< Efezjan 5 >

1 Bądźcież tedy naśladowcami Bożymi, jako dzieci miłe;
Esiane sɛ moyɛ Onyankopɔn mma a ɔdɔ wɔn no enti, monsuasua no
2 A chodźcie w miłości, jako i Chrystus umiłował nas i wydał samego siebie na ofiarę i na zabicie Bogu ku wdzięcznej wonności.
na motena ase ɔdɔ mu sɛdeɛ Kristo dɔɔ yɛn, na ɔde ne nkwa too hɔ maa yɛn sɛ afɔrebɔdeɛ a ɛyɛ hwam ma Onyankopɔn no.
3 A wszeteczeństwo i wszelka nieczystość albo łakomstwo niechaj nie będzie ani mianowane między wami, jako przystoi na świętych.
Nanso ɛnsɛ sɛ wɔte adwamammɔ anaa afideɛ anaa anibereɛ ho asɛm wɔ mo mu, ɛfiri sɛ yeinom mfata Onyankopɔn nkurɔfoɔ kronkron.
4 Także sprośność i błazeńskie mowy, i żarty, które nie przystoją, ale raczej dziękowanie.
Saa ara nso na ɛmfata sɛ moka kasa efi, ahuhusɛm anaa sɛ moyi nsɛnkwaafi, mmom monna ase.
5 Bo to wiecie, iż żaden wszetecznik, albo nieczysty, albo łakomca, (który jest bałwochwalcą), nie ma dziedzictwa w królestwie Chrystusowem i Bożem.
Monnya nteaseɛ sɛ, obiara a ɔbɔ adwaman na ɔyɛ afideɛ, na ɔyɛ oniberefoɔ (anibereɛ yɛ abosonsom) no rennya kyɛfa biara wɔ Kristo ne Onyankopɔn Ahennie no mu bi.
6 Niechaj was nikt nie zwodzi próżnemi mowami; albowiem dla tych rzeczy przychodzi gniew Boży na synów upornych;
Mommma obiara mfa nsɛm a aba nni mu nnaadaa mo. Ɛfiri sɛ, saa nneɛma no na ɛma Onyankopɔn bo fu wɔn a wɔyɛ asoɔden no.
7 Nie bądźcież tedy uczestnikami ich.
Enti, mo ne saa nnipa no nnyɛ biribiara.
8 Albowiemeście byli niekiedy ciemnością; aleście teraz światłością w Panu; chodźcież jako dziatki światłości,
Ɛberɛ bi na moyɛ esum, nanso seesei deɛ, moyɛ hann wɔ Awurade mu. Ne saa enti montena ase sɛ hann mma.
9 (Bo owoc Ducha zależy we wszelakiej dobrotliwości i w sprawiedliwości i w prawdzie.)
Ɛfiri sɛ, hann no ma moyɛ papa, teneneefoɔ ne nokwafoɔ,
10 Obierając to, co by się podobało Panu;
na ɛhwehwɛ deɛ ɛsɔ Awurade ani.
11 A nie spółkujcie z uczynkami niepożytecznemi ciemności, ale je raczej strofujcie.
Montwe mo ho mfiri nneɛma hunu a wɔyɛ wɔ esum mu ho, na mompa ho ntoma.
12 Albowiem co się potajemnie od nich dzieje, sromota i mówić.
Ɛyɛ aniwu sɛ wɔbɔ nneɛma a asoɔdenfoɔ yɛ no esum mu no so.
13 Lecz to wszystko, gdy bywa od światłości strofowane, bywa objawione; albowiem to wszystko, co bywa objawione, jest światłością;
Nanso sɛ hann no tɔ wɔn so a, yɛbɛhunu nnebɔne biara a wɔyɛ.
14 Dlatego mówi Pismo: Ocuć się, który śpisz i powstań od umarłych, a oświeci cię Chrystus.
Ɛfiri sɛ, hann da biribiara adi. Enti na wɔaka sɛ, “Nyane, wo a woada, na sɔre firi awufoɔ mu, na Kristo bɛhyerɛn wɔ wo so.”
15 Patrzajcie tedy, jakobyście ostrożnie chodzili, nie jako niemądrzy, ale jako mądrzy.
Enti, monhwɛ mo akwan yie, ɛnyɛ sɛ wɔn a wɔnnim nyansa, na mmom sɛ wɔn a wɔnim nyansa.
16 Czas odkupując; bo dni złe są.
Monyɛ mo akwannya biara so adeɛ, ɛfiri sɛ, nna yi yɛ nna bɔne.
17 Przetoż nie bądźcie nierozumnymi, ale zrozumiewającymi, która jest wola Pańska.
Monnyɛ adwenem herɛfoɔ, na mmom monte Awurade apɛdeɛ ase.
18 A nie upijajcie się winem, w którem jest rozpusta; ale bądźcie napełnieni duchem,
Monnnom nsã mmmoro na amfa mo ankɔ ahohwiebɔ mu. Na mmom, momma Honhom no nhyɛ mo ma.
19 Rozmawiając z sobą przez psalmy i hymny, i pieśni duchowne, śpiewając i grając w sercu swojem Panu,
Momfa nnwom, ayɛyie nnwom ne honhom mu nnwom nkasa nkyerɛ mo ho mo ho. Monto dwom mma Awurade na monkamfo no wɔ akoma mu,
20 Dzięki czyniąc zawsze za wszystko, w imieniu Pana naszego, Jezusa Chrystusa, Bogu i Ojcu.
na monna Agya Onyankopɔn ase ɛberɛ biara wɔ biribiara ho wɔ yɛn Awurade Yesu Kristo din mu.
21 Będąc poddani jedni drugim w bojaźni Bożej.
Momfiri anidie a mowɔ ma Kristo mu, mmrɛ mo ho ase mma mo ho mo ho.
22 Żony! bądźcie poddane mężom swoim, jako Panu;
Ɔyerenom, mommrɛ mo ho ase mma mo kununom sɛdeɛ mobrɛ mo ho ase ma Awurade no,
23 Albowiem mąż jest głową żony, jako i Chrystus głową kościoła; a on jest zbawicielem ciała.
ɛfiri sɛ okunu yɛ ɔyere no ti sɛdeɛ Kristo yɛ asafo no ti ne ne Gyefoɔ no. Asafo no yɛ Kristo onipadua.
24 Jako tedy kościół poddany jest Chrystusowi, tak też żony mężom swoim we wszystkiem.
Sɛdeɛ asafo no brɛ ne ho ase ma Kristo no, saa ara na ɛsɛ sɛ ɔyerenom brɛ wɔn ho ase wɔ biribiara mu ma wɔn kununom.
25 Mężowie! miłujcie żony wasze, jako i Chrystus umiłował kościół i wydał samego siebie za niego,
Okununom, monnodɔ mo yerenom sɛdeɛ Kristo dɔɔ asafo no na ɔde ne kra too hɔ maa no,
26 Aby go poświęcił, oczyściwszy omyciem wody przez słowo;
na ɔnam asɛm no so de nsuo dwaree no yɛɛ no kronkron,
27 Aby go sobie wystawił chwalebnym kościołem, nie mającym zmazy albo zmarszczku, albo czego takiego, ale iżby był święty i bez nagany.
de maa ne ho sɛ asafo a ɛhyerɛn, a ɛnni nkekaawa anaasɛ mponponoyɛ anaasɛ ɛdɛm biara, na mmom ɛyɛ kronkron a ɛnni sintɔ.
28 Tak powinni mężowie miłować żony swoje, jako swoje własne ciała; kto miłuje żonę swoję, samego siebie miłuje.
Saa ara na ɛsɛ sɛ mmarima dɔ wɔn yerenom sɛdeɛ wɔdɔ wɔn onipadua no. Ɔbarima a ɔdɔ ne yere no dɔ nʼankasa ne ho.
29 Albowiem żaden nigdy ciała swego nie miał w nienawiści, ale je żywi i ogrzewa, jako i Pan kościół.
Obiara ntane ne ho. Mmom, ɔma no aduane hwɛ no yie sɛdeɛ Kristo yɛ asafo no,
30 Gdyżeśmy członkami ciała jego, z ciała jego i z kości jego.
na yɛn nso yɛyɛ ne onipadua no ho akwaa.
31 Dlatego opuści człowiek ojca swego i matkę, i przyłączy się do żony swojej, i będą dwoje jednem ciałem.
“Yei enti, ɔbarima bɛgya nʼagya ne ne maame, na ɔde ne ho akɔbɔ ne yere na wɔn baanu no nyinaa abɛyɛ honam baako.”
32 Tajemnica to wielka jest; lecz ja mówię o Chrystusie i o kościele.
Yei yɛ ahintasɛm a emu dɔ, nanso mereka Kristo ne asafo no ho asɛm.
33 A wszakże i każdy z was z osobna niechaj miłuje żonę swoję jako siebie samego, a żona niech się boi męża swego.
Enti, ɛsɛ sɛ okunu biara dɔ ne yere sɛ nʼankasa ne ho, na ɔyere biara nso de anidie ma ne kunu.

< Efezjan 5 >