< မထိး 21 >

1 အနန္တရံ တေၐု ယိရူၑာလမ္နဂရသျ သမီပဝေရ္တ္တိနော ဇဲတုနနာမကဓရာဓရသျ သမီပသ္ထ္တိံ ဗဲတ္ဖဂိဂြာမမ် အာဂတေၐု, ယီၑုး ၑိၐျဒွယံ ပြေၐယန် ဇဂါဒ,
Aka kakra na Yesu ne nʼasuafo no adu Yerusalem no, wɔbɛn kurow bi a wɔfrɛ no Betfage a ɛwɔ Ngo Bepɔw no so hɔ no. Ɛhɔ na Yesu somaa nʼasuafo no mu baanu se, wonni kan nkɔ.
2 ယုဝါံ သမ္မုခသ္ထဂြာမံ ဂတွာ ဗဒ္ဓါံ ယာံ သဝတ္သာံ ဂရ္ဒ္ဒဘီံ ဟဌာတ် ပြာပ္သျထး, တာံ မောစယိတွာ မဒန္တိကမ် အာနယတံ၊
Ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Sɛ mudu hɔ a, mubehu sɛ wɔasa afurum bi ne ne ba hama. Monsan wɔn, na momfa wɔn mmrɛ me.
3 တတြ ယဒိ ကၑ္စိတ် ကိဉ္စိဒ် ဝက္ၐျတိ, တရှိ ဝဒိၐျထး, ဧတသျာံ ပြဘေား ပြယောဇနမာသ္တေ, တေန သ တတ္က္ၐဏာတ် ပြဟေၐျတိ၊
Sɛ obi ka asɛm bi kyerɛ mo a, monka nkyerɛ onipa ko no se, ‘Wɔn ho hia Awurade,’ na ntɛm ara ɔbɛma mo de wɔn aba.”
4 သီယောနး ကနျကာံ ယူယံ ဘာၐဓွမိတိ ဘာရတီံ၊ ပၑျ တေ နမြၑီလး သန် နၖပ အာရုဟျ ဂရ္ဒဘီံ၊ အရ္ထာဒါရုဟျ တဒွတ္သမာယာသျတိ တွဒန္တိကံ၊
Wɔyɛɛ eyi de hyɛɛ tete nkɔmhyɛ a ɛka se,
5 ဘဝိၐျဒွါဒိနောက္တံ ဝစနမိဒံ တဒါ သဖလမဘူတ်၊
“Monka nkyerɛ Ɔbabea Sion se wo hene reba wo nkyɛn. Odwo, na ɔte afurum ne afurum ba so” no mu den.
6 အနန္တရံ တော် ၑ္ၐျိ ယီၑော ရျထာနိဒေၑံ တံ ဂြာမံ ဂတွာ
Asuafo baanu no yɛɛ nea Yesu ka kyerɛɛ wɔn no.
7 ဂရ္ဒဘီံ တဒွတ္သဉ္စ သမာနီတဝန္တော်, ပၑ္စာတ် တဒုပရိ သွီယဝသနာနီ ပါတယိတွာ တမာရောဟယာမာသတုး၊
Wɔde mmoa no brɛɛ no no, wɔde wɔn ntama sesɛw afurum no so, maa Yesu tenaa no so.
8 တတော ဗဟဝေါ လောကာ နိဇဝသနာနိ ပထိ ပြသာရယိတုမာရေဘိရေ, ကတိပယာ ဇနာၑ္စ ပါဒပပရ္ဏာဒိကံ ဆိတွာ ပထိ ဝိသ္တာရယာမာသုး၊
Nnipadɔm a wɔwɔ hɔ no bi de wɔn ntama sesɛw ɔkwan a ɔde aboa no nam so no so. Ebinom nso bubuu nnua mman de sesɛw ɔkwan no mu saa ara.
9 အဂြဂါမိနး ပၑ္စာဒ္ဂါမိနၑ္စ မနုဇာ ဥစ္စဲရ္ဇယ ဇယ ဒါယူဒး သန္တာနေတိ ဇဂဒုး ပရမေၑွရသျ နာမ္နာ ယ အာယာတိ သ ဓနျး, သရွွောပရိသ္ထသွရ္ဂေပိ ဇယတိ၊
Dɔm no tu teɛe de osebɔ teɛteɛɛ mu se, “Hosiana Dawid Ba!” “Nhyira ne nea ɔnam Awurade din mu reba no.” “Hosiana wɔ ɔsoro nohɔ!”
10 ဣတ္ထံ တသ္မိန် ယိရူၑာလမံ ပြဝိၐ္ဋေ ကော'ယမိတိ ကထနာတ် ကၖတ္သ္နံ နဂရံ စဉ္စလမဘဝတ်၊
Bere a oduu Yerusalem no, kurow no nyinaa bɔɔ twi. Ɛhɔfo no bisae se, “Na hena ni?”
11 တတြ လောကေား ကထယာမာသုး, ဧၐ ဂါလီလ္ပြဒေၑီယ-နာသရတီယ-ဘဝိၐျဒွါဒီ ယီၑုး၊
Nnipadɔm no buae se, “Ɛyɛ Yesu, Odiyifo a ofi Nasaret a ɛwɔ Galileaman mu no.”
12 အနန္တရံ ယီၑုရီၑွရသျ မန္ဒိရံ ပြဝိၑျ တန္မဓျာတ် ကြယဝိကြယိဏော ဝဟိၑ္စကာရ; ဝဏိဇာံ မုဒြာသနာနီ ကပေါတဝိကြယိဏာဉ္စသနာနီ စ နျုဝ္ဇယာမာသ၊
Yesu fii hɔ no, ɔkɔɔ hyiadan mu. Oduu hɔ no, ɔpam aguadifo a wɔwɔ hɔ no nyinaa, kaa sikasesafo apon nyinaa guu fam, bubuu pata a wɔtɔn mmorɔnoma wɔ mu no nyinaa gui.
13 အပရံ တာနုဝါစ, ဧၐာ လိပိရာသ္တေ, "မမ ဂၖဟံ ပြာရ္ထနာဂၖဟမိတိ ဝိချာသျတိ", ကိန္တု ယူယံ တဒ် ဒသျူနာံ ဂဟွရံ ကၖတဝန္တး၊
Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Kyerɛwsɛm no ka se, ‘Mʼasɔrefi yɛ beae a wɔbɔ mpae.’ Nanso mo de, mode hɔ ayɛ adwowtwafo atenae.”
14 တဒနန္တရမ် အန္ဓခဉ္စလောကာသ္တသျ သမီပမာဂတား, သ တာန် နိရာမယာန် ကၖတဝါန်၊
Afei anifuraefo ne mmubuafo baa ne nkyɛn wɔ hyiadan mu hɔ ma ɔsaa wɔn nyinaa yare.
15 ယဒါ ပြဓာနယာဇကာ အဓျာပကာၑ္စ တေန ကၖတာနျေတာနိ စိတြကရ္မ္မာဏိ ဒဒၖၑုး, ဇယ ဇယ ဒါယူဒး သန္တာန, မန္ဒိရေ ဗာလကာနာမ် ဧတာဒၖၑမ် ဥစ္စဓွနိံ ၑုၑြုဝုၑ္စ, တဒါ မဟာကြုဒ္ဓါ ဗဘူဝး,
Nanso bere a asɔfo mpanyin ne Yudafo mpanyin bi huu anwonwade yi na wɔtee nso sɛ mmofra nkumaa a wɔwɔ hyiadan mu hɔ reteɛteɛ mu se, “Nhyira nka Dawid Ba no” no, anyɛ wɔn dɛ.
16 တံ ပပြစ္ဆုၑ္စ, ဣမေ ယဒ် ဝဒန္တိ, တတ် ကိံ တွံ ၑၖဏောၐိ? တတော ယီၑုသ္တာန် အဝေါစတ်, သတျမ်; သ္တနျပါယိၑိၑူနာဉ္စ ဗာလကာနာဉ္စ ဝက္တြတး၊ သွကီယံ မဟိမာနံ တွံ သံပြကာၑယသိ သွယံ၊ ဧတဒွါကျံ ယူယံ ကိံ နာပဌတ?
Enti wobisaa Yesu se, “Wote nsɛm a mmofra no reka no ana?” Yesu bua se, “Yiw. Na monkenkan saa Kyerɛwsɛm a ɛka se, “‘Mmofra ne nkokoaa mpo de wɔn ano kamfo wo’ no da, ana?”
17 တတသ္တာန် ဝိဟာယ သ နဂရာဒ် ဗဲထနိယာဂြာမံ ဂတွာ တတြ ရဇနီံ ယာပယာမာသ၊
Afei ofii hɔ san kɔɔ Betania kɔdaa hɔ.
18 အနန္တရံ ပြဘာတေ သတိ ယီၑုး ပုနရပိ နဂရမာဂစ္ဆန် က္ၐုဓာရ္တ္တော ဗဘူဝ၊
Ade kyee anɔpa a ɔresan akɔ Yerusalem no, ɔkɔm dee no.
19 တတော မာရ္ဂပါရ္ၑွ ဥဍုမ္ဗရဝၖက္ၐမေကံ ဝိလောကျ တတ္သမီပံ ဂတွာ ပတြာဏိ ဝိနာ ကိမပိ န ပြာပျ တံ ပါဒပံ ပြောဝါစ, အဒျာရဘျ ကဒါပိ တွယိ ဖလံ န ဘဝတု; တေန တတ္က္ၐဏာတ် သ ဥဍုမ္ဗရမာဟီရုဟး ၑုၐ္ကတာံ ဂတး၊ (aiōn g165)
Ohuu sɛ borɔdɔma dua bi si ɔkwan ho baabi. Ɔkɔɔ hɔ kɔhwɛɛ sɛ borɔdɔma no bi wɔ so, nanso oduu hɔ no, ohuu sɛ nhaban nko ara na ɛwɔ so. Ɔdomee borɔdɔma dua no se, “Efi nnɛ, worensow aba bio!” Ɛhɔ ara borɔdɔma dua no wui. (aiōn g165)
20 တဒ် ဒၖၐ္ဋွာ ၑိၐျာ အာၑ္စရျျံ ဝိဇ္ဉာယ ကထယာမာသုး, အား, ဥဍုမွရပါဒပေါ'တိတူရ္ဏံ ၑုၐ္ကော'ဘဝတ်၊
Asɛm yi yɛɛ Yesu asuafo no nwonwa ma wobisaa no se, “Na ɛyɛɛ dɛn nti na borɔdɔma dua no so nhaban poo ntɛm saa?”
21 တတော ယီၑုသ္တာနုဝါစ, ယုၐ္မာနဟံ သတျံ ဝဒါမိ, ယဒိ ယူယမသန္ဒိဂ္ဓား ပြတီထ, တရှိ ယူယမပိ ကေဝလောဍုမွရပါဒပံ ပြတီတ္ထံ ကရ္တ္တုံ ၑက္ၐျထ, တန္န, တွံ စလိတွာ သာဂရေ ပတေတိ ဝါကျံ ယုၐ္မာဘိရသ္မိန ၑဲလေ ပြောက္တေပိ တဒဲဝ တဒ် ဃဋိၐျတေ၊
Yesu nso buaa wɔn se, “Nokware, sɛ mowɔ gyidi na munnhinhim a, mubetumi ayɛ ade koro yi ara bi, anaa nea ɛkyɛn saa mpo. Anka mubetumi aka akyerɛ Ngo Bepɔw yi se, ‘Tutu kogu po mu,’ na ebetutu akogu mu nso.
22 တထာ ဝိၑွသျ ပြာရ္ထျ ယုၐ္မာဘိ ရျဒ် ယာစိၐျတေ, တဒေဝ ပြာပ္သျတေ၊
Biribiara a mode gyidi bebisa wɔ mpaebɔ mu no, mo nsa bɛka.”
23 အနန္တရံ မန္ဒိရံ ပြဝိၑျောပဒေၑနသမယေ တတ္သမီပံ ပြဓာနယာဇကား ပြာစီနလောကာၑ္စာဂတျ ပပြစ္ဆုး, တွယာ ကေန သာမရ္ထျနဲတာနိ ကရ္မ္မာဏိ ကြိယန္တေ? ကေန ဝါ တုဘျမေတာနိ သာမရ္ထျာနိ ဒတ္တာနိ?
Yesu san kɔɔ hyiadan mu hɔ a ɔrekyerɛkyerɛ no, asɔfo mpanyin ne Yudafo mpanyin baa ne kyɛn bebisaa no tumi ko a ogyina so pam aguadifo ne sikasesafo no fii hyiadan mu hɔ no.
24 တတော ယီၑုး ပြတျဝဒတ်, အဟမပိ ယုၐ္မာန် ဝါစမေကာံ ပၖစ္ဆာမိ, ယဒိ ယူယံ တဒုတ္တရံ ဒါတုံ ၑက္ၐျထ, တဒါ ကေန သာမရ္ထျေန ကရ္မ္မာဏျေတာနိ ကရောမိ, တဒဟံ ယုၐ္မာန် ဝက္ၐျာမိ၊
Yesu kae se, “Merebebisa mo asɛm baako bi, na mummua me ansa.
25 ယောဟနော မဇ္ဇနံ ကသျာဇ္ဉယာဘဝတ်? ကိမီၑွရသျ မနုၐျသျ ဝါ? တတသ္တေ ပရသ္ပရံ ဝိဝိစျ ကထယာမာသုး, ယဒီၑွရသျေတိ ဝဒါမသ္တရှိ ယူယံ တံ ကုတော န ပြတျဲတ? ဝါစမေတာံ ဝက္ၐျတိ၊
Onyankopɔn na ɔsomaa Osuboni Yohane anaa ɛnyɛ ɔno?” Wodwinnwen ho kae se, “Sɛ yɛka sɛ ‘Efi Onyankopɔn’ a, wobebisa yɛn nea enti a yɛannye nea Yohane kae no anni?
26 မနုၐျသျေတိ ဝက္တုမပိ လောကေဘျော ဗိဘီမး, ယတး သရွွဲရပိ ယောဟန် ဘဝိၐျဒွါဒီတိ ဇ္ဉာယတေ၊
Na sɛ yɛka se, ‘Ɛnyɛ Onyankopɔn na ɔsomaa no’ nso a, dɔm no bɛhaw yɛn efisɛ, wɔn nyinaa nim sɛ Yohane yɛ odiyifo.”
27 တသ္မာတ် တေ ယီၑုံ ပြတျဝဒန်, တဒ် ဝယံ န ဝိဒ္မး၊ တဒါ သ တာနုက္တဝါန်, တရှိ ကေန သာမရထျေန ကရ္မ္မာဏျေတာနျဟံ ကရောမိ, တဒပျဟံ ယုၐ္မာန် န ဝက္ၐျာမိ၊
Enti wɔn mmuae a wɔmae ara ne sɛ, “Yennim!” Ɛhɔ ara na Yesu nso kae se, “Sɛ munnim de a, me nso meremmua mo.”
28 ကသျစိဇ္ဇနသျ ဒွေါ် သုတာဝါသ္တာံ သ ဧကသျ သုတသျ သမီပံ ဂတွာ ဇဂါဒ, ဟေ သုတ, တွမဒျ မမ ဒြာက္ၐာက္ၐေတြေ ကရ္မ္မ ကရ္တုံ ဝြဇ၊
Yesu kae se, “Saa asɛm a merebɛka yi mudwen ho dɛn? Ɔbarima bi wɔ mmabarima baanu. Ɔka kyerɛɛ wɔn mu panyin no se, ‘Me ba, nnɛ kɔ mʼafum na kɔyɛ adwuma wɔ hɔ.’
29 တတး သ ဥက္တဝါန်, န ယာသျာမိ, ကိန္တု ၑေၐေ'နုတပျ ဇဂါမ၊
“Ne ba no kae se, ‘Merenkɔ,’ nanso akyiri no, ɔsesaa nʼadwene na ɔkɔe.
30 အနန္တရံ သောနျသုတသျ သမီပံ ဂတွာ တထဲဝ ကထ္တိဝါန်; တတး သ ပြတျုဝါစ, မဟေစ္ဆ ယာမိ, ကိန္တု န ဂတး၊
“Afei agya no ka kyerɛɛ akumaa no se, ‘Wo nso kɔ.’ Ɔno nso kae se, ‘Agya, mate, mɛkɔ.’ Nanso wankɔ.
31 ဧတယေား ပုတြယော ရ္မဓျေ ပိတုရဘိမတံ ကေန ပါလိတံ? ယုၐ္မာဘိး ကိံ ဗုဓျတေ? တတသ္တေ ပြတျူစုး, ပြထမေန ပုတြေဏ၊ တဒါနီံ ယီၑုသ္တာနုဝါစ, အဟံ ယုၐ္မာန် တထျံ ဝဒါမိ, စဏ္ဍာလာ ဂဏိကာၑ္စ ယုၐ္မာကမဂြတ ဤၑွရသျ ရာဇျံ ပြဝိၑန္တိ၊
“Saa mmofra baanu yi mu hena na otie nʼagya asɛm?” Wobuae se, “Ɛyɛ ne ba panyin no.” Yesu see wɔn se, “Akyinnye biara nni ho sɛ abɔnefo ne nguamanfo bɛkɔ Ɔsoro Ahenni mu ansa na moakɔ.
32 ယတော ယုၐ္မာကံ သမီပံ ယောဟနိ ဓရ္မ္မပထေနာဂတေ ယူယံ တံ န ပြတီထ, ကိန္တု စဏ္ဍာလာ ဂဏိကာၑ္စ တံ ပြတျာယန်, တဒ် ဝိလောကျာပိ ယူယံ ပြတျေတုံ နာခိဒျဓွံ၊
Efisɛ Yohane baa mo nkyɛn sɛ ɔrebɛkyerɛ mo trenee kwan, na moannye no anni. Nanso towgyefo ne nguamanfo gyee no dii. Na muhuu eyi mpo no, moansakra mo adwene, na moannye no anni.”
33 အပရမေကံ ဒၖၐ္ဋာန္တံ ၑၖဏုတ, ကၑ္စိဒ် ဂၖဟသ္ထး က္ၐေတြေ ဒြာက္ၐာလတာ ရောပယိတွာ တစ္စတုရ္ဒိက္ၐု ဝါရဏီံ ဝိဓာယ တန္မဓျေ ဒြာက္ၐာယန္တြံ သ္ထာပိတဝါန်, မာဉ္စဉ္စ နိရ္မ္မိတဝါန်, တတး ကၖၐကေၐု တတ် က္ၐေတြံ သမရ္ပျ သွယံ ဒူရဒေၑံ ဇဂါမ၊
Yesu buu wɔn bɛ foforo bi se, “Da bi, ɔbarima bi a ɔwɔ bobeturo a wagye ban afa ho, na watu amoa a wokyi nsa wɔ mu, de afuw no gyaw akuafo bi. Eyi akyi no, otuu kwan kɔɔ ɔman foforo bi so.
34 တဒနန္တရံ ဖလသမယ ဥပသ္ထိတေ သ ဖလာနိ ပြာပ္တုံ ကၖၐီဝလာနာံ သမီပံ နိဇဒါသာန် ပြေၐယာမာသ၊
Eduu bere a bobe no beree a ɛsɛ sɛ wɔtew no, ɔsomaa ne ho nnipa baa akuafo no hɔ sɛ wommegye ne kyɛfa mmrɛ no.
35 ကိန္တု ကၖၐီဝလာသ္တသျ တာန် ဒါသေယာန် ဓၖတွာ ကဉ္စန ပြဟၖတဝန္တး, ကဉ္စန ပါၐာဏဲရာဟတဝန္တး, ကဉ္စန စ ဟတဝန္တး၊
“Woduu hɔ ara pɛ na akuafo no tow hyɛɛ nnipa no so, boroo ɔbaako, kum ɔbaako na wosiw ɔbaako nso abo.
36 ပုနရပိ သ ပြဘုး ပြထမတော'ဓိကဒါသေယာန် ပြေၐယာမာသ, ကိန္တု တေ တာန် ပြတျပိ တထဲဝ စကြုး၊
Afei ɔsan somaa nnipa a wɔn dodow sen wɔn a ɔsomaa wɔn kan no se wɔnkɔ akuafo no nkyɛn, nanso asɛm koro no ara bi na esii.
37 အနန္တရံ မမ သုတေ ဂတေ တံ သမာဒရိၐျန္တေ, ဣတျုက္တွာ ၑေၐေ သ နိဇသုတံ တေၐာံ သန္နိဓိံ ပြေၐယာမာသ၊
Eyi akyi no ɔsomaa ɔno nʼankasa ne ba kɔɔ akuafo no nkyɛn susuwii sɛ, wɔde nidi bɛma no.
38 ကိန္တု တေ ကၖၐီဝလား သုတံ ဝီက္ၐျ ပရသ္ပရမ် ဣတိ မန္တြယိတုမ် အာရေဘိရေ, အယမုတ္တရာဓိကာရီ ဝယမေနံ နိဟတျာသျာဓိကာရံ သွဝၑီကရိၐျာမး၊
“Nanso akuafo no huu sɛ ne ba no apue reba pɛ, wɔfaa ne ho adwene kae se, ‘Ɔdedifo no na ɔreba no; momma yenkum no, na yɛmfa afuw no!’
39 ပၑ္စာတ် တေ တံ ဓၖတွာ ဒြာက္ၐာက္ၐေတြာဒ် ဗဟိး ပါတယိတွာဗဓိၐုး၊
Ɛhɔ ara na wɔtwee no fii afuw no mu, kokum no too baabi.
40 ယဒါ သ ဒြာက္ၐာက္ၐေတြပတိရာဂမိၐျတိ, တဒါ တာန် ကၖၐီဝလာန် ကိံ ကရိၐျတိ?
“Sɛ afuw wura no san ba a, mugye di sɛ dɛn na ɔbɛyɛ saa akuafo no?”
41 တတသ္တေ ပြတျဝဒန်, တာန် ကလုၐိဏော ဒါရုဏယာတနာဘိရာဟနိၐျတိ, ယေ စ သမယာနုကြမာတ် ဖလာနိ ဒါသျန္တိ, တာဒၖၑေၐု ကၖၐီဝလေၐု က္ၐေတြံ သမရ္ပယိၐျတိ၊
Yudafo mpanyin no buae se, “Ɔno nso bekum saa atirimɔdenfo no na ɔde afuw no ama akuafo foforo a wɔde ne kyɛfa bɛma no bere a ɛsɛ mu.”
42 တဒါ ယီၑုနာ တေ ဂဒိတား, ဂြဟဏံ န ကၖတံ ယသျ ပါၐာဏသျ နိစာယကဲး၊ ပြဓာနပြသ္တရး ကောဏေ သဧဝ သံဘဝိၐျတိ၊ ဧတတ် ပရေၑိတုး ကရ္မ္မာသ္မဒၖၐ္ဋာဝဒ္ဘုတံ ဘဝေတ်၊ ဓရ္မ္မဂြန္ထေ လိခိတမေတဒွစနံ ယုၐ္မာဘိး ကိံ နာပါဌိ?
Yesu bisaa wɔn bio se, “Monkenkan Kyerɛwsɛm no mu da sɛ, “‘Ɔbo a adansifo apo no ɛno ara na abɛyɛ ɔdan no twea so tibo. Awurade na wayɛ eyi, na ɛyɛ nwonwa wɔ yɛn ani so?’
43 တသ္မာဒဟံ ယုၐ္မာန် ဝဒါမိ, ယုၐ္မတ္တ ဤၑွရီယရာဇျမပနီယ ဖလောတ္ပာဒယိတြနျဇာတယေ ဒါယိၐျတေ၊
“Nea mereka ara ne sɛ, wobegye Onyankopɔn Ahenni no afi mo nsam de akɔma ɔman foforo a wobebu ne nnɔbae no ho nkontaa pa akyerɛ no.
44 ယော ဇန ဧတတ္ပာၐာဏောပရိ ပတိၐျတိ, တံ သ ဘံက္ၐျတေ, ကိန္တွယံ ပါၐာဏော ယသျောပရိ ပတိၐျတိ, တံ သ ဓူလိဝတ် စူရ္ဏီကရိၐျတိ၊
Wɔn a wɔbɛhwe saa ɔbotan yi so no mu bebubu, na nea ɔbo no bɛhwe ne so no nso bɛpɛtɛw.”
45 တဒါနီံ ပြာဓနယာဇကား ဖိရူၑိနၑ္စ တသျေမာံ ဒၖၐ္ဋာန္တကထာံ ၑြုတွာ သော'သ္မာနုဒ္ဒိၑျ ကထိတဝါန်, ဣတိ ဝိဇ္ဉာယ တံ ဓရ္တ္တုံ စေၐ္ဋိတဝန္တး;
Bere a asɔfo mpanyin ne Yudafo mpanyin no tee ase sɛ Yesu asɛm a ɔreka no fa wɔn ho no,
46 ကိန္တု လောကေဘျော ဗိဘျုး, ယတော လောကဲး သ ဘဝိၐျဒွါဒီတျဇ္ဉာယိ၊
wɔpɛɛ sɛ wɔyɛ no bɔne, nanso na wosuro dɔm no efisɛ na wɔagye Yesu ato mu sɛ ɔyɛ Odiyifo.

< မထိး 21 >