< ၂ တီမထိယး 3 >

1 စရမဒိနေၐု က္လေၑဇနကား သမယာ ဥပသ္ထာသျန္တီတိ ဇာနီဟိ၊
Kae saa asɛm yi. Nna a edi akyiri no, mmere no mu bɛyɛ den.
2 ယတသ္တာတ္ကာလိကာ လောကာ အာတ္မပြေမိဏော 'ရ္ထပြေမိဏ အာတ္မၑ္လာဃိနော 'ဘိမာနိနော နိန္ဒကား ပိတြောရနာဇ္ဉာဂြာဟိဏး ကၖတဃ္နာ အပဝိတြား
Nnipa bi bɛyɛ pɛsɛmenkominya, aniberefo, ahohiahiafo ne ahantanfo; wɔbɛyɛ abususɛnkafo, asoɔdenfo wɔ wɔn awofo so; wɔbɛyɛ bonniayɛ na wɔrempɛ nyamesom nso,
3 ပြီတိဝရ္ဇိတာ အသန္ဓေယာ မၖၐာပဝါဒိနော 'ဇိတေန္ဒြိယား ပြစဏ္ဍာ ဘဒြဒွေၐိဏော
wɔbɛyɛ atirimɔdenfo, wɔrenhu mmɔbɔ, wɔbɛyɛ nnipa dinsɛefo basabasa ne abufuwfafo, wɔbɛtan wɔn mfɛfo a wɔyɛ nnipa pa no,
4 ဝိၑွာသဃာတကာ ဒုးသာဟသိနော ဒရ္ပဓ္မာတာ ဤၑွရာပြေမိဏး ကိန္တု သုခပြေမိဏော
wɔbɛyɛ afatwafo, anuɔdenfo, wɔn a wɔhoran; wɔbɛpɛ anigye sen sɛ wɔdɔ Onyankopɔn.
5 ဘက္တဝေၑား ကိန္တွသွီကၖတဘက္တိဂုဏာ ဘဝိၐျန္တိ; ဧတာဒၖၑာနာံ လောကာနာံ သံမရ္ဂံ ပရိတျဇ၊
Wɔbɛyɛ aniani asomfo a wɔbɛpo tumi a ɛwɔ ɔsom no mu no. Twe wo ho fi saa nnipa no ho.
6 ယတော ယေ ဇနား ပြစ္ဆန္နံ ဂေဟာန် ပြဝိၑန္တိ ပါပဲ ရ္ဘာရဂြသ္တာ နာနာဝိဓာဘိလာၐဲၑ္စာလိတာ ယား ကာမိနျော
Wɔn mu bi kɔ afi mu kɔhyɛ mmea a wɔn bɔne ama wodi fɔ na akɔnnɔ ahorow bebree hyɛ wɔn so no so;
7 နိတျံ ၑိက္ၐန္တေ ကိန္တု သတျမတသျ တတ္တွဇ္ဉာနံ ပြာပ္တုံ ကဒါစိတ် န ၑက္နုဝန္တိ တာ ဒါသီဝဒ် ဝၑီကုရွွတေ စ တေ တာဒၖၑာ လောကား၊
saa mmea no yɛ nnipa a wɔpɛ sɛ wosua nneɛma foforo, nanso wonhu nokware no akyi kwan.
8 ယာန္နိ ရျာမ္ဗြိၑ္စ ယထာ မူသမံ ပြတိ ဝိပက္ၐတွမ် အကုရုတာံ တထဲဝ ဘြၐ္ဋမနသော ဝိၑွာသဝိၐယေ 'ဂြာဟျာၑ္စဲတေ လောကာ အပိ သတျမတံ ပြတိ ဝိပက္ၐတာံ ကုရွွန္တိ၊
Sɛnea Yan ne Yambre ne Mose dii asi no, saa ara nso na saa nnipa yi ne nokware di asi. Wɔyɛ nnipa a wɔn adwene asɛe na wonsi hwee wɔ gyidi mu.
9 ကိန္တု တေ ဗဟုဒူရမ် အဂြသရာ န ဘဝိၐျန္တိ ယတသ္တယော ရ္မူဎတာ ယဒွတ် တဒွဒ် ဧတေၐာမပိ မူဎတာ သရွွဒၖၑျာ ဘဝိၐျတိ၊
Wonnya nkɔso biara efisɛ obiara behu wɔn kwasea.
10 မမောပဒေၑး ၑိၐ္ဋတာဘိပြာယော ဝိၑွာသော ရ္ဓရျျံ ပြေမ သဟိၐ္ဏုတောပဒြဝး က္လေၑာ
Na wo de, woadi me nkyerɛkyerɛ, me suban ne me botae so. Woahu gyidi a mewɔ, me boasetɔ, me dɔ,
11 အာန္တိယခိယာယာမ် ဣကနိယေ လူသ္တြာယာဉ္စ မာံ ပြတိ ယဒျဒ် အဃဋတ ယာံၑ္စောပဒြဝါန် အဟမ် အသဟေ သရွွမေတတ် တွမ် အဝဂတော'သိ ကိန္တု တတ္သရွွတး ပြဘု ရ္မာမ် ဥဒ္ဓၖတဝါန်၊
taa a wɔtaa me ne mʼamanehunu nyinaa. Wunim nsɛm a ɛtotoo me wɔ Antiokia, Ikoniom ne Listra, ne ɔtaa dennen a mitumi gyinaa ano no. Nanso Awurade yii me fii ne nyinaa mu.
12 ပရန္တု ယာဝန္တော လောကား ခြီၐ္ဋေန ယီၑုနေၑွရဘက္တိမ် အာစရိတုမ် ဣစ္ဆန္တိ တေၐာံ သရွွေၐာမ် ဥပဒြဝေါ ဘဝိၐျတိ၊
Wɔn a wɔpɛ sɛ wɔde onyamesom pa tena ase wɔ Kristo Yesu mu nyinaa no, wɔbɛtaa wɔn,
13 အပရံ ပါပိၐ္ဌား ခလာၑ္စ လောကာ ဘြာမျန္တော ဘြမယန္တၑ္စောတ္တရောတ္တရံ ဒုၐ္ဋတွေန ဝရ္ဒ္ဓိၐျန္တေ၊
nanso nnipa bɔne bɛkɔ so asɛe daa na wɔadaadaa afoforo ne wɔn ankasa wɔn ho.
14 ကိန္တု တွံ ယဒ် ယဒ် အၑိက္ၐထား, ယစ္စ တွယိ သမရ္ပိတမ် အဘူတ် တသ္မိန် အဝတိၐ္ဌ, ယတး ကသ္မာတ် ၑိက္ၐာံ ပြာပ္တော'သိ တဒ် ဝေတ္သိ;
Nanso wo de, kɔ so tena ase nokware mu sɛnea wɔkyerɛɛ wo no, na gye di yiye. Wunim wɔn a wusua fii wɔn nkyɛn,
15 ယာနိ စ ဓရ္မ္မၑာသ္တြာဏိ ခြီၐ္ဋေ ယီၑော် ဝိၑွာသေန ပရိတြာဏပြာပ္တယေ တွာံ ဇ္ဉာနိနံ ကရ္တ္တုံ ၑက္နုဝန္တိ တာနိ တွံ ၑဲၑဝကာလာဒ် အဝဂတော'သိ၊
na wokae nso sɛ efi wo mmofraase na woahu Kyerɛwsɛm no a etumi ma wuhu nyansa, na ɛma wunya gyidi wɔ Kristo Yesu mu, na egye wo nkwa.
16 တတ် သရွွံ ၑာသ္တြမ် ဤၑွရသျာတ္မနာ ဒတ္တံ ၑိက္ၐာယဲ ဒေါၐဗောဓာယ ၑောဓနာယ ဓရ္မ္မဝိနယာယ စ ဖလယူက္တံ ဘဝတိ
Kyerɛwsɛm nyinaa fi Onyankopɔn home mu, na eye ma nkyerɛkyerɛ, atɛnyi, ateɛteɛ ne trenee mu yɛn,
17 တေန စေၑွရသျ လောကော နိပုဏး သရွွသ္မဲ သတ္ကရ္မ္မဏေ သုသဇ္ဇၑ္စ ဘဝတိ၊
sɛnea ɛbɛyɛ a Onyankopɔn nipa bɛyɛ nea wɔasiesie no yiye ama nnwuma pa nyinaa.

< ၂ တီမထိယး 3 >