< Psalmów 58 >

1 Przewodnikowi chóru. Al taszchet. Miktam Dawida. O zgromadzenie, czy rzeczywiście mówicie to, co sprawiedliwe? Czy słusznie sądzicie, synowie ludzcy?
Dawid “miktam” dwom. So mo asodifo, ampa ara sɛ, moka asɛm a ɛteɛ ana? Mubu atɛntrenee wɔ nnipa mu ana?
2 Przeciwnie, w sercu knujecie nieprawości, wymierzacie przemoc waszych rąk na ziemi.
Dabi da! Modwene ntɛnkyew wɔ mo koma mu na mo nsa de akakabensɛm ba asase so.
3 Niegodziwi zeszli na bezdroża już od łona [matki], od urodzenia błądzą, mówiąc kłamstwo.
Amumɔyɛfo fom kwan fi awo mu; wɔyɛ mmaratofo fi awotwaa mu na wodi atoro.
4 Ich jad podobny do jadu węża, są jak głucha żmija, która zatyka uszy;
Wɔn ano bɔre te sɛ ɔwɔ de, ɛte sɛ ɔprammiri a wawɛn nʼaso,
5 Aby nie słyszeć głosu zaklinaczy ani czarownika, co biegle zaklina.
a ɔnte ntafowayifo dwom, na ne dwom dɛdɛ no mpo mfa ne ho.
6 Boże, skrusz zęby w ich ustach; PANIE, połam zęby trzonowe lwiąt.
Ao Onyankopɔn, bubu ɛse a egu wɔn anom, Awurade, tutu gyata no sebɔmmɔfo no gu!
7 Niech znikną jak spływająca woda, niech będą jak ten, który naciąga [łuk], lecz jego strzały się łamią.
Ma wontwa mu nkɔ sɛ sunsuan; sɛ wɔtwe wɔn agyan a, ma wɔn bɛmma no ano nwu.
8 Niech przeminą jak ślimak, który się rozpływa; jak poroniony płód kobiety niech nie zobaczą słońca.
Ma wɔnyɛ sɛ nwaw horɔdɔhorɔdɔ bi a ɔrenan agu wɔ bere a ɔretene no. Ma wɔnyɛ sɛ ɔba a owu wɔ awoe a onhu owia koraa.
9 Zanim wasze ciernie wypuszczą kolce, gdy jeszcze są zielone, porwie je wicher gniewu [Boga].
Ansa na mo nkuku bɛte nsɔe ano yaw, sɛ ɛyɛ amono anaa awo no, wɔbɛpra amumɔyɛfo akɔ.
10 Będzie się weselił sprawiedliwy, gdy ujrzy pomstę; swoje stopy umyje we krwi niegodziwego.
Sɛ wɔtɔ were ma atreneefo a wɔn ani begye, na wɔbɛhohoro wɔn anan ho wɔ amumɔyɛfo mogya mu.
11 A ludzie powiedzą: Jest, doprawdy, nagroda dla sprawiedliwego; doprawdy jest Bóg, który sądzi na ziemi.
Afei nnipa bɛka se, “Ampa ara atreneefo kɔ so nya wɔn akatua; na ampa ara Onyankopɔn bi wɔ hɔ a obu wiase atɛn.” Wɔde ma dwonkyerɛfo.

< Psalmów 58 >