< Esdras 3 >

1 Chegando pois o setimo mez, e estando os filhos d'Israel já nas cidades, se ajuntou o povo, como um só homem, em Jerusalem.
Bosome a ɛtɔ so nson ahyɛaseɛ a Israelfoɔ abɔ atenaseɛ wɔ wɔn nkuro mu no, nnipa no nyinaa hyiaa sɛ nnipa korɔ wɔ Yerusalem.
2 E levantou-se Josué, filho de Josadak, e seus irmãos, os sacerdotes, e Zorobabel, filho de Sealthiel, e seus irmãos, e edificaram o altar do Deus d'Israel, para offerecerem sobre elle holocausto, como está escripto na lei de Moysés, o homem de Deus
Na Yosadak babarima Yesua ne nʼafɛfoɔ asɔfoɔ ne Sealtiel babarima Serubabel ne nʼabusuafoɔ hyɛɛ aseɛ siesiee Israel Onyankopɔn afɔrebukyia no, sɛdeɛ wɔbɛtumi abɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ wɔ so, sɛdeɛ wɔahyɛ wɔ Mose a ɔyɛ Onyankopɔn onipa no mmara mu no.
3 E firmaram o altar sobre as suas bases, porque o terror estava sobre elles, por causa dos povos das terras: e offereceram sobre elle holocaustos ao Senhor, holocaustos de manhã e de tarde.
Ɛwom sɛ na nkurɔfoɔ no suro amannifoɔ a wɔtete hɔ no deɛ, nanso wɔsane sii afɔrebukyia no wɔ ne dada mu hɔ. Ɛhɔ ara na wɔhyɛɛ aseɛ bɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ maa Awurade. Wɔyɛɛ saa anɔpa ne anwummerɛ biara.
4 E celebraram a festa dos tabernaculos, como está escripto: offereceram holocaustos de dia em dia por ordem, conforme ao rito, cada coisa no seu dia.
Wɔdii Asese Afahyɛ no sɛdeɛ wɔakyerɛ wɔ Mose mmara nwoma no mu no, na wɔbɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ, sɛdeɛ afahyɛ da biara deɛ teɛ no.
5 E depois d'isto o holocausto continuo, e os das luas novas e de todas as solemnidades sanctificadas do Senhor; como tambem de qualquer que offerecia offerta voluntaria ao Senhor:
Afei, wɔbɔɔ daa ɔhyeɛ afɔdeɛ no ne afɔdeɛ a ɛsɛ sɛ wɔbɔ ma Ɔbosome Foforɔ Afahyɛ no ne mfeɛ ahodoɔ afahyɛ de maa Awurade. Na nnipa no bɔɔ ɔpɛ pa mu afɔdeɛ nso de maa Awurade.
6 Desde o primeiro dia do setimo mez começaram a offerecer holocaustos ao Senhor: porém ainda não estavam postos os fundamentos do templo do Senhor.
Aka dadu nnanum na Dwanekɔbea Afahyɛ no aduru so no, asɔfoɔ no hyɛɛ aseɛ bɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ maa Awurade. Wɔhyɛɛ yei nso ase ansa na wɔreto Awurade asɔredan no fapem.
7 Deram pois o dinheiro aos cortadores e artifices, como tambem comida e bebida, e azeite aos sidonios, e aos tyrios, para trazerem do Libano madeira de cedro ao mar de Joppe, segundo a concessão que lhes tinha feito Cyro, rei da Persia.
Na wɔbɔɔ adansifoɔ ne nnua adwumfoɔ paa na wɔtɔɔ ntweneduro nnua firi Tirofoɔ ne Sidonfoɔ nkyɛn, na wɔde nnuane, nsã ne ngo tuaa wɔn ka. Wɔde nnua no firi Lebanon mmepɔ so guu Ɛpo Kɛseɛ ani baa Yopa, a na ɔhene Kores ama ho ɛkwan.
8 E no segundo anno da sua vinda á casa de Deus em Jerusalem, no segundo mez, começaram Zorobabel, filho de Sealthiel, e Josué, filho de Josadak, e os outros seus irmãos, os sacerdotes e os levitas, e todos os que vieram do captiveiro a Jerusalem; e constituiram os levitas da edade de vinte annos e d'ahi para cima, para que aviassem a obra da casa do Senhor.
Wɔhyɛɛ Onyankopɔn asɔredan no sie ase wɔ bosome a ɛtɔ so mmienu mu wɔ afeɛ a ɛtɔ so mmienu firi ɛberɛ a wɔkɔduruu Yerusalem no. Wɔn a wɔfiri asutwa mu baeɛ no nyinaa yɛɛ ho adwumayɛfoɔ a Sealtiel babarima Serubabel, Yosadak babarima Yesua ne ne mfɛfoɔ asɔfoɔ ne Lewifoɔ nyinaa nso ka ho. Lewifoɔ a na wɔadi mfeɛ aduonu ne wɔn a wɔboro saa no na wɔde Awurade asɔredan no nsiesie hyɛɛ wɔn nsa.
9 Então se levantou Josué, seus filhos, e seus irmãos, Kadmiel e seus filhos, os filhos de Judah, como um só homem, para aviarem os que faziam a obra na casa de Deus, com os filhos d'Henadad, seus filhos e seus irmãos, os levitas.
Yesua ne ne mmammarima ne nʼabusuafoɔ ne Kadmiel ne ne mmammarima ne Hodawia asefoɔ nyinaa na wɔde Onyankopɔn asɔredan ho adwumayɛfoɔ hyɛɛ wɔn nsa sɛ, wɔnhwɛ wɔn so. Henadad abusuafoɔ Lewifoɔ na wɔboaa wɔn saa dwumadie yi mu.
10 Quando pois os edificadores lançaram os alicerces do templo do Senhor, então apresentaram-se os sacerdotes, já vestidos e com trombetas, e os levitas, filhos d'Asaph, com psalterios, para louvarem ao Senhor, conforme á instituição de David, rei d'Israel.
Ɛberɛ a adansifoɔ no wiee Awurade asɔredan no fapem no, asɔfoɔ no hyɛɛ wɔn asɔfotadeɛ, kɔtenaa wɔn tenaberɛ, hyɛnee wɔn totorobɛnto. Na Asaf asefoɔ Lewifoɔ no bɔɔ wɔn kyankyan de kamfoo Awurade sɛdeɛ na ɔhene Dawid ahyɛ no pɛpɛɛpɛ.
11 E cantavam a revezes, louvando e celebrando ao Senhor; porque é bom; porque a sua benignidade dura para sempre sobre Israel. E todo o povo jubilou com grande jubilo, quando louvaram ao Senhor, pela fundação da casa do Senhor.
Wɔde nkamfoɔ ne aseda too saa dwom yi maa Awurade sɛ: “Ɔyɛ, Na nʼadɔeɛ wɔ hɔ daa ma Israel afebɔɔ!” Na ɔmanfoɔ no nyinaa teaam ahoɔden so, de kamfoo Awurade, ɛfiri sɛ, Awurade asɔredan fapem no, wɔato.
12 Porém muitos dos sacerdotes, e levitas e chefes dos paes, já velhos, que viram a primeira casa, sobre o seu fundamento, vendo perante os seus olhos esta casa, choraram em altas vozes; mas muitos levantaram as vozes com jubilo e com alegria.
Asɔfoɔ mpanimfoɔ no bebree ne Lewifoɔ ne ntuanofoɔ no kaee asɔredan a ɛdi ɛkan no, wɔsuiɛ ɛberɛ a wɔhunuu asɔredan foforɔ no fapem a wɔato no. Na afoforɔ nso teateaam anigyeɛ so.
13 De maneira que não discernia o povo as vozes do jubilo d'alegria, das vozes do choro do povo; porque o povo jubilava com tão grande jubilo, que as vozes se ouviam de mui longe.
Anigyeɛ nteateamu ne osu a ɛne no adi afra no, ano yɛɛ den, na nnipa tee no akyirikyiri.

< Esdras 3 >