< ၁ တီမထိယး 6 >

1 ယာဝန္တော လောကာ ယုဂဓာရိဏော ဒါသား သန္တိ တေ သွသွသွာမိနံ ပူရ္ဏသမာဒရယောဂျံ မနျန္တာံ နော စေဒ် ဤၑွရသျ နာမ္န ဥပဒေၑသျ စ နိန္ဒာ သမ္ဘဝိၐျတိ၊
Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔyɛ asomfoɔ no nyinaa de anidie ma wɔn wuranom sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔn mu bi nkasa ntia Onyankopɔn ne yɛn nkyerɛkyerɛ.
2 ယေၐာဉ္စ သွာမိနော ဝိၑွာသိနး ဘဝန္တိ တဲသ္တေ ဘြာတၖတွာတ် နာဝဇ္ဉေယား ကိန္တု တေ ကရ္မ္မဖလဘောဂိနော ဝိၑွာသိနး ပြိယာၑ္စ ဘဝန္တီတိ ဟေတေား သေဝနီယာ ဧဝ, တွမ် ဧတာနိ ၑိက္ၐယ သမုပဒိၑ စ၊
Ɛnsɛ sɛ asomfoɔ bu wɔn wuranom a wɔyɛ agyidifoɔ no abomfiaa sɛ wɔyɛ anuanom enti. Mmom, ɛsɛ sɛ wɔsom wɔn yie, ɛfiri sɛ, wɔn som no ho wɔ mfasoɔ ma agyedifoɔ ne adɔfoɔ bebree.
3 ယး ကၑ္စိဒ် ဣတရၑိက္ၐာံ ကရောတိ, အသ္မာကံ ပြဘော ရျီၑုခြီၐ္ဋသျ ဟိတဝါကျာနီၑွရဘက္တေ ရျောဂျာံ ၑိက္ၐာဉ္စ န သွီကရောတိ
Ɛsɛ sɛ mokyerɛkyerɛ na moka yeinom nyinaa. Obiara a ɔbɛma nkyerɛkyerɛ foforɔ na ɔnka nokorɛ a ɛfa yɛn Awurade Yesu Kristo ne yɛn nyamesom ho no
4 သ ဒရ္ပဓ္မာတး သရွွထာ ဇ္ဉာနဟီနၑ္စ ဝိဝါဒဲ ရွာဂျုဒ္ဓဲၑ္စ ရောဂယုက္တၑ္စ ဘဝတိ၊
yɛ ɔhantanni a ɔnnim hwee. Ɔyɛ obi a ɔfiri adwemmɔne mu gye akyinnyeɛ na ɔka nsɛm a ɛnam so de anibereɛ, akasakasa, kasafi, nnipa ho adwemmɔne
5 တာဒၖၑာဒ် ဘာဝါဒ် ဤရ္ၐျာဝိရောဓာပဝါဒဒုၐ္ဋာသူယာ ဘြၐ္ဋမနသာံ သတျဇ္ဉာနဟီနာနာမ် ဤၑွရဘက္တိံ လာဘောပါယမ် ဣဝ မနျမာနာနာံ လောကာနာံ ဝိဝါဒါၑ္စ ဇာယန္တေ တာဒၖၑေဘျော လောကေဘျသ္တွံ ပၖထက် တိၐ္ဌ၊
ne mansotwe a ɛfiri adwene a emu nnɔ mu na nokorɛ nni mu ba. Wɔdwene sɛ nyamesom yɛ kwan bi a wɔnam so pɛ sika.
6 သံယတေစ္ဆယာ ယုက္တာ ယေၑွရဘက္တိး သာ မဟာလာဘောပါယော ဘဝတီတိ သတျံ၊
Onyamesom pa a abodwoɔ wɔ muo yɛ adenya kɛseɛ.
7 ဧတဇ္ဇဂတ္ပြဝေၑနကာလေ'သ္မာဘိး ကိမပိ နာနာယိ တတ္တယဇနကာလေ'ပိ ကိမပိ နေတုံ န ၑက္ၐျတ ဣတိ နိၑ္စိတံ၊
Yɛamfa hwee amma ewiase. Saa ara nso na yɛremfa hwee nkɔ.
8 အတဧဝ ခါဒျာနျာစ္ဆာဒနာနိ စ ပြာပျာသ္မာဘိး သန္တုၐ္ဋဲ ရ္ဘဝိတဝျံ၊
Ɛno enti, sɛ yɛwɔ aduane ne ntoma a, ɛno nko dɔɔso ma yɛn.
9 ယေ တု ဓနိနော ဘဝိတုံ စေၐ္ဋန္တေ တေ ပရီက္ၐာယာမ် ဥန္မာထေ ပတန္တိ ယေ စာဘိလာၐာ မာနဝါန် ဝိနာၑေ နရကေ စ မဇ္ဇယန္တိ တာဒၖၑေၐွဇ္ဉာနာဟိတာဘိလာၐေၐွပိ ပတန္တိ၊
Wɔn a wɔpɛ sɛ wɔnya wɔn ho no kɔtɔ sɔhwɛ mu na ɛdane ɔhaw ma wɔn ma ɛtwe wɔn kɔ ɔsɛeɛ mu.
10 ယတော'ရ္ထသ္ပၖဟာ သရွွေၐာံ ဒုရိတာနာံ မူလံ ဘဝတိ တာမဝလမ္ဗျ ကေစိဒ် ဝိၑွာသာဒ် အဘြံၑန္တ နာနာက္လေၑဲၑ္စ သွာန် အဝိဓျန်၊
Na sikanibereɛ yɛ bɔne nyinaa nhini. Nnipa bi de sikanibereɛ asi wɔn ani so dendeenden nam so ama wɔapa wɔn gyidie ama awerɛhoɔ ahyɛ wɔn akoma ma.
11 ဟေ ဤၑွရသျ လောက တွမ် ဧတေဘျး ပလာယျ ဓရ္မ္မ ဤၑွရဘက္တိ ရွိၑွာသး ပြေမ သဟိၐ္ဏုတာ က္ၐာန္တိၑ္စဲတာနျာစရ၊
Enti, wo a woyɛ Onyankopɔn onipa, twe wo ho firi yeinom nyinaa ho. Di tenenee, Onyamesom pa, gyidie, ɔdɔ, boasetɔ ne ɔdwoɔ akyi.
12 ဝိၑွာသရူပမ် ဥတ္တမယုဒ္ဓံ ကုရု, အနန္တဇီဝနမ် အာလမ္ဗသွ ယတသ္တဒရ္ထံ တွမ် အာဟူတော 'ဘဝး, ဗဟုသာက္ၐိဏာံ သမက္ၐဉ္စောတ္တမာံ ပြတိဇ္ဉာံ သွီကၖတဝါန်၊ (aiōnios g166)
Bɔ gyidie mu mmirikatuo no ho mmɔden na pere nya nkwa a ɛnni awieeɛ no ma wo ho, ɛfiri sɛ, saa abrabɔ yi enti na ɛberɛ a wodaa wo gyidie adi wɔ adansefoɔ bebree anim no, Onyankopɔn frɛɛ wo. (aiōnios g166)
13 အပရံ သရွွေၐာံ ဇီဝယိတုရီၑွရသျ သာက္ၐာဒ် ယၑ္စ ခြီၐ္ဋော ယီၑုး ပန္တီယပီလာတသျ သမက္ၐမ် ဥတ္တမာံ ပြတိဇ္ဉာံ သွီကၖတဝါန် တသျ သာက္ၐာဒ် အဟံ တွာမ် ဣဒမ် အာဇ္ဉာပယာမိ၊
Meka no wɔ Onyankopɔn a ɔma nneɛma nyinaa nkwa no ne Kristo Yesu a ɔkaa nokorɛ wɔ Pontio Pilato anim, hyɛ wo sɛ,
14 ဤၑွရေဏ သွသမယေ ပြကာၑိတဝျမ် အသ္မာကံ ပြဘော ရျီၑုခြီၐ္ဋသျာဂမနံ ယာဝတ် တွယာ နိၐ္ကလင်္ကတွေန နိရ္ဒ္ဒေါၐတွေန စ ဝိဓီ ရက္ၐျတာံ၊
tie mmara a mahyɛ ama wo no na di so pɛpɛɛpɛ kɔsi da a Yesu Kristo bɛba.
15 သ ဤၑွရး သစ္စိဒါနန္ဒး, အဒွိတီယသမြာဋ်, ရာဇ္ဉာံ ရာဇာ, ပြဘူနာံ ပြဘုး,
Onyankopɔn a wɔahyira no na ɔno nko ara di Ɔhene, Ahene mu Ɔhene ne Awura mu Awurade no bɛma no aba ɛberɛ a ɛsɛ mu.
16 အမရတာယာ အဒွိတီယ အာကရး, အဂမျတေဇောနိဝါသီ, မရ္တ္တျာနာံ ကေနာပိ န ဒၖၐ္ဋး ကေနာပိ န ဒၖၑျၑ္စ၊ တသျ ဂေါ်ရဝပရာကြမော် သဒါတနော် ဘူယာသ္တာံ၊ အာမေန်၊ (aiōnios g166)
Ɔno nko na ɔwɔ hɔ daa, ɔte hann a obi ntumi mmɛn ho mu. Obiara nhunuu no da na obiara nso rentumi nhunu no da. Ɔno na anidie ne tumi a ɛnni awieeɛ wɔ no. Amen. (aiōnios g166)
17 ဣဟလောကေ ယေ ဓနိနသ္တေ စိတ္တသမုန္နတိံ စပလေ ဓနေ ဝိၑွာသဉ္စ န ကုရွွတာံ ကိန္တု ဘောဂါရ္ထမ် အသ္မဘျံ ပြစုရတွေန သရွွဒါတာ (aiōn g165)
Bɔ ewiase yi mu ahonyafoɔ kɔkɔ sɛ, wɔmmfa wɔn ahonya nhoahoa wɔn ho, na wɔmmfa wɔn anidasoɔ nso nhyɛ adehunu te sɛ ahonya mu, na mmom, wɔmfa wɔn ho nto Onyankopɔn a ɛnam nʼadɔeɛ so, ɔmaa yɛn asetena mu nneɛma pa nyinaa no so. (aiōn g165)
18 ယော'မရ ဤၑွရသ္တသ္မိန် ဝိၑွသန္တု သဒါစာရံ ကုရွွန္တု သတ္ကရ္မ္မဓနေန ဓနိနော သုကလာ ဒါတာရၑ္စ ဘဝန္တု,
Hyɛ wɔn sɛ, wɔnyɛ papa na wɔnyɛ adefoɔ wɔ nnwuma pa yɛ mu. Wɔnyɛ ayamyɛ na wɔne afoforɔ nkyɛ.
19 ယထာ စ သတျံ ဇီဝနံ ပါပ္နုယုသ္တထာ ပါရတြိကာမ် ဥတ္တမသမ္ပဒံ သဉ္စိနွန္တွေတိ တွယာဒိၑျန္တာံ၊
Sɛ wɔyɛ saa a, wɔbɛto fapem pa ama wɔn daakye. Na wɔnam so anya asetena a ɛyɛ asetena pa.
20 ဟေ တီမထိယ, တွမ် ဥပနိဓိံ ဂေါပယ ကာလ္ပနိကဝိဒျာယာ အပဝိတြံ ပြလာပံ ဝိရောဓောက္တိဉ္စ တျဇ စ,
Timoteo, hwɛ deɛ wɔde ahyɛ wo nsa no so yie. Twe wo ho firi ahuhusɛm ne akyinnyehunu a wɔnam atorɔ so frɛ no “Nimdeɛ” no ho.
21 ယတး ကတိပယာ လောကာသ္တာံ ဝိဒျာမဝလမ္ဗျ ဝိၑွာသာဒ် ဘြၐ္ဋာ အဘဝန၊ ပြသာဒသ္တဝ သဟာယော ဘူယာတ်၊ အာမေန်၊
Nnipa bi gye tom sɛ wɔwɔ saa nimdeɛ no nam so ahwere gyidie kwan no. Onyankopɔn adom nka mo.

< ၁ တီမထိယး 6 >