< Judas 1 >
1 Judas, servo de Jesus Christo, e irmão de Thiago, aos chamados, sanctificados pelo Deus Pae, e conservados por Jesus Christo:
Yesu Kristo ɔsomfoɔ Yuda a meyɛ Yakobo nua na metwerɛɛ krataa yi, Mede kɔma wɔn a Onyankopɔn afrɛ wɔn na wɔte Agya Onyankopɔn dɔ ne Yesu Kristo banbɔ mu:
2 Misericordia, e paz, e caridade vos sejam multiplicadas.
Mmɔborɔhunu ne ɔdɔ a ɛdɔɔso nka mo.
3 Amados, procurando eu escrever-vos com toda a diligencia ácerca da salvação commum, tive por necessidade escrever-vos, e exhortar-vos a batalhar pela fé que uma vez foi entregue aos sanctos.
Me nnamfonom, anka merebɔ mmɔden atwerɛ mo afa nkwagyeɛ a yɛn nyinaa te mu no ho. Nanso, ɛsɛ sɛ metwerɛ mo wɔ asɛm foforɔ ho na moyere mo ho gyina nokorɛ a Onyankopɔn de ama ne nkurɔfoɔ afebɔɔ, a ɛnsɛ sɛ wɔsesa mu da biara da.
4 Porque se introduziram alguns, que já d'antes estavam escriptos para este mesmo juizo, homens impios, que convertem em dissolução a graça de Deus, e negam a Deus, unico dominador e Senhor nosso, Jesus Christo.
Nnipa bi awiawia wɔn ho abɛfra yɛn mu a wɔkyea asɛm a ɛfa yɛn Onyankopɔn adom no ka sɛ adom no enti abrabɔ bɔne nsɛe hwee. Wɔnnye Yesu Kristo a ɔno nko ara ne yɛn Wura ne yɛn Awurade no nto mu. Atwerɛsɛm no aka wɔn afɔbuo a aba wɔn so no ho asɛm dada.
5 Porém quero lembrar-vos, como a quem já uma vez soube isto, que, havendo o Senhor salvo um povo, tirando-o da terra do Egypto, destruiu depois os que não creram;
Ɛwom sɛ monim yeinom dada, nanso mepɛ sɛ mekae mo adwene wɔ ɔgye a Awurade gyee Israelfoɔ firii Misraim asase so na akyire yi, ɔsɛee wɔn a na wɔnnye asɛm no nni no ho.
6 E aos anjos que não guardaram a sua origem, mas deixaram a sua propria habitação, reservou debaixo da escuridão, e em prisões eternas até ao juizo d'aquelle grande dia; (aïdios )
Monkae abɔfoɔ a wɔdii tumi trasoɔ ma wɔgyaa wɔn atenaeɛ no. Wɔagu wɔn nkɔnsɔnkɔnsɔn wɔ sum kabii mu, na Onyankopɔn de wɔn asie retwɛn ɛda kɛseɛ no, na wabu wɔn atɛn. (aïdios )
7 Como Sodoma e Gomorrah, e as cidades circumvisinhas, que, havendo fornicado como aquelles, e ido após outra carne, foram postas por exemplo, soffrendo a pena do fogo eterno. (aiōnios )
Monkae Sodom ne Gomora ne nkuro a na atwa wɔn ho ahyia no sɛ, na emu nnipa no yɛ adwamanfoɔ. Onyankopɔn twee wɔn aso de yɛɛ nhwɛsoɔ maa wɔn a wɔbɛnya asotwe a ɛde wɔn kɔ ogya a ɛnnum da no mu. (aiōnios )
8 E comtudo tambem estes, similhantemente adormecidos, contaminam a carne, e rejeitam a dominação, e vituperam as dignidades.
Saa ɛkwan korɔ no ara so na adaeɛsofoɔ yi nam. Wogu wɔn ankasa onipadua ho fi. Wɔpo tumidie, na wɔka nsɛmmɔne fa animuonyamfoɔ a wɔwɔ ɔsoro ho.
9 Porém o archanjo Miguel, quando contendia com o diabo, e disputava a respeito do corpo de Moysés, não ousou pronunciar juizo de maldição contra elle; porém disse: O Senhor te reprehenda.
Ɔbɔfopanin Mikael mpo nyɛɛ saa da. Ɛberɛ a Mikael ne ɔbonsam repere Mose amu so a akasakasa sii wɔn ntam no mpo, wante ɔbonsam atua, na mmom, asɛm a ɔkaeɛ ara ne sɛ, “Awurade nka wʼanim.”
10 Porém estes dizem mal do que não sabem; e o que naturalmente conhecem, como animaes irracionaes, n'isso se corrompem.
Nanso, saa nnipa yi te nneɛma a wɔnte aseɛ ho atua. Sɛdeɛ mmoa a wɔnni nyansa di wɔn atenka akyi no, saa ara na wɔn nso wɔdi wɔn atenka akyi wɔ nneɛma a wɔnte aseɛ ho, na yei de ɔsɛeɛ bɛba wɔn so.
11 Ai d'elles! porque entraram pelo caminho de Caim, e foram levados pelo engano do galardão de Balaão, e pereceram pela contradicção de Coré.
Wɔnnue! Ɛkwan a Kain faa so no ara so na wɔnam. Sikanibereɛ enti, wɔde wɔn ho akɔhyɛ Bileam nnaadaasɛm ase. Wɔate atua atia Onyankopɔn sɛdeɛ Kora yɛeɛ pɛpɛɛpɛ. Yei enti wɔbɛsɛe wɔn.
12 Estes são manchas em vossas festas de caridade, banqueteando comvosco, e apascentando-se a si mesmos sem temor: são nuvens sem agua, levadas dos ventos de uma a outra parte: são como arvores murchas, infructiferas, duas vezes mortas, desarreigadas;
Wɔte sɛ nkekaeɛ fi a ɛwɔ wo nua aduane a ɔne wo di mu a wɔmfɛre ho. Wɔn ani ku wɔn ara wɔn ho. Na wɔte sɛ omununkum a ɛsi na mframa bɔ no, nanso osuo ntɔ. Wɔte sɛ nnua a ɛnso aba asusɔberɛ mu. Wɔte sɛ nnua a wɔatutu ne nhini ama awu koraa.
13 Ondas impetuosas do mar, que escumam as suas mesmas abominações: estrellas errantes, para os quaes está eternamente reservada a escuridão das trevas. (aiōn )
Wɔte sɛ ɛpo asorɔkye a ano yɛ den a ɛhuru sɛ ahuro da wɔn aniwudeɛ adi. Wɔte sɛ nsoromma a ɛkyinkyini a Onyankopɔn de wɔn asie ɔsɛeɛ esum kabii mu afebɔɔ. (aiōn )
14 E d'estes prophetizou tambem Enoch, o setimo depois de Adão, dizendo: Eis que é vindo o Senhor com milhares de seus sanctos;
Henok, Adam aseni a ɔtɔ no so nsia na ɔhyɛɛ saa nnipa yi ho nkɔm teteete sɛ, “Hwɛ, Awurade ne nʼabɔfoɔ Kronkron mpempem reba,
15 Para fazer juizo contra todos e castigar d'entre elles todos os impios, por todas as suas obras de impiedade, que impiamente commetteram, e por todas as duras palavras que os impios peccadores disseram contra elle.
na wɔabɛbu mo nyinaa atɛn na wɔabu nnebɔneyɛfoɔ nyinaa atɛn wɔ wɔn bɔne a wɔayɛ ne nsɛm a wɔaka atia Onyankopɔn no ho.”
16 Estes são murmuradores, queixosos da sua sorte, andando segundo as suas concupiscencias, e cuja bocca falla coisas mui arrogantes, admirando as pessoas por causa do proveito.
Ɛberɛ biara, saa nnipa yi nwiinwii na wɔde mfomsoɔ to afoforɔ so. Wɔdi wɔn akɔnnɔ akyi. Wɔhoahoa wɔn ho na wɔdaadaa afoforɔ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, wɔbɛba abɛdi wɔn akyi.
17 Mas vós, amados, lembrae-vos das palavras que vos foram preditas pelos apostolos de nosso Senhor Jesus Christo:
Me nnamfonom, monkae nsɛm a yɛn Awurade Yesu Kristo asomafoɔ no kaeɛ.
18 Como vos diziam que no ultimo tempo haveria escarnecedores que andariam segundo as suas impias concupiscencias.
Wɔkaa sɛ, “Sɛ awieeɛ no duru a, nnipa a wɔdi mo ho fɛ bɛba, wɔn a wɔdi wɔn akɔnnɔ akyi.”
19 Estes são os que se separam a si mesmos, sensuaes, que não teem o Espirito.
Yeinom ne nnipa a wɔnam wɔn akɔnnɔ so de mpaapaemu ba no. Na wɔnni Honhom no wɔ wɔn mu.
20 Mas vós, amados, edificando-vos a vós mesmos sobre a vossa sanctissima fé, orando no Espirito Sancto,
Enti, mo a moyɛ me nnamfonom, metu mo fo sɛ, monkɔ so mmia mo gyidie mu. Mommɔ mpaeɛ wɔ Honhom Kronkron no tumi mu,
21 Conservae-vos a vós mesmos na caridade de Deus, esperando a misericordia de nosso Senhor Jesus Christo para a vida eterna. (aiōnios )
na montena Onyankopɔn dɔ mu ɛberɛ a moretwɛn yɛn Awurade Yesu Kristo wɔ nʼahummɔborɔ mu ama wama mo nkwa a ɛnni awieeɛ no. (aiōnios )
22 E apiedae-vos de alguns que estão duvidosos;
Monhunu wɔn a wɔn gyidie sua mmɔbɔ.
23 Mas salvae os outros por temor, e arrebatae-os do fogo, aborrecendo até a roupa manchada da carne.
Montwe wɔn mfiri ogya mu nnye wɔn nkwa. Momfa suro nhunu wɔn mmɔbɔ, na monkyiri ntadeɛ a wɔn bɔne nkekaeɛ akeka mu.
24 Ora, áquelle que é poderoso para vos guardar de tropeçar, e apresentar-vos irreprehensiveis, com alegria, perante a sua gloria,
Na deɛ ɔbɛtumi asɔ mo mu na moanhwinti, na ɔde mo asi nʼanimuonyam anim sɛ nnipa a wɔnni dɛm wɔ ahosane mu no,
25 Ao unico Deus, Salvador nosso, por Jesus Christo, nosso Senhor, seja gloria e magestade, dominio e poder, antes de todos os seculos, agora, e para todo o sempre. Amen. (aiōn )
Onyankopɔn korɔ a ɔnam yɛn Awurade Yesu Kristo so yɛ yɛn Agyenkwa no, ɔno na animuonyam ne kɛseyɛ ne ahoɔden ne tumi nka no mmerɛ a atwam, ne ɛnnɛ ne daa nyinaa. Amen. (aiōn )