< မထိး 19 >

1 အနန္တရမ် ဧတာသု ကထာသု သမာပ္တာသု ယီၑု ရ္ဂာလီလပြဒေၑာတ် ပြသ္ထာယ ယရ္ဒန္တီရသ္ထံ ယိဟူဒါပြဒေၑံ ပြာပ္တး၊
Yesu wiee nʼasɛnka no, ɔkɔɔ Galilea. Ɔfiri Galilea no, ɔtwaa Asubɔnten Yordan baa Yudea.
2 တဒါ တတ္ပၑ္စာတ် ဇနနိဝဟေ ဂတေ သ တတြ တာန် နိရာမယာန် အကရောတ်၊
Nnipadɔm tu dii nʼakyi, ma ɔsaa wɔn yadeɛ.
3 တဒနန္တရံ ဖိရူၑိနသ္တတ္သမီပမာဂတျ ပါရီက္ၐိတုံ တံ ပပြစ္ဆုး, ကသ္မာဒပိ ကာရဏာတ် နရေဏ သွဇာယာ ပရိတျာဇျာ န ဝါ?
Farisifoɔ bi ba bɛbisaa no nsɛm bi pɛɛ sɛ wɔnam wɔn nsɛmmisa no so ma ɔka asɛm bi a ɛde no bɛkɔ sɔhwɛ mu. Wɔbisaa no sɛ, “Wopene awaregyaeɛ so anaa?”
4 သ ပြတျုဝါစ, ပြထမမ် ဤၑွရော နရတွေန နာရီတွေန စ မနုဇာန် သသရ္ဇ, တသ္မာတ် ကထိတဝါန်,
Yesu nso bisaa wɔn sɛ, “Gyama monkenkan Atwerɛ Kronkron no? Wɔatwerɛ wɔ mu sɛ, ‘Mfitiaseɛ no, Onyankopɔn bɔɔ ɔbarima ne ɔbaa!
5 မာနုၐး သွပိတရော် ပရိတျဇျ သွပတ္နျာမ် အာသက္ၐျတေ, တော် ဒွေါ် ဇနာဝေကာင်္ဂေါ် ဘဝိၐျတး, ကိမေတဒ် ယုၐ္မာဘိ ရ္န ပဌိတမ်?
Yei enti na ɔbarima bɛgya nʼagya ne ne maame hɔ de ne ho akɔbɔ ne yere ho daa nyinaa no.’
6 အတသ္တော် ပုန ရ္န ဒွေါ် တယောရေကာင်္ဂတွံ ဇာတံ, ဤၑွရေဏ ယစ္စ သမယုဇျတ, မနုဇော န တဒ် ဘိန္ဒျာတ်၊
Na wɔn baanu no abɛyɛ ɔhonam korɔ. Enti, deɛ Onyankopɔn aka abom no, ɛnsɛ sɛ onipa tete mu.”
7 တဒါနီံ တေ တံ ပြတျဝဒန်, တထာတွေ တျာဇျပတြံ ဒတ္တွာ သွာံ သွာံ ဇာယာံ တျက္တုံ ဝျဝသ္ထာံ မူသား ကထံ လိလေခ?
Farisifoɔ no kɔɔ so bisaa no sɛ, “Adɛn enti na Mose kaa sɛ, sɛ ɔbarima bi pɛ sɛ ɔgyaa ne yere a ɔtumi twerɛ no krataa kɛkɛ, de gyaa no?”
8 တတး သ ကထိတဝါန်, ယုၐ္မာကံ မနသာံ ကာဌိနျာဒ် ယုၐ္မာန် သွာံ သွာံ ဇာယာံ တျက္တုမ် အနွမနျတ ကိန္တု ပြထမာဒ် ဧၐော ဝိဓိရ္နာသီတ်၊
Yesu buaa wɔn sɛ, “Esiane sɛ na mo akoma apirim no enti na Mose maa awaregyaeɛ ho kwan, na ɛnyɛ adeɛ a Onyankopɔn hyehyɛeɛ.
9 အတော ယုၐ္မာနဟံ ဝဒါမိ, ဝျဘိစာရံ ဝိနာ ယော နိဇဇာယာံ တျဇေတ် အနျာဉ္စ ဝိဝဟေတ်, သ ပရဒါရာန် ဂစ္ဆတိ; ယၑ္စ တျက္တာံ နာရီံ ဝိဝဟတိ သောပိ ပရဒါရေၐု ရမတေ၊
Na mereka akyerɛ mo sɛ, obiara a ɔbɛgyaa ne yere, a ɛnyɛ sɛ ɔbaa no abɔ adwaman, na ɔbɛsane aware ɔbaa foforɔ no asɛe awadeɛ.”
10 တဒါ တသျ ၑိၐျာသ္တံ ဗဘာၐိရေ, ယဒိ သွဇာယယာ သာကံ ပုံသ ဧတာဒၖက် သမ္ဗန္ဓော ဇာယတေ, တရှိ ဝိဝဟနမေဝ န ဘဒြံ၊
Yesu asuafoɔ no kaa sɛ, “Sɛ saa na ɛte deɛ a, na ɛnsɛ sɛ obiara ware.”
11 တတး သ ဥက္တဝါန်, ယေဘျသ္တတ္သာမရ္ထျံ အာဒါယိ, တာန် ဝိနာနျး ကောပိ မနုဇ ဧတန္မတံ ဂြဟီတုံ န ၑက္နောတိ၊
Yesu buaa wɔn sɛ, “Ɛnyɛ obiara na ɔbɛtumi agye asɛm yi atom, agye wɔn a Onyankopɔn hyɛ wɔn den no nko ara.
12 ကတိပယာ ဇနနက္လီဗး ကတိပယာ နရကၖတက္လီဗး သွရ္ဂရာဇျာယ ကတိပယား သွကၖတက္လီဗာၑ္စ သန္တိ, ယေ ဂြဟီတုံ ၑက္နုဝန္တိ တေ ဂၖဟ္လန္တု၊
Nnipa bi wɔ hɔ a wɔnni mmarimayɛ mu ahoɔden firi awoɔ mu, ebinom nso nnipa na wɔyɛɛ wɔn saa; ebinom nso ɔsoro Ahennie no enti, wɔpo awadeɛ. Obiara a ɔbɛtumi no, nni mʼasɛm a maka yi so.”
13 အပရမ် ယထာ သ ၑိၑူနာံ ဂါတြေၐု ဟသ္တံ ဒတွာ ပြာရ္ထယတေ, တဒရ္ထံ တတ္သမီံပံ ၑိၑဝ အာနီယန္တ, တတ အာနယိတၖန် ၑိၐျာသ္တိရသ္ကၖတဝန္တး၊
Wɔde mmɔfra nkumaa brɛɛ Yesu sɛ ɔmfa ne nsa ngu wɔn so, na ɔmmɔ mpaeɛ mma wɔn. Nanso, asuafoɔ no kaa wɔn a wɔde mmɔfra no baeɛ no anim.
14 ကိန္တု ယီၑုရုဝါစ, ၑိၑဝေါ မဒန္တိကမ် အာဂစ္ဆန္တု, တာန် မာ ဝါရယတ, ဧတာဒၖၑာံ ၑိၑူနာမေဝ သွရ္ဂရာဇျံ၊
Yesu kaa sɛ, “Momma mmɔfra no kwan na wɔmmra me nkyɛn, na monnsi wɔn ɛkwan, na yeinom sei na Ɔsoro Ahennie yɛ wɔn dea.”
15 တတး သ တေၐာံ ဂါတြေၐု ဟသ္တံ ဒတွာ တသ္မာတ် သ္ထာနာတ် ပြတသ္ထေ၊
Na ɔde ne nsa guu wɔn so, hyiraa wɔn ansa na ɔrefiri hɔ akɔ.
16 အပရမ် ဧက အာဂတျ တံ ပပြစ္ဆ, ဟေ ပရမဂုရော, အနန္တာယုး ပြာပ္တုံ မယာ ကိံ ကိံ သတ္ကရ္မ္မ ကရ္တ္တဝျံ? (aiōnios g166)
Ɛda bi aberanteɛ bi baa Yesu nkyɛn bɛbisaa no sɛ, “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, adepa bɛn na menyɛ na manya nkwa a ɛnni awieeɛ?” (aiōnios g166)
17 တတး သ ဥဝါစ, မာံ ပရမံ ကုတော ဝဒသိ? ဝိနေၑ္စရံ န ကောပိ ပရမး, ကိန္တု ယဒျနန္တာယုး ပြာပ္တုံ ဝါဉ္ဆသိ, တရှျာဇ္ဉား ပါလယ၊
Yesu buaa no sɛ, “Adɛn enti na wobisa me deɛ ɛyɛ papa ho asɛm? Ɔbaako pɛ na ɔyɛ papa. Sɛ wopɛ sɛ wokɔ nkwa mu deɛ a, di mmaransɛm no so.”
18 တဒါ သ ပၖၐ္ဋဝါန်, ကား ကာ အာဇ္ဉား? တတော ယီၑုး ကထိတဝါန်, နရံ မာ ဟနျား, ပရဒါရာန် မာ ဂစ္ဆေး, မာ စောရယေး, မၖၐာသာက္ၐျံ မာ ဒဒျား,
Aberanteɛ no nso bisaa no sɛ, “Mmaransɛm no mu deɛ ɛwɔ he?” Yesu buaa no sɛ, “Nni awu. Nsɛe awadeɛ. Mmɔ korɔno. Nni atorɔ.
19 နိဇပိတရော် သံမနျသွ, သွသမီပဝါသိနိ သွဝတ် ပြေမ ကုရု၊
Di wʼagya ne wo maame ni, na dɔ wo yɔnko sɛ wo ho!”
20 သ ယုဝါ ကထိတဝါန်, အာ ဗာလျာဒ် ဧတား ပါလယာမိ, ဣဒါနီံ ကိံ နျူနမာသ္တေ?
Aberanteɛ no nso kaa sɛ, “Medi yeinom nyinaa so pɛpɛɛpɛ. Afei, menyɛ ɛdeɛn?”
21 တတော ယီၑုရဝဒတ်, ယဒိ သိဒ္ဓေါ ဘဝိတုံ ဝါဉ္ဆသိ, တရှိ ဂတွာ နိဇသရွွသွံ ဝိကြီယ ဒရိဒြေဘျော ဝိတရ, တတး သွရ္ဂေ ဝိတ္တံ လပ္သျသေ; အာဂစ္ဆ, မတ္ပၑ္စာဒွရ္တ္တီ စ ဘဝ၊
Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Sɛ wopɛ sɛ woyɛ pɛ a, kɔ na kɔtɔn biribiara a wowɔ, na fa sika a wobɛnya afiri mu no ma ahiafoɔ. Ɛno ansa na wobɛnya ademudeɛ wɔ ɔsoro. Afei bɛdi mʼakyi.”
22 ဧတာံ ဝါစံ ၑြုတွာ သ ယုဝါ သွီယဗဟုသမ္ပတ္တေ ရွိၐဏး သန် စလိတဝါန်၊
Esiane sɛ na saa aberanteɛ yi wɔ ahonyadeɛ bebree enti, ɔtee saa nsɛm yi no, anyɛ no dɛ maa ɔde awerɛhoɔ firii hɔ kɔeɛ.
23 တဒါ ယီၑုး သွၑိၐျာန် အဝဒတ်, ဓနိနာံ သွရ္ဂရာဇျပြဝေၑော မဟာဒုၐ္ကရ ဣတိ ယုၐ္မာနဟံ တထျံ ဝဒါမိ၊
Afei, Yesu ka kyerɛɛ nʼasuafoɔ no sɛ, “Ɛyɛ den ma osikani sɛ ɔbɛkɔ Ɔsoro Ahennie no mu.
24 ပုနရပိ ယုၐ္မာနဟံ ဝဒါမိ, ဓနိနာံ သွရ္ဂရာဇျပြဝေၑာတ် သူစီဆိဒြေဏ မဟာင်္ဂဂမနံ သုကရံ၊
Meka meti mu bio sɛ, ɛyɛ mmerɛ sɛ yoma bɛwura paneɛ aniwa mu sene sɛ osikani bɛkɔ Onyankopɔn Ahennie mu!”
25 ဣတိ ဝါကျံ နိၑမျ ၑိၐျာ အတိစမတ္ကၖတျ ကထယာမာသုး; တရှိ ကသျ ပရိတြာဏံ ဘဝိတုံ ၑက္နောတိ?
Asuafoɔ no tee saa asɛm yi no, wɔn adwenem yɛɛ wɔn nnaa. Wɔbisaa sɛ, “Na ɛnneɛ hwan na ewiase ha wɔbɛgye no nkwa?”
26 တဒါ သ တာန် ဒၖၐ္ဒွါ ကထယာမာသ, တတ် မာနုၐာဏာမၑကျံ ဘဝတိ, ကိန္တွီၑွရသျ သရွွံ ၑကျမ်၊
Yesu hwɛɛ wɔn buaa sɛ, “Onipa fa mu deɛ, ɛyɛ den; na Onyankopɔn fa mu deɛ, ɛyɛ mmerɛ.”
27 တဒါ ပိတရသ္တံ ဂဒိတဝါန်, ပၑျ, ဝယံ သရွွံ ပရိတျဇျ ဘဝတး ပၑ္စာဒွရ္တ္တိနော 'ဘဝါမ; ဝယံ ကိံ ပြာပ္သျာမး?
Petro nso kaa sɛ, “Yɛagya biribiara hɔ abɛdi wʼakyiri; na ɛdeɛn mfasoɔ na yɛbɛnya afiri wʼakyiridie no mu?”
28 တတော ယီၑုး ကထိတဝါန်, ယုၐ္မာနဟံ တထျံ ဝဒါမိ, ယူယံ မမ ပၑ္စာဒွရ္တ္တိနော ဇာတာ ဣတိ ကာရဏာတ် နဝီနသၖၐ္ဋိကာလေ ယဒါ မနုဇသုတး သွီယဲၑ္စရျျသိံဟာသန ဥပဝေက္ၐျတိ, တဒါ ယူယမပိ ဒွါဒၑသိံဟာသနေၐူပဝိၑျ ဣသြာယေလီယဒွါဒၑဝံၑာနာံ ဝိစာရံ ကရိၐျထ၊
Yesu buaa sɛ, “Me, Agyenkwa no, metena mʼanimuonyam ahennwa no so a, nokorɛm mo mʼasuafoɔ yi nso bɛtena ahennwa dumienu no so na moabu Israel mmusuakuo dumienu no atɛn.
29 အနျစ္စ ယး ကၑ္စိတ် မမ နာမကာရဏာတ် ဂၖဟံ ဝါ ဘြာတရံ ဝါ ဘဂိနီံ ဝါ ပိတရံ ဝါ မာတရံ ဝါ ဇာယာံ ဝါ ဗာလကံ ဝါ ဘူမိံ ပရိတျဇတိ, သ တေၐာံ ၑတဂုဏံ လပ္သျတေ, အနန္တာယုမော'ဓိကာရိတွဉ္စ ပြာပ္သျတိ၊ (aiōnios g166)
Na obiara a ɔbɛgya ne efie, ne nuammarimanom, ne nuammaanom, nʼagya, ne maame, ne yere, ne mma anaa nʼagyapadeɛ abɛdi mʼakyi no, ɔbɛnya no ɛho mmɔho ɔha, na wanya nkwa a ɛnni awieeɛ nso. (aiōnios g166)
30 ကိန္တု အဂြီယာ အနေကေ ဇနား ပၑ္စာတ်, ပၑ္စာတီယာၑ္စာနေကေ လောကာ အဂြေ ဘဝိၐျန္တိ၊
Na wɔn a wɔdi ɛkan no mu pii bɛdi akyire, na wɔn a wɔdi akyire no nso mu bi abɛdi ɛkan.”

< မထိး 19 >