< ပြကာၑိတံ 9 >

1 တတး ပရံ သပ္တမဒူတေန တူရျျာံ ဝါဒိတာယာံ ဂဂနာတ် ပၖထိဝျာံ နိပတိတ ဧကသ္တာရကော မယာ ဒၖၐ္ဋး, တသ္မဲ ရသာတလကူပသျ ကုဉ္ဇိကာဒါယိ၊ (Abyssos g12)
Afei ɔbɔfoɔ a ɔtɔ so enum no hyɛnee ne totorobɛnto. Mehunuu nsoromma a wate firi soro abɛhwe asase so. Wɔmaa no ebunu a ase nni awieeɛ safoa. (Abyssos g12)
2 တေန ရသာတလကူပေ မုက္တေ မဟာဂ္နိကုဏ္ဍသျ ဓူမ ဣဝ ဓူမသ္တသ္မာတ် ကူပါဒ် ဥဒ္ဂတး၊ တသ္မာတ် ကူပဓူမာတ် သူရျျာကာၑော် တိမိရာဝၖတော်၊ (Abyssos g12)
Nsoromma no buee ebunu no, na wisie kumɔnn firii mu sɛ fononoo kɛseɛ bi, na wisie no maa owia hann ne mframa a ɛwɔ hɔ no yɛɛ tumm. (Abyssos g12)
3 တသ္မာဒ် ဓူမာတ် ပတင်္ဂေၐု ပၖထိဝျာံ နိရ္ဂတေၐု နရလောကသ္ထဝၖၑ္စိကဝတ် ဗလံ တေဘျော'ဒါယိ၊
Mmoadabi firii wisie no mu baa asase so, na wɔmaa wɔn tumi sɛ anyanyankyerɛ.
4 အပရံ ပၖထိဝျာသ္တၖဏာနိ ဟရိဒွရ္ဏၑာကာဒယော ဝၖက္ၐာၑ္စ တဲ ရ္န သိံဟိတဝျား ကိန္တု ယေၐာံ ဘာလေၐွီၑွရသျ မုဒြာယာ အင်္ကော နာသ္တိ ကေဝလံ တေ မာနဝါသ္တဲ ရှိံသိတဝျာ ဣဒံ တ အာဒိၐ္ဋား၊
Wɔama wɔn ansɛe ɛserɛ anaa nnua anaa afifideɛ biara, na mmom, nnipa a Onyankopɔn nsɔano no bi nni wɔn moma so no deɛ, wɔmaa wɔn twee wɔn aso.
5 ပရန္တု တေၐာံ ဗဓာယ နဟိ ကေဝလံ ပဉ္စ မာသာန် ယာဝတ် ယာတနာဒါနာယ တေဘျး သာမရ္ထျမဒါယိ၊ ဝၖၑ္စိကေန ဒၐ္ဋသျ မာနဝသျ ယာဒၖၑီ ယာတနာ ဇာယတေ တဲရပိ တာဒၖၑီ ယာတနာ ပြဒီယတေ၊
Wɔamma saa mmoadabi no ɛkwan sɛ wɔnkunkum saa nnipa yi. Na mmom, wɔmaa wɔn ɛkwan sɛ wɔnha wɔn abosome enum. Wɔka wɔn a, wɔn ano yea no te sɛ nyanyankyerɛ deɛ.
6 တသ္မိန် သမယေ မာနဝါ မၖတျုံ မၖဂယိၐျန္တေ ကိန္တု ပြာပ္တုံ န ၑက္ၐျန္တိ, တေ ပြာဏာန် တျက္တုမ် အဘိလၐိၐျန္တိ ကိန္တု မၖတျုသ္တေဘျော ဒူရံ ပလာယိၐျတေ၊
Saa abosome enum no mu no, saa nnipa no bɛpere owuo, nanso wɔrennya. Wɔbɛpɛ sɛ wɔwu, nanso owuo bɛdwane afiri wɔn nkyɛn.
7 တေၐာံ ပတင်္ဂါနာမ် အာကာရော ယုဒ္ဓါရ္ထံ သုသဇ္ဇိတာနာမ် အၑွာနာမ် အာကာရသျ တုလျး, တေၐာံ ၑိရးသု သုဝရ္ဏကိရီဋာနီဝ ကိရီဋာနိ ဝိဒျန္တေ, မုခမဏ္ဍလာနိ စ မာနုၐိကမုခတုလျာနိ,
Mmoadabi no te sɛ apɔnkɔ a wɔasiesie wɔn ama ɔko. Wɔwɔ biribi te sɛ sikakɔkɔɔ ahenkyɛ hyɛ wɔn ti. Na wɔn anim te sɛ nnipa anim.
8 ကေၑာၑ္စ ယောၐိတာံ ကေၑာနာံ သဒၖၑား, ဒန္တာၑ္စ သိံဟဒန္တတုလျား,
Wɔn tirinwi te sɛ mmaa tirinwi, ɛnna wɔn se nso te sɛ gyata se.
9 လော်ဟကဝစဝတ် တေၐာံ ကဝစာနိ သန္တိ, တေၐာံ ပက္ၐာဏာံ ၑဗ္ဒော ရဏာယ ဓာဝတာမၑွရထာနာံ သမူဟသျ ၑဗ္ဒတုလျး၊
Wɔde biribi te sɛ dadeɛ nkataboɔ akatakata wɔn bo. Na nnyegyeeɛ a wɔn ntaban yɛ no te sɛ apɔnkɔ bebree a wɔretwe nteaseɛnam akɔ ɔko.
10 ဝၖၑ္စိကာနာမိဝ တေၐာံ လာင်္ဂူလာနိ သန္တိ, တေၐု လာင်္ဂူလေၐု ကဏ္ဋကာနိ ဝိဒျန္တေ, အပရံ ပဉ္စ မာသာန် ယာဝတ် မာနဝါနာံ ဟိံသနာယ တေ သာမရ္ထျပြာပ္တား၊
Wɔwɔ borɔ dua te sɛ anyanyankyerɛ. Na wɔn dua no enti na na wɔwɔ tumi a wɔde ha nnipa abosome enum no.
11 တေၐာံ ရာဇာ စ ရသာတလသျ ဒူတသ္တသျ နာမ ဣဗြီယဘာၐယာ အဗဒ္ဒေါန် ယူနာနီယဘာၐယာ စ အပလ္လုယောန် အရ္ထတော ဝိနာၑက ဣတိ၊ (Abyssos g12)
Wɔwɔ ɔhene a ɔdi wɔn so, a ɔno ne ɔbɔfoɔ a ɔhwɛ bunu no so. Ne din wɔ Hebri kasa mu de “Abadon” ɛnna Hela kasa mu nso, ɛde “Apolion”, a nʼasekyerɛ ne “Ɔsɛefoɔ.” (Abyssos g12)
12 ပြထမး သန္တာပေါ ဂတဝါန် ပၑျ ဣတး ပရမပိ ဒွါဘျာံ သန္တာပါဘျာမ် ဥပသ္ထာတဝျံ၊
Ɔhaw baako atwam. Yei akyi, ɔhaw mmienu bi bɛba.
13 တတး ပရံ ၐၐ္ဌဒူတေန တူရျျာံ ဝါဒိတာယာမ် ဤၑွရသျာန္တိကေ သ္ထိတာယား သုဝရ္ဏဝေဒျာၑ္စတုၑ္စူဍာတး ကသျစိဒ် ရဝေါ မယာၑြာဝိ၊
Afei ɔbɔfoɔ a ɔtɔ so nsia no hyɛnee ne totorobɛnto. Metee nne bi firii sikakɔkɔɔ afɔrebukyia a ɛsi Onyankopɔn anim no ntweaso nyinaa.
14 သ တူရီဓာရိဏံ ၐၐ္ဌဒူတမ် အဝဒတ်, ဖရာတာချေ မဟာနဒေ ယေ စတွာရော ဒူတာ ဗဒ္ဓါး သန္တိ တာန် မောစယ၊
Nne no ka kyerɛɛ ɔbɔfoɔ a ɔtɔ so nsia a ɔkura totorobɛnto no sɛ, “Sanesane abɔfoɔ baanan a wɔasesa wɔn, Asubɔnten Eufrate ho no.”
15 တတသ္တဒ္ဒဏ္ဍသျ တဒ္ဒိနသျ တန္မာသသျ တဒွတ္သရသျ စ ကၖတေ နိရူပိတာသ္တေ စတွာရော ဒူတာ မာနဝါနာံ တၖတီယာံၑသျ ဗဓာရ္ထံ မောစိတား၊
Wɔsanesanee abɔfoɔ baanan no. Wɔasiesie wɔn ama saa dɔnhwereɛ yi, saa da yi, saa bosome yi ne saa afeɛ yi sɛ wɔnkunkum adasamma mu nkyɛmu mmiɛnsa mu baako.
16 အပရမ် အၑွာရောဟိသဲနျာနာံ သံချာ မယာၑြာဝိ, တေ ဝိံၑတိကောဋယ အာသန်၊
Wɔdii akodɔm ɔpepem ahanu anim. Wɔbɔɔ wɔn dodoɔ no ho amaneɛ maa meteeɛ.
17 မယာ ယေ 'ၑွာ အၑွာရောဟိဏၑ္စ ဒၖၐ္ဋာသ္တ ဧတာဒၖၑား, တေၐာံ ဝဟ္နိသွရူပါဏိ နီလပြသ္တရသွရူပါဏိ ဂန္ဓကသွရူပါဏိ စ ဝရ္မ္မာဏျာသန်, ဝါဇိနာဉ္စ သိံဟမူရ္ဒ္ဓသဒၖၑာ မူရ္ဒ္ဓါနး, တေၐာံ မုခေဘျော ဝဟ္နိဓူမဂန္ဓကာ နိရ္ဂစ္ဆန္တိ၊
Na mʼanisoadehunu no mu no, mehunuu apɔnkɔ no ne wɔn kafoɔ. Na wɔn nkataboɔ no yɛ kɔɔ sɛ ogya, tumm sɛ afasebire, ɛnna akokɔsradeɛ sɛ sɔfe. Na ɔpɔnkɔ no ti te sɛ gyata ti a ogya wisie ne sɔfe firi wɔn anom.
18 ဧတဲသ္တြိဘိ ရ္ဒဏ္ဍဲရရ္ထတသ္တေၐာံ မုခေဘျော နိရ္ဂစ္ဆဒ္ဘိ ရွဟ္နိဓူမဂန္ဓကဲ ရ္မာနုၐာဏာံ တုတီယာံၑော 'ဃာနိ၊
Saa ɔhaw ahodoɔ mmiɛnsa no a ɛyɛ ogya, wisie ne sɔfe no a ɛfiri apɔnkɔ no anom baeɛ no kumm adasamma nkyɛmu mmiɛnsa mu baako.
19 တေၐာံ ဝါဇိနာံ ဗလံ မုခေၐု လာင်္ဂူလေၐု စ သ္ထိတံ, ယတသ္တေၐာံ လာင်္ဂူလာနိ သရ္ပာကာရာဏိ မသ္တကဝိၑိၐ္ဋာနိ စ တဲရေဝ တေ ဟိံသန္တိ၊
Ɛfiri sɛ, na apɔnkɔ no tumi nyinaa firi wɔn anom ne wɔn dua. Wɔn dua te sɛ awɔ a wɔwɔ ti a ɛno na na wɔde pira nnipa.
20 အပရမ် အဝၑိၐ္ဋာ ယေ မာနဝါ တဲ ရ္ဒဏ္ဍဲ ရ္န ဟတာသ္တေ ယထာ ဒၖၐ္ဋိၑြဝဏဂမနၑက္တိဟီနာန် သွရ္ဏရော်ပျပိတ္တလပြသ္တရကာၐ္ဌမယာန် ဝိဂြဟာန် ဘူတာံၑ္စ န ပူဇယိၐျန္တိ တထာ သွဟသ္တာနာံ ကြိယာဘျး သွမနာံသိ န ပရာဝရ္တ္တိတဝန္တး
Adasamma a wɔkaeɛ no a ɔhaw no ankum wɔn no annu wɔn ho amfiri wɔn nsa ano nnwuma ho. Wɔannyae ahonhommɔne ne ahoni ne sika ne dwetɛ ne ayowaa ne aboɔ ne nnua a ɛnhunu adeɛ na ɛnte asɛm na ɛntumi nnante no som.
21 သွဗဓကုဟကဝျဘိစာရစော်ရျျောဘျော 'ပိ မနာံသိ န ပရာဝရ္တ္တိတဝန္တး၊
Saa ara nso na wɔannu wɔn ho amfiri wɔn awudie ne wɔn adutoɔ ne wɔn adwamammɔ ne wɔn korɔno ho.

< ပြကာၑိတံ 9 >