< 2-е Коринфянам 4 >

1 Посему, имея по милости Божией такое служение, мы не унываем;
Onyankopɔn nam nʼadom so de saa asɛm yi abrɛ yɛn na ɛno enti, ɛmma yɛn akoma ntu.
2 но, отвергнув скрытные постыдные дела, не прибегая к хитрости и не искажая слова Божия, а открывая истину, представляем себя совести всякого человека пред Богом.
Yɛagyae kokoamsɛm ne aniwudeyɛ nyinaa. Yɛnnaadaa na yɛntwa Onyankopɔn asɛm no ho nkontompo. Yɛnnaadaa obi mma ɔnnye deɛ Atwerɛsɛm no nkaeɛ nni. Yɛgyae saa aniwudeɛ no nyinaa. Yɛgyina Onyankopɔn anim kasa enti yɛka nokorɛ ma wɔn a wɔnim yɛn no nyinaa gye di.
3 Если же и закрыто благовествование наше, то закрыто для погибающих,
Sɛ Asɛmpa a yɛka no yɛ ahintasɛm a, ɛyɛ ahintasɛm ma wɔn a wɔreyera.
4 для неверующих, у которых бог века сего ослепил умы, чтобы для них не воссиял свет благовествования о славе Христа, Который есть образ Бога невидимого. (aiōn g165)
Wɔnnye nni, ɛfiri sɛ, ɔbonsam asɛe wɔn adwene. Ɔtwe wɔn firi hann a ɛto gu wɔn so no ho; hann a ɛfiri Asɛmpa no mu a ɛfa Kristo a ɔte sɛ Onyankopɔn animuonyam no ho no. (aiōn g165)
5 Ибо мы не себя проповедуем, но Христа Иисуса, Господа; а мы - рабы ваши для Иисуса,
Ɛnyɛ yɛn ankasa ho na yɛka asɛm no fa. Yɛka Yesu Kristo ho asɛm sɛ ɔno ne Awurade no na yɛn nso Yesu enti, yɛyɛ mo asomfoɔ.
6 потому что Бог, повелевший из тьмы воссиять свету, озарил наши сердца, дабы просветить нас познанием славы Божией в лице Иисуса Христа.
Onyankopɔn a ɔkaa sɛ, “Hann mfiri esum mu nhyerɛn no” ɔno na wahyerɛn wɔ yɛn akoma mu, ama yɛanya Onyankopɔn animuonyam ho nimdeɛ wɔ Yesu Kristo mu.
7 Но сокровище сие мы носим в глиняных сосудах, чтобы преизбыточная сила была приписываема Богу, а не нам.
Yɛte sɛ nkukuo a wɔde agyapadeɛ asie mu. Tumi ankasa no firi Onyankopɔn na ɛmfiri yɛn.
8 Мы отовсюду притесняемы, но не стеснены; мы в отчаянных обстоятельствах, но не отчаиваемся;
Yɛtaa hunu amane, nanso wɔnnsɛee yɛn. Mpo sɛ yɛnnim deɛ ɛsɛ sɛ yɛyɛ a yɛmpa aba.
9 мы гонимы, но не оставлены; низлагаемы, но не погибаем.
Amaneɛ mu, Onyankopɔn ka yɛn ho, na sɛ wɔbɔ yɛn hwe fam a yɛsɔre bio.
10 Всегда носим в теле мертвость Господа Иисуса, чтобы и жизнь Иисусова открылась в теле нашем.
Mmerɛ nyinaa yɛn onipadua no soa Yesu wu a ɔwuiɛ no sɛdeɛ ɛbɛyɛ a nʼabrabɔ bɛda adi wɔ yɛn mu.
11 Ибо мы живые непрестанно предаемся на смерть ради Иисуса, чтобы и жизнь Иисусова открылась в смертной плоти нашей,
Yɛn asetena mu nyinaa, Yesu enti, yɛte hɔ ma owuo sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, nʼabrabɔ bɛda adi wɔ yɛn onipadua a ɛwu no mu.
12 так что смерть действует в нас, а жизнь в вас.
Yei kyerɛ sɛ owuo di ne dwuma wɔ yɛn mu ɛnna nkwa nso di ne dwuma wɔ mo mu.
13 Но, имея тот же дух веры, как написано: я веровал и потому говорил, и мы веруем, потому и говорим,
Atwerɛsɛm no ka sɛ, “Mekasaeɛ, ɛfiri sɛ, na megye di.” Saa honhom mu gyidie no ara so na ɛma yɛn nso yɛkasa, ɛfiri sɛ, yɛgye di.
14 зная, что Воскресивший Господа Иисуса воскресит через Иисуса и нас и поставит перед Собою с вами.
Yɛnim sɛ Onyankopɔn a ɔmaa Awurade Yesu sɔre firii awufoɔ mu no bɛma yɛne Yesu asɔre na ɔde yɛn abɛka mo ho wɔ nʼanim.
15 Ибо все для вас, дабы обилие благодати тем большую во многих произвело благодарность во славу Божию.
Mo enti na yeinom bɛba mu; na sɛdeɛ Onyankopɔn adom no reduru nnipa bebree nkyɛn no, saa ara nso na wɔbɛbɔ mpaeɛ ada Onyankopɔn ase de ahyɛ no animuonyam.
16 Посему мы не унываем; но если внешний наш человек и тлеет, то внутренний со дня на день обновляется.
Esiane yei enti, yɛn bo ntu. Ɛwom sɛ yɛn onipadua no reporɔ nkakrankakra deɛ, nanso yɛn honhom no deɛ, ɛsesa yɛ foforɔ da biara da.
17 Ибо кратковременное легкое страдание наше производит в безмерном преизбытке вечную славу, (aiōnios g166)
Na saa ɔhaw kakra a yɛfa mu no de animuonyam a ɛnni awieeɛ a ɛboro saa ɔhaw no so no bɛbrɛ yɛn. (aiōnios g166)
18 когда мы смотрим не на видимое, но на невидимое: ибо видимое временно, а невидимое вечно. (aiōnios g166)
Yɛmfa yɛn adwene nkɔ nneɛma a yɛhunu so, na mmom, nneɛma a yɛnhunu so na yɛde yɛn adwene kɔ. Deɛ wɔtumi hunu no ntena hɔ nkyɛ, nanso deɛ yɛntumi nhunu no tena hɔ daa. (aiōnios g166)

< 2-е Коринфянам 4 >