< غزل غزلها 2 >
من نرگسِ شارون و سوسن وادیها هستم. | 1 |
Meyɛ Saron nhwiren ne bɔnhwa mu sukooko.
آری، محبوبهٔ من در میان زنان همچون سوسنی است در میان خارها. | 2 |
Sɛdeɛ sukooko a ɛwɔ nkasɛɛ mu teɛ no saa ara na me dɔfoɔ te wɔ mmabaawa mu.
محبوب من در میان مردان مانند درخت سیبی است در میان درختان جنگلی. در زیر سایهاش مینشینم، و میوهاش کامم را شیرین میسازد. | 3 |
Sɛdeɛ aprɛ teɛ wɔ kwaeɛ mu nnua mu no saa ara na me dɔfoɔ teɛ wɔ mmaranteɛ mu. Sɛ metena ne nwunu mu a, menya ahomeka na nʼaba nso yɛ mʼanom dɛ.
او مرا به تالار ضیافتش آورد و به همه نشان داد که چقدر مرا دوست دارد. | 4 |
Ɔde me akɔ apontoɔ ase, na mʼahyɛnsodeɛ yɛ ɔdɔ.
مرا با کشمش تقویت دهید، و جانم را با سیب تازه کنید، زیرا من از عشق او بیمارم. | 5 |
Momma me bobe aba na menya ahoɔden, momma me aprɛ na ɛnnwodwo me, ɛfiri sɛ ɔdɔ ama matɔ baha.
دست چپ او زیر سر من است و دست راستش مرا در آغوش میکشد. | 6 |
Ne nsa benkum da mʼatikɔ, na ne nsa nifa aka me afam ne bo.
ای دختران اورشلیم، شما را به غزالها و آهوان صحرا قسم میدهم که مزاحم عشق ما نشوید. | 7 |
Yerusalem mmammaa, mehyɛ mo sɛ, Momfa wiram atwewa ne ɔforoteɛ nka ntam sɛ morennyane, na morenhwanyane ɔdɔ mu kɔsi ɛberɛ a ɛsɛ mu.
گوش کنید! این محبوب من است که دواندوان از کوهها و تپهها میآید. | 8 |
Tie! Me dɔfoɔ! Hwɛ! Ɔno na ɔreba no, ɔrehurihuri wɔ mmepɔ no so na ɔbɔ pentenkwa wɔ nkokoɔ no so.
محبوب من همچون غزال و بچه آهو است. او پشت دیوار ما از پنجره نگاه میکند. | 9 |
Me dɔfoɔ te sɛ ɔtwe anaa ɔforoteɛ. Hwɛ! Ɔgyina yɛn ɔfasuo akyi, ɔhwɛ mpomma no mu, wagyene nʼani hwɛ ntokua no mu.
محبوبم به من گفت: «ای محبوبهٔ من، ای زیبای من، برخیز و بیا. | 10 |
Me dɔfoɔ kasa kyerɛɛ me sɛ, “Sɔre, me dɔfoɔ ne mʼahoɔfɛ na bra me nkyɛn.
زمستان گذشته است. فصل باران تمام شده و رفته است. | 11 |
Hwɛ! Awɔberɛ atwam; na osutɔ atwam kɔ.
گلها شکفته و زمان نغمه سرایی فرا رسیده است. صدای پرندگان در ولایت ما به گوش میرسد. | 12 |
Nhwiren afifiri asase ani: nnwontoɔ berɛ aso. Wɔte mmorɔnoma su wɔ yɛn asase so.
درخت انجیر نوبر خود را داده و هوا از رایحهٔ تاکهای نوشکفته، عطرآگین گشته است. ای محبوبهٔ من، ای زیبای من، برخیز و بیا.» | 13 |
Borɔdɔma agu nhyerɛnne; na bobe hwa agye baabiara. Sɔre bra, me dɔfoɔ; mʼahoɔfɛ bra me nkyɛn.”
ای کبوتر من که در شکاف صخرهها و پشت سنگها پنهان هستی، بگذار صدای شیرین تو را بشنوم و صورت زیبایت را ببینم. | 14 |
Mʼaborɔnoma a wohyɛ abotan ntokuro mu ahinta wɔ mmepɔ so, ma me nhunu wʼanim; ma mente wo nne; wo nne yɛ dɛ, na wʼanim yɛ fɛ.
روباهان کوچک را که تاکستانها را خراب میکنند بگیرید، چون تاکستان ما شکوفه کرده است. | 15 |
Monkyekyere sakraman no mma yɛn, sakraman nketewa no a wɔsɛe bobe nturo, yɛn bobe nturo a ayɛ frɔmm no.
محبوبم از آن من است و من از آن محبوبم. او گلهٔ خود را در میان سوسنها میچراند. | 16 |
Me dɔfoɔ yɛ me dea, na mewɔ no; ɔhwehwɛ sukooko no mu.
ای محبوب من، پیش از آنکه روز تمام شود و سایهها بگریزند، نزد من بیا؛ همچون غزال و بچه آهو بر کوههای پرصخره، به سوی من بشتاب. | 17 |
Ɛnkɔsi sɛ adeɛ bɛkye na sunsumma bɛsene akɔ no, dane wo ho me dɔfoɔ, na yɛ sɛ ɔtwewa anaa ɔforoteɛ a ɔwɔ nkokoɔ mmɔnkyi mmɔnka no so.