< Mateusza 11 >
1 Kiedy Jezus skończył rozkazywać swoim dwunastu uczniom, odszedł stamtąd, aby nauczać i głosić w ich miastach.
Yesu wiee nʼasuafoɔ dumienu no kasakyerɛ no, ɔfirii hɔ kɔɔ nkuro a ɛbemmɛn no mu kɔkyerɛkyerɛɛ asɛm no.
2 A gdy Jan usłyszał w więzieniu o czynach Chrystusa, posłał dwóch ze swoich uczniów;
Yohane Osubɔni a saa ɛberɛ no na ɔda afiase no tee anwanwadeɛ a Kristo reyɛ no, ɔsomaa nʼasuafoɔ bɛbisaa no sɛ,
3 Z pytaniem: Czy ty jesteś tym, który ma przyjść, czy mamy oczekiwać innego?
“Wo ne deɛ ɔreba no, anaa yɛnhwɛ ɔfoforɔ anim?”
4 A Jezus odpowiedział im: Idźcie i oznajmijcie Janowi, co słyszycie i widzicie.
Yesu buaa wɔn sɛ, “Monsane nkɔ, nkɔka anwanwadeɛ a moahunu ne deɛ moate nkyerɛ Yohane sɛ,
5 Ślepi widzą, chromi chodzą, trędowaci zostają oczyszczeni, głusi słyszą, umarli zmartwychwstają, a ubogim opowiadana jest ewangelia.
anifirafoɔ hunu adeɛ, mmubuafoɔ nante, akwatafoɔ ho ate, asotifoɔ te asɛm, na awufoɔ nso nyane. Afei, monka nkyerɛ no sɛ, meka asɛmpa no kyerɛ ahiafoɔ.
6 A błogosławiony jest ten, kto się nie zgorszy z mojego powodu.
Monsane nka nkyerɛ no bio sɛ, Nhyira ne deɛ merenyɛ no suntidua.”
7 A gdy odeszli, Jezus zaczął mówić do tłumów o Janie: Co wyszliście oglądać na pustyni? Trzcinę kołyszącą się na wietrze?
Yohane asuafoɔ no kɔeɛ no, Yesu hyɛɛ aseɛ kaa Yohane ho asɛm kyerɛɛ nnipadɔm no. Ɔbisaa wɔn sɛ, “Mokɔɔ ɛserɛ so no, ɛdeɛn na mokɔɔ sɛ morekɔhwɛ? Ɛserɛ a mframa rebɔ no?
8 Ale co wyszliście zobaczyć? Człowieka ubranego w miękkie szaty? Oto ci, którzy noszą miękkie szaty, są w domach królewskich.
Anaa na mosusu sɛ mobɛhunu ɔbarima bi a wahyehyɛ sɛ ɔhene ba te ahemfie?
9 Ale co wyszliście zobaczyć? Proroka? Owszem, mówię wam, nawet więcej niż proroka.
Anaa Onyankopɔn odiyifoɔ? Ɛnneɛ, mereka makyerɛ mo sɛ, ɔsene odiyifoɔ.
10 Bo on jest tym, o którym jest napisane: Oto ja posyłam mego posłańca przed twoim obliczem, który przygotuje twoją drogę przed tobą.
Na saa Yohane yi na Atwerɛsɛm no ka fa ne ho sɛ, “‘Mɛsoma me ɔbɔfoɔ adi wʼanim ɛkan. Ɔno na ɔbɛsiesie ɛkwan ama wo.’
11 Zaprawdę powiadam wam: Nie powstał z tych, którzy rodzą się z kobiet, większy od Jana Chrzciciela. Ale ten, kto jest najmniejszy w królestwie niebieskim, jest większy niż on.
Nokorɛ nie, nnipa a mmaa awo wɔn nyinaa mu, obiara nni hɔ a ɔyɛ kɛse sene Yohane Osubɔni. Nanso, deɛ ɔyɛ aketewa koraa wɔ Ɔsoro Ahennie mu no yɛ ɔkɛseɛ sene no!
12 A od dni Jana Chrzciciela aż dotąd królestwo niebieskie doznaje gwałtu i gwałtownicy je zdobywają.
Na ɛfiri ɛberɛ a Yohane Osubɔni firii aseɛ kaa asɛmpa no, bɔɔ nkurɔfoɔ asu de bɛsi ɛnnɛ no, Ɔsoro Ahennie no de tumi retrɛ na nnipadɔm a wɔn ani abereɛ refa no aniɛden so.
13 Bo wszyscy Prorocy i Prawo prorokowali aż do Jana.
Ansa na Yohane rebɛba no, na adiyifoɔ ne Mose mmara no aka ɔsoro ahennie no ho asɛm dada.
14 A jeśli chcecie [to] przyjąć, on jest Eliaszem, który miał przyjść.
Sɛ mopɛ sɛ mote deɛ mereka no ase deɛ a, Yohane no, ɔno ne Elia a adiyifoɔ no hyɛɛ ne ho nkɔm sɛ ɔbɛba no.
15 Kto ma uszy do słuchania, niech słucha.
Deɛ ɔwɔ aso no, ɔntie!
16 Ale do kogo przyrównam to pokolenie? Podobne jest do dzieci, które siedzą na rynku i wołają na swoich towarzyszy:
“Ɛdeɛn ho na mɛtumi de nnɛmmafoɔ yi atoto? Wɔte sɛ mmɔfra a wɔte baabi redi agorɔ. Ɛfa ka kyerɛ ɛfa sɛ,
17 Graliśmy wam na flecie, a nie tańczyliście; śpiewaliśmy pieśni żałobne, a nie płakaliście.
“‘Yɛtoo anigyeɛ nnwom maa mo, nanso moansa. Yɛtoo awerɛhoɔ nnwom nso maa mo, nanso moansu.’
18 Przyszedł bowiem Jan, nie jadł i nie pił, a mówią: Ma demona.
Yohane baeɛ a ɔnnidi na ɔnnom no, wɔse, ‘Ɔwɔ honhommɔne.’
19 Przyszedł Syn Człowieczy, jedząc i pijąc, a mówią: Oto żarłok i pijak, przyjaciel celników i grzeszników. Lecz usprawiedliwiona jest mądrość przez swoje dzieci.
Onipa Ba no baeɛ a ɔdidi na ɔnom no nso, wɔse, ‘Monhwɛ odidifoɔ ne ɔsanomfoɔ a ɔyɛ ɔtogyefoɔ ne nnebɔneyɛfoɔ adamfo!’ Nanso, wɔn a wɔdi Onyankopɔn akyi nokorɛ mu no deɛ, wɔn bra di adanseɛ sɛ, nʼakwan nyinaa yɛ.”
20 Wtedy zaczął ganić miasta, w których działo się najwięcej jego cudów, że nie pokutowały, [mówiąc]:
Afei, ɔhyɛɛ aseɛ kaa nkuro a ɔyɛɛ anwanwadeɛ ahodoɔ wɔ hɔ nanso wɔannu wɔn ho no anim sɛ,
21 Biada tobie, Korozain! Biada tobie, Betsaido! Bo gdyby w Tyrze i Sydonie działy się te cuda, które się w was dokonały, dawno by w worze i popiele pokutowały.
“Korasin, due! Betsaida, due! Anwanwadeɛ a meyɛɛ no mo mu no, sɛ meyɛɛ no Tiro ne Sidon a, anka ɛhɔfoɔ no de awerɛhoɔ ne ahonuo asakyera wɔn adwene dada.
22 Ale mówię wam: Lżej będzie Tyrowi i Sydonowi w dniu sądu niż wam.
Atemmuo da no, asɛm a ɛbɛto wɔn no bɛsene deɛ ɛbɛto Tiro ne Sidon!
23 A ty, Kafarnaum, które jesteś wywyższone aż do nieba, aż do piekła będziesz strącone. Bo gdyby w Sodomie działy się cuda, które się w tobie dokonały, przetrwałaby aż do dziś. (Hadēs )
Na wo Kapernaum, wopɛ sɛ woma wo ho so, nanso wɔbɛbrɛ wo ase de wo akɔ asaman. Anwanwadeɛ a meyɛɛ no wo hɔ no, sɛ wɔyɛɛ no wɔ Sodom a, anka ɛda so wɔ hɔ bɛsi ɛnnɛ. (Hadēs )
24 Ale mówię wam: Lżej będzie ziemi Sodomy w dzień sądu niż tobie.
Mereka nokorɛ akyerɛ mo sɛ, Atemmuo da no, Tiro ne Sodom bɛnya gyinabea pa asene mo!”
25 W tym czasie Jezus powiedział: Wysławiam cię, Ojcze, Panie nieba i ziemi, że zakryłeś te sprawy przed mądrymi i roztropnymi, a objawiłeś je niemowlętom.
Asɛnka no akyi, Yesu bɔɔ mpaeɛ sɛ, “Agya, ɔsoro ne asasewura, meda wo ase sɛ woanna nokorɛ no adi ankyerɛ wɔn a wɔsusu sɛ wɔyɛ anyansafoɔ, na mmom, wodaa nokorɛ no adi kyerɛɛ mmɔfra nkumaa.
26 Tak, Ojcze, gdyż tak się tobie upodobało.
Aane, Agya, wo pɛ mu na woma ɛbaa saa.
27 Wszystko zostało mi dane od mego Ojca i nikt nie zna Syna, tylko Ojciec, ani nikt nie zna Ojca, tylko Syn i ten, komu Syn zechce objawić.
“Mʼagya no de nneɛma nyinaa ahyɛ me nsa. Obiara nnim Ɔba no gye Agya no nko ara. Na obiara nnim Agya no gye Ɔba no, ne wɔn a Ɔba no pɛ sɛ ɔda no adi kyerɛ wɔn.
28 Przyjdźcie do mnie wszyscy, którzy jesteście spracowani i obciążeni, a ja wam dam odpoczynek.
“Mo a moayɛ adwuma abrɛ na moasoa nnesoa nyinaa, mommra me nkyɛn, na mɛma mo ahome.
29 Weźcie na siebie moje jarzmo i uczcie się ode mnie, że jestem cichy i pokornego serca, a znajdziecie odpoczynek dla waszych dusz.
Momfa me kɔnnua nto mo ho so, na monsua me, ɛfiri sɛ, medwo, na mebrɛ me ho ase akoma mu, na mobɛnya ahome ama mo kra.
30 Moje jarzmo bowiem jest przyjemne, a moje brzemię lekkie.
Ɛfiri sɛ, me kɔnnua yɛ mmerɛ, na mʼadesoa yɛ hare.”