< မထိး 10 >

1 အနန္တရံ ယီၑု ရ္ဒွါဒၑၑိၐျာန် အာဟူယာမေဓျဘူတာန် တျာဇယိတုံ သရွွပြကာရရောဂါန် ပီဍာၑ္စ ၑမယိတုံ တေဘျး သာမရ္ထျမဒါတ်၊
Yesu frɛɛ nʼasuafo dumien no baa ne nkyɛn, na ɔmaa wɔn tumi sɛ wontu ahonhommɔne na wɔnsa nyarewa ne ahoɔmmerɛw nyinaa.
2 တေၐာံ ဒွါဒၑပြေၐျာဏာံ နာမာနျေတာနိ၊ ပြထမံ ၑိမောန် ယံ ပိတရံ ဝဒန္တိ, တတး ပရံ တသျ သဟဇ အာန္ဒြိယး, သိဝဒိယသျ ပုတြော ယာကူဗ္
Yesu asuafo dumien no din ni: Simon a ne din baako ne Petro ne ne nua Andrea; Yakobo ne ne nua Yohane a wɔyɛ Sebedeo mma no,
3 တသျ သဟဇော ယောဟန်; ဖိလိပ် ဗရ္ထလမယ် ထောမား ကရသံဂြာဟီ မထိး, အာလ္ဖေယပုတြော ယာကူဗ်,
Filipo ne Bartolomeo, Toma ne towgyefo Mateo, Yakobo, Alfeo ba ne Tadeo,
4 ကိနာနီယး ၑိမောန်, ယ ဤၐ္ကရိယောတီယယိဟူဒါး ခြီၐ္ဋံ ပရကရေ'ရ္ပယတ်၊
Simon a ofi Kana ne Yuda Iskariot a akyiri no, oyii Yesu mae no.
5 ဧတာန် ဒွါဒၑၑိၐျာန် ယီၑုး ပြေၐယန် ဣတျာဇ္ဉာပယတ်, ယူယမ် အနျဒေၑီယာနာံ ပဒဝီံ ၑေမိရောဏီယာနာံ ကိမပိ နဂရဉ္စ န ပြဝိၑျေ
Yesu somaa asuafo dumien no hyɛɛ wɔn se, “Monnkɔ nea amanamanmufo wɔ anaa Samariafo kurow biara mu,
6 ဣသြာယေလ္ဂောတြသျ ဟာရိတာ ယေ ယေ မေၐာသ္တေၐာမေဝ သမီပံ ယာတ၊
na mmom monkɔ Onyankopɔn nguan a wɔwɔ Israel a wɔayera no nkyɛn.
7 ဂတွာ ဂတွာ သွရ္ဂသျ ရာဇတွံ သဝိဓမဘဝတ်, ဧတာံ ကထာံ ပြစာရယတ၊
Monkɔka nkyerɛ wɔn se, ‘Onyankopɔn Ahenni no abɛn!’
8 အာမယဂြသ္တာန် သွသ္ထာန် ကုရုတ, ကုၐ္ဌိနး ပရိၐ္ကုရုတ, မၖတလောကာန် ဇီဝယတ, ဘူတာန် တျာဇယတ, ဝိနာ မူလျံ ယူယမ် အလဘဓွံ ဝိနဲဝ မူလျံ ဝိၑြာဏယတ၊
Monsa ayarefo yare, munnyan awufo, momma akwatafo ho mfi, na muntu ahonhommɔne. Sɛnea munyaa no kwa no, saa ara na mo nso na momfa mma kwa.
9 ကိန္တု သွေၐာံ ကဋိဗန္ဓေၐု သွရ္ဏရူပျတာမြာဏာံ ကိမပိ န ဂၖဟ္လီတ၊
“Mommmfa sikakɔkɔɔ, dwetɛ anaa kɔbere biara mmɔ mo ho.
10 အနျစ္စ ယာတြာယဲ စေလသမ္ပုဋံ ဝါ ဒွိတီယဝသနံ ဝါ ပါဒုကေ ဝါ ယၐ္ဋိး, ဧတာန် မာ ဂၖဟ္လီတ, ယတး ကာရျျကၖတ် ဘရ္တ္တုံ ယောဂျော ဘဝတိ၊
Mommmfa akwantukotoku anaa ntade anaa mpaboa anaa pema. Ɛsɛ sɛ odwumayɛni didi.
11 အပရံ ယူယံ ယတ် ပုရံ ယဉ္စ ဂြာမံ ပြဝိၑထ, တတြ ယော ဇနော ယောဂျပါတြံ တမဝဂတျ ယာနကာလံ ယာဝတ် တတြ တိၐ္ဌတ၊
Kurow biara a mobɛkɔ mu anaa akuraa biara a mobɛkɔ ase no, monhwehwɛ onipa a onyamesuro wɔ ne mu akyi kwan na montena ne nkyɛn kosi da a mubefi hɔ akɔ baabi foforo.
12 ယဒါ ယူယံ တဒ္ဂေဟံ ပြဝိၑထ, တဒါ တမာၑိၐံ ဝဒတ၊
Sɛ mokɔ ofi bi mu a, munkyia wɔn se, ‘Asomdwoe nka mo!’
13 ယဒိ သ ယောဂျပါတြံ ဘဝတိ, တရှိ တတ္ကလျာဏံ တသ္မဲ ဘဝိၐျတိ, နောစေတ် သာၑီရျုၐ္မဘျမေဝ ဘဝိၐျတိ၊
Sɛ saa ofi no mufo gye mo fɛw so a, munhyira wɔn, na sɛ wɔannye mo de a, momfa mo asomdwoe.
14 ကိန္တု ယေ ဇနာ ယုၐ္မာကမာတိထျံ န ဝိဒဓတိ ယုၐ္မာကံ ကထာဉ္စ န ၑၖဏွန္တိ တေၐာံ ဂေဟာတ် ပုရာဒွါ ပြသ္ထာနကာလေ သွပဒူလီး ပါတယတ၊
Sɛ morefi ofi anaa kurow biara a wɔannye mo wɔ mu no mu akɔ a, momporoporow ofi no anaa kurow no mu mfutuma a ɛwɔ mo nan ase no ngu hɔ.
15 ယုၐ္မာနဟံ တထျံ ဝစ္မိ ဝိစာရဒိနေ တတ္ပုရသျ ဒၑာတး သိဒေါမမောရာပုရယောရ္ဒၑာ သဟျတရာ ဘဝိၐျတိ၊
Nokware ni, atemmuda no, Sodom ne Gomora mpo benya baabi agyina wɔ Onyankopɔn anim sen saa kurow no.
16 ပၑျတ, ဝၖကယူထမဓျေ မေၐး ယထာဝိသ္တထာ ယုၐ္မာန ပြဟိဏောမိ, တသ္မာဒ် ယူယမ် အဟိရိဝ သတရ္ကား ကပေါတာဣဝါဟိံသကာ ဘဝတ၊
“Monkae sɛ meresoma mo sɛ nguan akɔ mpataku mu. Monyɛ anifere sɛ awɔ na munnwo sɛ mmorɔnoma.
17 နၖဘျး သာဝဓာနာ ဘဝတ; ယတသ္တဲ ရျူယံ ရာဇသံသဒိ သမရ္ပိၐျဓွေ တေၐာံ ဘဇနဂေဟေ ပြဟာရိၐျဓွေ၊
Nanso monhwɛ yiye wɔ nnipa ho! Wɔbɛkyere mo adi mo asɛm, abɔ mo mmaa wɔ wɔn asɔredan mu.
18 ယူယံ မန္နာမဟေတေား ၑာသ္တၖဏာံ ရာဇ္ဉာဉ္စ သမက္ၐံ တာနနျဒေၑိနၑ္စာဓိ သာက္ၐိတွာရ္ထမာနေၐျဓွေ၊
Me nti, wɔde mo bɛkɔ atumfo ne ahene anim. Eyi bɛma moanya kwan aka asɛmpa no akyerɛ wɔn ne amanamanmufo no.
19 ကိန္တွိတ္ထံ သမရ္ပိတာ ယူယံ ကထံ ကိမုတ္တရံ ဝက္ၐျထ တတြ မာ စိန္တယတ, ယတသ္တဒါ ယုၐ္မာဘိ ရျဒ် ဝက္တဝျံ တတ် တဒ္ဒဏ္ဍေ ယုၐ္မန္မနး သု သမုပသ္ထာသျတိ၊
Sɛ wɔkyere mo a, munnnwinwen asɛm a mobɛka de ayi mo ho ano ho. Wɔde asɛm a mobɛka no bɛma mo bere a ɛsɛ mu.
20 ယသ္မာတ် တဒါ ယော ဝက္ၐျတိ သ န ယူယံ ကိန္တု ယုၐ္မာကမန္တရသ္ထး ပိတြာတ္မာ၊
Asɛm a mobɛka no remfi mo, na mmom, mo ɔsoro Agya no honhom na ɔnam mo so bɛkasa.
21 သဟဇး သဟဇံ တာတး သုတဉ္စ မၖတော် သမရ္ပယိၐျတိ, အပတျာဂိ သွသွပိတြော ရွိပက္ၐီဘူယ တော် ဃာတယိၐျန္တိ၊
“Onua beyi onua ama na wɔakum no. Saa ara na agyanom nso beyi wɔn mma ama. Mma bɛsɔre atia wɔn awofo ama wɔakum wɔn.
22 မန္နမဟေတေား သရွွေ ဇနာ ယုၐ္မာန် ၒတီယိၐျန္တေ, ကိန္တု ယး ၑေၐံ ယာဝဒ် ဓဲရျျံ ဃၖတွာ သ္ထာသျတိ, သ တြာယိၐျတေ၊
Me nti, nnipa nyinaa bɛtan mo. Nanso nea obetumi agyina pintinn akosi awiei no na wobegye no nkwa.
23 တဲ ရျဒါ ယူယမေကပုရေ တာဍိၐျဓွေ, တဒါ ယူယမနျပုရံ ပလာယဓွံ ယုၐ္မာနဟံ တထျံ ဝစ္မိ ယာဝန္မနုဇသုတော နဲတိ တာဝဒ် ဣသြာယေလ္ဒေၑီယသရွွနဂရဘြမဏံ သမာပယိတုံ န ၑက္ၐျထ၊
Sɛ wɔtaa mo kurow baako mu a, munguan nkɔ kurow foforo mu. Mereka nokware akyerɛ mo se morenwie Israel nkurow nyinaa mu adwumayɛ ansa na Onipa Ba no aba.
24 ဂုရေား ၑိၐျော န မဟာန်, ပြဘောရ္ဒာသော န မဟာန်၊
“Osuani nsen ne kyerɛkyerɛfo, na akoa nso nsen ne wura.
25 ယဒိ ၑိၐျော နိဇဂုရော ရ္ဒာသၑ္စ သွပြဘေား သမာနော ဘဝတိ တရှိ တဒ် ယထေၐ္ဋံ၊ စေတ္တဲရ္ဂၖဟပတိရ္ဘူတရာဇ ဥစျတေ, တရှိ ပရိဝါရား ကိံ တထာ န ဝက္ၐျန္တေ?
Osuani sua ne kyerɛkyerɛfo, na akoa nso sua ne wura. Enti sɛ me a meyɛ ofi no ti no wɔfrɛ me ‘Ɔbonsam’ a, dɛn din na wɔremfa mfrɛ mo!
26 ကိန္တု တေဘျော ယူယံ မာ ဗိဘီတ, ယတော ယန္န ပြကာၑိၐျတေ, တာဒၖက် ဆာဒိတံ ကိမပိ နာသ္တိ, ယစ္စ န ဝျဉ္စိၐျတေ, တာဒၖဂ် ဂုပ္တံ ကိမပိ နာသ္တိ၊
“Munnsuro wɔn. Mmere bi bɛba a nokware no bɛda adi. Nea wɔyɛ no kokoa mu no nyinaa bɛda adi.
27 ယဒဟံ ယုၐ္မာန် တမသိ ဝစ္မိ တဒ် ယုၐ္မာဘိရ္ဒီပ္တော် ကထျတာံ; ကရ္ဏာဘျာံ ယတ် ၑြူယတေ တဒ် ဂေဟောပရိ ပြစာရျျတာံ၊
Nea mereka akyerɛ mo wɔ sum mu yi, monka wɔ hann mu. Nea mereka agu mo asom yi, mompae mu nka wɔ adan atifi.
28 ယေ ကာယံ ဟန္တုံ ၑက္နုဝန္တိ နာတ္မာနံ, တေဘျော မာ ဘဲၐ္ဋ; ယး ကာယာတ္မာနော် နိရယေ နာၑယိတုံ, ၑက္နောတိ, တတော ဗိဘီတ၊ (Geenna g1067)
Munnsuro wɔn a wobetumi akum mo nipadua nanso wɔrentumi nkum mo kra no. Onyankopɔn a obetumi akum onipadua no ne ɔkra wɔ amanehunu kurom no nko ara na munsuro no. (Geenna g1067)
29 ဒွေါ် စဋကော် ကိမေကတာမြမုဒြယာ န ဝိကြီယေတေ? တထာပိ ယုၐ္မတ္တာတာနုမတိံ ဝိနာ တေၐာမေကောပိ ဘုဝိ န ပတတိ၊
Wɔtɔn akasanoma gye ahe? Nkasanoma abien bo nyɛ sika kakraa bi pɛ? Nanso akasanoma biara nni hɔ a obewu a mo Agya no nnim ho biribi.
30 ယုၐ္မစ္ဆိရသာံ သရွွကစာ ဂဏိတာံး သန္တိ၊
Mo tinwi mpo, wɔakan ne nyinaa.
31 အတော မာ ဗိဘီတ, ယူယံ ဗဟုစဋကေဘျော ဗဟုမူလျား၊
Enti munnsuro! Mosom bo ma Onyankopɔn sen nkasanoma.
32 ယော မနုဇသာက္ၐာန္မာမင်္ဂီကုရုတေ တမဟံ သွရ္ဂသ္ထတာတသာက္ၐာဒင်္ဂီကရိၐျေ၊
“Obiara a ɔbɛka se onim me wɔ nnipa anim no, me nso mɛka se minim no mʼagya a ɔwɔ ɔsoro no anim.
33 ပၖထွျာမဟံ ၑာန္တိံ ဒါတုမာဂတဣတိ မာနုဘဝတ, ၑာန္တိံ ဒါတုံ န ကိန္တွသိံ၊
Na obiara a ɔbɛka se onnim me wɔ nnipa anim no, me nso mɛka se minnim no wɔ mʼagya a ɔwɔ ɔsoro no anim.
34 ပိတၖမာတၖၑ္စၑြူဘိး သာကံ သုတသုတာဗဓူ ရွိရောဓယိတုဉ္စာဂတေသ္မိ၊
“Munnsusuw sɛ mede asomdwoe na ɛbaa asase yi so! Ɛnyɛ asomdwoe na mmom afoa na mede bae.
35 တတး သွသွပရိဝါရဧဝ နၖၑတြု ရ္ဘဝိတာ၊
Maba sɛ mɛma, “‘ɔbabarima asɔre atia nʼagya, na ɔbabea asɔre atia ne na, na ɔbea warefo nso asɔre atia nʼasebea.
36 ယး ပိတရိ မာတရိ ဝါ မတ္တောဓိကံ ပြီယတေ, သ န မဒရှး;
Obiara tamfo a ne ho yɛ hu no befi nʼankasa ne fi.’
37 ယၑ္စ သုတေ သုတာယာံ ဝါ မတ္တောဓိကံ ပြီယတေ, သေပိ န မဒရှး၊
“Nea ɔdɔ nʼagya anaa ne na kyɛn me no rentumi nyɛ me de. Saa ara na nea ɔdɔ ne babarima anaa ne babea kyɛn me no rentumi nyɛ me de ara ne no.
38 ယး သွကြုၑံ ဂၖဟ္လန် မတ္ပၑ္စာန္နဲတိ, သေပိ န မဒရှး၊
Sɛ obi amfa nʼasennua na wammedi mʼakyi a, ɔrentumi nyɛ me de.
39 ယး သွပြာဏာနဝတိ, သ တာန် ဟာရယိၐျတေ, ယသ္တု မတ္ကၖတေ သွပြာဏာန် ဟာရယတိ, သ တာနဝတိ၊
Sɛ woma wo kra som wo bo a, wobɛhwere wo kra no, nanso sɛ me nti wohwere wo kra a, wo nsa bɛka.
40 ယော ယုၐ္မာကမာတိထျံ ဝိဒဓာတိ, သ မမာတိထျံ ဝိဒဓာတိ, ယၑ္စ မမာတိထျံ ဝိဒဓာတိ, သ မတ္ပြေရကသျာတိထျံ ဝိဒဓာတိ၊
“Obiara a ogye mo no gye me, na nea ogye me no nso gye Onyankopɔn a ɔsomaa me no.
41 ယော ဘဝိၐျဒွါဒီတိ ဇ္ဉာတွာ တသျာတိထျံ ဝိဓတ္တေ, သ ဘဝိၐျဒွါဒိနး ဖလံ လပ္သျတေ, ယၑ္စ ဓာရ္မ္မိက ဣတိ ဝိဒိတွာ တသျာတိထျံ ဝိဓတ္တေ သ ဓာရ္မ္မိကမာနဝသျ ဖလံ ပြာပ္သျတိ၊
Sɛ wugye odiyifo bi sɛ ɔyɛ Onyankopɔn nipa nti a, wobetua wo so ka sɛ odiyifo no ara pɛ. Na sɛ wugye nnipa trenee a, wubenya akatua sɛ onipa trenee.
42 ယၑ္စ ကၑ္စိတ် ဧတေၐာံ က္ၐုဒြနရာဏာမ် ယံ ကဉ္စနဲကံ ၑိၐျ ဣတိ ဝိဒိတွာ ကံသဲကံ ၑီတလသလိလံ တသ္မဲ ဒတ္တေ, ယုၐ္မာနဟံ တထျံ ဝဒါမိ, သ ကေနာပိ ပြကာရေဏ ဖလေန န ဝဉ္စိၐျတေ၊
Na obiara a ɔbɛma mʼakyidifo yi mu akumaa bi nsu anom no, onii no akatua remmɔ no da.”

< မထိး 10 >