< Ездра 6 >
1 Тогда царь Дарий дал повеление, и разыскивали в Вавилоне в книгохранилище, куда полагали сокровища.
Enti, ɔhene Dario hyɛɛ sɛ, wɔnkɔnpɛnsɛmpɛnsɛm Babilonia nneɛma dada akoraeɛ hɔ baabi a wɔkora nneɛma a ɛsom bo no.
2 И найден в Екбатане во дворце, который в области Мидии, один свиток, и в нем написано так: “Для памяти:
Na Ekbatana aban a ɛwɔ Mediaman no mu na wɔhunuu krataa mmobɔeɛ bi. Na emu nsɛm nie: Asɛnkaeɛ krataa:
3 в первый год царя Кира, царь Кир дал повеление о доме Божием в Иерусалиме: пусть строится дом на том месте, где приносят жертвы, и пусть будут положены прочные основания для него; вышина его в шестьдесят локтей, ширина его в шестьдесят локтей;
Ɔhene Kores dii adeɛ nʼafe a ɛdi so no, wɔhyɛɛ mmara faa Onyankopɔn asɔredan a ɛwɔ Yerusalem no ho. Ɛkaa sɛ, ɛsɛ sɛ wɔsane si no wɔ beaeɛ a na Yudafoɔ bɔ wɔn afɔdeɛ hɔ, wɔ fapem dada no so. Ɛsɛ sɛ ne ɔsorokɔ yɛ anammɔn aduɔkron, na ne tɛtrɛtɛ mu nso yɛ anammɔn aduɔkron.
4 рядов из камней больших три, и ряд из дерева один; издержки же пусть выдаются из царского дома.
Aboɔ a wɔasiesie no sononko no ntosoɔ mmiɛnsa biara so no, ɛsɛ sɛ wɔde nnua gu so. Na adehyeɛ fotoɔ mu na wɔbɛfiri atua ho ka.
5 Да и сосуды дома Божия, золотые и серебряные, которые Навуходоносор вынес из храма Иерусалимского и отнес в Вавилон, пусть возвратятся и пойдут в храм Иерусалимский, каждый на место свое, и помещены будут в доме Божием.
Sikakɔkɔɔ ne dwetɛ nkuku ne nkaka a Nebukadnessar tase firii Onyankopɔn asɔredan a ɛsi Yerusalem no mu de kɔɔ Babilonia no, ɛsɛ sɛ wɔsane de kɔ Yerusalem, de kɔgu Onyankopɔn asɔredan no mu sɛdeɛ na ɛteɛ no.
6 Итак, Фафнай, заречный областеначальник, и Шефар-Бознай, с товарищами вашими Афарсахеями, которые за рекою, - удалитесь оттуда.
Na ɔhene Dario too saa nkra yi: Mede krataa yi kɔma amrado Tatenai a ɔwɔ asuo Eufrate atɔeɛ fam ne Setar-Bosnai ne mo mfɛfoɔ ne mpanimfoɔ a wɔwɔ Eufrate atɔeɛ fam sɛ monnkɔ hɔ.
7 Не останавливайте работы при сем доме Божием; пусть Иудейский областе-начальник и Иудейские старейшины строят сей дом Божий на месте его.
Monnkɔtwintwane Onyankopɔn asɔredan no sie. Wɔnsi no wɔ beaeɛ dada mu hɔ ara, na monntwintwane Yuda amrado ne Yudafoɔ mpanimfoɔ ananmu wɔ adwuma no yɛ mu.
8 И от меня дается повеление о том, чем вы должны содействовать старейшинам тем Иудейским в построении того дома Божия, и именно: из имущества царского - из заречной подати - немедленно берите и давайте тем людям, чтобы работа не останавливалась;
Na mesane hyɛ mo bio sɛ, mommoa saa Yudafoɔ mpanimfoɔ no wɔ Onyankopɔn asɔredan no sie mu. Ɛsɛ sɛ motua adansie no ho ka nyinaa firi me toɔ a mogyegye firi Eufrate asuogya hɔ, a monntwentwɛn so koraa, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a adwuma no bɛkɔ so ama wɔawie.
9 и сколько нужно - тельцов ли, или овнов и агнцев, на всесожжения Богу небесному, также пшеницы, соли, вина и масла, как скажут священники Иерусалимские, пусть будет выдаваемо им изо дня в день без задержки,
Biribiara a ɛho hia asɔfoɔ a wɔwɔ Yerusalem, sɛ ebia, nantwie mma, nnwennini ne nnwammaa a wɔde bɛbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ama Onyankopɔn a ɔwɔ ɔsorosoro no, momfa mma wɔn. Afei, momma wɔn atokoɔ, nkyene, nsã ne ngo a ɛho bɛhia wɔn da biara a monnto mu.
10 чтоб они приносили жертву приятную Богу небесному и молились о жизни царя и сыновей его.
Sɛ ɛba saa a, wɔbɛtumi abɔ afɔdeɛ a ɛsɔ ani ama ɔsorosoro Onyankopɔn, na wɔabɔ mpaeɛ ama me ne me mmammarima.
11 Мною же дается повеление, что если какой человек изменит это определение, то будет вынуто бревно из дома его, и будет поднят он и пригвожден к нему, а дом его за то будет обращен в развалины.
Wɔn a wɔbɛbu mmara no so wɔ ɛkwan biara so no, wɔbɛyi wɔn adan so mpunan. Na wɔde wɔn abobɔ mu, abɔ wɔn mmaa, ama wɔn afie adwiri, adane nkunkumasie.
12 И Бог, Которого имя там обитает, да низложит всякого царя и народ, который простер бы руку свою, чтобы изменить сие ко вреду этого дома Божия в Иерусалиме. Я, Дарий, дал это повеление; да будет оно в точности исполняемо”.
Onyankopɔn a wayi Yerusalem kuro sɛ beaeɛ a wɔnhyɛ ne din animuonyam no nsɛe ɔhene anaa ɔman biara a wɔbɛbu ne mmara so asɛe asɔredan no. Me Dario na mahyɛ saa mmara yi. Ma ɔmanfoɔ ntie no aso pa mu.
13 Тогда Фафнай, заречный областеначальник, Шефар-Бознай и товарищи их, как повелел царь Дарий, так в точности и делали.
Na Tatenai a ɔyɛ asuo Eufrate atɔeɛ amrado ne Setar-Bosnai ne nʼafɛfoɔ dii Dario mmara a ɔhyɛeɛ no so prɛko pɛ.
14 И старейшины Иудейские строили и преуспевали, по пророчеству Аггея пророка и Захарии, сына Адды. И построили и окончили, по воле Бога Израилева и по воле Кира и Дария и Артаксеркса, царей Персидских.
Enti, Yudafoɔ mpanimfoɔ toaa wɔn dwumadie no so na asɛnka a adiyifoɔ Hagai ne Ido babarima Sakaria kaeɛ no hyɛɛ wɔn nkuran. Na, wɔwiee asɔredan no sie, sɛdeɛ, Israel Onyankopɔn hyɛeɛ na Kores, Dario ne Persiahene Artasasta hyɛɛ mmara no.
15 И окончен дом сей к третьему дню месяца Адара, в шестой год царствования царя Дария.
Wɔwiee asɔredan no sie Abib (bɛyɛ Ɔbɛnem) da a ɛtɔ so dumienu, wɔ ɔhene Dario ahennie mfeɛ nsia so.
16 И совершили сыны Израилевы, священники и левиты и прочие, возвратившиеся из плена, освящение сего дома Божия с радостью.;
Israelfoɔ, asɔfoɔ, Lewifoɔ ne nnipa no nkaeɛ a wɔfiri asutwa mu aba no de ahosɛpɛ too Onyankopɔn asɔredan no din.
17 И принесли при освящении сего дома Божия: сто волов, двести овнов, четыреста агнцев и двенадцать козлов в жертву за грех за всего Израиля, по числу колен Израилевых.
Onyankopɔn asɔredan no dintoɔ afahyɛ no mu no, wɔde anantwie mma ɔha, nnwennini ahanu ne nnwammaa ahanan bɔɔ afɔdeɛ. Na wɔmaa mmirekyie dumienu sɛ bɔne ho afɔrebɔdeɛ, de gyinaa hɔ maa Israel mmusuakuo dumienu no.
18 И поставили священников по отделениям их, и левитов по чередам их на службу Божию в Иерусалиме, как предписано в книге Моисея.
Afei, wɔkyekyɛɛ asɔfoɔ ne Lewifoɔ no mu, sɛdeɛ wɔn akuo ahodoɔ teɛ no, ma wɔsomm wɔ Onyankopɔn asɔredan no mu wɔ Yerusalem, sɛdeɛ wɔatwerɛ wɔ Mose Nwoma mu no.
19 И совершили возвратившиеся из плена пасху в четырнадцатый день первого месяца,
Adar bosome (bɛyɛ Oforisuo) da a ɛtɔ so aduonu baako no, wɔn a wɔatwa wɔn asu no a wɔasane aba no dii Twam Afahyɛ.
20 потому что очистились священники и левиты, - все они, как один, были чисты; и закололи агнцев пасхальных для всех, возвратившихся из плена, для братьев своих священников и для себя.
Asɔfoɔ no ne Lewifoɔ no dwiraa wɔn ho, ma wɔn ho te maa afahyɛ no. Enti, wɔkumm Twam Afahyɛ dwammaa maa wɔn a wɔtwaa wɔn asu no a wɔasane aba no nyinaa ne asɔfoɔ a wɔaka ne wɔn ankasa wɔn ho.
21 И ели сыны Израилевы, возвратившиеся из переселения, и все отделившиеся к ним от нечистоты народов земли, чтобы прибегать к Господу Богу Израилеву.
Nnipa a wɔwɔ Israel a wɔfiri asutwa mu aba no ne nnipa no nkaeɛ a wɔwɔ ɔman no mu no a wɔadane afiri wɔn amumuyɛ akwan ho abɛsom Awurade Israel Onyankopɔn no na wɔdii twam aduane no.
22 И праздновали праздник опресноков семь дней в радости, потому что обрадовал их Господь и обратил к ним сердце царя Ассирийского, чтобы подкреплять руки их при строении дома Господа Бога Израилева.
Wɔdii Twam Afahyɛ aduane no, ɛnna wɔde nnanson nso dii Apiti Afahyɛ no. Ahosɛpɛ baa ɔman no mu afanan nyinaa, ɛfiri sɛ, Awurade sesaa Asiriahene adwene a ɔwɔ wɔ wɔn ho, ma ɔboaa wɔn ma wɔsii Onyankopɔn, Israel Onyankopɔn, asɔredan no.