< Hebrajczyków 4 >
1 Bójmy się więc, gdy jeszcze trwa obietnica wejścia do jego odpoczynku, aby czasem się nie okazało, że ktoś z was [jej] nie osiągnął.
Afei, ɛsiane sɛ bɔhyɛ a ɛfa ne mu home da so wɔ hɔ enti, momma yɛnhwɛ yie na mo mu bi antɔ sini wɔ mu.
2 I nam bowiem głoszono ewangelię jak i tamtym. Lecz tamtym nie pomogło słowo, które słyszeli, gdyż nie było powiązane z wiarą tych, którzy [je] słyszeli.
Ɛfiri sɛ wɔaka Asɛmpa no akyerɛ yɛn sɛdeɛ wɔka kyerɛ wɔn no. Nanso, wɔammu asɛm a wɔka kyerɛɛ wɔn no, ɛfiri sɛ, wɔn a wɔtiee no no annye anni.
3 Bo do odpoczynku wchodzimy my, którzy uwierzyliśmy, jak powiedział: Dlatego przysiągłem w moim gniewie, że nie wejdą do mojego odpoczynku, choć [jego] dzieła były dokonane od założenia świata.
Na yɛn a yɛagye adi no nko ara na yɛkɔ saa home no mu sɛdeɛ Onyankopɔn aka sɛ, “Enti mefiri mʼabufuo mu ka ntam sɛ, ‘Wɔrenhyɛne asase a anka mede wɔn rekɔ mu no da.’” Ɔkaa saa asɛm yi deɛ, nanso ɛfiri ɛberɛ a ɔbɔɔ ewiase no, na wawie ɔhome dwumadie no dada.
4 Powiedział bowiem w pewnym miejscu o siódmym dniu tak: I odpoczął Bóg siódmego dnia od wszystkich swoich dzieł.
Na Atwerɛsɛm no mu baabi wɔka biribi fa da a ɛtɔ so nson no ho sɛ, “Ɛda a ɛtɔ so nson no, Onyankopɔn home firii ne nnwuma nyinaa mu.”
5 A tutaj znowu: Nie wejdą do mego odpoczynku.
Wɔkaa saa asɛm korɔ yi ara bio sɛ, “Wɔrenhyɛne asase a anka mede wɔn rekɔ mu no da.”
6 Ponieważ więc jest tak, że niektórzy mają wejść do niego, a ci, którym najpierw głoszono, nie weszli z powodu niewiary;
Wɔn a wɔdii ɛkan tee Asɛmpa no annya saa ahome no, ɛfiri sɛ, wɔannye anni. Afoforɔ bi nso wɔ hɔ a wama wɔn ɛkwan sɛ wɔnnya ahome no.
7 Znowu wyznacza pewien dzień, mówiąc przez Dawida po tak długim czasie „Dzisiaj”, jak to zostało powiedziane: Dzisiaj, jeśli usłyszycie jego głos, nie zatwardzajcie waszych serc.
Enti Onyankopɔn aka sɛ wayi ɛda bi ato hɔ a wɔfrɛ no “Ɛnnɛ.” Mfeɛ bebree akyi no, ɔnam Dawid so kaa wɔ Atwerɛsɛm no mu sɛ, “Ɛnnɛ, sɛ mote Onyankopɔn nne a mommpirim mo akoma.”
8 Gdyby bowiem Jozue zapewnił im odpoczynek, [Bóg] nie mówiłby potem o innym dniu.
Sɛ Yosua dii nnipa no anim de wɔn kɔɔ Onyankopɔn home mu a, anka akyire no Onyankopɔn anka da foforɔ ho asɛm.
9 A tak zostaje [jeszcze] odpoczynek dla ludu Bożego.
Sɛdeɛ ɛte yi, ɔhome da so wɔ hɔ ma Onyankopɔn nkurɔfoɔ sɛdeɛ Onyankopɔn homee da a ɛtɔ so nson no.
10 Kto bowiem wszedł do jego odpoczynku, on także odpoczął od swoich czynów, tak jak Bóg od swoich.
Obiara a ɔbɛhome wɔ Onyankopɔn mu no bɛhome afiri nʼankasa ne nnwuma mu, sɛdeɛ Onyankopɔn home firii ne nnwuma mu no.
11 Starajmy się więc wejść do owego odpoczynku, aby nikt nie wpadł w ten sam przykład niewiary.
Enti, momma yɛmmɔ yɛn ho mmɔden na yɛatumi akɔ Onyankopɔn home mu. Ɛnsɛ sɛ yɛn mu bi yɛ asoɔden sɛdeɛ wɔyɛɛ asoɔden a enti wɔankɔ mu no.
12 Słowo Boże bowiem jest żywe i skuteczne, ostrzejsze niż wszelki miecz obosieczny, przenikające aż do rozdzielenia duszy i ducha, stawów i szpiku, [zdolne] rozsądzić myśli i zamiary serca.
Onyankopɔn asɛm yɛ nkwa, na tumi wɔ mu. Ɛyɛ nnam sene sekan anofanu. Ɛhwire mu kɔsi sɛ ɛpaapae honhom ne ɔkra, apɔ ne ɛhon mu. Ɛda yɛn akoma mu ne yɛn adwene mu nsusuiɛ nyinaa adi.
13 [Żadne] stworzenie nie ukryje się przed nim, przeciwnie, wszystko jest obnażone i odkryte przed oczami tego, któremu musimy zdać sprawę.
Biribiara nni hɔ a wɔde sie Onyankopɔn ma ɛyɛ yie. Abɔdeɛ mu biribiara da nʼanim na ɔno na ɛsɛ sɛ yɛbu yɛn ho akonta kyerɛ no.
14 Mając więc wielkiego najwyższego kapłana, który przeszedł przez niebiosa, Jezusa, Syna Bożego, trzymajmy się [naszego] wyznania.
Ɛno enti, momma yɛnsɔ gyidie a yɛka ho asɛm no mu den. Ɛfiri sɛ yɛwɔ Ɔsɔfopanin kɛseɛ wɔ Onyankopɔn anim.
15 Nie mamy bowiem najwyższego kapłana, który by nie mógł współczuć naszym słabościom, lecz kuszonego we wszystkim podobnie jak [my], ale bez grzechu.
Yɛnni sɔfopanin bi a ɔntumi nhwɛ yɛn mmerɛyɛ ho nhunu yɛn mmɔbɔ. Yɛwɔ obi a wɔasɔ no ahwɛ akwan ahodoɔ nyinaa so sɛ yɛn ara, nanso wanyɛ bɔne.
16 Przystąpmy więc z ufnością do tronu łaski, abyśmy dostąpili miłosierdzia i znaleźli łaskę ku pomocy w stosownej chwili.
Momma yɛnsi yɛn bo na yɛmmra Onyankopɔn ahennwa a adom wɔ mu no anim, na ɛno na ɛbɛma yɛanya ahummɔborɔ ne adom a ɛbɛboa yɛn ɛberɛ a ɛsɛ mu.