< ကလသိနး 1 >

1 ဤၑွရသျေစ္ဆယာ ယီၑုခြီၐ္ဋသျ ပြေရိတး ပေါ်လသ္တီမထိယော ဘြာတာ စ ကလသီနဂရသ္ထာန် ပဝိတြာန် ဝိၑွသ္တာန် ခြီၐ္ဋာၑြိတဘြာတၖန် ပြတိ ပတြံ လိခတး၊
Saa krataa yi fi Paulo a ɛnam Onyankopɔn pɛ so nti, ɔyɛ Kristo somafo no ne yɛn nua Timoteo nkyɛn,
2 အသ္မာကံ တာတ ဤၑွရး ပြဘု ရျီၑုခြီၐ္ဋၑ္စ ယုၐ္မာန် ပြတိ ပြသာဒံ ၑာန္တိဉ္စ ကြိယာသ္တာံ၊
De rekɔma ahotefo a wɔwɔ Kolose a wɔyɛ Kristo mu agyidifo no: Adom ne asomdwoe a efi yɛn Agya Onyankopɔn nka mo.
3 ခြီၐ္ဋေ ယီၑော် ယုၐ္မာကံ ဝိၑွာသသျ သရွွာန် ပဝိတြလောကာန် ပြတိ ပြေမ္နၑ္စ ဝါရ္တ္တာံ ၑြုတွာ
Bere biara a yɛbɔ mpae ma mo no, yɛda Onyankopɔn a ɔyɛ Awurade Yesu Kristo Agya no ase.
4 ဝယံ သဒါ ယုၐ္မဒရ္ထံ ပြာရ္ထနာံ ကုရွွန္တး သွရ္ဂေ နိဟိတာယာ ယုၐ္မာကံ ဘာဝိသမ္ပဒး ကာရဏာတ် သွကီယပြဘော ရျီၑုခြီၐ္ဋသျ တာတမ် ဤၑွရံ ဓနျံ ဝဒါမး၊
Efisɛ yɛate mo gyidi a mowɔ wɔ Kristo Yesu mu, ne dɔ a modɔ ahotefo no.
5 ယူယံ တသျာ ဘာဝိသမ္ပဒေါ ဝါရ္တ္တာံ ယယာ သုသံဝါဒရူပိဏျာ သတျဝါဏျာ ဇ္ဉာပိတား
Da a edi kan a motee Asɛmpa no munyaa mu anidaso a ɛwɔ hɔ ma mo no. Enti mo gyidi ne mo dɔ a mowɔ no gyina mo anidaso a mowɔ a wɔakora no wɔ ɔsoro ama mo no so.
6 သာ ယဒွတ် ကၖသ္နံ ဇဂဒ် အဘိဂစ္ဆတိ တဒွဒ် ယုၐ္မာန် အပျဘျဂမတ်, ယူယဉ္စ ယဒ် ဒိနမ် အာရဘျေၑွရသျာနုဂြဟသျ ဝါရ္တ္တာံ ၑြုတွာ သတျရူပေဏ ဇ္ဉာတဝန္တသ္တဒါရဘျ ယုၐ္မာကံ မဓျေ'ပိ ဖလတိ ဝရ္ဒ္ဓတေ စ၊
Efi da a edi kan a motee Onyankopɔn adom na muhuu sɛnea ɛte no, Asɛmpa no de nhyira abrɛ wiase mmaa nyinaa, na trɛw ara na ɛretrɛw sɛnea muhu no wɔ mo mu no.
7 အသ္မာကံ ပြိယး သဟဒါသော ယုၐ္မာကံ ကၖတေ စ ခြီၐ္ဋသျ ဝိၑွသ္တပရိစာရကော ယ ဣပဖြာသ္တဒ် ဝါကျံ
Ɛnam Epafra a ɔyɛ yɛn nua somfo a ɔde gyidi yɛ Kristo adwuma ma yɛn no so na muhuu eyi.
8 ယုၐ္မာန် အာဒိၐ္ဋဝါန် သ ဧဝါသ္မာန် အာတ္မနာ ဇနိတံ ယုၐ္မာကံ ပြေမ ဇ္ဉာပိတဝါန်၊
Ɔkaa ɔdɔ a Honhom no de ama mo no kyerɛɛ yɛn.
9 ဝယံ ယဒ် ဒိနမ် အာရဘျ တာံ ဝါရ္တ္တာံ ၑြုတဝန္တသ္တဒါရဘျ နိရန္တရံ ယုၐ္မာကံ ကၖတေ ပြာရ္ထနာံ ကုရ္မ္မး ဖလတော ယူယံ ယတ် ပူရ္ဏာဘျာမ် အာတ္မိကဇ္ဉာနဝုဒ္ဓိဘျာမ် ဤၑွရသျာဘိတမံ သမ္ပူရ္ဏရူပေဏာဝဂစ္ဆေတ,
Esiane saa nti, efi bere a yɛtee mo nka no, yɛbɔ mpae ma mo daa. Yɛsrɛɛ Onyankopɔn sɛ omfi ne pɛ mu mma mo nyansa ne ntease a ne Honhom de ma no.
10 ပြဘော ရျောဂျံ သရွွထာ သန္တောၐဇနကဉ္စာစာရံ ကုရျျာတာရ္ထတ ဤၑွရဇ္ဉာနေ ဝရ္ဒ္ဓမာနား သရွွသတ္ကရ္မ္မရူပံ ဖလံ ဖလေတ,
Ɛba saa a na mubetumi atena ase sɛnea Awurade hwehwɛ na bere biara nso, mobɛyɛ nea ɛsɔ nʼani. Dwuma biara a mubedi no, ɛbɛsow aba pa na mubenyin wɔ Onyankopɔn ho nimdeɛ mu.
11 ယထာ စေၑွရသျ မဟိမယုက္တယာ ၑက္တျာ သာနန္ဒေန ပူရ္ဏာံ သဟိၐ္ဏုတာံ တိတိက္ၐာဉ္စာစရိတုံ ၑက္ၐျထ တာဒၖၑေန ပူရ္ဏဗလေန ယဒ် ဗလဝန္တော ဘဝေတ,
Yɛrebɔ mpae nso sɛ ne tumi ne nʼahoɔden bɛhyɛ mo ma na moatumi de Awurade mu ahosɛpɛw ne boasetɔ agyina biribiara ano.
12 ယၑ္စ ပိတာ တေဇောဝါသိနာံ ပဝိတြလောကာနာမ် အဓိကာရသျာံၑိတွာယာသ္မာန် ယောဂျာန် ကၖတဝါန် တံ ယဒ် ဓနျံ ဝဒေတ ဝရမ် ဧနံ ယာစာမဟေ၊
Momfa ahosɛpɛw nna Agya no a ɛnam ne so nti moanya nea wakora so ama nʼahotewfo a wɔwɔ ne hann no mu no bi no ase.
13 ယတး သော'သ္မာန် တိမိရသျ ကရ္တ္တၖတွာဒ် ဥဒ္ဓၖတျ သွကီယသျ ပြိယပုတြသျ ရာဇျေ သ္ထာပိတဝါန်၊
Ogyee yɛn fii sum tumi ase de yɛn baa ne Dɔba no Ahenni mu dwoodwoo.
14 တသ္မာတ် ပုတြာဒ် ဝယံ ပရိတြာဏမ် အရ္ထတး ပါပမောစနံ ပြာပ္တဝန္တး၊
Ne mu na yenya ogye. Ne mu nso na yenya bɔnefakyɛ.
15 သ စာဒၖၑျသျေၑွရသျ ပြတိမူရ္တိး ကၖတ္သ္နာယား သၖၐ္ဋေရာဒိကရ္တ္တာ စ၊
Kristo yɛ Onyankopɔn a wonhu no no sɛso. Ɔno ne abɔde nyinaa farebae.
16 ယတး သရွွမေဝ တေန သသၖဇေ သိံဟာသနရာဇတွပရာကြမာဒီနိ သွရ္ဂမရ္တ္တျသ္ထိတာနိ ဒၖၑျာဒၖၑျာနိ ဝသ္တူနိ သရွွာဏိ တေနဲဝ တသ္မဲ စ သသၖဇိရေ၊
Efisɛ ɛnam ne so na Onyankopɔn bɔɔ biribiara a ɛwɔ ɔsoro ne asase so, nea wohu ne nea wonhu, honhom mu atumfo, awuranom ne ahemfo. Onyankopɔn nam ne so na ɔbɔɔ wiase nyinaa na ɔbɔ maa no nso.
17 သ သရွွေၐာမ် အာဒိး သရွွေၐာံ သ္ထိတိကာရကၑ္စ၊
Na ɔwɔ hɔ ansa na wɔrebɔ biribiara, na ne mu na biribiara nya nʼafa pɛpɛɛpɛ.
18 သ ဧဝ သမိတိရူပါယာသ္တနော ရ္မူရ္ဒ္ဓါ ကိဉ္စ သရွွဝိၐယေ သ ယဒ် အဂြိယော ဘဝေတ် တဒရ္ထံ သ ဧဝ မၖတာနာံ မဓျာတ် ပြထမတ ဥတ္ထိတော'ဂြၑ္စ၊
Asafo no yɛ ne nipadua, na ɔno na ɔyɛ asafo no ti. Ɔno na nipadua no nkwa fi. Ɔno ne Abakan a wonyan no fii awufo mu sɛnea ɛbɛyɛ a ɔno nko ara bedi ade nyinaa mu kan.
19 ယတ ဤၑွရသျ ကၖတ္သ္နံ ပူရ္ဏတွံ တမေဝါဝါသယိတုံ
Efisɛ Onyankopɔn no ani gye sɛ Ɔba no wɔ ne su nyinaa wɔ ne mu.
20 ကြုၑေ ပါတိတေန တသျ ရက္တေန သန္ဓိံ ဝိဓာယ တေနဲဝ သွရ္ဂမရ္တ္တျသ္ထိတာနိ သရွွာဏိ သွေန သဟ သန္ဓာပယိတုဉ္စေၑွရေဏာဘိလေၐေ၊
Ɛnam ne Ba no so na Onyankopɔn fi ne pɛ mu de wiase nyinaa san bɛhyɛɛ ɔno ankasa ase. Onyankopɔn nam ne Ba no wu a owui wɔ asennua so no de asomdwoe bae, enti ɔde nneɛma a ɛwɔ asase so ne ɔsoro nyinaa ahyɛ nʼase.
21 ပူရွွံ ဒူရသ္ထာ ဒုၐ္ကြိယာရတမနသ္ကတွာတ် တသျ ရိပဝၑ္စာသ္တ ယေ ယူယံ တာန် ယုၐ္မာန် အပိ သ ဣဒါနီံ တသျ မာံသလၑရီရေ မရဏေန သွေန သဟ သန္ဓာပိတဝါန်၊
Bere bi a atwam no, esiane sɛ na moyɛ bɔne na modwene bɔne ho nti, na mo ne Onyankopɔn ntam kwan ware a na moyɛ nʼatamfo nso.
22 ယတး သ သွသမ္မုခေ ပဝိတြာန် နိၐ္ကလင်္ကာန် အနိန္ဒနီယာံၑ္စ ယုၐ္မာန် သ္ထာပယိတုမ် ဣစ္ဆတိ၊
Nanso ɛnam ne Ba no wu so nti Onyankopɔn afa mo nnamfo, sɛnea ɛbɛyɛ a mobɛyɛ kronkron a bɔne biara nni mo ho wɔ nʼanim.
23 ကိန္တွေတဒရ္ထံ ယုၐ္မာဘိ ရ္ဗဒ္ဓမူလဲး သုသ္ထိရဲၑ္စ ဘဝိတဝျမ်, အာကာၑမဏ္ဍလသျာဓးသ္ထိတာနာံ သရွွလောကာနာံ မဓျေ စ ဃုၐျမာဏော ယး သုသံဝါဒေါ ယုၐ္မာဘိရၑြာဝိ တဇ္ဇာတာယာံ ပြတျာၑာယာံ ယုၐ္မာဘိရစလဲ ရ္ဘဝိတဝျံ၊
Ɛsɛ sɛ mokɔ so ma mo gyidi mu yɛ den. Mommma ho kwan mma mo anidaso a munyaa no da a edi kan a motee Asɛmpa no nhinhim. Saa Asɛmpa a wɔka kyerɛ nnipa nyinaa yi nti na me, Paulo, mebɛyɛɛ ɔsomfo no.
24 တသျ သုသံဝါဒသျဲကး ပရိစာရကော ယော'ဟံ ပေါ်လး သော'ဟမ် ဣဒါနီမ် အာနန္ဒေန ယုၐ္မဒရ္ထံ ဒုးခါနိ သဟေ ခြီၐ္ဋသျ က္လေၑဘောဂသျ ယောံၑော'ပူရ္ဏသ္တမေဝ တသျ တနေား သမိတေး ကၖတေ သွၑရီရေ ပူရယာမိ စ၊
Ɛyɛ me anigye sɛ merebrɛ mo ho. Menam me honam mu amane a merehu no so retoa Kristo amane a ohuu wɔ ne honam mu maa nʼasafo no so.
25 ယတ ဤၑွရသျ မန္တြဏယာ ယုၐ္မဒရ္ထမ် ဤၑွရီယဝါကျသျ ပြစာရသျ ဘာရော မယိ သမပိတသ္တသ္မာဒ် အဟံ တသျား သမိတေး ပရိစာရကော'ဘဝံ၊
Onyankopɔn a mo yiyedi nti ɔde saa dwuma yi hyɛɛ me nsa no ayɛ me asafo no somfo. Dwumadi no yɛ nʼasɛm no ka,
26 တတ် နိဂူဎံ ဝါကျံ ပူရွွယုဂေၐု ပူရွွပုရုၐေဘျး ပြစ္ဆန္နမ် အာသီတ် ကိန္တွိဒါနီံ တသျ ပဝိတြလောကာနာံ သန္နိဓော် တေန ပြာကာၑျတ၊ (aiōn g165)
a ɛyɛ ahintasɛm a mfe bebree a atwam no, ɔde hintaw adesamma, nanso afei de, wada no adi akyerɛ nʼahotewfo. (aiōn g165)
27 ယတော ဘိန္နဇာတီယာနာံ မဓျေ တတ် နိဂူဎဝါကျံ ကီဒၖဂ္ဂော်ရဝနိဓိသမ္ဗလိတံ တတ် ပဝိတြလောကာန် ဇ္ဉာပယိတုမ် ဤၑွရော'ဘျလၐတ်၊ ယုၐ္မန္မဓျဝရ္တ္တီ ခြီၐ္ဋ ဧဝ သ နိဓိ ရ္ဂဲရဝါၑာဘူမိၑ္စ၊
Onyankopɔn nhyehyɛe ne sɛ, ɔbɛda nʼahintasɛm a nnepa ne anuonyam wɔ mu no adi akyerɛ Amanamanmufo nso. Ahintasɛm no ne sɛ: Kristo te mo mu, a ne nkyerɛase ne sɛ, yɛwɔ anidaso sɛ yɛn nsa bɛka Onyankopɔn anuonyam no bi.
28 တသ္မာဒ် ဝယံ တမေဝ ဃောၐယန္တော ယဒ် ဧကဲကံ မာနဝံ သိဒ္ဓီဘူတံ ခြီၐ္ဋေ သ္ထာပယေမ တဒရ္ထမေကဲကံ မာနဝံ ပြဗောဓယာမး ပူရ္ဏဇ္ဉာနေန စဲကဲကံ မာနဝံ ဥပဒိၑာမး၊
Ɛno nti yɛka Kristo ho asɛm kyerɛ nnipa nyinaa. Yɛnam adwene pa so bɔ obiara kɔkɔ, kyerɛkyerɛ, sɛnea ɛbɛyɛ a obiara a yɛde no bɛhyɛ Onyankopɔn nsa no bɛyɛ pɛ wɔ Kristo mu.
29 ဧတဒရ္ထံ တသျ ယာ ၑက္တိး ပြဗလရူပေဏ မမ မဓျေ ပြကာၑတေ တယာဟံ ယတမာနး ၑြာဘျာမိ၊
Ɛno nti na menam Kristo tumi sononko a ɔde ma me no so yɛ adwumaden.

< ကလသိနး 1 >