< ဣဗြိဏး 7 >

1 ၑာလမသျ ရာဇာ သရွွောပရိသ္ထသျေၑွရသျ ယာဇကၑ္စ သန် ယော နၖပတီနာံ မာရဏာတ် ပြတျာဂတမ် ဣဗြာဟီမံ သာက္ၐာတ္ကၖတျာၑိၐံ ဂဒိတဝါန်,
Na saa Melkisedek yi yɛ Salemhene, ɛnna ɔsane yɛ Ɔsorosoro Onyankopɔn ɔsɔfoɔ. Ɛberɛ a Abraham firi ɔko a ɔkumm ahemfo ano reba no, Melkisedek hyiaa no hyiraa no.
2 ယသ္မဲ စေဗြာဟီမ် သရွွဒြဝျာဏာံ ဒၑမာံၑံ ဒတ္တဝါန် သ မလ္ကီၐေဒက် သွနာမ္နော'ရ္ထေန ပြထမတော ဓရ္မ္မရာဇး ပၑ္စာတ် ၑာလမသျ ရာဇာရ္ထတး ၑာန္တိရာဇော ဘဝတိ၊
Abraham maa no nʼasadeɛ no mu nkyɛmu edu mu baako. Melkisedek din no nkyerɛaseɛ a ɛdi ɛkan no ne Tenenee Ɔhene. Esiane sɛ na ɔyɛ Salemhene no enti, wɔkyerɛɛ ne din no ase sɛ Asomdwoeɛhene.
3 အပရံ တသျ ပိတာ မာတာ ဝံၑသျ နိရ္ဏယ အာယုၐ အာရမ္ဘော ဇီဝနသျ ၑေၐၑ္စဲတေၐာမ် အဘာဝေါ ဘဝတိ, ဣတ္ထံ သ ဤၑွရပုတြသျ သဒၖၑီကၖတး, သ တွနန္တကာလံ ယာဝဒ် ယာဇကသ္တိၐ္ဌတိ၊
Obi nnim Melkisedek agya, ne maame, ne ne mpanimfoɔ ho asɛm. Saa ara nso na obi nnim nʼawoɔ ne ne owuo nso ho asɛm. Ɔsɛ Onyankopɔn Ba, na ɔda so yɛ ɔsɔfoɔ daadaa.
4 အတဧဝါသ္မာကံ ပူရွွပုရုၐ ဣဗြာဟီမ် ယသ္မဲ လုဌိတဒြဝျာဏာံ ဒၑမာံၑံ ဒတ္တဝါန် သ ကီဒၖက် မဟာန် တဒ် အာလောစယတ၊
Yei di ho adanseɛ sɛ na ɔyɛ onipa kɛseɛ a Agya Abraham mpo tumi ma no nʼasadeɛ mu nkyɛmu edu mu baako.
5 ယာဇကတွပြာပ္တာ လေဝေး သန္တာနာ ဝျဝသ္ထာနုသာရေဏ လောကေဘျော'ရ္ထတ ဣဗြာဟီမော ဇာတေဘျး သွီယဘြာတၖဘျော ဒၑမာံၑဂြဟဏသျာဒေၑံ လဗ္ဓဝန္တး၊
Nanso, Lewi asefoɔ a wɔyɛ asɔfoɔ no Mmara na ɛhyɛ wɔn sɛ wɔnnye nkyɛmu edu mu baako mfiri wɔn ara wɔn nkurɔfoɔ Israelfoɔ nkyɛn a wɔn nso yɛ Abraham asefoɔ no.
6 ကိန္တွသော် ယဒျပိ တေၐာံ ဝံၑာတ် နောတ္ပန္နသ္တထာပီဗြာဟီမော ဒၑမာံၑံ ဂၖဟီတဝါန် ပြတိဇ္ဉာနာမ် အဓိကာရိဏမ် အာၑိၐံ ဂဒိတဝါံၑ္စ၊
Melkisedek nyɛ Lewi aseni, nanso ɔgyee nkyɛmu edu mu baako firii Abraham nkyɛn hyiraa no maa ɔnyaa Onyankopɔn bɔhyɛ no.
7 အပရံ ယး ၑြေယာန် သ က္ၐုဒြတရာယာၑိၐံ ဒဒါတီတျတြ ကော'ပိ သန္ဒေဟော နာသ္တိ၊
Akyinnyeɛ biara nni ho sɛ deɛ ɔma nhyira so sene deɛ ɔgye nhyira.
8 အပရမ် ဣဒါနီံ ယေ ဒၑမာံၑံ ဂၖဟ္လန္တိ တေ မၖတျောရဓီနာ မာနဝါး ကိန္တု တဒါနီံ ယော ဂၖဟီတဝါန် သ ဇီဝတီတိပြမာဏပြာပ္တး၊
Wɔde nnipa akatua nkyɛmu edu mu baako ma asɔfoɔ, nanso asɔfoɔ yi nyinaa wu, gye Melkisedek a Atwerɛsɛm no ka sɛ ɔte ase.
9 အပရံ ဒၑမာံၑဂြာဟီ လေဝိရပီဗြာဟီမ္ဒွါရာ ဒၑမာံၑံ ဒတ္တဝါန် ဧတဒပိ ကထယိတုံ ၑကျတေ၊
Enti, nokorɛm, Abraham tuaa nkyɛmu edu no, Lewi a nʼasefoɔ gye nkyɛmu edu no nso nam Abraham so tuaa bi maa Melkisedek.
10 ယတော ယဒါ မလ္ကီၐေဒက် တသျ ပိတရံ သာက္ၐာတ် ကၖတဝါန် တဒါနီံ သ လေဝိး ပိတုရုရသျာသီတ်၊
Na wɔnwoo Lewi, nanso ɛsiane sɛ na ɔhyɛ ne nana Abraham mu saa ɛberɛ no a Melkisedek hyiaa no no enti na ɔtuaeɛ.
11 အပရံ ယသျ သမ္ဗန္ဓေ လောကာ ဝျဝသ္ထာံ လဗ္ဓဝန္တသ္တေန လေဝီယယာဇကဝရ္ဂေဏ ယဒိ သိဒ္ဓိး သမဘဝိၐျတ် တရှိ ဟာရောဏသျ ၑြေဏျာ မဓျာဒ် ယာဇကံ န နိရူပျေၑွရေဏ မလ္ကီၐေဒကး ၑြေဏျာ မဓျာဒ် အပရသျဲကသျ ယာဇကသျောတ္ထာပနံ ကုတ အာဝၑျကမ် အဘဝိၐျတ်?
Ɛnam Lewi asɔfodie so enti na wɔde Mmara no maa Israelfoɔ. Ɛno enti sɛ Lewifoɔ asɔfodie no tumi de pɛyɛ brɛ nnipa a, anka ɛho nhia sɛ wɔbɛfa ɔsɔfoɔ foforɔ bi sɛ Melkisedek a ɔmfiri Aaron abusua mu.
12 ယတော ယာဇကဝရ္ဂသျ ဝိနိမယေန သုတရာံ ဝျဝသ္ထာယာ အပိ ဝိနိမယော ဇာယတေ၊
Sɛ ɛba sɛ asɔfodie no sesa a, ɛma ɛho mmara no nso sesa.
13 အပရဉ္စ တဒ် ဝါကျံ ယသျောဒ္ဒေၑျံ သော'ပရေဏ ဝံၑေန သံယုက္တာ'သ္တိ တသျ ဝံၑသျ စ ကော'ပိ ကဒါပိ ဝေဒျား ကရ္မ္မ န ကၖတဝါန်၊
Nanso, yɛn Awurade a wɔka saa asɛm yi nyinaa fa ne ho no firi abusua foforɔ mu. Ne busuani biara nnii ɔsɔfoɔ wɔ afɔrebukyia ho da.
14 ဝသ္တုတသ္တု ယံ ဝံၑမဓိ မူသာ ယာဇကတွသျဲကာံ ကထာမပိ န ကထိတဝါန် တသ္မိန် ယိဟူဒါဝံၑေ'သ္မာကံ ပြဘု ရ္ဇန္မ ဂၖဟီတဝါန် ဣတိ သုသ္ပၐ္ဋံ၊
Ɛyɛ sɛnnahɔ sɛ wɔwoo no too Yuda abusua mu, na Mose kaa asɔfoɔ ho asɛm no nso, wammɔ nʼabusua din da.
15 တသျ သ္ပၐ္ဋတရမ် အပရံ ပြမာဏမိဒံ ယတ် မလ္ကီၐေဒကး သာဒၖၑျဝတာပရေဏ တာဒၖၑေန ယာဇကေနောဒေတဝျံ,
Asɛm no da ne ho adi pefee, ɛfiri sɛ, ɔsɔfoɔ foforɔ bi aba a ɔte sɛ Melkisedek.
16 ယသျ နိရူပဏံ ၑရီရသမ္ဗန္ဓီယဝိဓိယုက္တယာ ဝျဝသ္ထာယာ န ဘဝတိ ကိန္တွက္ၐယဇီဝနယုက္တယာ ၑက္တျာ ဘဝတိ၊
Ɔno deɛ, ɛnnam onipa mmara so na wɔhyɛɛ no ɔsɔfoɔ, na mmom wɔnam nkwa a ɛnni awieeɛ tumi so na ɛyɛɛ no ɔsɔfoɔ.
17 ယတ ဤၑွရ ဣဒံ သာက္ၐျံ ဒတ္တဝါန်, ယထာ, "တွံ မက္လီၐေဒကး ၑြေဏျာံ ယာဇကော'သိ သဒါတနး၊ " (aiōn g165)
Atwerɛsɛm no ka sɛ, “Wobɛyɛ ɔsɔfoɔ akɔsi daa sɛdeɛ Melkisedek asɔfokwan nhyehyɛeɛ te no.” (aiōn g165)
18 အနေနာဂြဝရ္တ္တိနော ဝိဓေ ဒုရ္ဗ္ဗလတာယာ နိၐ္ဖလတာယာၑ္စ ဟေတောရရ္ထတော ဝျဝသ္ထယာ ကိမပိ သိဒ္ဓံ န ဇာတမိတိဟေတောသ္တသျ လောပေါ ဘဝတိ၊
Wɔato mmara dada no atwene, ɛfiri sɛ, sintɔ bi wɔ mmara no mu, na ɛho nni mfasoɔ nso.
19 ယယာ စ ဝယမ် ဤၑွရသျ နိကဋဝရ္တ္တိနော ဘဝါမ ဧတာဒၖၑီ ၑြေၐ္ဌပြတျာၑာ သံသ္ထာပျတေ၊
Ɛno enti, Mose Mmara no antumi amma biribiara anyɛ pɛ. Nanso wɔde anidasoɔ pa bi a yɛnam so bɛn Onyankopɔn aba.
20 အပရံ ယီၑုး ၑပထံ ဝိနာ န နိယုက္တသ္တသ္မာဒပိ သ ၑြေၐ္ဌနိယမသျ မဓျသ္ထော ဇာတး၊
Ɛno akyi, Onyankopɔn ntam abɛka ho. Ɛberɛ a ɔhyɛɛ Aaron asefoɔ asɔfoɔ no na ntam a ɛte saa nni hɔ.
21 ယတသ္တေ ၑပထံ ဝိနာ ယာဇကာ ဇာတား ကိန္တွသော် ၑပထေန ဇာတး ယတး သ ဣဒမုက္တး, ယထာ,
Yesu deɛ, ɔnam ntam so bɛyɛɛ ɔsɔfoɔ ɛberɛ a Onyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ, “Awurade aka ntam; na ɔrensesa nʼadwene: ‘Wobɛyɛ ɔsɔfoɔ daa nyinaa.’” (aiōn g165)
22 "ပရမေၑ ဣဒံ ၑေပေ န စ တသ္မာန္နိဝရ္တ္သျတေ၊ တွံ မလ္ကီၐေဒကး ၑြေဏျာံ ယာဇကော'သိ သဒါတနး၊ " (aiōn g165)
Saa ntam yi enti, Yesu gyina mu ma yɛn, na ɛma yɛne Onyankopɔn apam no di mu.
23 တေ စ ဗဟဝေါ ယာဇကာ အဘဝန် ယတသ္တေ မၖတျုနာ နိတျသ္ထာယိတွာတ် နိဝါရိတား,
Nsonsonoeɛ foforɔ bi nso wɔ hɔ. Na saa asɔfoɔ no dɔɔso, ɛfiri sɛ, na wɔwuwu a wɔntumi ntoa wɔn adwuma so.
24 ကိန္တွသာဝနန္တကာလံ ယာဝတ် တိၐ္ဌတိ တသ္မာတ် တသျ ယာဇကတွံ န ပရိဝရ္တ္တနီယံ၊ (aiōn g165)
Nanso, Yesu deɛ, ɔwɔ hɔ daa na nʼasɔfodwuma no nso, obi ntoa so mma no. (aiōn g165)
25 တတော ဟေတော ရျေ မာနဝါသ္တေနေၑွရသျ သန္နိဓိံ ဂစ္ဆန္တိ တာန် သ ၑေၐံ ယာဝတ် ပရိတြာတုံ ၑက္နောတိ ယတသ္တေၐာံ ကၖတေ ပြာရ္ထနာံ ကရ္တ္တုံ သ သတတံ ဇီဝတိ၊
Enti, ɔtumi gye wɔn a wɔnam ne so ba Onyankopɔn nkyɛn no ɛnnɛ ne daa, ɛfiri sɛ, ɔte hɔ daa srɛ Onyankopɔn ma wɔn.
26 အပရမ် အသ္မာကံ တာဒၖၑမဟာယာဇကသျ ပြယောဇနမာသီဒ် ယး ပဝိတြော 'ဟိံသကော နိၐ္ကလင်္ကး ပါပိဘျော ဘိန္နး သွရ္ဂာဒပျုစ္စီကၖတၑ္စ သျာတ်၊
Yesu ne Ɔsɔfopanin a ɔboa yɛn wɔ yɛn ahiasɛm mu. Ɔyɛ kronkron. Ɔnni mfomsoɔ biara wɔ ne mu, na ɔnyɛ bɔne. Wɔate no afiri nnebɔneyɛfoɔ ho na wɔapagya no aboro ɔsoro so.
27 အပရံ မဟာယာဇကာနာံ ယထာ တထာ တသျ ပြတိဒိနံ ပြထမံ သွပါပါနာံ ကၖတေ တတး ပရံ လောကာနာံ ပါပါနာံ ကၖတေ ဗလိဒါနသျ ပြယောဇနံ နာသ္တိ ယတ အာတ္မဗလိဒါနံ ကၖတွာ တဒ် ဧကကၖတွသ္တေန သမ္ပာဒိတံ၊
Ɔnte sɛ asɔfoɔ mpanin a aka no a, daa afɔrebɔ a ɔbɔ no kane no ɔbɔ wɔ ne bɔne a wayɛ ho ansa na afei, wabɔ afoforɔ deɛ no. Ɔbɔɔ afɔdeɛ baako pɛ a ɔde ne ho na ɛbɔeɛ.
28 ယတော ဝျဝသ္ထယာ ယေ မဟာယာဇကာ နိရူပျန္တေ တေ ဒေါ်ရ္ဗ္ဗလျယုက္တာ မာနဝါး ကိန္တု ဝျဝသ္ထာတး ပရံ ၑပထယုက္တေန ဝါကျေန ယော မဟာယာဇကော နိရူပိတး သော 'နန္တကာလာရ္ထံ သိဒ္ဓး ပုတြ ဧဝ၊ (aiōn g165)
Mose Mmara no yi nnipa a wɔmfata ma wɔyɛ asɔfoɔ mpanin, nanso Onyankopɔn bɔ a ɔde ntam kaa ho no a ɛtaa Mmara no akyi no, yii Ɔba no a ɔyɛ pɛ daa nyinaa no. (aiōn g165)

< ဣဗြိဏး 7 >