< မထိး 28 >

1 တတး ပရံ ဝိၑြာမဝါရသျ ၑေၐေ သပ္တာဟပြထမဒိနသျ ပြဘောတေ ဇာတေ မဂ္ဒလီနီ မရိယမ် အနျမရိယမ် စ ၑ္မၑာနံ ဒြၐ္ဋုမာဂတာ၊
Homeda no akyi, Memeneda ahemadakye, Maria Magdalene ne Maria baako no kɔɔ ɛda no so.
2 တဒါ မဟာန် ဘူကမ္ပော'ဘဝတ်; ပရမေၑွရီယဒူတး သွရ္ဂာဒဝရုဟျ ၑ္မၑာနဒွါရာတ် ပါၐာဏမပသာရျျ တဒုပရျျုပဝိဝေၑ၊
Amonom, asase wosoo denden; na Awurade ɔbɔfoɔ siane firii ɔsoro baeɛ bɛpiree ɛboɔ no firii ɛda no ano, na ɔtenaa so.
3 တဒွဒနံ ဝိဒျုဒွတ် တေဇောမယံ ဝသနံ ဟိမၑုဘြဉ္စ၊
Nʼanim hyerɛn te sɛ kanea na nʼatadeɛ yɛ fitaa te sɛ nwera.
4 တဒါနီံ ရက္ၐိဏသ္တဒ္ဘယာတ် ကမ္ပိတာ မၖတဝဒ် ဗဘူဝး၊
Awɛmfoɔ no hunuu no no, ehu maa wɔn ho popoeɛ, na wɔhwehwee ase, danee sɛ awufoɔ.
5 သ ဒူတော ယောၐိတော ဇဂါဒ, ယူယံ မာ ဘဲၐ္ဋ, ကြုၑဟတယီၑုံ မၖဂယဓွေ တဒဟံ ဝေဒ္မိ၊
Ɔbɔfoɔ no ka kyerɛɛ mmaa no sɛ, “Monnsuro! Menim sɛ, morehwehwɛ Yesu a wɔbɔɔ no asɛnnua mu no,
6 သော'တြ နာသ္တိ, ယထာဝဒတ် တထောတ္ထိတဝါန်; ဧတတ် ပြဘေား ၑယနသ္ထာနံ ပၑျတ၊
nanso ɔnni ha. Wasɔre kɔ sɛdeɛ ɔkaeɛ no. Mommra mmɛhwɛ deɛ na ɔda hɔ no.
7 တူရ္ဏံ ဂတွာ တစ္ဆိၐျာန် ဣတိ ဝဒတ, သ ၑ္မၑာနာဒ် ဥဒတိၐ္ဌတ်, ယုၐ္မာကမဂြေ ဂါလီလံ ယာသျတိ ယူယံ တတြ တံ ဝီက္ၐိၐျဓွေ, ပၑျတာဟံ ဝါရ္တ္တာမိမာံ ယုၐ္မာနဝါဒိၐံ၊
Afei, monkɔ ntɛm nkɔka nkyerɛ nʼasuafoɔ no sɛ, ‘Wasɔre afiri awufoɔ mu, na ɔredi mo anim ɛkan akɔ Galilea akɔhyia mo wɔ hɔ.’ Yei ne nkra a mewɔ de ma mo.”
8 တတသ္တာ ဘယာတ် မဟာနန္ဒာဉ္စ ၑ္မၑာနာတ် တူရ္ဏံ ဗဟိရ္ဘူယ တစ္ဆိၐျာန် ဝါရ္တ္တာံ ဝက္တုံ ဓာဝိတဝတျး၊ ကိန္တု ၑိၐျာန် ဝါရ္တ္တာံ ဝက္တုံ ယာန္တိ, တဒါ ယီၑု ရ္ဒရ္ၑနံ ဒတ္တွာ တာ ဇဂါဒ,
Mmaa no de ehu ne anigyeɛ a adi afra tutuu mmirika firii ɛda no so sɛ, wɔrekɔhwehwɛ asuafoɔ no aka ɔbɔfoɔ no nkra no akyerɛ wɔn.
9 ယုၐ္မာကံ ကလျာဏံ ဘူယာတ်, တတသ္တာ အာဂတျ တတ္ပာဒယေား ပတိတွာ ပြဏေမုး၊
Wɔrekɔ no, prɛko pɛ, Yesu bɛgyinaa wɔn anim. Ɔkyeaa wɔn sɛ, “Asomdwoeɛ nka mo.” Wɔbuu no nkotodwe, somm no.
10 ယီၑုသ္တာ အဝါဒီတ်, မာ ဗိဘီတ, ယူယံ ဂတွာ မမ ဘြာတၖန် ဂါလီလံ ယာတုံ ဝဒတ, တတြ တေ မာံ ဒြက္ၐျန္တိ၊
Afei, Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monnsuro! Monkɔ nkɔka nkyerɛ me nuanom no sɛ wɔnkɔ Galilea nkɔhyia me wɔ hɔ.”
11 သ္တြိယော ဂစ္ဆန္တိ, တဒါ ရက္ၐိဏာံ ကေစိတ် ပုရံ ဂတွာ ယဒျဒ် ဃဋိတံ တတ္သရွွံ ပြဓာနယာဇကာန် ဇ္ဉာပိတဝန္တး၊
Ɛberɛ a mmaa no rekɔ kuro no mu no, awɛmfoɔ a wɔwɛn ɛda no mu bi kɔɔ asɔfoɔ mpanin no nkyɛn kɔkaa deɛ asie no nyinaa kyerɛɛ wɔn.
12 တေ ပြာစီနဲး သမံ သံသဒံ ကၖတွာ မန္တြယန္တော ဗဟုမုဒြား သေနာဘျော ဒတ္တွာဝဒန်,
Yudafoɔ mpanin no nyinaa hyiaeɛ, na wɔsii no gyinaeɛ sɛ, wɔbɛma awɛmfoɔ no sika aka akyerɛ wɔn
13 အသ္မာသု နိဒြိတေၐု တစ္ဆိၐျာ ယာမိနျာမာဂတျ တံ ဟၖတွာနယန်, ဣတိ ယူယံ ပြစာရယတ၊
sɛ, “Monka sɛ, ‘Anadwo a yɛdaeɛ no, na nʼasuafoɔ no ba bɛwiaa amu no de kɔeɛ.’”
14 ယဒျေတဒဓိပတေး ၑြောတြဂေါစရီဘဝေတ်, တရှိ တံ ဗောဓယိတွာ ယုၐ္မာနဝိၐျာမး၊
Wɔhyɛɛ awɛmfoɔ no bɔ sɛ, “Sɛ ɛba sɛ amrado te ɛho asɛm a, yɛbɛkyerɛkyerɛ no mu sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, ɔrenyɛ mo hwee.”
15 တတသ္တေ မုဒြာ ဂၖဟီတွာ ၑိက္ၐာနုရူပံ ကရ္မ္မ စကြုး, ယိဟူဒီယာနာံ မဓျေ တသျာဒျာပိ ကိံဝဒန္တီ ဝိဒျတေ၊
Yei enti, awɛmfoɔ no gyee sika no kɔyɛɛ sɛdeɛ wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔnyɛ no. Asɛm a wɔkaeɛ no trɛ faa Yudafoɔ no mu nyinaa na wɔgye di de bɛsi ɛnnɛ.
16 ဧကာဒၑ ၑိၐျာ ယီၑုနိရူပိတာဂါလီလသျာဒြိံ ဂတွာ
Afei, asuafoɔ dubaako no siim kɔɔ Galilea bepɔ a Yesu kaa sɛ wɔnkɔ so no so.
17 တတြ တံ သံဝီက္ၐျ ပြဏေမုး, ကိန္တု ကေစိတ် သန္ဒိဂ္ဓဝန္တး၊
Ɛhɔ na wɔhunuu no, koto sɔree no. Nanso, na wɔn mu bi nnye nni ara.
18 ယီၑုသ္တေၐာံ သမီပမာဂတျ ဝျာဟၖတဝါန်, သွရ္ဂမေဒိနျေား သရွွာဓိပတိတွဘာရော မယျရ္ပိတ အာသ္တေ၊
Yesu ka kyerɛɛ nʼasuafoɔ no sɛ, “Wɔde ɔsoro ne asase so tumi nyinaa ama me.
19 အတော ယူယံ ပြယာယ သရွွဒေၑီယာန် ၑိၐျာန် ကၖတွာ ပိတုး ပုတြသျ ပဝိတြသျာတ္မနၑ္စ နာမ္နာ တာနဝဂါဟယတ; အဟံ ယုၐ္မာန် ယဒျဒါဒိၑံ တဒပိ ပါလယိတုံ တာနုပါဒိၑတ၊
Enti, monkɔ nkɔyɛ amanaman nyinaa mʼasuafoɔ. Mommɔ wɔn asu nhyɛ Agya, Ɔba ne Honhom Kronkron din mu,
20 ပၑျတ, ဇဂဒန္တံ ယာဝတ် သဒါဟံ ယုၐ္မာဘိး သာကံ တိၐ္ဌာမိ၊ ဣတိ၊ (aiōn g165)
na monkyerɛkyerɛ wɔn sɛ, wɔnni deɛ mahyɛ mo no nyinaa so. Na me ne mo wɔ hɔ nna nyinaa de bɛkɔ akɔsi ewiase awieeɛ.” (aiōn g165)

< မထိး 28 >