< မာရ္ကး 15 >

1 အထ ပြဘာတေ သတိ ပြဓာနယာဇကား ပြာဉ္စ ဥပါဓျာယား သရွွေ မန္တြိဏၑ္စ သဘာံ ကၖတွာ ယီၑုံ ဗန္ဓယိတွ ပီလာတာချသျ ဒေၑာဓိပတေး သဝိဓံ နီတွာ သမရ္ပယာမာသုး၊
Adeɛ kyee anɔpatutuutu no, asɔfoɔ mpanin, Yudafoɔ mpanin, Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ ne agyinatufoɔ hyia dwenee ɛkwan a wɔde Yesu bɛfa so ho. Wɔkyekyeree no de no kɔhyɛɛ Pilato nsa.
2 တဒါ ပီလာတသ္တံ ပၖၐ္ဋဝါန် တွံ ကိံ ယိဟူဒီယလောကာနာံ ရာဇာ? တတး သ ပြတျုက္တဝါန် သတျံ ဝဒသိ၊
Wɔde no duruu hɔ no, Pilato bisaa no sɛ, “Wone Yudafoɔ ɔhene no anaa?” Yesu buaa sɛ, “Mo na moseɛ.”
3 အပရံ ပြဓာနယာဇကာသ္တသျ ဗဟုၐု ဝါကျေၐု ဒေါၐမာရောပယာဉ္စကြုး ကိန္တု သ ကိမပိ န ပြတျုဝါစ၊
Ɛhɔ ara, asɔfoɔ mpanin no kaa nsɛm akɛseakɛseɛ guu ne so, nanso wanka hwee.
4 တဒါနီံ ပီလာတသ္တံ ပုနး ပပြစ္ဆ တွံ ကိံ နောတ္တရယသိ? ပၑျဲတေ တွဒွိရုဒ္ဓံ ကတိၐု သာဓျေၐု သာက္ၐံ ဒဒတိ၊
Pilato bisaa no bio sɛ, “Enti, nsɛm akɛseakɛseɛ a wɔreka gu wo so yi, wonka ho hwee?”
5 ကန္တု ယီၑုသ္တဒါပိ နောတ္တရံ ဒဒေါ် တတး ပီလာတ အာၑ္စရျျံ ဇဂါမ၊
Nanso, Yesu anka hwee ma ɛyɛɛ Pilato nwanwa.
6 အပရဉ္စ ကာရာဗဒ္ဓေ ကသ္တိံၑ္စိတ် ဇနေ တန္မဟောတ္သဝကာလေ လောကဲ ရျာစိတေ ဒေၑာဓိပတိသ္တံ မောစယတိ၊
Na ɛyɛ Pilato amanneɛ sɛ, afe biara Twam Afahyɛ no mu, ɔgyaa odeduani baako a ɔman no pɛ sɛ wɔgyaa no ma wɔn.
7 ယေ စ ပူရွွမုပပ္လဝမကာရ္ၐုရုပပ္လဝေ ဝဓမပိ ကၖတဝန္တသ္တေၐာံ မဓျေ တဒါနောံ ဗရဗ္ဗာနာမက ဧကော ဗဒ္ဓ အာသီတ်၊
Saa afe no mu, na onipa bi a wɔfrɛ no Baraba no ka nnipa bi a wɔsɔre tiaa aban, nam so dii awu no ho wɔ afiase hɔ.
8 အတော ဟေတေား ပူရွွာပရီယာံ ရီတိကထာံ ကထယိတွာ လောကာ ဥစ္စဲရုဝန္တး ပီလာတသျ သမက္ၐံ နိဝေဒယာမာသုး၊
Ɛdɔm no kɔɔ Pilato so kɔka kyerɛɛ no sɛ, ɔnyi odeduani baako mma wɔn sɛdeɛ daa ɔyɛ no.
9 တဒါ ပီလာတသ္တာနာစချော် တရှိ ကိံ ယိဟူဒီယာနာံ ရာဇာနံ မောစယိၐျာမိ? ယုၐ္မာဘိး ကိမိၐျတေ?
Pilato bisaa sɛ, “Menyi ‘Yudafoɔ Ɔhene’ no mma mo anaa?”
10 ယတး ပြဓာနယာဇကာ ဤရ္ၐျာတ ဧဝ ယီၑုံ သမာရ္ပယန္နိတိ သ ဝိဝေဒ၊
Ɛfiri sɛ, na wahunu sɛ asɔfoɔ mpanin no de ɔtan na atwa asɛm ato Yesu so ɛsiane din a na wagye no enti.
11 ကိန္တု ယထာ ဗရဗ္ဗာံ မောစယတိ တထာ ပြာရ္ထယိတုံ ပြဓာနယာဇကာ လောကာန် ပြဝရ္တ္တယာမာသုး၊
Nanso, asɔfoɔ mpanin no tuu dɔm no aso sɛ, sɛ wɔde bɛyi Yesu deɛ, wɔmpere ma wɔnyi Baraba.
12 အထ ပီလာတး ပုနး ပၖၐ္ဋဝါန် တရှိ ယံ ယိဟူဒီယာနာံ ရာဇေတိ ဝဒထ တသျ ကိံ ကရိၐျာမိ ယုၐ္မာဘိး ကိမိၐျတေ?
Enti, Pilato bisaa wɔn sɛ, “Na sɛ meyi Baraba ma mo a, ɛdeɛn na menyɛ saa ɔbarima yi a mofrɛ no mo ɔhene no?”
13 တဒါ တေ ပုနရပိ ပြောစ္စဲး ပြောစုသ္တံ ကြုၑေ ဝေဓယ၊
Wɔteateaam sɛ, “Bɔ no asɛnnua mu!”
14 တသ္မာတ် ပီလာတး ကထိတဝါန် ကုတး? သ ကိံ ကုကရ္မ္မ ကၖတဝါန်? ကိန္တု တေ ပုနၑ္စ ရုဝန္တော ဝျာဇဟြုသ္တံ ကြုၑေ ဝေဓယ၊
Pilato bisaa wɔn bio sɛ, “Adɛn nti? Bɔne bɛn na wayɛ?” Wɔn nyinaa bɔ gyee so sɛ, “Bɔ no asɛnnua mu!”
15 တဒါ ပီလာတး သရွွာလ္လောကာန် တောၐယိတုမိစ္ဆန် ဗရဗ္ဗာံ မောစယိတွာ ယီၑုံ ကၑာဘိး ပြဟၖတျ ကြုၑေ ဝေဒ္ဓုံ တံ သမရ္ပယာမ္ဗဘူဝ၊
Afei, Pilato hunuu sɛ ɔyɛ asɛm no hwee a, ɛrenyɛ yie. Afei, na ɔsuro nso sɛ, sɛ anhwɛ a basabasayɛ bɛba enti, ɔgyaa Baraba maa wɔn. Ɔmaa wɔbɔɔ Yesu mmaa, na ɛno akyi no, ɔde no maa wɔn sɛ wɔnkɔbɔ no asɛnnua mu.
16 အနန္တရံ သဲနျဂဏော'ဋ္ဋာလိကာမ် အရ္ထာဒ် အဓိပတေ ရ္ဂၖဟံ ယီၑုံ နီတွာ သေနာနိဝဟံ သမာဟုယတ်၊
Asraafoɔ no de Yesu kɔɔ amrado aban mu hɔ, ɛnna wɔfrɛɛ asraafoɔ no nyinaa baa hɔ.
17 ပၑ္စာတ် တေ တံ ဓူမလဝရ္ဏဝသ္တြံ ပရိဓာပျ ကဏ္ဋကမုကုဋံ ရစယိတွာ ၑိရသိ သမာရောပျ
Wɔhyɛɛ no batakari kɔkɔɔ bi, de nkasɛɛ atentene bi nwonoo ɛkyɛ hyɛɛ no.
18 ဟေ ယိဟူဒီယာနာံ ရာဇန် နမသ္ကာရ ဣတျုက္တွာ တံ နမသ္ကရ္တ္တာမာရေဘိရေ၊
Wɔhyɛɛ aseɛ bɔ gyee so, dii ne ho fɛ sɛ, “Yudafoɔ ɔhene, wo nkwa so!”
19 တသျောတ္တမာင်္ဂေ ဝေတြာဃာတံ စကြုသ္တဒ္ဂါတြေ နိၐ္ဌီဝဉ္စ နိစိက္ၐိပုး, တထာ တသျ သမ္မုခေ ဇာနုပါတံ ပြဏောမုး
Wɔde abaa paa nʼapampam, tetee ntasuo guu ne so, buu no nkotodwe, de dii ne ho fɛw.
20 ဣတ္ထမုပဟသျ ဓူမြဝရ္ဏဝသ္တြမ် ဥတ္တာရျျ တသျ ဝသ္တြံ တံ ပရျျဓာပယန် ကြုၑေ ဝေဒ္ဓုံ ဗဟိရ္နိနျုၑ္စ၊
Wɔdii ne ho fɛ wieeɛ no, wɔworɔɔ batakari kɔkɔɔ no, ɛnna wɔde ɔno ara nʼatadeɛ hyɛɛ no, de no kɔeɛ sɛ wɔrekɔbɔ no asɛnnua mu.
21 တတး ပရံ သေကန္ဒရသျ ရုဖသျ စ ပိတာ ၑိမောန္နာမာ ကုရီဏီယလောက ဧကး ကုတၑ္စိဒ် ဂြာမာဒေတျ ပထိ ယာတိ တံ တေ ယီၑေား ကြုၑံ ဝေါဎုံ ဗလာဒ် ဒဓ္နုး၊
Wɔrekɔ no, wɔhyiaa ɔbarima bi a wɔfrɛ no Simon a ɔfiri Kirene a ɔyɛ Aleksandro ne Rufo agya wɔ ɛkwan so. Wɔhyɛɛ no ma ɔsoaa Yesu asɛnnua no.
22 အထ ဂုလ္ဂလ္တာ အရ္ထာတ် ၑိရးကပါလနာမကံ သ္ထာနံ ယီၑုမာနီယ
Wɔde Yesu baa baabi a wɔfrɛ hɔ sɛ Golgota a (nʼasekyerɛ ne Nitire so) hɔ.
23 တေ ဂန္ဓရသမိၑြိတံ ဒြာက္ၐာရသံ ပါတုံ တသ္မဲ ဒဒုး ကိန္တု သ န ဇဂြာဟ၊
Ɛhɔ na wɔmaa no nsã nwononwono bi sɛ ɔnnom, nanso wannom.
24 တသ္မိန် ကြုၑေ ဝိဒ္ဓေ သတိ တေၐာမေကဲကၑး ကိံ ပြာပ္သျတီတိ နိရ္ဏယာယ
Afei, wɔbɔɔ no asɛnnua mu. Yei akyi, wɔbɔɔ nʼatadeɛ no so ntonto.
25 တသျ ပရိဓေယာနာံ ဝိဘာဂါရ္ထံ ဂုဋိကာပါတံ စကြုး၊
Ɛbɛyɛ anɔpa nnɔnkron na wɔbɔɔ no asɛnnua mu.
26 အပရမ် ဧၐ ယိဟူဒီယာနာံ ရာဇေတိ လိခိတံ ဒေါၐပတြံ တသျ ၑိရဦရ္ဒွွမ် အာရောပယာဉ္စကြုး၊
Asɛm bi a wɔka too no so na wɔtwerɛɛ taree nʼasɛnnua no atifi ka sɛ, Yudafoɔ Ɔhene.
27 တသျ ဝါမဒက္ၐိဏယော ရ္ဒွေါ် စော်ရော် ကြုၑယော ရွိဝိဓာတေ၊
Ɛda no ara anɔpa, wɔbɔɔ awudifoɔ baanu bi asɛnnua mu kaa Yesu ho. Na ɔbaako sɛn ne nifa so, ɛnna ɔbaako nso sɛn ne benkum so.
28 တေနဲဝ "အပရာဓိဇနဲး သာရ္ဒ္ဓံ သ ဂဏိတော ဘဝိၐျတိ," ဣတိ ၑာသ္တြောက္တံ ဝစနံ သိဒ္ဓမဘူတ၊
Yei maa deɛ Atwerɛsɛm no kaa sɛ, “Wɔkan no fraa nnebɔneyɛfoɔ mu” no baa mu.
29 အနန္တရံ မာရ္ဂေ ယေ ယေ လောကာ ဂမနာဂမနေ စကြုသ္တေ သရွွ ဧဝ ၑိရာံသျာန္ဒောလျ နိန္ဒန္တော ဇဂဒုး, ရေ မန္ဒိရနာၑက ရေ ဒိနတြယမဓျေ တန္နိရ္မ္မာယက,
Nnipa a wɔsen faa hɔ no nyinaa wosowosoo wɔn ti, dii ne ho fɛ sɛ, “Ei, wo ni? Ɛnyɛ wo na woseɛ sɛ, wobɛtumi abubu asɔredan na wode nnansa asi no?
30 အဓုနာတ္မာနမ် အဝိတွာ ကြုၑာဒဝရောဟ၊
Sɛ wose wo ho yɛ nwanwa a, ɛnneɛ siane firi asɛnnua no so si fam.”
31 ကိဉ္စ ပြဓာနယာဇကာ အဓျာပကာၑ္စ တဒွတ် တိရသ္ကၖတျ ပရသ္ပရံ စစက္ၐိရေ ဧၐ ပရာနာဝတ် ကိန္တု သွမဝိတုံ န ၑက္နောတိ၊
Saa ɛberɛ no na asɔfoɔ mpanin ne Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ no nso atwa ahyia hɔ redi Yesu ho fɛw. Wɔkɔɔ so dii ne ho fɛ sɛ, “Ɔgye afoforɔ nanso ɔntumi nnye ne ho!”
32 ယဒီသြာယေလော ရာဇာဘိၐိက္တသ္တြာတာ ဘဝတိ တရှျဓုနဲန ကြုၑာဒဝရောဟတု ဝယံ တဒ် ဒၖၐ္ဋွာ ဝိၑွသိၐျာမး; ကိဉ္စ ယော် လောကော် တေန သာရ္ဒ္ဓံ ကြုၑေ 'ဝိဓျေတာံ တာဝပိ တံ နိရ္ဘရ္တ္သယာမာသတုး၊
Wɔkɔɔ so dii ne ho fɛ bio sɛ, “Agyenkwa! Yudafoɔ ɔhene! Siane firi asɛnnua no so si fam, na yɛnnye wo nni!” Awudifoɔ a wɔbɔɔ wɔne Yesu asɛnnua mu no mpo dii ne ho fɛ bi.
33 အထ ဒွိတီယယာမာတ် တၖတီယယာမံ ယာဝတ် သရွွော ဒေၑး သာန္ဓကာရောဘူတ်၊
Ɛfiri owigyinaeɛ kɔpem nnɔnmiɛnsa no, esum duruu asase no so nyinaa.
34 တတသ္တၖတီယပြဟရေ ယီၑုရုစ္စဲရဝဒတ် ဧလီ ဧလီ လာမာ ၑိဝက္တနီ အရ္ထာဒ် "ဟေ မဒီၑ မဒီၑ တွံ ပရျျတျာက္ၐီး ကုတော ဟိ မာံ?"
Yesu de nne kɛseɛ teaam sɛ, “Eli, Eli, lama sabaktani?” Ase ne sɛ, “Me Onyankopɔn, Me Onyankopɔn, adɛn enti na woagya me?”
35 တဒါ သမီပသ္ထလောကာနာံ ကေစိတ် တဒွါကျံ နိၑမျာစချုး ပၑျဲၐ ဧလိယမ် အာဟူယတိ၊
Wɔn a wɔgyina hɔ no bi a wɔtee deɛ ɔkaeɛ no kaa sɛ, “Montie sɛ ɔrefrɛ Elia.”
36 တတ ဧကော ဇနော ဓာဝိတွာဂတျ သ္ပဉ္ဇေ 'မ္လရသံ ပူရယိတွာ တံ နဍာဂြေ နိဓာယ ပါတုံ တသ္မဲ ဒတ္တွာဝဒတ် တိၐ္ဌ ဧလိယ ဧနမဝရောဟယိတုမ် ဧတိ န ဝေတိ ပၑျာမိ၊
Wɔn mu baako tuu mmirika, kɔfaa sapɔ bi, de bɔɔ nsã nwononwono bi mu, de tuaa dua bi ano, de brɛɛ Yesu sɛ ɔnnom. Ɔkaa sɛ, “Momma yɛnhwɛ sɛ Elia bɛba abɛyi no asi fam anaa!”
37 အထ ယီၑုရုစ္စဲး သမာဟူယ ပြာဏာန် ဇဟော်၊
Afei, Yesu de nne kɛseɛ teaam bio, na ɔgyaa ne honhom mu wuiɛ.
38 တဒါ မန္ဒိရသျ ဇဝနိကောရ္ဒွွာဒဓးရျျန္တာ ဝိဒီရ္ဏာ ဒွိခဏ္ဍာဘူတ်၊
Ɛhɔ ara, ntoma a ɛtwa asɔredan no mu no mu suanee mmienu firi soro kɔsii fam.
39 ကိဉ္စ ဣတ္ထမုစ္စဲရာဟူယ ပြာဏာန် တျဇန္တံ တံ ဒၖၐ္ဒွါ တဒြက္ၐဏာယ နိယုက္တော ယး သေနာပတိရာသီတ် သောဝဒတ် နရောယမ် ဤၑွရပုတြ ဣတိ သတျမ်၊
Asraafoɔ ɔha so panin a na ɔgyina hɔ no hunuu ɛkwan a Yesu faa so wuiɛ no, ɔkaa sɛ, “Ampa ara, onipa yi yɛ Onyankopɔn Ba!”
40 တဒါနီံ မဂ္ဒလီနီ မရိသမ် ကနိၐ္ဌယာကူဗော ယောသေၑ္စ မာတာနျမရိယမ် ၑာလောမီ စ ယား သ္တြိယော
Saa ɛberɛ no, na mmaa bi gyinagyina akyiri baabi rehwɛ deɛ ɛrekɔ so. Mmaa no bi ne Maria Magdalene, Maria a ɔyɛ Yakobo kumaa ne Yosef maame ne Salome.
41 ဂါလီလ္ပြဒေၑေ ယီၑုံ သေဝိတွာ တဒနုဂါမိနျော ဇာတာ ဣမာသ္တဒနျာၑ္စ ယာ အနေကာ နာရျော ယီၑုနာ သာရ္ဒ္ဓံ ယိရူၑာလမမာယာတာသ္တာၑ္စ ဒူရာတ် တာနိ ဒဒၖၑုး၊
Ɛberɛ a na Yesu wɔ Galilea no, saa mmaa yi dii nʼakyi somm no. Saa ara nso na na nnipa bi a wɔdii nʼakyi baa Yerusalem no bi nso wɔ hɔ.
42 အထာသာဒနဒိနသျာရ္ထာဒ် ဝိၑြာမဝါရာတ် ပူရွွဒိနသျ သာယံကာလ အာဂတ
Ɛduruu anwummerɛ no, ɛsiane sɛ na adeɛ kye a ɛyɛ Homeda no enti,
43 ဤၑွရရာဇျာပေက္ၐျရိမထီယယူၐဖနာမာ မာနျမန္တြီ သမေတျ ပီလာတသဝိဓံ နိရ္ဘယော ဂတွာ ယီၑောရ္ဒေဟံ ယယာစေ၊
ɔbadwani animuonyamfoɔ bi a, wɔfrɛ no Yosef a ɔfiri Arimatea a, na ɔretwɛn ɛberɛ a Onyankopɔn Ahennie no bɛba no de akokoɔduru kɔɔ Pilato hɔ kɔsrɛɛ no sɛ, ɔmfa Yesu amu no mma no.
44 ကိန္တု သ ဣဒါနီံ မၖတး ပီလာတ ဣတျသမ္ဘဝံ မတွာ ၑတသေနာပတိမာဟူယ သ ကဒါ မၖတ ဣတိ ပပြစ္ဆ၊
Ɛberɛ a Pilato tee sɛ Yesu awu no, wannye anni, enti ɔfrɛɛ Roma asraafoɔ panin a na ɔhwɛ hɔ no bisaa no.
45 ၑတသေမနာပတိမုခါတ် တဇ္ဇ္ဉာတွာ ယူၐဖေ ယီၑောရ္ဒေဟံ ဒဒေါ်၊
Asraafoɔ panin no kaa sɛ wawu no, Pilato maa Yosef ho ɛkwan sɛ ɔnkɔfa amu no.
46 ပၑ္စာတ် သ သူက္ၐ္မံ ဝါသး ကြီတွာ ယီၑေား ကာယမဝရောဟျ တေန ဝါသသာ ဝေၐ္ဋာယိတွာ ဂိရော် ခါတၑ္မၑာနေ သ္ထာပိတဝါန် ပါၐာဏံ လောဌယိတွာ ဒွါရိ နိဒဓေ၊
Yosef kɔtɔɔ nwera, yii Yesu amu no firii asɛnnua no so, de nwera no kyekyeree no, ɔde no kɔtoo ɔboda bi a wɔatwa mu, piree ɛboɔ kɛseɛ bi hinii ano.
47 ကိန္တု ယတြ သောသ္ထာပျတ တတ မဂ္ဒလီနီ မရိယမ် ယောသိမာတၖမရိယမ် စ ဒဒၖၑတၖး၊
Na Maria Magdalene ne Yosef ne maame Maria wɔ hɔ bi, na wɔhunuu faako a wɔde Yesu amu no toeɛ.

< မာရ္ကး 15 >