< Исаия 21 >

1 Пророчество о пустыне приморской. - Как бури на юге носятся, идет он от пустыни, из земли страшной.
Nkɔmhyɛ a ɛfa Nweatam a ɛda Po ho no ho: Te sɛ mfɛtɛ a ɛbɔ fa anafo fam asase so no, ɔtamfo bi fi nweatam so reba, ofi asase a ɛyɛ ahuabɔbrim so.
2 Грозное видение показано мне: грабитель грабит, опустошитель опустошает; восходи, Елам, осаждай, Мид! всем стенаниям я положу конец.
Wɔde adaeso a ɛyɛ nwonwa akyerɛ me: Ɔfatwafo di huammɔ, ɔfomfo fa asade. Elam tow hyɛ so! Media bɔ pampim! Mede apinisi a ɔde bae no nyinaa bɛba awiei.
3 От этого чресла мои трясутся; муки схватили меня, как муки рождающей. Я взволнован от того, что слышу; я смущен от того, что вижу.
Eyi ama ɔyaw bi abɛhyɛ me mu, ɔyaw aka me, te sɛ ɔbea a awo aka no; nea metee no nti mintumi nnyina me nan so, nea mihu no ama me ho adwiriw me.
4 Сердце мое трепещет; дрожь бьет меня; отрадная ночь моя превратилась в ужас для меня.
Me koma bɔ kitirikitiri, ehu ma me ho popo; na hann a mepɛɛ sɛ mihu no abɛyɛ aninyanne ama me.
5 Приготовляют стол, расстилают покрывала, - едят, пьют. “Вставайте, князья, мажьте щиты!”
Wɔto pon, wɔde kuntu akɛtɛ sesɛw fam, wodidi, na wɔnom! Monsɔre, mo asraafo mpanyimfo, momfa ngo nsrasra mo akatabo ho!
6 Ибо так сказал мне Господь: пойди, поставь сторожа; пусть он сказывает, что увидит.
Sɛɛ na Awurade ka kyerɛ me: “Fa ɔwɛmfo kogyina hɔ na ɔnka nea ohu nkyerɛ wo.
7 И увидел он едущих попарно всадников на конях, всадников на ослах, всадников на верблюдах; и вслушивался он прилежно, с большим вниманием, -
Sɛ ohu nteaseɛnam ne apɔnkɔ akuwakuw, wɔn a wɔtete mfurum so ne wɔn a wɔtete yoma so a, ɔnwɛn nʼaso, nwɛn no pa ara.”
8 и закричал, как лев: господин мой! на страже стоял я весь день, и на месте моем оставался целые ночи:
Na ɔwɛmfo no teɛɛ mu se, “Me wura, da biara migyina ɔwɛn aban no so Anadwo biara, migyina hɔ.
9 и вот, едут люди, всадники на конях попарно. Потом он возгласил и сказал: пал, пал Вавилон, и все идолы богов его лежат на земле разбитые.
Hwɛ, ɔbarima bi a ɔte teaseɛnam mu na ɔreba yi ɔne apɔnkɔ dɔm. Na ɔwɛmfo no kae se, ‘Babilon ahwe ase, wahwe ase! Nʼanyame ne nʼahoni nyinaa abubu agu fam!’”
10 О, измолоченный мой и сын гумна моего! Что слышал я от Господа Саваофа, Бога Израилева, то и возвестил вам.
Ao, me nkurɔfo a, wɔadwerɛw mo wɔ awiporowbea ase meka nea mate kyerɛ mo nea efi Asafo Awurade, nea efi Israel Nyankopɔn hɔ.
11 Пророчество о Думе. - Кричат мне с Сеира: сторож! сколько ночи? сторож! сколько ночи?
Adehu a ɛfa Duma ho: Obi frɛ me fi Seir, “Ɔwɛmfo, bere bɛn na ade bɛkyɛ? Ɔwɛmfo, aka nnɔnhwerew ahe ansa na ade akye?”
12 Сторож отвечает: приближается утро, но еще ночь. Если вы настоятельно спрашиваете, то обратитесь и приходите.
Ɔwɛmfo no bua se, “Ade rekye, nanso ade bɛsa. Sɛ wubebisa bio a san bra bebisa.”
13 Пророчество об Аравии. - В лесу Аравийском ночуйте, караваны Деданские!
Adehu a ɛfa Arabia ho: Mo Dedan akwantufo a mosoɛ wɔ Arabia adɔtɔ ase,
14 Живущие в земле Фемайской! несите воды навстречу жаждущим; с хлебом встречайте бегущих,
Momfa nsu mmrɛ wɔn a osukɔm de wɔn; mo a motete Tema, mommrɛ aguanfo no aduan.
15 ибо они от мечей бегут, от меча обнаженного и от лука натянутого, и от лютости войны.
Woguan fi afoa a watwe tadua a wɔakuntun mu ne ɔko a egyina mu ano.
16 Ибо так сказал мне Господь: еще год, равный году наемничьему, и вся слава Кидарова исчезнет,
Sɛɛ na Awurade ka kyerɛ me, “Afe baako mu, sɛnea ɔsomfo a wayɛ nhyehyɛe bebubu nna no, Kedar kɛseyɛ to betwa.
17 и луков у храбрых сынов Кидара останется немного: так сказал Господь, Бог Израилев.
Na agyantowfo a wɔbɛka ne Kedar akofo bɛyɛ kakraa bi.” Nea Awurade, Israel Nyankopɔn, aka ni.

< Исаия 21 >