< مزامیر 93 >

خداوند سلطنت می‌کند! او خود را به جلال و قدرت و عظمت آراسته است. زمین برجای خود محکم شده و متزلزل نخواهد شد. 1
Awurade di ɔhene, wɔde tumi ahentadeɛ ahyɛ no; wɔde tumi ahentadeɛ ahyɛ Awurade na wɔde ahoɔden ayɛ nʼakodeɛ. Wɔde ewiase atim hɔ pintinn; na wɔrentumi ntutu.
ای خداوند، تخت فرمانروایی تو از قدیم برقرار بوده است. تو از ازل بوده‌ای. 2
Wʼahennwa tim hɔ firi tete; na wowɔ hɔ firi mmerɛsanten.
خداوندا، سیلابها طغیان نموده و می‌خروشند. 3
Ao Awurade, ɛpo ama wɔn ho so, ɛpo ama wɔn nne so; ɛpo ama wɔn asorɔkye a ɛbɔ denden no so.
اما تو که در آسمانها سلطنت می‌کنی، قویتر از تمام سیلهای خروشان و امواج شکننده دریاها هستی! 4
Woyɛ deɛ ɔwɔ tumi sene nsuo akɛseɛ aprannaa, deɛ ɔwɔ tumi sene ɛpo nworosoɔ. Awurade a ɔte ɔsoro no yɛ kɛseɛ.
ای خداوند، تمام وعده‌های تو راست است. خانهٔ تو برای همیشه با قدوسیت آراسته شده است. 5
Ao Awurade, wo nhyehyɛeɛ gyina hɔ pintinn; kronkronyɛ hyɛ wo fie animuonyam daa nyinaa.

< مزامیر 93 >