< ၁ ပိတရး 4 >

1 အသ္မာကံ ဝိနိမယေန ခြီၐ္ဋး ၑရီရသမ္ဗန္ဓေ ဒဏ္ဍံ ဘုက္တဝါန် အတော ဟေတေား ၑရီရသမ္ဗန္ဓေ ယော ဒဏ္ဍံ ဘုက္တဝါန် သ ပါပါတ် မုက္တ
Esiane sɛ Kristo huu amane wɔ ne honam mu nti, munso saa adwene koro no ara mu mfa nhyɛ mo ho den. Efisɛ nea wahu amane wɔ ɔhonam mu no ne bɔne nni biribiara yɛ.
2 ဣတိဘာဝေန ယူယမပိ သုသဇ္ဇီဘူယ ဒေဟဝါသသျာဝၑိၐ္ဋံ သမယံ ပုနရ္မာနဝါနာမ် ဣစ္ဆာသာဓနာရ္ထံ နဟိ ကိန္တွီၑွရသျေစ္ဆာသာဓနာရ္ထံ ယာပယတ၊
Efi mprempren rekɔ no, mo nna a aka wɔ asase so ha no, ɛsɛ sɛ Onyankopɔn na odi mo abrabɔ so na ɛnyɛ onipa akɔnnɔ.
3 အာယုၐော ယး သမယော ဝျတီတသ္တသ္မိန် ယုၐ္မာဘိ ရျဒ် ဒေဝပူဇကာနာမ် ဣစ္ဆာသာဓနံ ကာမကုတ္သိတာဘိလာၐမဒျပါနရင်္ဂရသမတ္တတာဃၖဏာရှဒေဝပူဇာစရဏဉ္စာကာရိ တေန ဗာဟုလျံ၊
Moasɛe mmere bebree de ayɛ nea anka ɛsɛ sɛ abosonsomfo na wɔyɛ. Motenaa ase wɔ ahohwi, akɔnnɔbɔne, nsabow, agobɔne, didimee ne abosonsom a ɛyɛ akyiwade mu.
4 ယူယံ တဲး သဟ တသ္မိန် သရွွနာၑပင်္ကေ မဇ္ဇိတုံ န ဓာဝထ, ဣတျနေနာၑ္စရျျံ ဝိဇ္ဉာယ တေ ယုၐ္မာန် နိန္ဒန္တိ၊
Mprempren ɛyɛ wɔn nwonwa sɛ mo ne wɔn mmɔ mu mmu ahuhubra no bio, ɛno nti wɔyeyaw mo.
5 ကိန္တု ယော ဇီဝတာံ မၖတာနာဉ္စ ဝိစာရံ ကရ္တ္တုမ် ဥဒျတော'သ္တိ တသ္မဲ တဲရုတ္တရံ ဒါယိၐျတေ၊
Nanso wobebu ho akontaa akyerɛ Onyankopɔn a wasiesie ne ho bu ateasefo ne awufo atɛn no.
6 ယတော ဟေတော ရျေ မၖတာသ္တေၐာံ ယတ် မာနဝေါဒ္ဒေၑျး ၑာရီရိကဝိစာရး ကိန္တွီၑွရောဒ္ဒေၑျမ် အာတ္မိကဇီဝနံ ဘဝတ် တဒရ္ထံ တေၐာမပိ သန္နိဓော် သုသမာစာရး ပြကာၑိတော'ဘဝတ်၊
Saa nti na wɔkaa Asɛmpa no kyerɛɛ awufo, sɛnea ɛbɛyɛ a sɛ wogyina wɔn asetena yi mu nneyɛe so bu wɔn atɛn a wɔn honhom ne Onyankopɔn bɛtena.
7 သရွွေၐာမ် အန္တိမကာလ ဥပသ္ထိတသ္တသ္မာဒ် ယူယံ သုဗုဒ္ဓယး ပြာရ္ထနာရ္ထံ ဇာဂြတၑ္စ ဘဝတ၊
Biribiara awiei abɛn. Ɛsɛ sɛ mohyɛ mo ho so na mowɛn na moatumi abɔ mpae.
8 ဝိၑေၐတး ပရသ္ပရံ ဂါဎံ ပြေမ ကုရုတ, ယတး, ပါပါနာမပိ ဗာဟုလျံ ပြေမ္နဲဝါစ္ဆာဒယိၐျတေ၊
Eyi akyi no, monnodɔ mo ho yiye, efisɛ ɔdɔ bunkam bɔne nyinaa so.
9 ကာတရောက္တိံ ဝိနာ ပရသ္ပရမ် အာတိထျံ ကၖရုတ၊
Munnye mo ho mo ho ahɔho wɔ mo afi mu a anwiinwii biara nni mu.
10 ယေန ယော ဝရော လဗ္ဓသ္တေနဲဝ သ ပရမ် ဥပကရောတၖ, ဣတ္ထံ ယူယမ် ဤၑွရသျ ဗဟုဝိဓပြသာဒသျောတ္တမာ ဘာဏ္ဍာဂါရာဓိပါ ဘဝတ၊
Obiara nnyina Honhom mu adom a wanya no so mfa nsom afoforo.
11 ယော ဝါကျံ ကထယတိ သ ဤၑွရသျ ဝါကျမိဝ ကထယတု ယၑ္စ ပရမ် ဥပကရောတိ သ ဤၑွရဒတ္တသာမရ္ထျာဒိဝေါပကရောတု၊ သရွွဝိၐယေ ယီၑုခြီၐ္ဋေနေၑွရသျ ဂေါ်ရဝံ ပြကာၑျတာံ တသျဲဝ ဂေါ်ရဝံ ပရာကြမၑ္စ သရွွဒါ ဘူယာတ်၊ အာမေန၊ (aiōn g165)
Sɛ obi reka asɛm a, ɔnka Onyankopɔn asɛm. Obiara a ɔsom no, mfa ahoɔden a Onyankopɔn de ma no no nsom sɛnea biribiara mu no, wɔbɛfa Yesu Kristo so akamfo Onyankopɔn a anuonyam ne tumi wɔ no daadaa no. Amen. (aiōn g165)
12 ဟေ ပြိယတမား, ယုၐ္မာကံ ပရီက္ၐာရ္ထံ ယသ္တာပေါ ယုၐ္မာသု ဝရ္တ္တတေ တမ် အသမ္ဘဝဃဋိတံ မတွာ နာၑ္စရျျံ ဇာနီတ,
Anuanom, mommma amane a morehu no nyɛ mo nwonwa te sɛ nea montee so asɛm da.
13 ကိန္တု ခြီၐ္ဋေန က္လေၑာနာံ သဟဘာဂိတွာဒ် အာနန္ဒတ တေန တသျ ပြတာပပြကာၑေ'ပျာနနန္ဒေန ပြဖုလ္လာ ဘဝိၐျထ၊
Na mmom, momma mo ani nnye sɛ mo ne Kristo rehu amane sɛnea mo ani begye daa, da a ɔbɛda nʼanuonyam adi no.
14 ယဒိ ခြီၐ္ဋသျ နာမဟေတုနာ ယုၐ္မာကံ နိန္ဒာ ဘဝတိ တရှိ ယူယံ ဓနျာ ယတော ဂေါ်ရဝဒါယက ဤၑွရသျာတ္မာ ယုၐ္မာသွဓိတိၐ္ဌတိ တေၐာံ မဓျေ သ နိန္ဒျတေ ကိန္တု ယုၐ္မန္မဓျေ ပြၑံသျတေ၊
Nhyira nka mo sɛ moyɛ Kristo akyidifo nti wɔyaw mo. Eyi kyerɛ sɛ anuonyam honhom a ɛyɛ Onyankopɔn Honhom no wɔ mo so.
15 ကိန္တု ယုၐ္မာကံ ကော'ပိ ဟန္တာ ဝါ စဲရော ဝါ ဒုၐ္ကရ္မ္မကၖဒ် ဝါ ပရာဓိကာရစရ္စ္စက ဣဝ ဒဏ္ဍံ န ဘုင်္က္တာံ၊
Ɛnsɛ sɛ mo mu biara hu amane sɛ owudifo anaa owifo anaa odwotwafo anaa ɔsɛmpɛfo.
16 ယဒိ စ ခြီၐ္ဋီယာန ဣဝ ဒဏ္ဍံ ဘုင်္က္တေ တရှိ သ န လဇ္ဇမာနသ္တတ္ကာရဏာဒ် ဤၑွရံ ပြၑံသတု၊
Na sɛ muhu amane wɔ mo Kristosom mu a, mommma mo ani nnwu, na mmom, monna Onyankopɔn ase sɛ moyɛ Kristo de.
17 ယတော ဝိစာရသျာရမ္ဘသမယေ ဤၑွရသျ မန္ဒိရေ ယုဇျတေ ယဒိ စာသ္မတ္သွာရဘတေ တရှီၑွရီယသုသံဝါဒါဂြာဟိဏာံ ၑေၐဒၑာ ကာ ဘဝိၐျတိ?
Bere adu sɛ wobu atɛn, na Onyankopɔn no ara nkurɔfo na wobedi kan abu wɔn atɛn. Na sɛ efi yɛn so kan a, ebewie Asɛmpa no ho asoɔdenfo no dɛn?
18 ဓာရ္မ္မိကေနာပိ စေတ် တြာဏမ် အတိကၖစ္ဆြေဏ ဂမျတေ၊ တရှျဓာရ္မ္မိကပါပိဘျာမ် အာၑြယး ကုတြ လပ္သျတေ၊
Kyerɛwsɛm no ka se, “Ɛyɛ den sɛ wobegye onipa pa nkwa; na wɔn a wonnye asɛm no nni ne nnebɔneyɛfo no de, dɛn na ɛbɛba wɔn so?”
19 အတ ဤၑွရေစ္ဆာတော ယေ ဒုးခံ ဘုဉ္ဇတေ တေ သဒါစာရေဏ သွာတ္မာနော ဝိၑွာသျသြၐ္ဋုရီၑွသျ ကရာဘျာံ နိဒဓတာံ၊
Ne saa nti, ɛsɛ sɛ wɔn a wohu amane sɛnea Onyankopɔn ahyehyɛ no de wɔn ho ma Ɔbɔade no na wɔkɔ so yɛ papa.

< ၁ ပိတရး 4 >