< Hebreus 9 >
1 Ora tambem o primeiro tinha ordenanças de culto divino, e um sanctuario terrestre.
Na apam a ɛdi ɛkan no wɔ mmara a wɔnam so som. Saa ara nso na na wɔwɔ beaeɛ a nnipa asiesie a wɔsom.
2 Porque o tabernaculo foi preparado, o primeiro, em que estava o candieiro, e a mesa e os pães da proposição, o que se chama o sanctuario.
Wɔsii ntomadan a wɔatwa mu mmienu. Ɛdan a ɛdi ɛkan no a wɔfrɛ no Kronkronbea no na kaneadua, ɛpono ne burodo a wɔate ho a wɔde ma Onyankopɔn no wɔ.
3 Mas após o segundo véu estava o tabernaculo, que se chama o sancto dos sanctos,
Ntwamu no akyi a wɔfrɛ hɔ Kronkron mu Kronkron no,
4 Que tinha o incensario de oiro, e a arca do concerto, coberta de oiro toda em redor: em que estava a talha de oiro, que continha o manná, e a vara de Aarão, que tinha florescido, e as taboas do concerto;
na sika aduhwamhyeɛ afɔrebukyia ne Apam Adaka a wɔde sika adura ho nyinaa wɔ. Saa adaka no mu na na sika pɔre a mana ne Aaron poma a ɛfefɛeɛ ne apam abopono no wɔ.
5 E sobre a arca os cherubins da gloria, que faziam sombra no propiciatorio; das quaes coisas não fallaremos agora particularmente.
Adaka no so hɔ nso na animuonyam Kerubim a wɔatrɛ wɔn ntaban mu akata Adaka no nkatasoɔ no so si. Nanso, yɛrentumi nka nneɛma yi ho asɛm nkɔ akyiri seesei.
6 Ora, estando estas coisas assim preparadas, a todo o tempo entravam os sacerdotes no primeiro tabernaculo, para cumprir os serviços divinos;
Saa na wɔahyehyɛ nneɛma no. Ɛda biara na asɔfoɔ no kɔ ɛdan a ɛdi ɛkan no mu kɔyɛ wɔn adwuma;
7 Mas no segundo só o summo sacerdote, uma vez no anno, não sem sangue, o qual offerecia por si mesmo e pelas culpas do povo:
nanso na Ɔsɔfopanin no nko ara na ɔwɔ ho ɛkwan sɛ ɔkɔ Kronkron mu Kronkron hɔ pɛnkorɔ pɛ afe biara. Ɔde mogya a ɔde bɔ ɔno ankasa ne ne nkurɔfoɔ mfomsoɔ ho afɔdeɛ ka ne ho kɔ.
8 Dando n'isto a entender o Espirito Sancto que ainda o caminho do sanctuario não estava descoberto emquanto se conservava em pé o primeiro tabernaculo:
Honhom Kronkron no nam saa ɛkwan yi so kyerɛ yɛn sɛ, wɔnnya mmuee ɛkwan a wɔde kɔ Kronkron mu Kronkron hɔ wɔ ɛberɛ a Ntomadan no ne emu nneɛma da so wɔ hɔ.
9 O qual era figura para o tempo de então, em que se offereciam presentes e sacrificios, que, quanto á consciencia, não podiam aperfeiçoar aquelle que fazia o serviço.
Ɛyɛ mfatoho ma ɛnnɛ berɛ yi. Ɛkyerɛ sɛ akyɛdeɛ ne mmoa a na wɔde bɔ afɔdeɛ ma Onyankopɔn no rentumi mma wɔn a wɔsom no akoma mu nyɛ kronn.
10 Pois consistiam sómente em manjares, e bebidas, e varias abluções e justificações da carne, impostas até ao tempo da correcção.
Wɔde nnuane, anonneɛ ne nneɛma ahodoɔ a wɔde dwira wɔn ho na ɛdi dwuma no. Yei yɛ ɔhonam fam nhyehyɛeɛ a ɛyɛ adwuma kɔsi ɛberɛ a nhyehyɛeɛ foforɔ bɛba.
11 Mas, vindo Christo, o summo sacerdote dos bens futuros, por um maior e mais perfeito tabernaculo, não feito por mãos, isto é, não d'esta feitura,
Nanso, Kristo aba dada sɛ Ɔsɔfopanin ama nneɛma pa a yɛwɔ dada yi. Ntomadan a ɔsom wɔ mu no so na ɛdi mu kyɛn dada no. Ɛnnyɛ nnipa na wɔyɛeɛ. Afei nso, ɛmmfiri adebɔ yi mu.
12 Nem por sangue de bodes e bezerros, mas por seu proprio sangue, uma vez entrou no sanctuario, havendo effectuado uma eterna redempção. (aiōnios )
Ɛberɛ a Kristo kɔɔ ntomadan no mu a ɔkɔɔ Kronkronbea hɔ pɛnkorɔ no, wamfa mmirekyie ne anantwie mogya na ɛkɔbɔɔ afɔdeɛ. Mmom, ɔno ara de ne mogya na ɛbɔɔ afɔdeɛ de gyee nkwa a ɛnni awieeɛ maa yɛn. (aiōnios )
13 Porque, se o sangue dos toiros e bodes, e a cinza da novilha espargida sobre os immundos, os sanctifica, quanto á purificação da carne,
Na sɛ mmirekyie ne anantwinini mogya ne anantwibereɛ nsõ a wɔde dwira wɔn a wɔn ho agu fi te wɔn ho kɔ honam ahofirie mu a,
14 Quanto mais o sangue de Christo, que pelo Espirito eterno se offereceu a si mesmo immaculado a Deus, purificará as vossas consciencias das obras mortas para servirdes ao Deus vivo? (aiōnios )
mpɛn ahe na Kristo a ɔnam Honhom so, de ne ho bɔɔ afɔdeɛ a ɛho nni dɛm maa Onyankopɔn no mogya rente mo ho mfiri nnwuma bɔne mu, na mo nkɔsom Onyankopɔn a ɔte ase no? (aiōnios )
15 E por isso é Mediador do novo Testamento, para que, intervindo a morte para remissão das transgressões que havia debaixo do primeiro testamento, os chamados recebam a promessa da herança eterna. (aiōnios )
Yei enti na Kristo yɛ apam foforɔ no ntamgyinafoɔ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, wɔn a Onyankopɔn afrɛ wɔn no bɛnya nhyira a ɛnni awieeɛ sɛdeɛ Onyankopɔn ahyɛ bɔ no. Yei aba saa, ɛfiri sɛ, owuo bi asi a ɛgye nnipa firi wɔn bɔne a wɔyɛɛ ɛberɛ a na wɔwɔ apam a ɛdi ɛkan no mu no. (aiōnios )
16 Porque onde ha testamento necessario é que intervenha a morte do testador.
Sɛ nsamanseɛ bi wɔ hɔ a, ɛwɔ sɛ wɔtumi kyerɛ sɛ onipa a ɔhyɛɛ saa samanseɛ no awu.
17 Porque o testamento confirma-se nos mortos; porquanto não é valido emquanto vive o testador,
Sɛ onipa a ɔhyɛɛ nsamanseɛ no te ase a, saa nsamanseɛ no nka hwee. Ɛberɛ a wawu no na ɛka biribi.
18 Pelo que tambem o primeiro não foi consagrado sem sangue;
Ɛno enti na apam a ɛdi ɛkan no wɔnam mogya so na wɔhyɛɛ no den no.
19 Porque, havendo Moysés relatado a todo o povo todos os mandamentos segundo a lei, tomou o sangue dos bezerros e dos bodes, com agua, lã purpurea e hyssope, e aspergiu tanto o mesmo livro como todo o povo,
Deɛ ɛdi ɛkan no, Mose kaa mmaransɛm no nyinaa, sɛdeɛ ɛwɔ Mmara no mu no kyerɛɛ nnipa no. Nantwie mma mogya ne nsuo ne kuntu kɔkɔɔ ne sommɛ na ɔde petee Mmara nwoma no ne nnipa no nyinaa so
20 Dizendo: Este é o sangue do testamento que Deus vos tem mandado.
kaa sɛ, “Yei ne mogya a ɛsɔ apam a Onyankopɔn ahyɛ mo sɛ monni so no ano.”
21 E similhantemente aspergiu com sangue o tabernaculo e todos os vasos do ministerio.
Saa ara na Mose petee mogya guu ntomadan no ne nneɛma a wɔde som no nyinaa so ne no.
22 E quasi todas as coisas, segundo a lei, se purificam com sangue; e sem derramamento de sangue não se faz remissão.
Nokorɛm, sɛdeɛ Mmara no kyerɛ no, ɛkame ayɛ sɛ mogya na ɛtumi te adeɛ nyinaa ho, na saa ara nso na gye sɛ mogya ahwie agu ansa na bɔnefakyɛ aba.
23 De sorte que era bem necessario que as figuras das coisas que estão no céu se purificassem com estas coisas; porém as proprias coisas celestiaes com sacrificios melhores do que estes.
Saa ɛkwan yi ara so na wɔnam ma biribiara a ɛyɛ ɔsoro nhwɛsodeɛ no ho te. Nanso, ɔsoro nneɛma no ankasa deɛ, afɔdeɛ a ɛyɛ kyɛn yeinom na wɔde te ho.
24 Porque Christo não entrou no sanctuario feito por mãos, figura do verdadeiro, porém no mesmo céu, para agora comparecer por nós perante a face de Deus
Ɛfiri sɛ, Kristo ankɔ baabi a ɛyɛ kronkron a nnipa de wɔn nsa na ayɛ a ɛyɛ ade kann nhwɛsodeɛ. Ɔkɔɔ ɔsoro ankasa na ɔsi yɛn ananmu wɔ hɔ wɔ Onyankopɔn anim.
25 Nem tambem para a si mesmo se offerecer muitas vezes, como o summo sacerdote cada anno entra no sanctuario com sangue alheio;
Afe biara Yudafoɔ Sɔfopanin de aboa mogya kɔ Kronkronbea hɔ. Nanso, Kristo amfa ne ho amma mpɛn bebree saa.
26 D'outra maneira, necessario lhe fôra padecer muitas vezes desde a fundação do mundo: mas agora na consummação dos seculos uma vez se manifestou, para aniquilar o peccado pelo sacrificio de si mesmo. (aiōn )
Sɛ ɔyɛɛ saa a, anka ɛfiri adebɔ ahyɛaseɛ no, ɔbɛhunu amane mpɛn bebree. Mmom, waba prɛko a nneɛma nyinaa reba awieeɛ, na ɔnam afɔdeɛ a ɔde ne ho bɔeɛ no so apepa bɔne. (aiōn )
27 E, como aos homens está ordenado morrerem uma vez, vindo depois d'isso o juizo,
Ɛsɛ sɛ obiara wu prɛko pɛ, na ɛno akyi Onyankopɔn abu no atɛn.
28 Assim tambem Christo, offerecendo-se uma vez para tirar os peccados de muitos, apparecerá a segunda vez, sem peccado, aos que o esperam para salvação.
Saa ara na wɔde Kristo nso bɔɔ afɔdeɛ baako pɛ de gyee dodoɔ no ara wɔ wɔn bɔne mu. Ɔbɛba ne mprenu so a ɔmmɛgye nnebɔneyɛfoɔ na mmom, ɔbɛba abɛgye wɔn a wɔretwɛn no no nkwa.