< 2 Coríntios 12 >
1 Em verdade que não convém gloriar-me; mas passarei ás visões e revelações do Senhor.
Ɛwom sɛ ahohoahoa ho nni mfasoɔ biara deɛ, nanso ɛsɛ sɛ mehoahoa me ho. Nanso, afei mɛka anisoadehunu ne adiyisɛm a Awurade ada no adi akyerɛ me no.
2 Conheço um homem em Christo que ha quatorze annos (se no corpo não sei, se fóra do corpo não sei: Deus o sabe) foi arrebatado até ao terceiro céu.
Menim Okristoni bi a mfeɛ dunan nie, biribi hwimm no de no kɔɔ ɔsoro. Mennim sɛ saa asɛm yi sii ampa ara anaasɛ ɛyɛ anisoadehunu. Onyankopɔn nko ara na ɔnim.
3 E sei que o tal homem (se no corpo, se fóra do corpo, não sei; Deus o sabe)
Meti mu bio. Menim sɛ wɔhwimm saa ɔbarima yi kɔɔ Paradise. Bio mennim sɛ saa asɛm yi sii ampa ara anaasɛ ɛyɛ anisoadehunu. Onyankopɔn nko ara na ɔnim.
4 Foi arrebatado ao paraiso; e ouviu palavras ineffaveis, de que ao homem não é licito fallar.
Na ɛhɔ na ɔtee nneɛma bi a wɔde ka nsɛm a ɛnyɛ yie, nneɛma a onipa anofafa ntumi nka.
5 De um tal me gloriarei eu, mas de mim mesmo não me gloriarei, senão nas minhas fraquezas.
Enti, mede saa onipa yi bɛhoahoa me ho na meremfa me ara me ho nhoahoa me ho gye sɛ nneɛma a ɛda me adi sɛ meyɛ mmerɛ no ho.
6 Porque, se quizer gloriar-me, não serei nescio, porque direi a verdade; porém deixo isto, para que ninguem cuide de mim mais do que em mim vê ou de mim ouve.
Sɛ mehoahoa me ho mpo a, anka merenyɛ ɔkwasea, ɛfiri sɛ, nokorɛ ara na meka. Nanso, merenhoahoa me ho, ɛfiri sɛ, mempɛ sɛ obiara bu me otitire sene sɛdeɛ wahunu na wate afiri me nkyɛn no.
7 E para que me não exaltasse pelas excellencias das revelações, foi-me dado um espinho na carne, a saber, um mensageiro de Satanaz para me esbofetéar, para que me não exalte.
Sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɛnam saa adiyisɛm nwanwaso yi enti meremma me ho so no, wɔsomaa ɔbonsam ɔbɔfoɔ ma ɔde honam mu yea a emu yɛ den brɛɛ me de brɛɛ me ase.
8 Á cerca do qual tres vezes orei ao Senhor para que se desviasse de mim.
Mebɔɔ yei ho mpaeɛ mprɛnsa kyerɛɛ Awurade na mesrɛɛ no sɛ ɔmma ɛmfiri me so nkɔ.
9 E disse-me: A minha graça te basta, porque o meu poder se aperfeiçoa na fraqueza. De boa vontade pois me gloriarei nas minhas fraquezas, para que em mim habite o poder de Christo.
Ne mmuaeɛ a ɔmaa me ne sɛ, “Mʼadom nko ara na ɛho hia wo, na ɛberɛ a woayɛ mmerɛ no na me tumi mu yɛ den pa ara.” Enti, ɛyɛ me anigye pa ara sɛ mede me mmerɛyɛ hoahoa me ho, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mɛte Kristo banbɔ tumi a ɛbɔ me ho ban no nka.
10 Pelo que sinto prazer nas fraquezas, nas injurias, nas necessidades, nas perseguições, nas angustias por amor de Christo. Porque quando estou fraco então sou forte.
Esiane Kristo enti, mepene mmerɛyɛ, ɔyea, amanehunu, ɔtaa ne akwansideɛ so. Ɛfiri sɛ, me mmerɛyɛ mu no na meyɛ den.
11 Fui nescio em gloriar-me; vós me constrangestes, porque eu devia ser louvado por vós, visto que em nada fui inferior aos mais excellentes apostolos; ainda que nada sou.
Meyɛ me ho sɛ ɔkwasea, nanso mo na moama mayɛ saa. Mo na anka ɛsɛ sɛ mogye me tom. Na sɛ menyɛ hwee a, ɛkwan biara so no, mennyɛ sɛ abomfiaa wɔ mo anim nsene “Asomafoɔ” a mobu wɔn no.
12 Os signaes do meu apostolado foram effectuados entre vós com toda a paciencia, por signaes, prodigios e maravilhas.
Mede boasetɔ dii dwuma wɔ mo mu de kyerɛɛ sɛ meyɛ ɔsomafoɔ.
13 Porque, em que tendes vós sido inferiores ás outras egrejas, a não ser que eu mesmo vos não fui pesado? Perdoae-me este aggravo.
Dwumadie no bi yɛ nsɛnkyerɛnneɛ ne anwanwadeɛ. Adɛn enti na moyɛ asɔre a aka no mu abomfiaa, ɛfiri sɛ, mammisa mo mmoa bi nti? Mesrɛ mo momfa saa mfomsoɔ no nkyɛ me.
14 Eis aqui estou prompto para terceira vez ir ter comvosco, e não vos serei pesado, pois que não busco o que é vosso, mas sim a vós; porque não devem os filhos enthesourar para seus paes, mas os paes para os filhos.
Yei ne ne mprɛnsa so a masiesie me ho pɛ sɛ mebɛsra mo. Na meba nso a, meremmisa mo biribiara. Mo na merehwehwɛ mo.
15 E eu de muito boamente gastarei, e me deixarei gastar pelas vossas almas, ainda que, amando-vos cada vez mais, seja menos amado.
Ɛbɛyɛ me anigye sɛ mo enti, mɛhwere deɛ mewɔ ne mʼadagyeɛ de aboa mo. Esiane sɛ medɔ mo yie no enti, mo dɔ a modɔ me no so bɛte anaa?
16 Porém seja assim; eu não vos fui pesado, mas, sendo astuto, vos tomei com dolo.
Mobɛte aseɛ sɛ na mennyɛ adesoa mma mo. Nanso, obi bɛka sɛ, meyɛ ɔdaadaafoɔ a mede nnaadaa yii mo.
17 Porventura aproveitei-me de vós por algum d'aquelles que vos enviei?
Ɛkwan bɛn so? Menam abɔfoɔ a mesomaa wɔn mo nkyɛn no so sisii mo anaa?
18 Roguei a Tito, e enviei com elle um irmão. Porventura Tito se aproveitou de vós? Não andámos porventura no mesmo espirito, sobre as mesmas pisadas?
Mesomaa Tito sɛ ɔnkɔ, ɛnna mesomaa onua baako kaa ne ho. Mokyerɛ sɛ Tito sisii mo anaa? Ɔno ne me nyinaa kura adwene korɔ nni dwuma korɔ?
19 Cuidaes que ainda nos desculpamos comvosco? Fallamos em Christo perante Deus, e tudo isto, ó amados, para vossa edificação.
Ebia, modwene sɛ pɛ ara na yɛpɛ sɛ yɛka biribi de tete yɛn ho wɔ mo anim. Dabi! Yɛkasa sɛdeɛ Kristo pɛ sɛ yɛka wɔ Onyankopɔn anim. Na biribiara a yɛyɛ no nso, me nnamfo pa, yɛyɛ de boa mo.
20 Porque temo que, quando chegar, vos não ache taes quaes eu quizera, e eu seja achado de vós tal qual vós não quizereis: que de alguma maneira não haja pendencias, invejas, iras, porfias, detracções, mexericos, orgulhos, tumultos,
Mesuro sɛ, sɛ meduru hɔ a, sɛdeɛ anka mepɛ sɛ mehunu mo no, merenhunu mo saa. Saa ara nso na sɛdeɛ anka mopɛ sɛ mohunu me no, morenhunu me saa. Menim sɛ mɛba abɛto akasakasa ne anibereɛ, abufuo ne pɛsɛmenkomenya, ɔyea ne nsekuro, ahantan ne basabasayɛ no.
21 Para que, quando fôr outra vez, o meu Deus me não humilhe para comvosco, e eu não chore por muitos d'aquelles que d'antes peccaram, e não se arrependeram da immundicia, e fornicação, e deshonestidade que commetteram.
Mesuro sɛ da a mɛba bio no, Onyankopɔn bɛgu mʼanim ase wɔ mo anim na mɛsu ama wɔn a wɔayɛ bɔne dada na wɔnnuu wɔn ho wɔ wɔn akɔnnɔ ne adwamammɔ ho no.