< ဣဗြိဏး 5 >

1 ယး ကၑ္စိတ် မဟာယာဇကော ဘဝတိ သ မာနဝါနာံ မဓျာတ် နီတး သန် မာနဝါနာံ ကၖတ ဤၑွရောဒ္ဒေၑျဝိၐယေ'ရ္ထတ ဥပဟာရာဏာံ ပါပါရ္ထကဗလီနာဉ္စ ဒါန နိယုဇျတေ၊
Wɔyi Ɔsɔfopanin biara firi nnipa bi mu na wasi wɔn ananmu de wɔn akyɛdeɛ ne wɔn bɔne ho afɔdeɛ asom Onyankopɔn.
2 သ စာဇ္ဉာနာံ ဘြာန္တာနာဉ္စ လောကာနာံ ဒုးခေန ဒုးခီ ဘဝိတုံ ၑက္နောတိ, ယတော ဟေတေား သ သွယမပိ ဒေါ်ရ္ဗ္ဗလျဝေၐ္ဋိတော ဘဝတိ၊
Esiane sɛ nʼankasa yɛ mmerɛ akwan ahodoɔ pii so no enti, ɔtumi to ne bo ase ma wɔn a wɔnnim na wɔyɛ mfomsoɔ no.
3 ဧတသ္မာတ် ကာရဏာစ္စ ယဒွတ် လောကာနာံ ကၖတေ တဒွဒ် အာတ္မကၖတေ'ပိ ပါပါရ္ထကဗလိဒါနံ တေန ကရ္တ္တဝျံ၊
Ne mmerɛyɛ enti, sɛ ɔrebɔ bɔne ho afɔdeɛ a, ɛsɛ sɛ ɔbɔ ma ne ho ne afoforɔ nso.
4 သ ဃောစ္စပဒး သွေစ္ဆာတး ကေနာပိ န ဂၖဟျတေ ကိန္တု ဟာရောဏ ဣဝ ယ ဤၑွရေဏာဟူယတေ တေနဲဝ ဂၖဟျတေ၊
Obiara ntumi nyi ne ho mfa nhyɛ ne ho animuonyam sɛ ɔyɛ Ɔsɔfopanin. Onyankopɔn frɛ nko na onipa nam so bɛyɛ Ɔsɔfopanin sɛdeɛ wɔfrɛɛ Aaron no.
5 ဧဝမ္ပြကာရေဏ ခြီၐ္ဋော'ပိ မဟာယာဇကတွံ ဂြဟီတုံ သွီယဂေါ်ရဝံ သွယံ န ကၖတဝါန်, ကိန္တု "မဒီယတနယော'သိ တွမ် အဒျဲဝ ဇနိတော မယေတိ" ဝါစံ ယသ္တံ ဘာၐိတဝါန် သ ဧဝ တသျ ဂေါ်ရဝံ ကၖတဝါန်၊
Saa ara nso na Kristo annye anto ne ho so sɛ ɔyɛ Ɔsɔfopanin amfa anhyɛ ne ho animuonyam. Na mmom, Onyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ, “Woyɛ me Ba: ɛnnɛ, mayɛ wʼAgya.”
6 တဒွဒ် အနျဂီတေ'ပီဒမုက္တံ, တွံ မလ္ကီၐေဒကး ၑြေဏျာံ ယာဇကော'သိ သဒါတနး၊ (aiōn g165)
Ɔsane kaa wɔ baabi foforɔ sɛ, “Wobɛyɛ ɔsɔfoɔ akɔsi daa sɛdeɛ Melkisedek asɔfokwan nhyehyɛeɛ te no.” (aiōn g165)
7 သ စ ဒေဟဝါသကာလေ ဗဟုကြန္ဒနေနာၑြုပါတေန စ မၖတျုတ ဥဒ္ဓရဏေ သမရ္ထသျ ပိတုး သမီပေ ပုနး ပုနရွိနတိံ ပြရ္ထနာဉ္စ ကၖတွာ တတ္ဖလရူပိဏီံ ၑင်္ကာတော ရက္ၐာံ ပြာပျ စ
Yesu baa ɔhonam mu wɔ asase so no, ɔbɔɔ mpaeɛ nam nkotosrɛ so de nʼabisadeɛ too Onyankopɔn a ɔbɛtumi agye no afiri owuo mu no anim. Esiane sɛ ɔdwo na ɔde ne ho nyinaa som no no enti, Onyankopɔn tiee no.
8 ယဒျပိ ပုတြော'ဘဝတ် တထာပိ ယဲရက္လိၑျတ တဲရာဇ္ဉာဂြဟဏမ် အၑိက္ၐတ၊
Ɛwom sɛ na ɔyɛ Onyankopɔn Ba deɛ, nanso ɔnam nʼamanehunu so suaa ahobrɛaseɛ.
9 ဣတ္ထံ သိဒ္ဓီဘူယ နိဇာဇ္ဉာဂြာဟိဏာံ သရွွေၐာမ် အနန္တပရိတြာဏသျ ကာရဏသွရူပေါ 'ဘဝတ်၊ (aiōnios g166)
Na ɔwiee pɛyɛ no, wɔn a wɔtie no no nam ne so nya nkwagyeɛ a ɛnni awieeɛ, (aiōnios g166)
10 တသ္မာတ် သ မလ္ကီၐေဒကး ၑြေဏီဘုက္တော မဟာယာဇက ဤၑွရေဏာချာတး၊
na Onyankopɔn ada no adi sɛ ɔyɛ Ɔsɔfopanin sɛdeɛ Melkisedek asɔfokwan nhyehyɛeɛ te no.
11 တမဓျသ္မာကံ ဗဟုကထား ကထယိတဝျား ကိန္တု တား သ္တဗ္ဓကရ္ဏဲ ရျုၐ္မာဘိ ရ္ဒုရ္ဂများ၊
Yɛwɔ yei ho nsɛm pii ka, nanso emu kyerɛkyerɛ yɛ den, ɛfiri sɛ, mo nteaseɛ yɛ den.
12 ယတော ယူယံ ယဒျပိ သမယသျ ဒီရ္ဃတွာတ် ၑိက္ၐကာ ဘဝိတုမ် အၑက္ၐျတ တထာပီၑွရသျ ဝါကျာနာံ ယာ ပြထမာ ဝရ္ဏမာလာ တာမဓိ ၑိက္ၐာပြာပ္တိ ရျုၐ္မာကံ ပုနရာဝၑျကာ ဘဝတိ, တထာ ကဌိနဒြဝျေ နဟိ ကိန္တု ဒုဂ္ဓေ ယုၐ္မာကံ ပြယောဇနမ် အာသ္တေ၊
Moayɛ nkyerɛkyerɛ adwuma no akyɛre, nanso ɛsɛ sɛ monya obi ma ɔkyerɛkyerɛ mo Onyankopɔn ho asɛm firi ne ahyɛaseɛ. Anka ɛsɛ sɛ saa ɛberɛ yi modi aduane a ɛyɛ den, nanso nufosuo na ɛyɛ ma mo.
13 ယော ဒုဂ္ဓပါယီ သ ၑိၑုရေဝေတိကာရဏာတ် ဓရ္မ္မဝါကျေ တတ္ပရော နာသ္တိ၊
Obiara a nufosuo yɛ ma no da so yɛ abadomaa a ɔnnim deɛ ɛyɛ ne deɛ ɛnyɛ.
14 ကိန္တု သဒသဒွိစာရေ ယေၐာံ စေတာံသိ ဝျဝဟာရေဏ ၑိက္ၐိတာနိ တာဒၖၑာနာံ သိဒ္ဓလောကာနာံ ကဌောရဒြဝျေၐု ပြယောဇနမသ္တိ၊
Aduane a ɛyɛ den yɛ ma mpanimfoɔ a wɔatete wɔn na wɔahunu nsonsonoeɛ a ɛda papa ne bɔne ntam.

< ဣဗြိဏး 5 >