< Salmos 147 >

1 Louvai ao SENHOR, porque é bom cantar louvores ao nosso Deus; porque agradável e merecido [é] o louvor.
Monkamfo Awurade. Ɛyɛ sɛ wɔto ayɛyie dwom ma yɛn Onyankopɔn, ɛyɛ fɛ na ɛfata sɛ wɔkamfo no!
2 O SENHOR edifica a Jerusalém; [e] ajunta os dispersos de Israel.
Awurade kyekyere Yerusalem; Ɔboaboa Israel nnommumfoɔ ano.
3 Ele sara aos de coração partido, e os cura de suas dores.
Ɔsa wɔn a wɔn akoma abotoɔ yadeɛ na ɔkyekyere wɔn akuro.
4 Ele conta o número das estrelas; chama todas elas pelos seus nomes.
Ɔnim nsoromma no dodoɔ na ɔde obiara din frɛ no.
5 O nosso Senhor é grande e muito poderoso; seu entendimento é incomensurável.
Yɛn Awurade so, na ne tumi yɛ kɛseɛ; yɛrente nʼase nwie.
6 O SENHOR levanta aos mansos; [e] abate aos perversos até a terra.
Awurade wowa ahobrɛasefoɔ na ɔtoto amumuyɛfoɔ hwe fam.
7 Cantai ao SENHOR em agradecimento; cantai louvores ao nosso Deus com harpa.
Monto aseda nnwom mma Awurade. Momfa sankuo nto dwom mma yɛn Onyankopɔn.
8 Ele que cobre o céu com nuvens, que prepara chuva para a terra, que faz os montes produzirem erva;
Ɔde omununkum kata ɔsoro ani; ɔde osutɔ ma asase ma ɛserɛ nyini wɔ nkokoɔ so.
9 Que dá ao gado seu pasto; e [também] aos filhos dos corvos, quando clamam.
Ɔma anantwie aduane na sɛ anene mma su a, ɔma wɔn aduane.
10 Ele não se agrada da força do cavalo, nem se contenta com as pernas do homem.
Ɛnyɛ ɔpɔnkɔ ahoɔden na nʼani sɔ na ɛnyɛ onipa ahoɔden nso.
11 O SENHOR se agrada dos que o temem, daqueles que esperam por sua bondade.
Na mmom, Awurade ani sɔ nnipa a wɔsuro no, wɔn a wɔde wɔn ho to nʼadɔeɛ a ɛnsa da no so no.
12 Louva, Jerusalém, ao SENHOR; celebra ao teu Deus, ó Sião.
Momma Awurade so, Ao Yerusalem; kamfo wo Onyankopɔn, Ao Sion,
13 Porque ele fortifica os ferrolhos de tuas portas; ele abençoa a teus filhos dentro de ti.
ɔma wʼapono akyi adaban yɛ den na ɔhyira wo nkurɔfoɔ a wɔte wo mu.
14 [Ele é] o que dá paz às tuas fronteiras; e te farta com o melhor trigo;
Ɔma wʼahyeɛ so dwo na ɔde ayuo amapa ma wo.
15 Que envia sua ordem à terra; sua palavra corre velozmente.
Ɔsoma nʼahyɛdeɛ kɔ asase so; nʼasɛm tu mmirika ntɛm so.
16 Que dá a neve como a lã; espalha a geada como a cinza.
Ɔtrɛ sukyerɛmma mu sɛ odwan ho nwi, na ɔpete obosuo nsukyeneeɛ sɛ nsõ.
17 Que lança seu gelo [em] pedaços; quem pode subsistir ao seu frio?
Ɔtoto asukɔtweaa gu fam sɛ mmosea. Hwan na ɔbɛtumi agyina nʼawɔ denden no ano?
18 Ele manda sua palavra, e os faz derreter; faz soprar seu vento, [e] escorrem-se as águas.
Ɔsoma nʼasɛm no ma ɛnane no; ɔhwanyane ne mframa, na nsuo tene.
19 Ele declara suas palavras a Jacó; e seus estatutos e seus juízos a Israel.
Wada nʼasɛm adi akyerɛ Yakob, ne mmara ne ɔhyɛ nsɛm akyerɛ Israel.
20 Ele não fez assim a nenhuma [outra] nação; [e] não conhecem os juízos [dele]. Louvai ao SENHOR.
Ɔnyɛɛ yei mmaa aman foforɔ biara; wɔnnim ne mmara. Monkamfo Awurade!

< Salmos 147 >