< Dzieje 17 >
1 A gdy przeszli Amfipolis i Apolonię, przybyli do Tesaloniki, gdzie była synagoga żydowska.
Wɔtoaa wɔn akwantu no so fii Amfipoli ne Apolonia baa Tesalonika a na Yudafo hyiadan wɔ no.
2 Wtedy Paweł według [swego] zwyczaju wszedł do nich i przez trzy szabaty rozprawiał z nimi na podstawie Pisma;
Sɛnea Paulo taa yɛ no, ɔkɔɔ hyiadan mu mprɛnsa ne nnipa no gyee akyinnye wɔ Kyerɛwsɛm no ho,
3 Wyjaśniając i nauczając, że Chrystus musiał cierpieć i powstać z martwych oraz: Ten Jezus, którego wam głoszę, jest Chrystusem.
kyerɛɛ mu, dii adanse sɛ, ɛsɛ sɛ Agyenkwa no hu amane na ɔsɔre fi awufo mu. Paulo kae se, “Saa Yesu a mereka ne ho asɛm akyerɛ mo yi ne Agyenkwa no.”
4 I niektórzy z nich uwierzyli i przyłączyli się do Pawła i Sylasa, również mnóstwo pobożnych Greków i niemało znamienitych kobiet.
Nnipa no bi gye dii ma wodii Paulo ne Silas akyi. Saa ara na Helafo bebree a wɔsom Onyankopɔn ne mmea mpanyin bi nso gye dii de wɔn ho bɔɔ wɔn ara ne no.
5 Ale ci Żydzi, którzy nie uwierzyli, zdjęci zazdrością, dobrali sobie niektórych niegodziwych próżniaków, a kiedy zebrali dużą grupę, podburzyli miasto. Naszli dom Jazona i szukali ich, aby wyprowadzić ich przed lud.
Yudafo mpanyin no anibere nti, wɔboaboaa ahuhufo bi ano ma wɔbɔɔ twi faa kurow no mu kotwaa Yason fi ho hyiae, pɛɛ sɛ wɔn nsa ka Paulo ne Silas de wɔn brɛ mpanyin no.
6 Gdy jednak ich nie znaleźli, zaciągnęli Jazona i niektórych braci przed przełożonych miasta, krzycząc: Oto ci, którzy cały świat wzburzyli, przyszli [też] tutaj;
Esiane sɛ wɔn nsa anka wɔn no nti, wɔtwee Yason ne anuanom bi de wɔn baa mpanyin no anim teɛteɛɛ mu se, “Saa nnipa a wɔma basabasa ba baabiara a wɔkɔ no aba yɛn kurow yi mu,
7 A Jazon ich przyjął. Oni wszyscy postępują wbrew dekretom cesarza, mówiąc, że jest inny król, Jezus.
ama Yason agye wɔn atena ne fi. Wɔn nyinaa abu Ɔhempɔn Kaesare mmara a ɔde ama yɛn sɛ yenni so no so, efisɛ wɔka se ɔhene foforo bi wɔ hɔ a wɔfrɛ no Yesu.”
8 W ten sposób zaniepokoili lud i przełożonych miasta, którzy to słyszeli.
Saa asɛm yi hwanyan dɔm no ne kurow no mu mpanyin no.
9 Ale po wzięciu poręczenia od Jazona i innych wypuścili ich.
Kurow no mu mpanyin no maa Yason ne anuanom no tuaa sika bi de dii wɔn akagyinamu ma wogyaa wɔn.
10 Zaraz w nocy bracia wysłali Pawła i Sylasa do Berei. Kiedy tam przybyli, weszli do synagogi żydowskiej.
Ade sae ara pɛ, anuanom yi gyaa Paulo ne Silas kwan ma wɔkɔɔ Beroia. Wodui no, wɔkɔɔ Yudafo hyiadan mu.
11 Ci byli szlachetniejsi od tych w Tesalonice, gdyż przyjęli słowo [Boże] z całą gotowością i codziennie badali Pisma, czy tak się sprawy mają.
Na nnipa a wɔwɔ hɔ no nyɛ akyinnyegyefo te sɛ Tesalonikafo no. Wɔde ahosɛpɛw gyee asɛm no dii a daa na wosua Kyerɛwsɛm no pɛɛ sɛ wohu sɛ nkyerɛkyerɛ a Paulo kyerɛkyerɛ no yɛ nokware ana.
12 Wielu więc z nich uwierzyło, również niemało wpływowych greckich kobiet i mężczyzn.
Nnipa no mu bebree a Helafo mmea atitiriw ne mmarima ka ho no gyee nkyerɛkyerɛ no dii.
13 A gdy Żydzi z Tesaloniki dowiedzieli się, że i w Berei Paweł głosi słowo Boże, przyszli też tam i podburzali lud.
Bere a Yudafo a wɔwɔ Tesalonika no tee sɛ Paulo akɔka Onyankopɔn asɛm no wɔ Beroia no, wɔkɔɔ hɔ kɔhwanyan hɔfo no nso.
14 Wtedy bracia natychmiast wysłali Pawła w drogę ku morzu, a Sylas i Tymoteusz tam zostali.
Enti ntɛm ara na anuanom no gyaa Paulo kwan sɛ ɔnkɔ mpoano, nanso Silas ne Timoteo de, wɔtenaa Beroia.
15 Ci, którzy towarzyszyli Pawłowi, odprowadzili go aż do Aten i powrócili, otrzymawszy polecenie dla Sylasa i Tymoteusza, żeby jak najszybciej przyszli do niego.
Nnipa a wokogyaa Paulo kwan no de no koduu Atene. Wɔresan akɔ Beroia no, Paulo kraa wɔn se wɔnka nkyerɛ Silas ne Timoteo sɛ wɔmmɛka ne ho ntɛm.
16 A gdy Paweł czekał na nich w Atenach, burzył się w duchu na widok miasta oddanego bałwochwalstwu.
Bere a Paulo retwɛn Silas ne Timoteo wɔ Atene no, ohuu ahoni pii wɔ kurow no mu. Eyi maa ne werɛ howee yiye.
17 Rozprawiał więc w synagodze z Żydami i [ludźmi] pobożnymi oraz codziennie na rynku ze wszystkimi, których spotkał.
Enti na ɔne Yudafo ne amanamanmufo a wɔsom Onyankopɔn no taa hyia wɔ hyiadan mu ma ɔkyerɛkyerɛ wɔn Onyankopɔn asɛm. Saa ara nso na daa na ɔne nkurɔfo gye akyinnye wɔ aguabɔbea ara ne no.
18 Wtedy niektórzy z filozofów epikurejskich i stoickich spierali się z nim. Jedni mówili: Co chce powiedzieć ten nowinkarz? A inni: Zdaje się, że jest zwiastunem obcych bogów. Głosił im bowiem Jezusa i zmartwychwstanie.
Afei, ɔne Epikurofo ne Stoikfo anyansafo bi nso gyee akyinnye. Ebinom kae se, “Na dɛn na nnabrabani yi pɛ sɛ ɔkyerɛ yi?” Afoforo nso kae se, “Ɛyɛ sɛ ɔreka anyame afoforo bi ho asɛm.” Nea enti a wɔkaa eyi ne sɛ, na Paulo reka Yesu Kristo ne ne wusɔre ho asɛm.
19 Zabrali go, zaprowadzili na Areopag i zapytali: Czy możemy się dowiedzieć, co to za nowa nauka, którą głosisz?
Wɔde Paulo kɔɔ Areopago bagua anim kae se, “Yɛpɛ sɛ yɛte nkyerɛkyerɛ foforo a worekyerɛkyerɛ yi ase,
20 Bo przynosisz jakieś rzeczy obce naszym uszom. Chcemy więc wiedzieć, o co właściwie chodzi.
efisɛ nsɛm a woka no bi yɛ yɛn asom asɛm foforo, enti yɛpɛ sɛ wokyerɛkyerɛ yɛn mu yiye.”
21 (A wszyscy Ateńczycy i mieszkający tam cudzoziemcy nie poświęcali czasu na nic innego, tylko na opowiadanie lub słuchanie czegoś nowego).
Na Atenefo ne ahɔho a wɔwɔ hɔ no nni hwee yɛ sɛ wɔde wɔn adagyew nyinaa betie nsɛm foforo anaa wɔbɛka nsɛm foforo a wɔate no akyerɛ afoforo.
22 Wtedy Paweł stanął pośrodku Areopagu i powiedział: Mężowie ateńscy, widzę, że pod każdym względem jesteście nadzwyczaj religijni.
Paulo sɔre gyinaa Areopago bagua no anim kae se, “Atenefo, mihu sɛ moyɛ nnipa a mopɛ nyamesom yiye.
23 Przechadzając się bowiem i przypatrując waszym świętościom, znalazłem też ołtarz, na którym było napisane: Nieznanemu Bogu. Ja głoszę wam tego, którego nie znając, czcicie.
Efisɛ mituu mpase faa mo kurow yi mu, na mihuu mmeae ahorow a mosom no, mihuu afɔremuka bi a wɔakyerɛw ho se, Onyame a wonnim no no de. Enti ade a munnim na mosɔre no, ɛno ho asɛm na mereka akyerɛ mo yi.
24 Bóg, który stworzył świat i wszystko na nim, ten, który jest Panem nieba i ziemi, nie mieszka w świątyniach zbudowanych ręką.
“Onyankopɔn a ɔbɔɔ wiase ne nneɛma a ɛwɔ mu nyinaa no na ɔyɛɛ ɔsoro ne asase. Awurade no nte asɔredan a nnipa asi mu.
25 Ani nie jest czczony rękoma ludzkimi tak, [jakby] czegoś potrzebował, ponieważ sam daje wszystkim życie i oddech, i wszystko.
Saa ara nso na biribiara a nnipa nam wɔn dwumadi so de bɛma no no nso ho nhia no, efisɛ ɔno na ɔma nnipa nkwa ne biribiara a ehia wɔn.
26 I z jednej krwi uczynił wszystkie narody ludzkie, żeby mieszkały na całej powierzchni ziemi, określiwszy czasy wcześniej wyznaczone i zamierzone granice ich zamieszkania;
Ɔnam onipa baako so na ɔbɔɔ nnipa ahorow nyinaa de wɔn tenaa asase so. Ɔno ankasa na ansa na ɔrebɛbɔ nnipa no, ɔhyehyɛɛ amanaman bere a wɔbɛsɔre ne bere a wɔbɛhwe ase. Saa ara na ɔhyehyɛɛ wɔn tenabea ahye nso.
27 Żeby szukali Pana, czy go nie znajdą po omacku, chociaż nie jest daleko od nikogo z nas.
Ɛwɔ mu sɛ Onyankopɔn bɛn yɛn de, nanso ɔyɛ eyi sɛnea ɛbɛyɛ a nnipa bɛhwehwɛ nʼakyi kwan atwiw abɛn no;
28 Bo w nim żyjemy, poruszamy się i jesteśmy, jak też powiedzieli niektórzy z waszych poetów: I [my] bowiem jesteśmy z jego rodu.
sɛnea obi ka se, ‘Ne mu na yɛte ase na yɛkeka yɛn ho’ no. Saa ara na mo nnwontofo bi nso aka se, ‘Yɛn nso yɛyɛ ne mma’ no.
29 Będąc więc z rodu Boga, nie powinniśmy sądzić, że Bóstwo jest podobne do złota, srebra lub kamienia, misternie wyrzeźbionych według wyobrażenia ludzkiego.
“Ɛno de, sɛ yɛyɛ Onyankopɔn mma de a, ɛnsɛ sɛ yesusuw sɛ Onyankopɔn tebea te sɛ ohoni bi a onipa de dwetɛ anaa sika anaa ɔbo ayɛ.
30 Bóg wprawdzie pomijał czasy tej nieświadomości, teraz [jednak] nakazuje wszędzie wszystkim ludziom pokutować;
Onyankopɔn buu nʼani guu bere a na nnipa nnim no no so, nanso afei de, ɔhyɛ nnipa nyinaa sɛ wɔntwe wɔn ho mfi akwammɔne so.
31 Gdyż wyznaczył dzień, w którym będzie sprawiedliwie sądził cały świat przez człowieka, którego [do tego] przeznaczył, zapewniając o tym wszystkich przez wskrzeszenie go z martwych.
Efisɛ wayi da bi ato hɔ a ɔnam onipa bi a wayi no no so bebu nnipa nyinaa atɛntrenee. Ɔnam sɔre a ɔmaa saa onipa yi sɔre fii awufo mu no so adi adanse akyerɛ nnipa nyinaa.”
32 Gdy usłyszeli o zmartwychwstaniu, jedni się naśmiewali, a inni mówili: Posłuchamy cię o tym ponownie.
Bere a nnipa no tee sɛ Paulo reka owusɔre ho asɛm no, ebinom dii ne ho fɛw, na afoforo nso kae se, “Yɛpɛ sɛ wosan ka saa asɛm no bio.”
33 I tak Paweł wyszedł spośród nich.
Saa nsɛm a ɛkɔɔ so yi maa Paulo fii bagua no anim kɔe.
34 Lecz niektórzy ludzie przyłączyli się do niego i uwierzyli. [Był] też wśród nich Dionizy Areopagita i kobieta imieniem Damaris oraz inni z nimi.
Nanso, nnipa kakraa bi gyee no dii de wɔn ho bɔɔ no. Saa nnipa no mu bi ne Dionisio a ɔfra Areopagofo mu ne ɔbea bi a ne din de Damari ne afoforo bi.