< مکاشفه 21 >

سپس زمین و آسمان تازه‌ای را دیدم، چون آن زمین و آسمان اول ناپدید شده بود. از دریا هم دیگر خبری نبود. 1
Afei, mehunuu ɔsoro foforɔ ne asase foforɔ, na kane ɔsoro ne kane asase no atwam, na ɛpo nso nni hɔ bio.
و من، یوحنا، شهر مقدّسِ اورشلیم را دیدم که از آسمان از جانب خدا پایین می‌آمد. چه منظرهٔ باشکوهی بود! شهر اورشلیم به زیبایی یک عروس بود که خود را برای ملاقات داماد آماده کرده باشد! 2
Na mehunuu Kuro Kronkron a ɛyɛ Yerusalem foforɔ sɛ ɛfiri Onyankopɔn hɔ wɔ ɔsoro reba fam, a wasiesie ne ho te sɛ ayeforɔ a ɔrekɔhyia ne kunu.
از تخت، صدایی بلند شنیدم که می‌گفت: «خوب نگاه کن! معبد از این پس در میان آدمیان خواهد بود. از این پس خدا با ایشان زندگی خواهد کرد و ایشان خلق‌های خدا خواهند شد. بله، خود خدا با ایشان خواهد بود. 3
Metee nne denden bi firi ahennwa no so sɛ, “Afei, Onyankopɔn atenaeɛ wɔ nnipa mu. Ɔne wɔn bɛtena na wɔayɛ ne nkurɔfoɔ. Onyankopɔn no ankasa ne wɔn bɛtena na wayɛ wɔn Onyankopɔn.
خدا هر اشکی را از چشمان آنها پاک خواهد کرد. دیگر نه مرگی خواهد بود و نه غمی، نه ناله‌ای و نه دردی، زیرا تمام اینها متعلق به دنیای پیشین بود که از بین رفت.» 4
Na ɔbɛpepa wɔn aniwa mu nisuo nyinaa. Na owuo nni hɔ bio, na awerɛhoɔ ne osu ne yea nni hɔ bio. Na kane nneɛma no atwam.”
آنگاه او که بر تخت نشسته بود، گفت: «اینک همه چیز را نو می‌سازم!» و به من گفت: «این را بنویس چون آنچه می‌گویم، راست و درست است. 5
Afei, deɛ ɔte ahennwa no so no kaa sɛ, “Afei, mereyɛ nneɛma nyinaa foforɔ!” Ɔka kyerɛɛ me nso sɛ, “Twerɛ yei, ɛfiri sɛ, saa nsɛm yi yɛ nokorɛ a wɔde wɔn ho to so.”
دیگر تمام شد! من الف و یا، و اول و آخر هستم. من به هر که تشنه باشد از چشمهٔ آب حیات به رایگان خواهم داد تا بنوشد. 6
Na ɔka kyerɛɛ me sɛ, “Wɔawie! Me ne Alfa ne Omega, Ahyɛaseɛ ne Awieeɛ no. Obiara a sukɔm de no no, mɛma no nsuo a ɛfiri nkwa asutire mu anom kwa.
هر که پیروز شود تمام این نعمتها را به ارث خواهد برد و من خدای او خواهم بود و او فرزند من. 7
Obiara a ɔbɛdi nkonim no bɛnya yei afiri me nkyɛn. Mɛyɛ ne Onyankopɔn na ɔno nso ayɛ me ba.
ولی ترسوها و بی‌ایمانان و مفسدان و قاتلان و زناکاران و جادوگران و بت‌پرستان و همۀ دروغگویان – جای همه در دریاچه‌ای است که با آتش و گوگرد می‌سوزد. این همان مرگ دوم است.» (Limnē Pyr g3041 g4442) 8
Nanso, ahufoɔ ne wɔn a wɔnnye nni ne akyiwadeyɛfoɔ ne awudifoɔ ne adwamanfoɔ ne adutofoɔ ne abosonsomfoɔ ne atorofoɔ nyinaa bɛnya wɔn kyɛfa wɔ ɔtadeɛ a ogya ne sɔfe dɛre wɔ mu no. Ɛno ne owuprenu no.” (Limnē Pyr g3041 g4442)
آنگاه یکی از آن هفت فرشته که هفت جام بلای آخر را در دست داشتند، نزد من آمد و گفت: «همراه من بیا تا عروس را به تو نشان دهم. او همسر برّه است.» 9
Abɔfoɔ baason a wɔkurakura nkuruwa nson a ɔhaw nson a ɛtwa toɔ no ahyɛ ma wɔ mu baako baa me nkyɛn bɛkaa sɛ, “Bra, na mɛkyerɛ wo Ayeforɔ a ɔyɛ Odwammaa no yere no.”
سپس مرا در روح به قله کوه بلندی برد. از آنجا، شهر مقدّس اورشلیم را دیدم که از جانب خدا از آسمان پایین می‌آمد. 10
Honhom no faa me, na ɔbɔfoɔ no de me kɔɔ bepɔ tenten bi atifi. Ɔkyerɛɛ me Yerusalem, Kuro Kronkron a ɛfiri ɔsoro, Onyankopɔn hɔ, resiane aba fam.
شهر غرق در جلال خدا بود، و مثل یک تکه جواهر قیمتی، همچون یشم، که بلورهای شفافش برق می‌زند، می‌درخشید. 11
Ɛhyerɛn Onyankopɔn animuonyam mu, na ne hyerɛn no te sɛ aboɔdenboɔ a ɛsɛ ahwehwɛboɔ a ani te sɛ ahwehwɛ.
دیوارهای شهر، پهن و بلند بود. شهر دوازده دروازه و دوازده فرشتهٔ دربان داشت. اسامی دوازده قبیلهٔ بنی‌اسرائیل روی دروازه‌ها نوشته شده بود. 12
Na ne ɔfasuo no wɔ ahoɔden na ɛware yie nso. Apono dumienu gu ano a, abɔfoɔ dumienu na wɔhwɛ so. Na ɛpono biara so no wɔatwerɛ Israel mmusuakuo dumienu no mu baako din.
در هر طرف، یعنی در شمال، جنوب، شرق و غرب شهر، سه دروازه وجود داشت. 13
Apono mmiɛnsa wɔ apueeɛ; mmiɛnsa wɔ anafoɔ; mmiɛnsa wɔ atifi ɛnna mmiɛnsa wɔ atɔeɛ.
دیوارهای شهر دوازده پایه داشت که بر آنها اسامی رسولان برّه نوشته شده بود. 14
Wɔsii kuro no afasuo sii aboɔ dumienu a wɔatwerɛ Odwammaa no asomafoɔ dumienu no din wɔ so no so.
در دست فرشته یک چوب طلا بود که با آن در نظر داشت شهر و دروازه‌ها و دیوارهایش را اندازه بگیرد. 15
Ɔbɔfoɔ a ɔkasa kyerɛɛ me no kura sikakɔkɔɔ poma susudua a wɔde bɛsusu kuro no, nʼapono ne nʼafasuo.
وقتی شهر را اندازه گرفت، معلوم شد به شکل مربع است، یعنی طول و عرضش با هم مساوی است. در واقع، طول و عرض و ارتفاع آن، هر کدام دوازده هزار پرتابِ تیر بود. 16
Na kuro no yɛ ahinanan a ne tenten ne ne trɛ yɛ pɛ. Ɔbɔfoɔ no de ne susudua no susuu kuro no. Na ne tenten yɛ kilomita mpem mmienu ne ahanan, na ne tɛtrɛtɛ, ne ɔsorokɔ ne ne tenten nyinaa yɛ pɛ.
سپس بلندی دیوار شهر را اندازه گرفت و معلوم شد در همه جا صد و چهل و چهار ذراع است. فرشته با استفاده از واحدهای مشخص، این اندازه‌ها را به من گفت. 17
Ɔbɔfoɔ no susuu ɔfasuo no nso a na ne ɔsorokɔ nso bɛyɛ sɛ mita aduosia.
خود شهر از طلای خالص مانند شیشه شفاف ساخته شده بود و دیوار آن از یَشم بود که بر روی دوازده لایه از سنگهای زیربنای جواهرنشان ساخته شده بود: لایهٔ اول از یشم، دومی از سنگ لاجورد، سومی از عقیق سفید، چهارمی از زمرد، 18
Ahwehwɛboɔ na ɔde too afasuo no. Na kuro no deɛ, sikakɔkɔɔ amapa a ɛhyerɛn te sɛ ahwehwɛ na wɔde toeɛ.
19
Wɔde aboɔdenboɔ ahodoɔ a ɛyɛ fɛ na ɛhyehyɛɛ kuro no fapem. Fapem a ɛdi ɛkan yɛ ahwehwɛboɔ. Fapem a ɛtɔ so mmienu yɛ aboɔdemmoɔ. Fapem a ɛtɔ so mmiɛnsa yɛ omununkumboɔ. Fapem a ɛtɔ so ɛnan yɛ ahahammonoboɔ.
پنجمی از عقیق سرخ، ششمی از عقیق، هفتمی از زبرجد، هشتمی از یاقوت کبود، نهمی از یاقوت زرد، دهمی از عقیق سبز، یازدهمی از فیروزه و دوازدهمی از یاقوت بود. 20
Fapem a ɛtɔ so enum yɛ ɛtɔnboɔ. Fapem a ɛtɔ so nsia yɛ bogyanamboɔ. Fapem a ɛtɔ so nson yɛ sikabereɛboɔ. Fapem a ɛtɔ so nwɔtwe yɛ apopobibirieboɔ. Fapem a ɛtɔ so nkron yɛ akraateboɔ. Fapem a ɛtɔ so edu yɛ dɛnkyɛmmoɔ. Fapem a ɛtɔ so dubaako yɛ wisiboɔ. Fapem a ɛtɔ so dumienu yɛ beredumboɔ.
جنس دوازده دروازهٔ شهر از مروارید بود، هر دروازه از یک قطعه مروارید. خیابان اصلی شهر از طلای ناب بود که مثل شیشه می‌درخشید. 21
Na wɔde nhwene pa dumienu na ɛyɛɛ apono dumienu no. Apono no mu biara, wɔde ahene pa baako na ɛyɛeɛ. Na kuro no abɔntene kɛseɛ yɛ sika amapa kronn a ɛte sɛ ahwehwɛ.
در شهر هیچ معبدی دیده نمی‌شد، زیرا خدای قادر مطلق و برّه معبد آن هستند. 22
Na manhunu asɔredan wɔ kuro no mu baabiara ɛfiri sɛ, Awurade Onyankopɔn Otumfoɔ ne Odwammaa no ne asɔredan.
این شهر احتیاجی به نور خورشید و ماه نداشت، چون شکوه و جلال خدا و برّه شهر را روشن می‌ساخت. 23
Na owia anaa ɔsrane hann nhia kuro no ɛfiri sɛ, na Onyankopɔn ne Odwammaa no animuonyam hyerɛn wɔ hɔ.
نورش قومهای زمین را نیز نورانی می‌کرد، و پادشاهان دنیا می‌آمدند و جلال خود را نثار آن می‌کردند. 24
Ne hann no bɛhyerɛn asase so aman nyinaa so, na asase so aman so ahene de wɔn ahodeɛ bɛba hɔ.
دروازه‌های شهر هرگز بسته نمی‌شود، چون در آنجا همیشه روز است و شبی وجود ندارد! 25
Wɔntoto kuro no apono mu. Ɛda biara ano da hɔ. Ɛfiri sɛ, esum nnuru wɔ hɔ.
عزّت و جلال و افتخار تمام قومها به آن وارد می‌شود. 26
Wɔde aman no kɛseyɛ ne wɔn ahonya bɛba kuro no mu.
هیچ بدی یا شخص نادرست و فاسد اجازه ورود به آنجا را ندارد. این شهر فقط جای کسانی است که نامشان در دفتر حیات برّه نوشته شده باشد. 27
Nanso, biribiara a ɛho nte nkɔ kuro no mu. Saa ara na obi a ɔyɛ aniwudeɛ anaa ɔtwa atorɔ nkɔ mu. Wɔn a wɔatwerɛ wɔn din ahyɛ Odwammaa no nkwa nwoma no mu no nko ara na wɔbɛkɔ kuro no mu.

< مکاشفه 21 >