< မထိး 15 >

1 အပရံ ယိရူၑာလမ္နဂရီယား ကတိပယာ အဓျာပကား ဖိရူၑိနၑ္စ ယီၑေား သမီပမာဂတျ ကထယာမာသုး,
Ɛda bi, Farisifoɔ ne Yudafoɔ mpanin no bi firi Yerusalem baa Yesu nkyɛn bɛbisaa no sɛ,
2 တဝ ၑိၐျား ကိမရ္ထမ် အပြက္ၐာလိတကရဲ ရ္ဘက္ၐိတွာ ပရမ္ပရာဂတံ ပြာစီနာနာံ ဝျဝဟာရံ လငွန္တေ?
“Adɛn enti na wʼasuafoɔ no nni Yudafoɔ amanneɛ so? Yɛn amanneɛ a yɛhohoro yɛn nsa ho ansa na yɛadidi no, wɔnni so.”
3 တတော ယီၑုး ပြတျုဝါစ, ယူယံ ပရမ္ပရာဂတာစာရေဏ ကုတ ဤၑွရာဇ္ဉာံ လငွဓွေ၊
Yesu nso bisaa wɔn sɛ, “Adɛn enti na mo nso mode mo amanneɛ no bu Onyankopɔn mmaransɛm so?
4 ဤၑွရ ဣတျာဇ္ဉာပယတ်, တွံ နိဇပိတရော် သံမနျေထား, ယေန စ နိဇပိတရော် နိန္ဒျေတေ, သ နိၑ္စိတံ မြိယေတ;
Ebi ne sɛ, Onyankopɔn mmara no ka sɛ, ‘Di wʼagya ne wo maame ni,’ na baako nso ne sɛ, ‘Obiara a ɔbɛka asɛmmɔne afa nʼawofoɔ ho no, ɛsɛ sɛ wɔkum no,’
5 ကိန္တု ယူယံ ဝဒထ, ယး သွဇနကံ သွဇနနီံ ဝါ ဝါကျမိဒံ ဝဒတိ, ယုဝါံ မတ္တော ယလ္လဘေထေ, တတ် နျဝိဒျတ,
Na mo deɛ, deɛ moka ne sɛ, sɛ obi ka kyerɛ ne maame anaa nʼagya sɛ, ‘Mewɔ adeɛ bi a anka mɛtumi de aboa mo, nanso mede rekɔma Onyankopɔn’ a, ɛnyɛ bɔne.
6 သ နိဇပိတရော် ပုန ရ္န သံမံသျတေ၊ ဣတ္ထံ ယူယံ ပရမ္ပရာဂတေန သွေၐာမာစာရေဏေၑွရီယာဇ္ဉာံ လုမ္ပထ၊
Enti, mo ara monam mo mmara a moahyɛ so bu Onyankopɔn mmara a ɔhyɛɛ sɛ di wʼagya ne wo maame ni no so.
7 ရေ ကပဋိနး သရွွေ ယိၑယိယော ယုၐ္မာနဓိ ဘဝိၐျဒွစနာနျေတာနိ သမျဂ် ဥက္တဝါန်၊
Mo nyaatwomfoɔ! Sɛ Yesaia hyɛɛ mo ho nkɔm sɛ:
8 ဝဒနဲ ရ္မနုဇာ ဧတေ သမာယာန္တိ မဒန္တိကံ၊ တထာဓရဲ ရ္မဒီယဉ္စ မာနံ ကုရွွန္တိ တေ နရား၊
“‘Saa nnipa yi ka sɛ wɔdi me ni, nanso wɔn akoma mmɛn me.
9 ကိန္တု တေၐာံ မနော မတ္တော ဝိဒူရဧဝ တိၐ္ဌတိ၊ ၑိက္ၐယန္တော ဝိဓီန် နြာဇ္ဉာ ဘဇန္တေ မာံ မုဓဲဝ တေ၊
Wɔsom me ani so kɛkɛ, ɛfiri sɛ, wɔkyerɛkyerɛ mmara a onipa ayɛ na ɛnyɛ deɛ ɛfiri Onyankopɔn.’”
10 တတော ယီၑု ရ္လောကာန် အာဟူယ ပြောက္တဝါန်, ယူယံ ၑြုတွာ ဗုဓျဓ္ဗံ၊
Afei, Yesu frɛɛ nnipadɔm no ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Montie deɛ meka no na mommɔ mmɔden nte aseɛ.
11 ယန္မုခံ ပြဝိၑတိ, တတ် မနုဇမ် အမေဓျံ န ကရောတိ, ကိန္တု ယဒါသျာတ် နိရ္ဂစ္ဆတိ, တဒေဝ မာနုၐမမေဓျီ ကရောတီ၊
Ɛnyɛ adeɛ a ɛbɛkɔ onipa mu no na ɛmma ne ho nte, na mmom, deɛ ɛbɛfiri ne mu aba no na ɛgu ne ho fi.”
12 တဒါနီံ ၑိၐျာ အာဂတျ တသ္မဲ ကထယာဉ္စကြုး, ဧတာံ ကထာံ ၑြုတွာ ဖိရူၑိနော ဝျရဇျန္တ, တတ် ကိံ ဘဝတာ ဇ္ဉာယတေ?
Nsɛm a Yesu kaeɛ yi maa nʼasuafoɔ no ba bɛka kyerɛɛ no sɛ, “Wonim sɛ wo nsɛm a wokaeɛ no ama Farisifoɔ no bo afu?”
13 သ ပြတျဝဒတ်, မမ သွရ္ဂသ္ထး ပိတာ ယံ ကဉ္စိဒင်္ကုရံ နာရောပယတ်, သ ဥတ္ပာဝ္ဒျတေ၊
Yesu buaa wɔn sɛ, “Dua biara a ɛnyɛ mʼagya na ɔduaeɛ no, wɔbɛtu atwene.
14 တေ တိၐ္ဌန္တု, တေ အန္ဓမနုဇာနာမ် အန္ဓမာရ္ဂဒရ္ၑကာ ဧဝ; ယဒျန္ဓော'န္ဓံ ပန္ထာနံ ဒရ္ၑယတိ, တရှျုဘော် ဂရ္တ္တေ ပတတး၊
Mommmua wɔn koraa! Na wɔyɛ anifirafoɔ a wɔrekyerɛ anifirafoɔ ɛkwan enti wɔn nyinaa bɛkɔ akɔte ahwe amena mu.”
15 တဒါ ပိတရသ္တံ ပြတျဝဒတ်, ဒၖၐ္ဋာန္တမိမမသ္မာန် ဗောဓယတု၊
Petro ka kyerɛɛ Yesu sɛ, “Kyerɛ yɛn ɛbɛ no ase.”
16 ယီၑုနာ ပြောက္တံ, ယူယမဒျ ယာဝတ် ကိမဗောဓား သ္ထ?
Yesu nso bisaa no sɛ, “Ampa ara sɛ monte aseɛ?
17 ကထာမိမာံ ကိံ န ဗုဓျဓ္ဗေ? ယဒါသျံ ပြေဝိၑတိ, တဒ် ဥဒရေ ပတန် ဗဟိရ္နိရျာတိ,
Monnim sɛ adeɛ a ɛfa onipa anom no fa onipadua no mu na asane aba bio?
18 ကိန္တွာသျာဒ် ယန္နိရျာတိ, တဒ် အန္တးကရဏာတ် နိရျာတတွာတ် မနုဇမမေဓျံ ကရောတိ၊
Asɛm a ɛho nteɛ biara firi akoma a emu nteɛ mu ma ɛgu deɛ ɔkaa saa asɛm no ho fi.
19 ယတော'န္တးကရဏာတ် ကုစိန္တာ ဗဓး ပါရဒါရိကတာ ဝေၑျာဂမနံ စဲရျျံ မိထျာသာက္ၐျမ် ဤၑွရနိန္ဒာ စဲတာနိ သရွွာဏိ နိရျျာန္တိ၊
Akoma mu na adwemmɔne, awudie, ayerefasɛm, adwamammɔ, korɔno, atorɔ ne ntwatosoɔ firi.
20 ဧတာနိ မနုၐျမပဝိတြီ ကုရွွန္တိ ကိန္တွပြက္ၐာလိတကရေဏ ဘောဇနံ မနုဇမမေဓျံ န ကရောတိ၊
Yeinom na ɛgu onipa ho fi. Nanso, sɛ obi anhohoro ne nsa sɛdeɛ mo amanneɛ teɛ no na ɔdidi a, ne ho nguu fi honhom mu.”
21 အနန္တရံ ယီၑုသ္တသ္မာတ် သ္ထာနာတ် ပြသ္ထာယ သောရသီဒေါန္နဂရယေား သီမာမုပတသျော်၊
Yesu firii ɔman no mu hɔ kɔɔ Tiro ne Sidon.
22 တဒါ တတ္သီမာတး ကာစိတ် ကိနာနီယာ ယောၐိဒ် အာဂတျ တမုစ္စဲရုဝါစ, ဟေ ပြဘော ဒါယူဒး သန္တာန, မမဲကာ ဒုဟိတာသ္တေ သာ ဘူတဂြသ္တာ သတီ မဟာက္လေၑံ ပြာပ္နောတိ မမ ဒယသွ၊
Kanaanni baa bi a ɔte ɔman no mu hɔ de su baa Yesu nkyɛn bɛkaa sɛ, “Awurade, Dawid Ba, hunu me mmɔbɔ! Honhommɔne hyɛ me ba mu na sɛ ɛka ne ho a, ɛma ne ho yera no.”
23 ကိန္တု ယီၑုသ္တာံ ကိမပိ နောက္တဝါန်, တတး ၑိၐျာ အာဂတျ တံ နိဝေဒယာမာသုး, ဧၐာ ယောၐိဒ် အသ္မာကံ ပၑ္စာဒ် ဥစ္စဲရာဟူယာဂစ္ဆတိ, ဧနာံ ဝိသၖဇတု၊
Yesu anka hwee. Nʼasuafoɔ no hyɛɛ no sɛ ɔmpam ɔbaa no mfiri hɔ. Wɔtii mu ka kyerɛɛ no bio sɛ, “Ka kyerɛ no na ɔmfiri ha nkɔ, na ɔde nʼadesrɛ no retuatua yɛn aso.”
24 တဒါ သ ပြတျဝဒတ်, ဣသြာယေလ္ဂောတြသျ ဟာရိတမေၐာန် ဝိနာ ကသျာပျနျသျ သမီပံ နာဟံ ပြေၐိတောသ္မိ၊
Yesu ka kyerɛɛ ɔbaa no sɛ, “Wɔsomaa me sɛ memmɛboa Yudafoɔ, Israel nnwan a wɔayera no, na ɛnyɛ amanamanmufoɔ.”
25 တတး သာ နာရီသမာဂတျ တံ ပြဏမျ ဇဂါဒ, ဟေ ပြဘော မာမုပကုရု၊
Ɔba bɛkotoo no kɔɔ so srɛɛ no sɛ, “Me wura, boa me!”
26 သ ဥက္တဝါန်, ဗာလကာနာံ ဘက္ၐျမာဒါယ သာရမေယေဘျော ဒါနံ နောစိတံ၊
Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Ɛnyɛ sɛ wɔbɛgye burodo afiri mmɔfra nsam ato ama nkraman.”
27 တဒါ သာ ဗဘာၐေ, ဟေ ပြဘော, တတ် သတျံ, တထာပိ ပြဘော ရ္ဘဉ္စာဒ် ယဒုစ္ဆိၐ္ဋံ ပတတိ, တတ် သာရမေယား ခါဒန္တိ၊
Ɔbaa no nso buaa sɛ, “Ɛwom saa deɛ, nanso nkraman no nso tumi di mporoporowa a ɛfiri wɔn wura no ɛpono so gu fam no.”
28 တတော ယီၑုး ပြတျဝဒတ်, ဟေ ယောၐိတ်, တဝ ဝိၑွာသော မဟာန် တသ္မာတ် တဝ မနောဘိလၐိတံ သိဒျျတု, တေန တသျား ကနျာ တသ္မိန္နေဝ ဒဏ္ဍေ နိရာမယာဘဝတ်၊
Yesu ka kyerɛɛ ɔbaa no sɛ, “Ɔbaa, wo gyidie mu yɛ den. Mɛyɛ wʼabisadeɛ ama wo.” Ɛhɔ ara, ne babaa no ho tɔɔ no.
29 အနန္တရံ ယီၑသ္တသ္မာတ် သ္ထာနာတ် ပြသ္ထာယ ဂါလီလ္သာဂရသျ သန္နိဓိမာဂတျ ဓရာဓရမာရုဟျ တတြောပဝိဝေၑ၊
Yesu sane baa Galilea ɛpo no ho. Ɔforo kɔtenaa bepɔ bi so.
30 ပၑ္စာတ် ဇနနိဝဟော ဗဟူန် ခဉ္စာန္ဓမူကၑုၐ္ကကရမာနုၐာန် အာဒါယ ယီၑေား သမီပမာဂတျ တစ္စရဏာန္တိကေ သ္ထာပယာမာသုး, တတး သာ တာန် နိရာမယာန် အကရောတ်၊
Nnipa bebree de mpakye, anifirafoɔ, apirafoɔ, mumu ɛnna wɔn a wɔyare nyarewa ahodoɔ baa ne nkyɛn sɛ ɔnsa wɔn yadeɛ, ma ɔsaa wɔn nyinaa yadeɛ.
31 ဣတ္ထံ မူကာ ဝါကျံ ဝဒန္တိ, ၑုၐ္ကကရား သွာသ္ထျမာယာန္တိ, ပင်္ဂဝေါ ဂစ္ဆန္တိ, အန္ဓာ ဝီက္ၐန္တေ, ဣတိ ဝိလောကျ လောကာ ဝိသ္မယံ မနျမာနာ ဣသြာယေလ ဤၑွရံ ဓနျံ ဗဘာၐိရေ၊
Anwanwasɛm ni! Wɔn a wɔnkasaa da kasaeɛ; mpakye nyaa ahoɔden; na mmubuafoɔ nanteeɛ, hurihuriiɛ na anifirafoɔ hunuu adeɛ. Nnipadɔm no ho dwirii wɔn ma wɔkamfoo Israel Onyankopɔn.
32 တဒါနီံ ယီၑုး သွၑိၐျာန် အာဟူယ ဂဒိတဝါန်, ဧတဇ္ဇနနိဝဟေၐု မမ ဒယာ ဇာယတေ, ဧတေ ဒိနတြယံ မယာ သာကံ သန္တိ, ဧၐာံ ဘက္ၐျဝသ္တု စ ကဉ္စိဒပိ နာသ္တိ, တသ္မာဒဟမေတာနကၖတာဟာရာန် န ဝိသြက္ၐျာမိ, တထာတွေ ဝရ္တ္မမဓျေ က္လာမျေၐုး၊
Afei Yesu frɛɛ nʼasuafoɔ no nyinaa baa ne nkyɛn ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Nnipa yi yɛ me mmɔbɔ. Wɔabɛdi me nkyɛn ha nnansa. Aduane a ɛwɔ ha nyinaa nso asa. Nanso mempɛ sɛ mema wɔkɔ wɔn afie mu a wɔnnidiiɛ, anyɛ saa a, wɔbɛtotɔ bera wɔ ɛkwan so.”
33 တဒါ ၑိၐျာ ဦစုး, ဧတသ္မိန် ပြာန္တရမဓျ ဧတာဝတော မရ္တျာန် တရ္ပယိတုံ ဝယံ ကုတြ ပူပါန် ပြာပ္သျာမး?
Nʼasuafoɔ no nso bisaa no sɛ, “Ɛserɛ so ha deɛ, ɛhe na yɛbɛnya nnipadɔm yi ano aduane?”
34 ယီၑုရပၖစ္ဆတ်, ယုၐ္မာကံ နိကဋေ ကတိ ပူပါ အာသတေ? တ ဦစုး, သပ္တပူပါ အလ္ပား က္ၐုဒြမီနာၑ္စ သန္တိ၊
Yesu nso bisaa wɔn sɛ, “Burodo dodoɔ bɛn na mowɔ?” Wɔbuaa sɛ, “Yɛwɔ burodo nson ne mpataa kakraa bi.”
35 တဒါနီံ သ လောကနိဝဟံ ဘူမာဝုပဝေၐ္ဋုမ် အာဒိၑျ
Yesu ka kyerɛɛ nnipadɔm no maa wɔn nyinaa tenatenaa ase wɔ ɛserɛ no so.
36 တာန် သပ္တပူပါန် မီနာံၑ္စ ဂၖဟ္လန် ဤၑွရီယဂုဏာန် အနူဒျ ဘံက္တွာ ၑိၐျေဘျော ဒဒေါ်, ၑိၐျာ လောကေဘျော ဒဒုး၊
Afei ɔfaa burodo nson no ne mpataa no, hyiraa so na ɔbubuu mu de maa asuafoɔ no sɛ wɔmfa mma nnipadɔm no nni.
37 တတး သရွွေ ဘုက္တွာ တၖပ္တဝန္တး; တဒဝၑိၐ္ဋဘက္ၐျေဏ သပ္တဍလကာန် ပရိပူရျျ သံဇဂၖဟုး၊
Wɔn nyinaa dii aduane no mee pintinn.
38 တေ ဘောက္တာရော ယောၐိတော ဗာလကာံၑ္စ ဝိဟာယ ပြာယေဏ စတုးသဟသြာဏိ ပုရုၐာ အာသန်၊
Wɔn a wɔdii saa aduane no, na wɔn dodoɔ yɛ nnipa mpemnan a wɔankan mmaa ne mmɔfra anka ho. Wɔdidi wieeɛ no, akyire mporoporowa a wɔtaseeɛ no yɛɛ nkɛntɛmma nson.
39 တတး ပရံ သ ဇနနိဝဟံ ဝိသၖဇျ တရိမာရုဟျ မဂ္ဒလာပြဒေၑံ ဂတဝါန်၊
Yei akyi, Yesu gyaa nkurɔfoɔ no kwan, ma ɔno nso kɔtenaa kodoɔ mu tware kɔɔ Magadan.

< မထိး 15 >