< ပြကာၑိတံ 11 >

1 အနန္တရံ ပရိမာဏဒဏ္ဍဝဒ် ဧကော နလော မဟျမဒါယိ, သ စ ဒူတ ဥပတိၐ္ဌန် မာမ် အဝဒတ်, ဥတ္ထာယေၑွရသျ မန္ဒိရံ ဝေဒီံ တတြတျသေဝကာံၑ္စ မိမီၐွ၊
Wɔmaa me susudua bi a ɛte sɛ poma, na wɔka kyerɛɛ me sɛ, “Sɔre na susu Onyankopɔn asɔredan no ne afɔrebukyia no na kan wɔn a wɔresom wɔ asɔredan no mu no.
2 ကိန္တု မန္ဒိရသျ ဗဟိးပြာင်္ဂဏံ တျဇ န မိမီၐွ ယတသ္တဒ် အနျဇာတီယေဘျော ဒတ္တံ, ပဝိတြံ နဂရဉ္စ ဒွိစတွာရိံၑန္မာသာန် ယာဝတ် တေၐာံ စရဏဲ ရ္မရ္ဒ္ဒိၐျတေ၊
Nanso, mfa asɔredan no adihɔ nka ho, ɛfiri sɛ, wɔde hɔ ama amanamanmufoɔ, na wɔbɛtiatia kuro kronkron no so abosome aduanan mmienu.
3 ပၑ္စာတ် မမ ဒွါဘျာံ သာက္ၐိဘျာံ မယာ သာမရ္ထျံ ဒါယိၐျတေ တာဝုၐ္ဋြလောမဇဝသ္တြပရိဟိတော် ၐၐ္ဌျဓိကဒွိၑတာဓိကသဟသြဒိနာနိ ယာဝဒ် ဘဝိၐျဒွါကျာနိ ဝဒိၐျတး၊
Mɛsoma mʼadansefoɔ baanu a wɔfirafira ayitoma, na wɔaka Onyankopɔn asɛm saa nna apem ahanu ne aduosia no mu.”
4 တာဝေဝ ဇဂဒီၑွရသျာန္တိကေ တိၐ္ဌန္တော် ဇိတဝၖက္ၐော် ဒီပဝၖက္ၐော် စ၊
Saa adansefoɔ baanu no ne ngo dua mmienu no ne nkaneadua mmienu a ɛsi asase a ɛwɔ Awurade anim no so no.
5 ယဒိ ကေစိတ် တော် ဟိံသိတုံ စေၐ္ဋန္တေ တရှိ တယော ရွဒနာဘျာမ် အဂ္နိ ရ္နိရ္ဂတျ တယေား ၑတြူန် ဘသ္မီကရိၐျတိ၊ ယး ကၑ္စိတ် တော် ဟိံသိတုံ စေၐ္ဋတေ တေနဲဝမေဝ ဝိနၐ္ဋဝျံ၊
Egya firi wɔn anom bɛkunkum atamfoɔ biara a wɔpɛ sɛ wɔha wɔn no. Ɛno enti, obiara a ɔpɛ sɛ ɔha wɔn no, wɔbɛkum no.
6 တယော ရ္ဘဝိၐျဒွါကျကထနဒိနေၐု ယထာ ဝၖၐ္ဋိ ရ္န ဇာယတေ တထာ ဂဂနံ ရောဒ္ဓုံ တယေား သာမရ္ထျမ် အသ္တိ, အပရံ တောယာနိ ၑောဏိတရူပါဏိ ကရ္တ္တုံ နိဇာဘိလာၐာတ် မုဟုရ္မုဟုး သရွွဝိဓဒဏ္ဍဲး ပၖထိဝီမ် အာဟန္တုဉ္စ တယေား သာမရ္ထျမသ္တိ၊
Wɔwɔ tumi sɛ ɛberɛ a wɔreka Onyankopɔn asɛm no, wɔto soro mu, a osuo rentɔ. Wɔwɔ tumi sɛ wɔde ɔhaw bɛto asase so mpɛn dodoɔ biara a wɔpɛ.
7 အပရံ တယေား သာက္ၐျေ သမာပ္တေ သတိ ရသာတလာဒ် ယေနောတ္ထိတဝျံ သ ပၑုသ္တာဘျာံ သဟ ယုဒ္ဓွာ တော် ဇေၐျတိ ဟနိၐျတိ စ၊ (Abyssos g12)
Na sɛ wɔka wɔn asɛm no wie a, aboa a ɔbɛfiri bunu no mu apue no ne wɔn bɛko. Ɔbɛdi wɔn so akum wɔn (Abyssos g12)
8 တတသ္တယေား ပြဘုရပိ ယသျာံ မဟာပုရျျာံ ကြုၑေ ဟတော 'ရ္ထတော ယသျား ပါရမာရ္ထိကနာမနီ သိဒေါမံ မိသရၑ္စေတိ တသျာ မဟာပုရျျာံး သန္နိဝေၑေ တယေား ကုဏပေ သ္ထာသျတး၊
na wɔn amu no agu kuro kɛseɛ no abɔntene so, wɔ baabi a wɔbɔɔ wɔn Awurade nnadewa mu wɔ asɛnnua no so a ɛhɔ din pa de Sodom ne Misraim no.
9 တတော နာနာဇာတီယာ နာနာဝံၑီယာ နာနာဘာၐာဝါဒိနော နာနာဒေၑီယာၑ္စ ဗဟဝေါ မာနဝါး သာရ္ဒ္ဓဒိနတြယံ တယေား ကုဏပေ နိရီက္ၐိၐျန္တေ, တယေား ကုဏပယေား ၑ္မၑာနေ သ္ထာပနံ နာနုဇ္ဉာသျန္တိ၊
Na nnipa a wɔfiri aman so ne mmusuakuo ne kasa ahodoɔ ne aman bi so bɛhwɛ wɔn afunu nnansa ne fa, na wɔremma ɛkwan mma wɔnsie wɔn.
10 ပၖထိဝီနိဝါသိနၑ္စ တယော ရှေတောရာနန္ဒိၐျန္တိ သုခဘောဂံ ကုရွွန္တး ပရသ္ပရံ ဒါနာနိ ပြေၐယိၐျန္တိ စ ယတသ္တာဘျာံ ဘဝိၐျဒွါဒိဘျာံ ပၖထိဝီနိဝါသိနော ယာတနာံ ပြာပ္တား၊
Asase so nnipa ani bɛgye sɛ saa nnipa baanu no awuwu. Wɔbɛgye wɔn ani na wɔakyɛ wɔn ho akyɛdeɛ ɛfiri sɛ, saa adiyifoɔ baanu no na wɔde ɔhaw bɛtoo asase sofoɔ so.
11 တသ္မာတ် သာရ္ဒ္ဓဒိနတြယာတ် ပရမ် ဤၑွရာတ် ဇီဝနဒါယက အာတ္မနိ တော် ပြဝိၐ္ဋေ တော် စရဏဲရုဒတိၐ္ဌတာံ, တေန ယာဝန္တသ္တာဝပၑျန် တေ 'တီဝ တြာသယုက္တာ အဘဝန်၊
Nanso, nnansa akyi no, Honhom a ɔfiri Onyankopɔn hɔ bɛwura wɔn mu na wɔasɔre. Na ehu kɛseɛ bɛka obiara a ɔbɛhunu.
12 တတး ပရံ တော် သွရ္ဂာဒ် ဥစ္စဲရိဒံ ကထယန္တံ ရဝမ် အၑၖဏုတာံ ယုဝါံ သ္ထာနမ် ဧတဒ် အာရောဟတာံ တတသ္တယေား ၑတြုၐု နိရီက္ၐမာဏေၐု တော် မေဃေန သွရ္ဂမ် အာရူဎဝန္တော်၊
Afei, nne a ano yɛ den firi ɔsoro bɛka sɛ, “Mommra ɔsoro ha.” Na ɛberɛ a wɔn atamfoɔ rehwɛ wɔn no, wɔnam omununkum mu kɔɔ ɔsoro.
13 တဒ္ဒဏ္ဍေ မဟာဘူမိကမ္ပေ ဇာတေ ပုရျျာ ဒၑမာံၑး ပတိတး သပ္တသဟသြာဏိ မာနုၐာၑ္စ တေန ဘူမိကမ္ပေန ဟတား, အဝၑိၐ္ဋာၑ္စ ဘယံ ဂတွာ သွရ္ဂီယေၑွရသျ ပြၑံသာမ် အကီရ္တ္တယန်၊
Saa ɛberɛ korɔ no ara mu, asase wosoo dendeenden. Kuro no nkyɛmu edu mu baako sɛeɛ, na nnipa mpemnson wuwuiɛ wɔ asasewosoɔ no mu. Nnipa a wɔaka no bɔɔ hu na wɔkamfoo Onyankopɔn a ɔwɔ ɔsoro no kɛseyɛ.
14 ဒွိတီယး သန္တာပေါ ဂတး ပၑျ တၖတီယး သန္တာပသ္တူရ္ဏမ် အာဂစ္ဆတိ၊
Ɔhaw a ɛtɔ so mmienu no atwa, nanso hwɛ, ɛrenkyɛre na ɔhaw a ɛtɔ so mmiɛnsa aba.
15 အနန္တရံ သပ္တဒူတေန တူရျျာံ ဝါဒိတာယာံ သွရ္ဂ ဥစ္စဲး သွရဲရွာဂိယံ ကီရ္တ္တိတာ, ရာဇတွံ ဇဂတော ယဒျဒ် ရာဇျံ တဒဓုနာဘဝတ်၊ အသ္မတ္ပြဘောသ္တဒီယာဘိၐိက္တသျ တာရကသျ စ၊ တေန စာနန္တကာလီယံ ရာဇတွံ ပြကရိၐျတေ။ (aiōn g165)
Afei, ɔbɔfoɔ a ɔtɔ so nson hyɛnee ne totorobɛnto, na nne denden wɔ ɔsoro kaa sɛ, “Tumi a wɔde di ewiase so seesei no yɛ yɛn Awurade ne ne Kristo no dea, na ɔbɛdi ɔhene daa daa.” (aiōn g165)
16 အပရမ် ဤၑွရသျာန္တိကေ သွကီယသိံဟာသနေၐူပဝိၐ္ဋာၑ္စတုရွိံၑတိပြာစီနာ ဘုဝိ နျင်္ဘူခါ ဘူတွေၑွရံ ပြဏမျာဝဒန်,
Afei, mpanimfoɔ aduonu ɛnan a wɔte wɔn ahennwa so Onyankopɔn anim no de wɔn anim butubutu fam, somm Onyankopɔn,
17 ဟေ ဘူတ ဝရ္တ္တမာနာပိ ဘဝိၐျံၑ္စ ပရေၑွရ၊ ဟေ သရွွၑက္တိမန် သွာမိန် ဝယံ တေ ကုရ္မ္မဟေ သ္တဝံ၊ ယတ် တွယာ ကြိယတေ ရာဇျံ ဂၖဟီတွာ တေ မဟာဗလံ၊
kaa sɛ, “Yɛda wo ase, Otumfoɔ Onyankopɔn, wo a wowɔ hɔ na wowɔ hɔ dada, sɛ woafa wo tumi kɛseɛ, na wahyɛ aseɛ redi ɔhene.
18 ဝိဇာတီယေၐု ကုပျတ္သု ပြာဒုရ္ဘူတာ တဝ ကြုဓာ၊ မၖတာနာမပိ ကာလော 'သော် ဝိစာရော ဘဝိတာ ယဒါ၊ ဘၖတျာၑ္စ တဝ ယာဝန္တော ဘဝိၐျဒွါဒိသာဓဝး၊ ယေ စ က္ၐုဒြာ မဟာန္တော ဝါ နာမတသ္တေ ဟိ ဗိဘျတိ၊ ယဒါ သရွွေဘျ ဧတေဘျော ဝေတနံ ဝိတရိၐျတေ၊ ဂန္တဝျၑ္စ ယဒါ နာၑော ဝသုဓာယာ ဝိနာၑကဲး။
Amanaman no bo fuiɛ, ɛfiri sɛ wʼabofuo berɛ no aduru a ɛsɛ sɛ wɔbu awufoɔ atɛn. Ɛberɛ a ɛsɛ sɛ wobɔ wo nkoa adiyifoɔ no aba so ne wo nkurɔfoɔ a wɔdi wo din ni no, akɛseɛ ne nketewa. Ɛberɛ aduru sɛ wosɛe wɔn a wɔsɛee asase no!”
19 အနန္တရမ် ဤၑွရသျ သွရ္ဂသ္ထမန္ဒိရသျ ဒွါရံ မုက္တံ တန္မန္ဒိရမဓျေ စ နိယမမဉ္ဇူၐာ ဒၖၑျာဘဝတ်, တေန တဍိတော ရဝါး သ္တနိတာနိ ဘူမိကမ္ပော ဂုရုတရၑိလာဝၖၐ္ဋိၑ္စဲတာနိ သမဘဝန်၊
Onyankopɔn asɔredan a ɛwɔ ɔsoro no bueɛ maa wɔhunuu adaka a apam no wɔ mu no wɔ asɔredan no mu. Afei, anyinam ne aprannaa paapaee, ɛnna asase wosoeɛ na asukɔtweaa bebree nso tɔeɛ.

< ပြကာၑိတံ 11 >