< ပြကာၑိတံ 14 >

1 တတး ပရံ နိရီက္ၐမာဏေန မယာ မေၐၑာဝကော ဒၖၐ္ဋး သ သိယောနပရွွတသျောပရျျတိၐ္ဌတ်, အပရံ ယေၐာံ ဘာလေၐု တသျ နာမ တတ္ပိတုၑ္စ နာမ လိခိတမာသ္တေ တာဒၖၑာၑ္စတုၑ္စတွာရိံၑတ္သဟသြာဓိကာ လက္ၐလောကာသ္တေန သာရ္ဒ္ဓမ် အာသန်၊
Afei, mehwɛeɛ na mehunuu sɛ Odwammaa no gyina Sion bepɔ so. Na nnipa ɔpeha aduanan ɛnan ka ne ho a wɔatwerɛ ne din ne nʼAgya din wɔ wɔn moma so.
2 အနန္တရံ ဗဟုတောယာနာံ ရဝ ဣဝ ဂုရုတရသ္တနိတသျ စ ရဝ ဣဝ ဧကော ရဝး သွရ္ဂာတ် မယာၑြာဝိ၊ မယာ ၑြုတး သ ရဝေါ ဝီဏာဝါဒကာနာံ ဝီဏာဝါဒနသျ သဒၖၑး၊
Na metee nne bi firi ɔsoro a na ɛworo so te sɛ nsuworoeɛ a ano yɛ den, na ɛte sɛ aprannaa. Ɛnne a meteeɛ no te sɛ dwom a sankubɔfoɔ bi rebɔ wɔ ne sankuo so.
3 သိံဟသနသျာန္တိကေ ပြာဏိစတုၐ္ဋယသျ ပြာစီနဝရ္ဂသျ စာန္တိကေ 'ပိ တေ နဝီနမေကံ ဂီတမ် အဂါယန် ကိန္တု ဓရဏီတး ပရိကြီတာန် တာန် စတုၑ္စတွာရိံၑတျဟသြာဓိကလက္ၐလောကာန် ဝိနာ နာပရေဏ ကေနာပိ တဒ် ဂီတံ ၑိက္ၐိတုံ ၑကျတေ၊
Wɔtoo dwom foforɔ bi wɔ ahennwa no ne ateasefoɔ baanan no ne mpanimfoɔ no anim. Nnipa ɔpeha aduanan ɛnan a wɔagye wɔn afiri asase so no nko ara na wɔtumi suaeɛ.
4 ဣမေ ယောၐိတာံ သင်္ဂေန န ကလင်္ကိတာ ယတသ္တေ 'မဲထုနာ မေၐၑာဝကော ယတ် ကိမပိ သ္ထာနံ ဂစ္ဆေတ် တတ္သရွွသ္မိန် သ္ထာနေ တမ် အနုဂစ္ဆန္တိ ယတသ္တေ မနုၐျာဏာံ မဓျတး ပြထမဖလာနီဝေၑွရသျ မေၐၑာဝကသျ စ ကၖတေ ပရိကြီတား၊
Wɔyɛ mmarima bi a wɔamfa mmaa angu wɔn ho fi, na wɔyɛ mmabunu. Baabiara a Odwammaa no bɛkɔ no na wɔdi nʼakyi. Wɔagye wɔn nkwa afiri nnipa mu na wɔne nnipa a wɔdi ɛkan a wɔde wɔn ama Onyankopɔn ne Odwammaa no.
5 တေၐာံ ဝဒနေၐု စာနၖတံ ကိမပိ န ဝိဒျတေ ယတသ္တေ နိရ္ဒ္ဒေါၐာ ဤၑွရသိံဟာသနသျာန္တိကေ တိၐ္ဌန္တိ၊
Wɔnka atorɔsɛm, na mfomsoɔ nni wɔn ho.
6 အနန္တရမ် အာကာၑမဓျေနောဍ္ဍီယမာနော 'ပရ ဧကော ဒူတော မယာ ဒၖၐ္ဋး သော 'နန္တကာလီယံ သုသံဝါဒံ ဓာရယတိ သ စ သုသံဝါဒး သရွွဇာတီယာန် သရွွဝံၑီယာန် သရွွဘာၐာဝါဒိနး သရွွဒေၑီယာံၑ္စ ပၖထိဝီနိဝါသိနး ပြတိ တေန ဃောၐိတဝျး၊ (aiōnios g166)
Afei mehunuu ɔbɔfoɔ foforɔ sɛ watu nam ɔsorosoro a ɔrekɔka Asɛmpa a ɛntwam da no akyerɛ asase so nnipa a aman ne mmusuakuo ne kasa ne nkurɔfoɔ nyinaa ka ho. (aiōnios g166)
7 သ ဥစ္စဲးသွရေဏေဒံ ဂဒတိ ယူယမီၑွရာဒ် ဗိဘီတ တသျ သ္တဝံ ကုရုတ စ ယတသ္တဒီယဝိစာရသျ ဒဏ္ဍ ဥပါတိၐ္ဌတ် တသ္မာဒ် အာကာၑမဏ္ဍလသျ ပၖထိဝျား သမုဒြသျ တောယပြသြဝဏာနာဉ္စ သြၐ္ဋာ ယုၐ္မာဘိး ပြဏမျတာံ၊
Ɔteaam sɛ, “Monsuro Onyankopɔn na monkamfo ne kɛseyɛ. Ɛfiri sɛ, ɛberɛ no aduru sɛ ɔbu adasamma atɛn. Monsom deɛ ɔbɔɔ ɔsoro, asase, ɛpo ne nsutire no!”
8 တတ္ပၑ္စာဒ် ဒွိတီယ ဧကော ဒူတ ဥပသ္ထာယာဝဒတ် ပတိတာ ပတိတာ သာ မဟာဗာဗိလ် ယာ သရွွဇာတီယာန် သွကီယံ ဝျဘိစာရရူပံ ကြောဓမဒမ် အပါယယတ်၊
Ɔbɔfoɔ a ɔtɔ so mmienu dii deɛ ɔdi ɛkan no akyi kaa sɛ. “Wahwe ase! Babilonia kɛseɛ ahwe ase! Ɛfiri sɛ, wama amanaman nyinaa anom nʼadwamammɔ nsã no bi.”
9 တတ္ပၑ္စာဒ် တၖတီယော ဒူတ ဥပသ္ထာယောစ္စဲရဝဒတ်, ယး ကၑ္စိတ တံ ၑၑုံ တသျ ပြတိမာဉ္စ ပြဏမတိ သွဘာလေ သွကရေ ဝါ ကလင်္ကံ ဂၖဟ္လာတိ စ
Ɔbɔfoɔ a ɔtɔ so mmiɛnsa a ɔdi baanu a wɔdi ɛkan no akyi teaam kaa sɛ, “Obiara a ɔsom aboa no ne ne sɛso ohoni a na ɔma wɔhyɛ ne nsa ho anaa ne moma so agyiraeɛ
10 သော 'ပီၑွရသျ ကြောဓပါတြေ သ္ထိတမ် အမိၑြိတံ မဒတ် အရ္ထတ ဤၑွရသျ ကြောဓမဒံ ပါသျတိ ပဝိတြဒူတာနာံ မေၐၑာဝကသျ စ သာက္ၐာဒ် ဝဟ္နိဂန္ဓကယော ရျာတနာံ လပ္သျတေ စ၊
no ankasa bɛnom Onyankopɔn nsã, nʼabufuo nsã a ɔde nʼahoɔden nyinaa ahwie agu nʼabufuo kuruwa mu no. Wɔn a wɔbɛyɛ saa no nyinaa, wɔbɛhyɛ wɔn ahoyera wɔ ogya ne sɔfe mu wɔ abɔfoɔ ne Odwammaa no anim.
11 တေၐာံ ယာတနာယာ ဓူမော 'နန္တကာလံ ယာဝဒ် ဥဒ္ဂမိၐျတိ ယေ စ ပၑုံ တသျ ပြတိမာဉ္စ ပူဇယန္တိ တသျ နာမ္နော 'င်္ကံ ဝါ ဂၖဟ္လန္တိ တေ ဒိဝါနိၑံ ကဉ္စန ဝိရာမံ န ပြာပ္သျန္တိ၊ (aiōn g165)
Na ogya no wisie a ɛhyɛ wɔn ahoyera no kɔ ɔsoro daa daa. Awia ne anadwo, ahomegyeɛ nni hɔ ma wɔn a wɔsom aboa no ne ne sɛso ohoni ne obiara a wɔde ne din ahyɛ no agyiraeɛ no.” (aiōn g165)
12 ယေ မာနဝါ ဤၑွရသျာဇ္ဉာ ယီၑော် ဝိၑွာသဉ္စ ပါလယန္တိ တေၐာံ ပဝိတြလောကာနာံ သဟိၐ္ဏုတယာတြ ပြကာၑိတဝျံ၊
Yei enti na ɛsɛ sɛ Onyankopɔn nkurɔfoɔ ne wɔn a wɔdi Onyankopɔn mmara so, na wɔgye Yesu di no nya boasetɔ no.
13 အပရံ သွရ္ဂာတ် မယာ သဟ သမ္ဘာၐမာဏ ဧကော ရဝေါ မယာၑြာဝိ တေနောက္တံ တွံ လိခ, ဣဒါနီမာရဘျ ယေ ပြဘော် မြိယန္တေ တေ မၖတာ ဓနျာ ဣတိ; အာတ္မာ ဘာၐတေ သတျံ သွၑြမေဘျသ္တဲ ရွိရာမး ပြာပ္တဝျး တေၐာံ ကရ္မ္မာဏိ စ တာန် အနုဂစ္ဆန္တိ၊
Afei, metee nne bi firi ɔsoro a ɛkaa sɛ, “Twerɛ yei. Nhyira ne awufoɔ a wɔwu Awurade mu firi seesei rekɔ yi.” Honhom no se, “Aane, wɔbɛhome afiri wɔn brɛ no mu; na wɔn nnwuma di wɔn akyi.”
14 တဒနန္တရံ နိရီက္ၐမာဏေန မယာ ၑွေတဝရ္ဏ ဧကော မေဃော ဒၖၐ္ဋသ္တန္မေဃာရူဎော ဇနော မာနဝပုတြာကၖတိရသ္တိ တသျ ၑိရသိ သုဝရ္ဏကိရီဋံ ကရေ စ တီက္ၐ္ဏံ ဒါတြံ တိၐ္ဌတိ၊
Mehunuu omununkum fitaa bi na obi a ɔte sɛ Onipa Ba a sikakɔkɔɔ ahenkyɛ hyɛ no na ɔkura kantankrankyi nnamnnam bi wɔ ne nsam.
15 တတး ပရမ် အနျ ဧကော ဒူတော မန္ဒိရာတ် နိရ္ဂတျောစ္စဲးသွရေဏ တံ မေဃာရူဎံ သမ္ဘာၐျာဝဒတ် တွယာ ဒါတြံ ပြသာရျျ ၑသျစ္ဆေဒနံ ကြိယတာံ ၑသျစ္ဆေဒနသျ သမယ ဥပသ္ထိတော ယတော မေဒိနျား ၑသျာနိ ပရိပက္ကာနိ၊
Afei, ɔbɔfoɔ foforɔ bi firii asɔredan no mu pueeɛ, teaam kyerɛɛ deɛ ɔte omununkum no so no sɛ, “Fa wo kantankrankyi no twa ɛfiri sɛ otwaberɛ no aduru, asase no aso aba a ɛsɛ sɛ wɔtwa!”
16 တတသ္တေန မေဃာရူဎေန ပၖထိဝျာံ ဒါတြံ ပြသာရျျ ပၖထိဝျား ၑသျစ္ဆေဒနံ ကၖတံ၊
Enti, deɛ ɔte omununkum so no hwim ne kantankrankyi asase so maa ɛtwaa asase so nnɔbaeɛ.
17 အနန္တရမ် အပရ ဧကော ဒူတး သွရ္ဂသ္ထမန္ဒိရာတ် နိရ္ဂတး သော 'ပိ တီက္ၐ္ဏံ ဒါတြံ ဓာရယတိ၊
Afei, mehunuu ɔbɔfoɔ foforɔ bi a ɔfiri ɔsoro asɔredan mu apue a ɔno nso kura kantankrankyi nnamnnam bi.
18 အပရမ် အနျ ဧကော ဒူတော ဝေဒိတော နိရ္ဂတး သ ဝဟ္နေရဓိပတိး သ ဥစ္စဲးသွရေဏ တံ တီက္ၐ္ဏဒါတြဓာရိဏံ သမ္ဘာၐျာဝဒတ် တွယာ သွံ တီက္ၐ္ဏံ ဒါတြံ ပြသာရျျ မေဒိနျာ ဒြာက္ၐာဂုစ္ဆစ္ဆေဒနံ ကြိယတာံ ယတသ္တတ္ဖလာနိ ပရိဏတာနိ၊
Ɔbɔfoɔ foforɔ bi a ɔno nso hwɛ ogya no firi afɔrebukyia no mu pueeɛ. Ɔteaa ɔbɔfoɔ a ɔkura kantankrankyi nnamnnam no sɛ, “Fa wo kantankrankyi nnamnnam no twa asase so bobe no esia esia ɛfiri sɛ, nʼaba no abere.”
19 တတး သ ဒူတး ပၖထိဝျာံ သွဒါတြံ ပြသာရျျ ပၖထိဝျာ ဒြာက္ၐာဖလစ္ဆေဒနမ် အကရောတ် တတ္ဖလာနိ စေၑွရသျ ကြောဓသွရူပသျ မဟာကုဏ္ဍသျ မဓျံ နိရက္ၐိပတ်၊
Enti, ɔbɔfoɔ no hwim ne kantankrankyi no wɔ asase so de twitwaa bobe aba no na ɔde kɔguu Onyankopɔn abufuo nsakyiamena kɛseɛ no mu.
20 တတ္ကုဏ္ဍသ္ထဖလာနိ စ ဗဟိ ရ္မရ္ဒ္ဒိတာနိ တတး ကုဏ္ဍမဓျာတ် နိရ္ဂတံ ရက္တံ ကြောၑၑတပရျျန္တမ် အၑွာနာံ ခလီနာန် ယာဝဒ် ဝျာပ္နောတ်၊
Wɔtiatiaa bobe no so wɔ nsakyiamena a ɛwɔ kuropɔn no mfikyire, na mogya firii bobe no mu teneeɛ sɛ asubɔnten akwansini ahaanu a emu dɔ nso bɛyɛ anammɔn enum.

< ပြကာၑိတံ 14 >