< ပြကာၑိတံ 4 >

1 တတး ပရံ မယာ ဒၖၐ္ဋိပါတံ ကၖတွာ သွရ္ဂေ မုက္တံ ဒွါရမ် ဧကံ ဒၖၐ္ဋံ မယာ သဟဘာၐမာဏသျ စ ယသျ တူရီဝါဒျတုလျော ရဝး ပူရွွံ ၑြုတး သ မာမ် အဝေါစတ် သ္ထာနမေတဒ် အာရောဟယ, ဣတး ပရံ ယေန ယေန ဘဝိတဝျံ တဒဟံ တွာံ ဒရ္ၑယိၐျေ၊
Yei akyiri no, mehwɛ mehunuu ɛpono a abue wɔ ɔsoro. Na ɛnne bi akasa akyerɛ me pɛn na ɛgyegye sɛ totorobɛnto kaa sɛ, “Bra ɔsoro ha, na mɛkyerɛ wo deɛ ɛbɛba yei akyi.”
2 တေနာဟံ တတ္က္ၐဏာဒ် အာတ္မာဝိၐ္ဋော ဘူတွာ 'ပၑျံ သွရ္ဂေ သိံဟာသနမေကံ သ္ထာပိတံ တတြ သိံဟာသနေ ဧကော ဇန ဥပဝိၐ္ဋော 'သ္တိ၊
Prɛko pɛ, na Honhom no faa me. Na ahennwa bi si ɔsoro hɔ a obi te so.
3 သိံဟာသနေ ဥပဝိၐ္ဋသျ တသျ ဇနသျ ရူပံ သူရျျကာန္တမဏေး ပြဝါလသျ စ တုလျံ တတ် သိံဟာသနဉ္စ မရကတမဏိဝဒြူပဝိၑိၐ္ဋေန မေဃဓနုၐာ ဝေၐ္ဋိတံ၊
Na nʼanim hyerɛn te sɛ ahwehwɛboɔ ne mogyanamboɔ. Na nyankontɔn a ɛte sɛ ahahammonoboɔ atwa ahennwa no ho ahyia.
4 တသျ သိံဟာသနေ စတုရ္ဒိက္ၐု စတုရွိံၑတိသိံဟာသနာနိ တိၐ္ဌန္တိ တေၐု သိံဟာသနေၐု စတုရွိံၑတိ ပြာစီနလောကာ ဥပဝိၐ္ဋာသ္တေ ၑုဘြဝါသးပရိဟိတာသ္တေၐာံ ၑိရာံသိ စ သုဝရ္ဏကိရီဋဲ ရ္ဘူၐိတာနိ၊
Na ahennwa nketewa aduonu nan atwa ahennwa kɛseɛ no ho ahyia a mpanimfoɔ aduonu ɛnan na wɔtete so a wɔhyehyɛ ntadeɛ fitaa ne sikakɔkɔɔ ahenkyɛ.
5 တသျ သိံဟာသနသျ မဓျာတ် တဍိတော ရဝါး သ္တနိတာနိ စ နိရ္ဂစ္ဆန္တိ သိံဟာသနသျာန္တိကေ စ သပ္တ ဒီပါ ဇွလန္တိ တ ဤၑွရသျ သပ္တာတ္မာနး၊
Na anyinam ne aprannaa bobom firi ahennwa no mu. Na nkanea nson a wɔasosɔ redɛre wɔ ahennwa no anim. Yeinom yɛ Onyankopɔn ahonhom nson.
6 အပရံ သိံဟာသနသျာန္တိကေ သ္ဖဋိကတုလျး ကာစမယော ဇလာၑယော ဝိဒျတေ, အပရမ် အဂြတး ပၑ္စာစ္စ ဗဟုစက္ၐုၐ္မန္တၑ္စတွာရး ပြာဏိနး သိံဟသနသျ မဓျေ စတုရ္ဒိက္ၐု စ ဝိဒျန္တေ၊
Na biribi te sɛ ahwehwɛ ɛpo a ɛyɛ korɔgyenn sɛ ahwehwɛ da ahennwa no anim. Ahennwa no fa biara, na ateasefoɔ baanan a ani tuatua wɔn anim ne wɔn akyi atwa ahennwa no ho ahyia.
7 တေၐာံ ပြထမး ပြာဏီ သိံဟာကာရော ဒွိတီယး ပြာဏီ ဂေါဝါတ္သာကာရသ္တၖတီယး ပြာဏီ မနုၐျဝဒွဒနဝိၑိၐ္ဋၑ္စတုရ္ထၑ္စ ပြာဏီ ဥဍ္ဍီယမာနကုရရောပမး၊
Na ɔteasefoɔ a ɔdi ɛkan no te sɛ gyata; deɛ ɔtɔ so mmienu no te sɛ nantwie ba; deɛ ɔtɔ so mmiɛnsa no anim te sɛ onipa; ɛnna deɛ ɔtɔ so nan no te sɛ ɔkɔdeɛ a ɔretu.
8 တေၐာံ စတုရ္ဏာမ် ဧကဲကသျ ပြာဏိနး ၐဋ် ပက္ၐား သန္တိ တေ စ သရွွာင်္ဂေၐွဘျန္တရေ စ ဗဟုစက္ၐုရွိၑိၐ္ဋား, တေ ဒိဝါနိၑံ န ဝိၑြာမျ ဂဒန္တိ ပဝိတြး ပဝိတြး ပဝိတြး သရွွၑက္တိမာန် ဝရ္တ္တမာနော ဘူတော ဘဝိၐျံၑ္စ ပြဘုး ပရမေၑွရး၊
Na ateasefoɔ baanan no mu biara wɔ ntaban nsia a ani tuatua akyire ne animu nyinaa. Anadwo ne awia nyinaa na wɔto dwom sɛ,
9 ဣတ္ထံ တဲး ပြာဏိဘိသ္တသျာနန္တဇီဝိနး သိံဟာသနောပဝိၐ္ဋသျ ဇနသျ ပြဘာဝေ ဂေါ်ရဝေ ဓနျဝါဒေ စ ပြကီရ္တ္တိတေ (aiōn g165)
Saa ateasefoɔ baanan no to nnwom de hyɛ deɛ ɔte ahennwa no so a ɔte hɔ daa daa no animuonyam, de ma no anidie, da no ase. Sɛ wɔyɛ saa a, (aiōn g165)
10 တေ စတုရွိံၑတိပြာစီနာ အပိ တသျ သိံဟာသနောပဝိၐ္ဋသျာန္တိကေ ပြဏိနတျ တမ် အနန္တဇီဝိနံ ပြဏမန္တိ သွီယကိရီဋာံၑ္စ သိံဟာသနသျာန္တိကေ နိက္ၐိပျ ဝဒန္တိ, (aiōn g165)
mpanimfoɔ aduonu ɛnan no butubutu deɛ ɔte ahennwa no so no anim som deɛ ɔte hɔ daa daa no. Wɔto wɔn ahenkyɛ gu ahennwa no anim ka sɛ: (aiōn g165)
11 ဟေ ပြဘော ဤၑွရာသ္မာကံ ပြဘာဝံ ဂေါ်ရဝံ ဗလံ၊ တွမေဝါရှသိ သမ္ပြာပ္တုံ ယတ် သရွွံ သသၖဇေ တွယာ၊ တဝါဘိလာၐတၑ္စဲဝ သရွွံ သမ္ဘူယ နိရ္မ္မမေ။
“Yɛn Awurade ne Onyankopɔn, wofata sɛ wonya animuonyam, anidie ne tumi, ɛfiri sɛ, wo na wobɔɔ nneɛma nyinaa, na wo pɛ mu enti na wɔte hɔ.”

< ပြကာၑိတံ 4 >