< ယောဟနး 18 >

1 တား ကထား ကထယိတွာ ယီၑုး ၑိၐျာနာဒါယ ကိဒြောန္နာမကံ သြောတ ဥတ္တီရျျ ၑိၐျဲး သဟ တတြတျောဒျာနံ ပြာဝိၑတ်၊
Yesu bɔɔ saa mpaeɛ yi wieeɛ no, ɔne nʼasuafoɔ no firii baabi a wɔwɔ no kɔtwaa asuo Kidron kɔɔ turo bi mu.
2 ကိန္တု ဝိၑွာသဃာတိယိဟူဒါသ္တတ် သ္ထာနံ ပရိစီယတေ ယတော ယီၑုး ၑိၐျဲး သာရ္ဒ္ဓံ ကဒါစိတ် တတ် သ္ထာနမ် အဂစ္ဆတ်၊
Esiane sɛ na Yesu ne nʼasuafoɔ no taa kɔ hɔ no enti, na Yuda a ɔyii no maeɛ no nim hɔ.
3 တဒါ သ ယိဟူဒါး သဲနျဂဏံ ပြဓာနယာဇကာနာံ ဖိရူၑိနာဉ္စ ပဒါတိဂဏဉ္စ ဂၖဟီတွာ ပြဒီပါန် ဥလ္ကာန် အသ္တြာဏိ စာဒါယ တသ္မိန် သ္ထာန ဥပသ္ထိတဝါန်၊
Asɔfoɔ mpanin ne Farisifoɔ no somaa Yuda ne asraafoɔ ne asɔredan mu awɛmfoɔ a wɔkurakura akodeɛ ne nkanea kɔɔ faako a wɔwɔ no.
4 သွံ ပြတိ ယဒ် ဃဋိၐျတေ တဇ် ဇ္ဉာတွာ ယီၑုရဂြေသရး သန် တာနပၖစ္ဆတ် ကံ ဂဝေၐယထ?
Yesu a na ɔnim deɛ ɛbɛba ne so nyinaa no kɔhyiaa wɔn bisaa wɔn sɛ. “Hwan na mohwehwɛ no?”
5 တေ ပြတျဝဒန်, နာသရတီယံ ယီၑုံ; တတော ယီၑုရဝါဒီဒ် အဟမေဝ သး; တဲး သဟ ဝိၑွာသဃာတီ ယိဟူဒါၑ္စာတိၐ္ဌတ်၊
Wɔbuaa no sɛ, “Yesu a ɔfiri Nasaret no.” Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Me ni!” Na Yuda a ɔyii no maeɛ no gyina hɔ bi.
6 တဒါဟမေဝ သ တသျဲတာံ ကထာံ ၑြုတွဲဝ တေ ပၑ္စာဒေတျ ဘူမော် ပတိတား၊
Yesu kaa sɛ, “Me ni” no, wɔpinpinii wɔn akyi na wɔhwehwee ase.
7 တတော ယီၑုး ပုနရပိ ပၖၐ္ဌဝါန် ကံ ဂဝေၐယထ? တတသ္တေ ပြတျဝဒန် နာသရတီယံ ယီၑုံ၊
Ɔsane bisaa wɔn bio sɛ, “Morehwehwɛ hwan?” Na wɔbuaa sɛ, “Yesu a ɔfiri Nasaret no.”
8 တဒါ ယီၑုး ပြတျုဒိတဝါန် အဟမေဝ သ ဣမာံ ကထာမစကထမ်; ယဒိ မာမနွိစ္ဆထ တရှီမာန် ဂန္တုံ မာ ဝါရယတ၊
Yesu buaa wɔn sɛ, “Maka akyerɛ mo dada sɛ me ni. Sɛ me na morehwehwɛ me de a, ɛnneɛ momma mʼasuafoɔ no nkɔ.”
9 ဣတ္ထံ ဘူတေ မဟျံ ယာလ္လောကာန် အဒဒါသ္တေၐာမ် ဧကမပိ နာဟာရယမ် ဣမာံ ယာံ ကထာံ သ သွယမကထယတ် သာ ကထာ သဖလာ ဇာတာ၊
Ɔkaa yei nyinaa sɛdeɛ ɛbɛyɛ a nsɛm a wɔaka sɛ, “Agya, wɔn a wode wɔn maa me no mu baako koraa nyeraeɛ” no, bɛba mu.
10 တဒါ ၑိမောန္ပိတရသျ နိကဋေ ခင်္ဂလ္သ္ထိတေး သ တံ နိၐ္ကောၐံ ကၖတွာ မဟာယာဇကသျ မာလ္ခနာမာနံ ဒါသမ် အာဟတျ တသျ ဒက္ၐိဏကရ္ဏံ ဆိန္နဝါန်၊
Saa ɛberɛ no, Petro a na ɔkura sekan no tweeɛ, de twaa ɔsɔfopanin no asomfoɔ no mu baako aso nifa. Saa akoa no din de Malko.
11 တတော ယီၑုး ပိတရမ် အဝဒတ်, ခင်္ဂံ ကောၐေ သ္ထာပယ မမ ပိတာ မဟျံ ပါတုံ ယံ ကံသမ် အဒဒါတ် တေနာဟံ ကိံ န ပါသျာမိ?
Yesu ka kyerɛɛ Petro sɛ, “Fa wo sekan no sane hyɛ faako a wotwe firiiɛ. Ɛnsɛ sɛ menom kuruwa a mʼAgya de ama me no ano anaa?”
12 တဒါ သဲနျဂဏး သေနာပတိ ရျိဟူဒီယာနာံ ပဒါတယၑ္စ ယီၑုံ ဃၖတွာ ဗဒ္ဓွာ ဟာနန္နာမ္နး ကိယဖား ၑွၑုရသျ သမီပံ ပြထမမ် အနယန်၊
Asraafoɔ no ne wɔn panin ne asɔredan mu awɛmfoɔ no kyeree Yesu, kyekyeree ne nsa,
13 သ ကိယဖာသ္တသ္မိန် ဝတ္သရေ မဟာယာဇတွပဒေ နိယုက္တး
de no dii ɛkan kɔmaa Anas a na nʼase ne Kaiafa a saa ɛberɛ no na ɔyɛ Ɔsɔfopanin no.
14 သန် သာဓာရဏလောကာနာံ မင်္ဂလာရ္ထမ် ဧကဇနသျ မရဏမုစိတမ် ဣတိ ယိဟူဒီယဲး သာရ္ဒ္ဓမ် အမန္တြယတ်၊
Kaiafa na ɔtuu Yudafoɔ no fo sɛ, ɛyɛ sɛ onipa baako bɛwu ama ɔman no.
15 တဒါ ၑိမောန္ပိတရော'နျဲကၑိၐျၑ္စ ယီၑေား ပၑ္စာဒ် အဂစ္ဆတာံ တသျာနျၑိၐျသျ မဟာယာဇကေန ပရိစိတတွာတ် သ ယီၑုနာ သဟ မဟာယာဇကသျာဋ္ဋာလိကာံ ပြာဝိၑတ်၊
Simon Petro ne osuani baako dii Yesu akyi. Na osuani baako no yɛ obi a ɔsɔfopanin no nim no yie. Saa osuani no na ɔnyaa ɛkwan kɔɔ ɔsɔfopanin no efie hɔ.
16 ကိန္တု ပိတရော ဗဟိရ္ဒွါရသျ သမီပေ'တိၐ္ဌဒ် အတဧဝ မဟာယာဇကေန ပရိစိတး သ ၑိၐျး ပုနရ္ဗဟိရ္ဂတွာ ဒေါ်ဝါယိကာယဲ ကထယိတွာ ပိတရမ် အဘျန္တရမ် အာနယတ်၊
Petro deɛ ɔkaa ɛpono no akyi. Saa osuani a na ɔnim ɔsɔfopanin no yie no, sane baeɛ ne abaayewa a na ɔhwɛ ɛpono no ano no bɛkasaeɛ maa Petro nyaa ɛkwan kɔɔ mu.
17 တဒါ သ ဒွါရရက္ၐိကာ ပိတရမ် အဝဒတ် တွံ ကိံ န တသျ မာနဝသျ ၑိၐျး? တတး သောဝဒဒ် အဟံ န ဘဝါမိ၊
Abaayewa a ɔgyina ɛpono ano no bisaa Petro sɛ, “Wonyɛ saa onipa no asuafoɔ no mu baako anaa?” Petro buaa sɛ, “Dabi.”
18 တတး ပရံ ယတ္သ္ထာနေ ဒါသား ပဒါတယၑ္စ ၑီတဟေတောရင်္ဂါရဲ ရွဟ္နိံ ပြဇွာလျ တာပံ သေဝိတဝန္တသ္တတ္သ္ထာနေ ပိတရသ္တိၐ္ဌန် တဲး သဟ ဝဟ္နိတာပံ သေဝိတုမ် အာရဘတ၊
Saa ɛberɛ no na ɛyɛ awɔberɛ, enti na asomfoɔ no ne asraafoɔ no asɔ ogya a wɔreto. Petro nso kɔgyinaa hɔ too ogya no bi.
19 တဒါ ၑိၐျေၐူပဒေၑေ စ မဟာယာဇကေန ယီၑုး ပၖၐ္ဋး
Ɔsɔfopanin no bisaa Yesu nsɛm faa nʼasuafoɔ no ne ne nkyerɛkyerɛ ho.
20 သန် ပြတျုက္တဝါန် သရွွလောကာနာံ သမက္ၐံ ကထာမကထယံ ဂုပ္တံ ကာမပိ ကထာံ န ကထယိတွာ ယတ် သ္ထာနံ ယိဟူဒီယား သတတံ ဂစ္ဆန္တိ တတြ ဘဇနဂေဟေ မန္ဒိရေ စာၑိက္ၐယံ၊
Yesu buaa sɛ, “Mekaa me nsɛm nyinaa wɔ dwam na mekyerɛkyerɛɛ wɔ asɔredan ne hyiadan mu a nnipa nyinaa hyia hɔ no. Menkaa asɛm biara wɔ kɔkoam.
21 မတ္တး ကုတး ပၖစ္ဆသိ? ယေ ဇနာ မဒုပဒေၑမ် အၑၖဏွန် တာနေဝ ပၖစ္ဆ ယဒျဒ် အဝဒံ တေ တတ် ဇာနိန္တ၊
Adɛn enti na wobisa saa asɛm yi? Bisa wɔn a wɔtiee me no. Wɔn na wɔnim asɛm a mekaeɛ.”
22 တဒေတ္ထံ ပြတျုဒိတတွာတ် နိကဋသ္ထပဒါတိ ရျီၑုံ စပေဋေနာဟတျ ဝျာဟရတ် မဟာယာဇကမ် ဧဝံ ပြတိဝဒသိ?
Yesu kaa saa no, awɛmfoɔ no mu baako bɔɔ no sotorɔ kaa sɛ, “Wo sɛɛ ne hwan a wotumi kasa ɔsɔfopanin anim saa.”
23 တတော ယီၑုး ပြတိဂဒိတဝါန် ယဒျယထာရ္ထမ် အစကထံ တရှိ တသျာယထာရ္ထသျ ပြမာဏံ ဒေဟိ, ကိန္တု ယဒိ ယထာရ္ထံ တရှိ ကုတော ဟေတော ရ္မာမ် အတာဍယး?
Yesu buaa no sɛ, “Sɛ maka asɛmmɔne bi a, ka asɛm a mekaeɛ no na obiara a ɔwɔ ha nte bi. Na sɛ asɛm a mekaeɛ no nso yɛ nokorɛ deɛ a, adɛn enti na wobɔ me?”
24 ပူရွွံ ဟာနန် သဗန္ဓနံ တံ ကိယဖာမဟာယာဇကသျ သမီပံ ပြဲၐယတ်၊
Afei, Anas maa wɔde Yesu a wɔakyekyere ne nsa no kɔɔ Ɔsɔfopanin Kaiafa anim.
25 ၑိမောန္ပိတရသ္တိၐ္ဌန် ဝဟ္နိတာပံ သေဝတေ, ဧတသ္မိန် သမယေ ကိယန္တသ္တမ် အပၖစ္ဆန် တွံ ကိမ် ဧတသျ ဇနသျ ၑိၐျော န? တတး သောပဟ္နုတျာဗြဝီဒ် အဟံ န ဘဝါမိ၊
Ɛberɛ a Petro da so gyina hɔ reto ogya no bi no, wɔn a na wɔgyina hɔ no mu bi bisaa no sɛ, “Wo nso wonyɛ ɔbarima no asuafoɔ no mu baako anaa?” Petro sanee bio sɛ, “Dabi, menka wɔn ho.”
26 တဒါ မဟာယာဇကသျ ယသျ ဒါသသျ ပိတရး ကရ္ဏမစ္ဆိနတ် တသျ ကုဋုမ္ဗး ပြတျုဒိတဝါန် ဥဒျာနေ တေန သဟ တိၐ္ဌန္တံ တွာံ ကိံ နာပၑျံ?
Ɔsɔfopanin no asomfoɔ no mu baako a na ɔyɛ deɛ Petro twaa nʼaso no busuani no bisaa no sɛ, “Ɛnyɛ wo na na wo ne no wɔ turo no mu hɔ no?”
27 ကိန္တု ပိတရး ပုနရပဟ္နုတျ ကထိတဝါန်; တဒါနီံ ကုက္ကုဋော'ရော်တ်၊
Petro sane sanee bio sɛ, “Dabi.” Nʼano sii ara pɛ na akokɔ bɔneeɛ.
28 တဒနန္တရံ ပြတျူၐေ တေ ကိယဖာဂၖဟာဒ် အဓိပတေ ရ္ဂၖဟံ ယီၑုမ် အနယန် ကိန္တု ယသ္မိန် အၑုစိတွေ ဇာတေ တဲ ရ္နိသ္တာရောတ္သဝေ န ဘောက္တဝျံ, တသျ ဘယာဒ် ယိဟူဒီယာသ္တဒ္ဂၖဟံ နာဝိၑန်၊
Wɔde Yesu firi Kaiafa fie de no kɔɔ Pilato ahemfie. Saa ɛberɛ no na ɛyɛ anɔpahema. Esiane sɛ na Yudafoɔ no mpɛ sɛ efi ka wɔn na wɔatumi adi Twam Afahyɛ aduane no bi enti, wɔankɔ hɔ bi.
29 အပရံ ပီလာတော ဗဟိရာဂတျ တာန် ပၖၐ္ဌဝါန် ဧတသျ မနုၐျသျ ကံ ဒေါၐံ ဝဒထ?
Pilato firii adi baa faako a na nnipa no wɔ no bɛbisaa wɔn sɛ, “Bɔne bɛn na saa onipa yi ayɛ?”
30 တဒါ တေ ပေတျဝဒန် ဒုၐ္ကရ္မ္မကာရိဏိ န သတိ ဘဝတး သမီပေ နဲနံ သမာရ္ပယိၐျာမး၊
Nnipa no buaa no sɛ, “Sɛ ɔnyɛɛ bɔne biara a anka yɛamfa no amma wʼanim ha.”
31 တတး ပီလာတော'ဝဒဒ် ယူယမေနံ ဂၖဟီတွာ သွေၐာံ ဝျဝသ္ထယာ ဝိစာရယတ၊ တဒါ ယိဟူဒီယား ပြတျဝဒန် ကသျာပိ မနုၐျသျ ပြာဏဒဏ္ဍံ ကရ္တ္တုံ နာသ္မာကမ် အဓိကာရော'သ္တိ၊
Pilato ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Mo ara momfa no nkɔ na momfa mo mmara so nni nʼasɛm.” Yudafoɔ no nso kaa sɛ, “Yɛnni tumi sɛ yɛkum obi.”
32 ဧဝံ သတိ ယီၑုး သွသျ မၖတျော် ယာံ ကထာံ ကထိတဝါန် သာ သဖလာဘဝတ်၊
Deɛ ɛsiiɛ yi maa nsɛm a Yesu ka de kyerɛɛ owu ko a ɔbɛwu no daa adi pefee.
33 တဒနန္တရံ ပီလာတး ပုနရပိ တဒ် ရာဇဂၖဟံ ဂတွာ ယီၑုမာဟူယ ပၖၐ္ဋဝါန် တွံ ကိံ ယိဟူဒီယာနာံ ရာဇာ?
Pilato sane kɔɔ nʼahemfie hɔ kɔbisaa Yesu sɛ, “Wone Yudafoɔ ɔhene no anaa?”
34 ယီၑုး ပြတျဝဒတ် တွမ် ဧတာံ ကထာံ သွတး ကထယသိ ကိမနျး ကၑ္စိန် မယိ ကထိတဝါန်?
Yesu nso bisaa no sɛ, “Wo ara wʼadwene na wode rebisa me saa asɛm yi, anaasɛ nnipa bi na aka me ho asɛm akyerɛ wo?”
35 ပီလာတော'ဝဒဒ် အဟံ ကိံ ယိဟူဒီယး? တဝ သွဒေၑီယာ ဝိၑေၐတး ပြဓာနယာဇကာ မမ နိကဋေ တွာံ သမာရ္ပယန, တွံ ကိံ ကၖတဝါန်?
Pilato buaa Yesu sɛ, “Wosusu sɛ meyɛ Yudani anaa? Wo ara wo nkurɔfoɔ ne wɔn asɔfoɔ mpanin na wɔde wo brɛɛ me. Ɛdeɛn na woayɛ?”
36 ယီၑုး ပြတျဝဒတ် မမ ရာဇျမ် ဧတဇ္ဇဂတ္သမ္ဗန္ဓီယံ န ဘဝတိ ယဒိ မမ ရာဇျံ ဇဂတ္သမ္ဗန္ဓီယမ် အဘဝိၐျတ် တရှိ ယိဟူဒီယာနာံ ဟသ္တေၐု ယထာ သမရ္ပိတော နာဘဝံ တဒရ္ထံ မမ သေဝကာ အယောတ္သျန် ကိန္တု မမ ရာဇျမ် အဲဟိကံ န၊
Yesu buaa no sɛ, “Mʼahennie nnyɛ asase so ahennie; sɛ mʼahennie yɛ asase so ahennie a, anka mʼakyidifoɔ bɛko agye me afiri Yudafoɔ mpanimfoɔ no nsam. Mereka bio sɛ, mʼahennie nnyɛ asase so ahennie.”
37 တဒါ ပီလာတး ကထိတဝါန်, တရှိ တွံ ရာဇာ ဘဝသိ? ယီၑုး ပြတျုက္တဝါန် တွံ သတျံ ကထယသိ, ရာဇာဟံ ဘဝါမိ; သတျတာယာံ သာက္ၐျံ ဒါတုံ ဇနိံ ဂၖဟီတွာ ဇဂတျသ္မိန် အဝတီရ္ဏဝါန်, တသ္မာတ် သတျဓရ္မ္မပက္ၐပါတိနော မမ ကထာံ ၑၖဏွန္တိ၊
Pilato see no sɛ, “Ɛnneɛ na woyɛ ɔhene?” Yesu buaa no sɛ, “Wo na woseɛ sɛ meyɛ ɔhene. Adeɛ baako pɛ enti na wɔwoo me baa ewiase ha, sɛ memmɛdi nokorɛ ho adanseɛ. Obiara a ɔpɛ nokorɛ no tie me.”
38 တဒါ သတျံ ကိံ? ဧတာံ ကထာံ ပၐ္ဋွာ ပီလာတး ပုနရပိ ဗဟိရ္ဂတွာ ယိဟူဒီယာန် အဘာၐတ, အဟံ တသျ ကမပျပရာဓံ န ပြာပ္နောမိ၊
Pilato bisaa no sɛ, “Ɛdeɛn ne saa nokorɛ no?” Afei, Pilato firii adi kɔɔ Yudafoɔ no nkyɛn kɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Menni asɛm biara a mɛgyina so abu no fɔ.
39 နိသ္တာရောတ္သဝသမယေ ယုၐ္မာဘိရဘိရုစိတ ဧကော ဇနော မယာ မောစယိတဝျ ဧၐာ ယုၐ္မာကံ ရီတိရသ္တိ, အတဧဝ ယုၐ္မာကံ နိကဋေ ယိဟူဒီယာနာံ ရာဇာနံ ကိံ မောစယာမိ, ယုၐ္မာကမ် ဣစ္ဆာ ကာ?
Nanso, sɛdeɛ mo Twam Afahyɛ amanneɛ te no, afeɛ biara moma megyaa ɔdeduani baako ma mo. Mopɛ sɛ megyaa Yudafoɔ ɔhene no ma mo anaa?”
40 တဒါ တေ သရွွေ ရုဝန္တော ဝျာဟရန် ဧနံ မာနုၐံ နဟိ ဗရဗ္ဗာံ မောစယ၊ ကိန္တု သ ဗရဗ္ဗာ ဒသျုရာသီတ်၊
Yudafoɔ no teateaam sɛ, “Dabi! Ɛnyɛ saa onipa yi. Gyaa Baraba ma yɛn!” Na saa Baraba yi yɛ ɔmammɔfoɔ.

< ယောဟနး 18 >