tako Gospode, ti si Bog, i obrekao si sluzi svojemu to dobro.
Efisɛ woyɛ Onyankopɔn, Awurade. Na me, wo somfo, woahyɛ me nneɛma pa yi ho bɔ.
27 Budi dakle voljan i blagoslovi dom sluge svojega da bude dovijeka pred tobom; jer kad ti, Gospode, blagosloviš, biæe blagosloven dovijeka.
Na afei asɔ wʼani sɛ wubehyira me ne mʼabusuafo, sɛnea yɛn ahenni nnidiso bɛkɔ so afebɔɔ wɔ wʼanim. Na sɛ wuhyira a, Awurade, ɛyɛ nhyira a ɛtena hɔ daa nyinaa!”

< 1 Dnevnika 17 >