< Przysłów 28 >
1 Uciekają niezbożni, choć ich nikt nie goni: ale sprawiedliwi jako lwię młode są bez bojaźni.
Omumuyɛfoɔ dwane ɛberɛ a obiara ntaa no, nanso teneneefoɔ koko yɛ duru sɛ agyata.
2 Dla przestępstwa ziemi wiele bywa książąt jej; ale dla człowieka roztropnego i umiejętnego trwałe bywa państwo.
Atuateɛ ɔman nya sodifoɔ pii, nanso onipa a ɔwɔ nhunumu ne nimdeɛ ma mmara yɛ adwuma.
3 Mąż ubogi, który uciska nędznych, podobny jest dżdżowi gwałtownemu, po którym chleba nie bywa.
Sodifoɔ a ɔhyɛ ahiafoɔ so no te sɛ brampɔnsuo a ɛsɛe mfudeɛ.
4 Którzy opuszczają zakon, chwalą niezbożnika; ale ci, którzy strzegą zakonu, są im odpornymi.
Wɔn a wɔpo mmara no kamfo amumuyɛfoɔ, na wɔn a wɔdi mmara so no si wɔn kwan.
5 Ludzie źli nie zrozumiewają sądu; ale którzy Pana szukają, rozumieją wszystko.
Abɔnefoɔ nte atɛntenenee ase, nanso wɔn a wɔhwehwɛ Awurade no, te aseɛ yie.
6 Lepszy jest ubogi, który chodzi w uprzejmości swojej, niżeli przewrotny na drogach swych, chociaż jest bogaty.
Ohiani a ne nanteɛ ho nni asɛm yɛ sene ɔdefoɔ a nʼakwan yɛ kɔntɔnkye.
7 Kto strzeże zakonu, jest synem roztropnym; ale kto karmi obżercę, czyni zelżywość ojcu swemu.
Deɛ ɔdi mmara so yɛ ɔba a ɔwɔ nhunumu, nanso deɛ ɔne adidibradafoɔ bɔ no gu nʼagya anim ase.
8 Kto rozmnaża majętność swoję z lichwy i z płatu, temu ją zbiera, który ubogiemu szczodrze będzie dawał.
Deɛ ɔgye mfɛntom mmorosoɔ de nya ne ho no ɔboaboa ano ma deɛ ɔbɛyɛ ahiafoɔ adɔeɛ.
9 Kto odwraca ucho swe, aby nie słuchał zakonu, i modlitwa jego jest obrzydliwością.
Sɛ obi nni mmara so a, ne mpaeɛbɔ mpo yɛ akyiwadeɛ.
10 Kto zawodzi uprzejmych na drogę złą, w dół swój sam wpadnie; ale uprzejmi odziedziczą rzeczy dobre.
Deɛ ɔdi teneneefoɔ anim de wɔn fa ɛkwan bɔne so no bɛhwe ɔno ankasa afidie mu, nanso wɔn a wɔn ho nni asɛm no bɛnya agyapadeɛ a ɛyɛ.
11 Mąż bogaty zda się sobie być mądrym; ale ubogi roztropny dochodzi go.
Ɔdefoɔ tumi yɛ onyansafoɔ wɔ nʼankasa ani so, nanso ohiani a ɔwɔ nhunumu no hunu sɛdeɛ ɔteɛ.
12 Gdy się radują sprawiedliwi, wielka jest sława; ale gdy powstawają niepobożni, kryje się człowiek.
Sɛ teneneefoɔ di nkonim a, nnipa di ahurisie pii; nanso sɛ amumuyɛfoɔ nya tumi a nnipa kɔhinta.
13 Kto pokrywa przestępstwa swe, nie poszczęści mu się; ale kto je wyznaje i opuszcza, miłosierdzia dostąpi.
Onipa a ɔkata ne bɔne soɔ no nnya nkɔsoɔ, na deɛ ɔka ne bɔne na ɔgyae yɛ no nya ahummɔborɔ.
14 Błogosławiony człowiek, który się zawsze boi; ale kto zatwardza serce swoje, wpada w złe.
Nhyira nka deɛ ɔsuro Awurade ɛberɛ nyinaa, nanso deɛ ɔpirim nʼakoma no tɔ amaneɛ mu.
15 Pan niezbożny, panujący nad ludem ubogim jest jako lew ryczący, i jako niedźwiedź głodny.
Omumuyɛfoɔ a ɔdi nnipa a wɔnni mmoa so no te sɛ gyata a ɔbobɔm anaa sisire a nʼani abereɛ.
16 Książę bezrozumny wielkim jest drapieżcą: ale kto nienawidzi łakomstwa, przedłuży dni swoje.
Sodifoɔ tirimuɔdenfoɔ nni adwene, na deɛ ɔkyiri mfasoɔ a wɔnam ɛkwan bɔne so nya no bɛnya nkwa tenten.
17 Człowieka, który gwałt czyni krwi ludzkiej, choćby i do dołu uciekał, nikt nie zatrzyma.
Deɛ awudie ma ne tiboa bu no fɔ no, ɔbɛyɛ ɔkobɔfoɔ akɔsi ne wu da; mma obiara mmɔ ne ho ban.
18 Kto chodzi w uprzejmości, zachowany będzie; ale przewrotny na drogach swoich oraz upadnie.
Deɛ ne nanteɛ ho nni asɛm no, wɔgye no firi ɔhaw mu, nanso deɛ nʼakwan yɛ kɔntɔnkye no bɛhwe ase mpofirim.
19 Kto sprawuje ziemię swoję, chlebem nasycony bywa; ale kto naśladuje próżnujących, ubóstwem nasycony bywa.
Deɛ ɔyɛ nʼasase so adwuma no bɛnya aduane pii, nanso deɛ ɔdwene nneɛma hunu ho no bɛnya ne so ne ne hia.
20 Mąż wierny przyczyni błogosławieństwa; ale kto się prędko chce zbogacić, nie bywa bez winy.
Wɔbɛhyira onipa nokwafoɔ pii, na deɛ ɔpere pɛ ahonyadeɛ no remfa ne ho nni.
21 Mieć wzgląd na osobę, rzecz niedobra; bo nie jeden dla kęsa chleba staje się przewrotnym.
Animhwɛ nyɛ, nanso aduane kakra enti nnipa yɛ bɔne.
22 Prędko chce człowiek zazdrościwy zbogatnieć, a nie wie, iż nać niedostatek przyjdzie.
Deɛ ɔyɛ pɛpɛɛ pere sɛ ɔbɛyɛ ɔdefoɔ na ɔnnim sɛ ohia retwɛn no.
23 Kto strofuje człowieka, większą potem łaskę znajduje, niż ten, co pochlebia językiem.
Deɛ ɔka obi anim no bɛsɔ nnipa ani akyire asene deɛ ɔwɔ tɛkrɛmadɛ.
24 Kto łupi ojca swego, albo matkę swoją, a mówi, iż to nie grzech: towarzyszem jest mężobójcy.
Deɛ ɔbɔ nʼagya anaa ne maame korɔno na ɔka sɛ, “Ɛnyɛ bɔne” no, ɔne ɔsɛefoɔ na ɛbɔ.
25 Wysokomyślny wszczyna zwadę; ale kto nadzieję ma w Panu, dostatek mieć będzie.
Ɔdifodepɛfoɔ de mpaapaemu ba na deɛ ɔde ne ho to Awurade so no bɛnya nkɔsoɔ.
26 Kto ufa w sercu swem, głupi jest; ale kto sobie mądrze poczyna, ten ujdzie nieszczęścia.
Deɛ ɔgye ne ho die no yɛ ɔkwasea, na deɛ ɔnante nyansa mu no wɔbɛgye no.
27 Kto daje ubogiemu, nie będzie miał niedostatku; ale kto od niego odwraca oczy swe, wielkie przeklęstwa nań przyjdą.
Deɛ ɔma ahiafoɔ no, hwee renhia no, nanso deɛ ɔbu nʼani gu wɔn so no nya nnome pii.
28 Gdy niepobożni powstawają, kryje się człowiek; ale gdy giną, sprawiedliwi się rozmnażają.
Sɛ amumuyɛfoɔ nya tumi a, nnipa kɔhinta; na sɛ amumuyɛfoɔ ase tɔre a, teneneefoɔ ase dɔre.