< 2 Timóteo 2 >
1 Portanto tu, meu filho, fortifica-te na graça que há em Cristo Jesus.
Na wo, Timoteo me ba, Kristo Yesu yɛ mmɔborɔhunufo, enti ma ɔnhyɛ wo den.
2 E o que de mim ouviste entre muitas testemunhas, confia-o a pessoas fiéis, que sejam competentes para ensinar também a outros.
Fa nsɛm a wotee sɛ mereka akyerɛ adansefo bebree no, na fa hyɛ nnipa a wugye wɔn di na wobetumi akyerɛ afoforo nso nsa.
3 Sofre comigo as aflições como bom soldado de Cristo Jesus.
Sɛ amanehunu ba wo so a, mia wʼani tena sɛ Kristo Yesu sraani pa.
4 Nenhum soldado em batalha se envolve com assuntos desta vida, pois tem como objetivo agradar àquele que o alistou.
Ɔsraani mmfa ne ho nhyehyɛ afisɛm mu, efisɛ ɔpɛ sɛ ɔsɔ ne panyin ani.
5 E, também, se alguém está competindo como atleta, não recebe a coroa se não seguir as regras.
Saa ara nso na obi a ɔfra akansi mu a otu mmirika no rentumi nni nkonim gye sɛ odi akansi no mmara so.
6 O lavrador que trabalha deve ser o primeiro a receber da partilha dos frutos.
Ɛsɛ okuafo mmɔdemmɔfo sɛ odi kan nya ne nnɔbae bi.
7 Considera o que digo; pois o Senhor te dará entendimento em tudo.
Dwene nsɛm a mereka yi ho, efisɛ Awurade bɛma woate biribiara ase.
8 Lembra-te de Jesus Cristo, ressuscitado dos mortos, da descendência de Davi, segundo o meu evangelho.
Kae Dawid aseni Yesu Kristo a wonyan no fi awufo mu sɛnea wɔkaa no wɔ Asɛmpa a mekaa ho asɛm no mu no.
9 Por esse [evangelho] sofro aflições, e até prisões, como um criminoso; mas a palavra de Deus não está presa.
Esiane sɛ meka Asɛmpa no nti mihu amane, mpo, wɔagu me nkɔnsɔnkɔnsɔn sɛ ɔdebɔneyɛni. Nanso wonguu Onyankopɔn asɛm no nkɔnsɔnkɔnsɔn ɛ.
10 Por isso tudo suporto por causa dos escolhidos, a fim de que também eles obtenham a salvação que está em Cristo Jesus com glória eterna. (aiōnios )
Ɛno nti, migyina biribiara a ɛbɛba me so no ano ma wɔn a wɔapaw wɔn no sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn nso benya nkwagye ne anuonyam a enni awiei a ɛwɔ Kristo Yesu mu no bi. (aiōnios )
11 Esta afirmação [é] fiel: se morrermos com [ele], também com [ele] viveremos;
Nsɛm a ɛsɛ sɛ wode wo ho to so ni: “Sɛ yɛne no wui a, yɛne no bɛtena ase.
12 se sofrermos, também com [ele] reinaremos; se o negarmos, também ele nos negará;
Sɛ yɛampa abaw a yɛne no bedi hene. Sɛ yɛpa no a, ɔno nso bɛpa yɛn.
13 se formos infiéis, ele continua fiel; porque ele não pode negar a si mesmo.
Sɛ yɛnyɛ nokwafo a, ɔno de, ɔyɛ ɔnokwafo efisɛ ɔrensan nʼasɛm.”
14 Lembra-os disso, alertando-os diante de Deus, que não tenham brigas de palavras, que não têm proveito algum, [a não ser] para a ruína dos ouvintes.
Monkae mo nkurɔfo wɔ eyi ho na mommɔ wɔn kɔkɔ wɔ Onyame anim se wɔnnham wɔn nsɛm ho, na mfaso biara nni so; na ɛsɛe atiefo adwene kɛkɛ.
15 Procura apresentar-te aprovado a Deus[como] um trabalhador que não tem de que se envergonhar, que usa bem a palavra da verdade.
Bɔ mmɔden sɛ wobɛyɛ odwumayɛni a womfɛre Onyankopɔn adwuma no yɛ ho, na kyerɛ nokware a ɛwɔ Onyankopɔn asɛm no mu no, na woafata nʼanim.
16 Mas evita conversas profanas [e] inútes; pois tendem a produzir maior irreverência.
Twe wo ho fi nsɛnhuhuw a ɛho ntew ho, efisɛ ɛno na ɛpam nnipa fi Onyankopɔn ho.
17 E a palavra deles se espalhará como uma gangrena; entre os quais são Himeneu e Fileto.
Nea wɔkyerɛ no te sɛ akisikuru a ɛtrɛw fa ɔhonam no ani. Saa akyerɛkyerɛfo yi mu baanu ne Himeneo ne Fileto.
18 Esses se desviaram da verdade, dizendo que a ressurreição já aconteceu; e perverteram a fé de alguns.
Wɔaman afi nokware no ho na wɔka kyerɛ agyidifo bi se, yɛn wusɔre no atwam dedaw nam saa asɛm no so sɛe wɔn adwene.
19 Porém o fundamento de Deus continua firme, e tem este selo: o Senhor conhece os que são seus, e que todo aquele que faz uso do nome do Senhor, se afaste da injustiça.
Nanso obi rentumi nhinhim fapem dennen a Onyankopɔn ato no, efisɛ wɔakyerɛw wɔ so se, “Awurade nim wɔn a wɔyɛ ne de,” na “Ɛsɛ obiara a ɔka se ɔyɛ Awurade de no sɛ ɔtwe ne ho fi bɔne ho.”
20 Numa grande casa não há somente utensílios de ouro e de prata, mas também de madeira e de barro; e uns para honra, porém outros para desonra.
Nkuku ne nkaka wɔ ofi kɛse mu. Ebi wɔ hɔ a wɔde dwetɛ na ayɛ, bi nso wɔde sikakɔkɔɔ na ayɛ. Wɔde dua na ayɛ bi na afoforo nso wɔde dɔte. Ebi wɔ hɔ a ɛwɔ hɔ ma nnapɔnna bi na afoforo nso de di dwuma daa.
21 Portanto, se alguém se purificar destas coisas, será utensílio para honra, santificado e adequado para uso do Dono, [e] preparado para toda boa obra.
Sɛ obi tew ne ho fi saa nneɛma bɔne no ho a, wɔde no bɛyɛ nnwuma sononko efisɛ watu ne ho asi hɔ, asiesie ne ho ama ne wura sɛ dwuma pa biara a ɛsɛ sɛ odi no, obedi.
22 Foge também dos desejos da juventude; e segue a justiça, a fé, o amor, [e] a paz, com os que, de coração puro, invocam o Senhor.
Guan fi mmerantebere mu akɔnnɔ ho, na tiw nneɛma a ɛho tew te sɛ: trenee, gyidi, ɔdɔ ne asomdwoe a ɛka wo ne wɔn a wofi koma pa mu bɔ mu frɛ Awurade ma ɔboa no akyi.
23 E rejeita as questões tolas e sem instrução, como sabes que elas produzem brigas.
Mfa wo ho nhyehyɛ nkwasea akyinnye a ɛmfa hwee mma no mu, efisɛ ɛde akasakasa ba.
24 E ao servo do Senhor não convém brigar, mas sim ser manso com todos, apto para ensinar e suportar;
Ɛnsɛ sɛ Awurade somfo ne obi nya akasakasa. Ɛsɛ sɛ ɔyɛ ayamye ma obiara. Ɛsɛ sɛ ɔyɛ ɔkyerɛkyerɛfo pa a ɔwɔ boasetɔ nso
25 deve instruir com mansidão aos que se opõem, pois talvez Deus lhes dê arrependimento para conhecerem a verdade;
a sɛ wɔn a wɔne no di asi fom a, ɔtɔ ne bo ase teɛ wɔn, sɛ ebia Onyankopɔn bɛsakra wɔn adwene ama wɔahu nokware no.
26 e se libertem da armadilha do diabo, em que foram presos à vontade dele.
Na wɔn adwene mu ada hɔ na wɔaguan afi ɔbonsam a wakyekyere wɔn ama wɔyɛ nʼapɛde no afiri mu.