< Mateus 4 >
1 Então foi conduzido Jesus pelo espírito ao deserto, para ser tentado pelo diabo.
Eyi akyi no, Honhom Kronkron faa Yesu kɔɔ sare so sɛ ɔbonsam nkɔsɔ no nhwɛ.
2 E, tendo jejuado quarenta dias e quarenta noites, depois teve fome;
Saa bere no mu, Yesu dii mmuada adaduanan; awia ne anadwo. Eyi maa ɔkɔm dee no.
3 E, chegando-se a ele o tentador, disse: Se tu és o Filho de Deus, manda que estas pedras se façam pães.
Ɔbonsam baa Yesu nkyɛn bɛka kyerɛɛ no se, “Sɛ wone Onyankopɔn Ba no a, ka na saa abo yi nnan aduan.”
4 Ele, porém, respondendo, disse: Está escrito: Nem só de pão viverá o homem, mas de toda a palavra que sai da boca de Deus
Yesu buaa no se, “Wɔakyerɛw se, ‘Ɛnyɛ aduan nko ara na ɛho hia onipa wɔ nʼasetena mu, na mmom asɛm biara a efi Awurade anom.’”
5 Então o diabo o levou à cidade santa, e colocou-o sobre o pináculo do templo,
Afei ɔbonsam de Yesu kɔɔ Yerusalem de no kogyinaa asɔredan a ɛwɔ hɔ no atifi pɛɛ,
6 E disse-lhe: Se tu és o Filho de Deus, lança-te de aqui abaixo; porque está escrito: Que aos seus anjos ordenará a respeito de ti; e tomar-te-ão nas mãos, para que nunca tropeces em alguma pedra
na ɔka kyerɛɛ no se, “Sɛ wone Onyankopɔn Ba no ampa ara a, huruw fi nea wugyina hɔ si fam, efisɛ, wɔakyerɛw se, “‘Onyankopɔn bɛsoma nʼabɔfo abeso wo mu, wɔde wɔn nsa bɛma wo so, na wo nan ampem ɔbo.’”
7 Disse-lhe Jesus: também está escrito: Não tentarás o Senhor teu Deus.
Yesu buaa bio se, “Wɔakyerɛw se, ‘Nsɔ Awurade wo Nyankopɔn nhwɛ.’”
8 Novamente o levou o diabo a um monte muito alto, e mostrou-lhe todos os reinos do mundo, e a glória deles.
Eyi akyi no, ɔbonsam de Yesu kɔɔ bepɔw tenten bi apampam. Ɔde nʼani kari kyerɛɛ no wiase ahenni ahorow ne mu anuonyam nyinaa.
9 E disse-lhe: Tudo isto te darei se, prostrado, me adorares.
Afei ɔka kyerɛɛ Yesu se, “Sɛ wobɛkotow asom me a, mede nea wuhu yi nyinaa bɛma wo.”
10 Então disse-lhe Jesus: vai-te, Satanás, porque está escrito: Ao Senhor teu Deus adorarás, e só a ele servirás.
Ɛhɔ ara na Yesu buae se, “Fi me so, Satan! Hu sɛ wɔakyerɛw se, ‘Kotow som Awurade, wo Nyankopɔn, na ɔno nko ara na som no.’”
11 Então o diabo o deixou; e, eis que chegaram os anjos, e o serviram.
Yesu ano sii no, ɔbonsam gyaw no hɔ kɔe. Ɛno akyi no abɔfo baa Yesu nkyɛn bɛsom no.
12 Jesus, porém, ouvindo que João estava preso, voltou para a Galiléia;
Yesu tee sɛ wɔakyere Yohane no, ɔkɔɔ Galilea.
13 E, deixando Nazareth, foi habitar em Cafarnaum, cidade marítima, nos confins de Zabulon e Naphtali;
Oduu Galilea no, wantena Nasaret, na mmom otwaa mu wɔ Nasaret hɔ kɔtenaa Kapernaum a ɛwɔ Galilea mpoano no, Sebulon ne Naftali ahye so.
14 Para que se cumprisse o que foi dito pelo profeta Isaias, que diz:
Eyi maa nea Odiyifo Yesaia kae no baa mu sɛ,
15 A terra de Zabulon, e a terra de Naphtali, junto ao caminho do mar, além do Jordão, a Galiléia das nações;
“Sebulon asase ne Naftali asase, ɛpo kwan so, Yordan agya, Galilea a amanamanmufo te hɔ,
16 O povo, assentado em trevas, viu uma grande luz; e para os que estavam assentados na região e raiou a luz.
nnipa a wɔte sum mu no, Hann kɛse bi apue ama wɔn. Hann no apue ama wɔn a wɔte owu asase so.”
17 Desde então começou Jesus a pregar, e a dizer: Arrependei-vos, porque é chegado o reino dos céus.
Efi saa bere no, Yesu fii nʼasɛnka ase se, “Monsakra mo adwene, momfa mo ho mma Onyankopɔn na ɔsoro ahenni no abɛn.”
18 E Jesus, andando junto ao mar da Galiléia, viu a dois irmãos, Simão, chamado Pedro, e André, que lançavam as redes ao mar, porque eram pescadores:
Da bi a Yesu nam Galilea mpoano no, ohuu anuanom baanu bi a wɔn nyinaa yɛ apopofo sɛ wɔregu asau wɔ po no mu. Saa anuanom yi mu baako din de Simon a ne din foforo nso de Petro. Ɔbaako no nso din de Andrea.
19 E disse-lhes: Vinde após mim, e eu vos farei pescadores de homens.
Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Mummedi mʼakyi na mɛsoma mo ama moakoyi nnipa kra.”
20 Então eles, deixando logo as redes, seguiram-no.
Ɛhɔ ara wogyaw wɔn asau no guu hɔ kodii nʼakyi ne no kɔe.
21 E, adiantando-se dali, viu outros dois irmãos, Thiago, filho de Zebedeo, e João, seu irmão, num barco com seu pai Zebedeo, concertando as redes; e chamou-os;
Ɔkɔɔ nʼanim kakra no, ohuu Sebedeo mma baanu a wɔfrɛ ɔbaako Yohane na ɔbaako nso din de Yakobo sɛ wɔne wɔn agya te ɔkorow mu repempam wɔn asau mu. Yesu frɛɛ wɔn nso se wommedi nʼakyi.
22 Eles, deixando imediatamente o barco e seu pai, seguiram-no.
Ntɛm ara, wogyaw wɔn agya ne ɔkorow no hɔ kodii nʼakyi.
23 E percorria Jesus toda a Galiléia, ensinando nas suas sinagogas e pregando o Evangelho do reino, e curando todas as enfermidades e moléstias entre o povo.
Yesu kyinkyinii Galileaman mu nyinaa kaa ahenni no ho asɛmpa wɔ Yudafo hyiadan mu. Ɔsaa nyarewa ahorow a wɔde baa nʼanim nyinaa nso.
24 E a sua fama correu por toda a Síria, e traziam-lhe todos os que padeciam, acometidos de várias enfermidades e tormentos, os endemoninhados, os lunáticos, e os paralíticos, e ele os curava.
Yesu anwonwade a ɔyɛe yi trɛw koduu Siriaman mu nyinaa. Eyi ma wɔde wɔn a ahonhommɔne wɔ wɔn so, wɔn a wotwa, wɔn a wɔyare mmubui ne wɔn a nyarewa ahorow haw wɔn no nyinaa fi Siriaman mu brɛɛ no ma ɔsaa wɔn nyinaa yare.
25 E seguia-o uma grande multidão de gente da Galiléia, de Decápolis, de Jerusalém, da Judeia, e de além do Jordão.
Anwonwade a Yesu yɛɛ yi maa nnipakuw a wofi Galilea ne nkurow “Dekapoli” no mu ne Yerusalem ne Yordan agya tu dii nʼakyi.