< Josué 3 >
1 Levantou-se pois Josué de madrugada, e partiram de Sittim, e vieram até ao Jordão, elle e todos os filhos d'Israel: e pousaram ali, antes que passassem.
Adeɛ kyee anɔpahema no, Yosua ne Israelfoɔ no nyinaa tu firii Sitim kɔduruu Asubɔnten Yordan nsunoa, baabi a wɔtenaa nna kakra ansa na wɔretwa.
2 E succedeu, ao fim de tres dias, que os principes passaram pelo meio do arraial;
Nnansa akyi no, Israelfoɔ ntuanofoɔ no faa atenaeɛ hɔ nyinaa
3 E ordenaram ao povo, dizendo: Quando virdes a arca do concerto do Senhor vosso Deus, e que os sacerdotes levitas a levam, parti vós tambem do vosso logar, e segui-a.
maa nnipa no akwankyerɛ sɛ, “Sɛ mohunu sɛ Lewifoɔ asɔfoɔ no so Awurade, mo Onyankopɔn Apam Adaka no a, monni wɔn akyi.
4 Haja comtudo distancia entre vós e ella, como da medida de dois mil covados: e não vos chegueis a ella, para que saibaes o caminho pelo qual haveis d'ir; porquanto por este caminho nunca passastes antes.
Esiane sɛ momfaa ha da no enti, wɔbɛkyerɛ mo ɛkwan. Momma akwansini fa nna mo ne wɔn ntam, na moammɛn Apam Adaka no. Monhwɛ na moammɛn ho.”
5 Disse Josué tambem ao povo: Sanctificae-vos, porque ámanhã fará o Senhor maravilhas no meio de vós
Yosua ka kyerɛɛ nkurɔfoɔ no sɛ, “Monnwira mo ho, ɛfiri sɛ, ɔkyena Awurade bɛyɛ anwanwadeɛ wɔ mo mu.”
6 E fallou Josué aos sacerdotes, dizendo: Levantae a arca do concerto, e passae adiante d'este povo. Levantaram pois a arca do concerto, e foram andando adiante do povo.
Anɔpa no, Yosua ka kyerɛɛ asɔfoɔ no sɛ, “Mompagya Apam Adaka no na momfa nni nnipa no anim ntwa asubɔnten no.” Ɛno enti wɔsiim.
7 E o Senhor disse a Josué: Este dia começarei a engrandecer-te perante os olhos de todo o Israel, para que saibam, que assim como fui com Moysés assim serei comtigo.
Awurade ka kyerɛɛ Yosua sɛ, “Ɛnnɛ, mɛhyɛ aseɛ ayɛ wo kɛseɛ wɔ Israelfoɔ no nyinaa ani so. Na ɛbɛma wɔahunu sɛ, meka wo ho sɛdeɛ na meka Mose ho no.
8 Tu pois ordenarás aos sacerdotes que levam a arca do concerto, dizendo: Quando vierdes até á borda das aguas do Jordão, parareis no Jordão.
Fa saa akwankyerɛ yi ma asɔfoɔ a wɔso Apam Adaka no: ‘Sɛ moduru Asubɔnten Yordan nsunoa hɔ a, monnante nkɔ nsuo no mu kakra na monnyina.’”
9 Então disse Josué aos filhos d'Israel: Chegae-vos para cá, e ouvi as palavras do Senhor vosso Deus.
Na Yosua ka kyerɛɛ Israelfoɔ no sɛ, “Mommra mmɛtie asɛm a Awurade, mo Onyankopɔn aka.
10 Disse mais Josué: N'isto conhecereis que o Deus vivo está no meio de vós: e que de todo lançará de diante de vós aos cananeos, e aos hetheos, e aos heveos, e aos phereseos, e aos girgaseos, e aos amorrheos, e aos jebuseos.
Ɛnnɛ mobɛhunu sɛ Onyankopɔn teasefoɔ no ka mo ho. Ampa ara ɔbɛpam Kanaanfoɔ, Hetifoɔ, Hewifoɔ, Perisifoɔ, Girgasifoɔ, Amorifoɔ ne Yebusifoɔ.
11 Eis que a arca do concerto do Senhor de toda a terra passa o Jordão diante de vós.
Monnwene ho! Apam Adaka a ɛyɛ Awurade a asase nyinaa yɛ ne dea no bɛdi mo anim de mo atware Asubɔnten Yordan.
12 Tomae-vos pois agora doze homens das tribus d'Israel, de cada tribu um homem;
Afei, monyiyi nnipa dumienu a ɔbaako biara firi mmusuakuo dumienu no mu.
13 Porque ha de acontecer que, assim que as plantas dos pés dos sacerdotes que levam a arca do Senhor, o Senhor de toda a terra, repousem nas aguas do Jordão, se separarão as aguas do Jordão, e as aguas que de cima descem pararão n'um montão.
Asɔfoɔ no bɛsoa Awurade a ɔyɛ asase nyinaa wura no Adaka no. Sɛ wɔn nan nya si nsuo no mu ara pɛ, asuo no bɛtwa afiri atifi ama ano aboa wɔ hɔ.”
14 E aconteceu que, partindo o povo das suas tendas, para passar o Jordão, levavam os sacerdotes a arca do concerto diante do povo.
Ɛberɛ a nnipa no sɔree sɛ wɔrekɔtwa Yordan no, asɔfoɔ a na wɔso Apam Adaka no dii wɔn anim.
15 E os que levavam a arca, quando chegaram até ao Jordão, e os pés dos sacerdotes que levavam a arca, se molharam na borda das aguas, (porque o Jordão trasbordava sobre todas as suas ribanceiras, todos os dias da sega),
Na ɛyɛ otwaberɛ mu enti na Yordan no ayiri aba nsunoa. Nanso, asɔfoɔ a wɔso Adaka no nan sii asuo no ano pɛ,
16 Pararam-se as aguas, que vinham de cima; levantaram-se n'um montão, mui longe da cidade d'Adam, que está da banda de Santan; e as que desciam ao mar das campinas, que é o mar salgado, faltavam de todo e separaram-se: então passou o povo defronte de Jericó.
asuo no ano hyɛɛ aseɛ boaa wɔ nʼatifi fam, baabi a wɔfrɛ hɔ Adam a ɛbɛn Saretan. Na asuo a ɛwɔ anafoɔ no nso tene kɔguu Nkyene Ɛpo no mu kɔsii sɛ asuo no subɔnhwa no weeɛ. Enti, nnipa no nyinaa twaa wɔ beaeɛ bi a ɛbɛn Yeriko kuropɔn no.
17 Porém os sacerdotes, que levavam a arca do concerto do Senhor, pararam firmes em secco no meio do Jordão: e todo o Israel passou em secco, até que todo o povo acabou de passar o Jordão.
Saa ɛberɛ no mu, asɔfoɔ a wɔso Awurade Apam Adaka no gyinaa asase kesee so wɔ subɔnhwa no mfimfini ma nnipa no nyinaa twaa mu. Wɔtwɛnee wɔ hɔ kɔsii sɛ obiara faa asase kesee so twaa Yordan.