< مزامیر 102 >

دعای شخص مصیبت دیده، که نالۀ خود را به حضور خداوند می‌ریزد. ای خداوند، دعای مرا بشنو و به فریادم گوش فرا ده! 1
Aberante mmɔborɔni mpaebɔ. Osu kyerɛ Awurade bere a ɔwɔ ahohia mu. Awurade, tie me mpaebɔ; na ma me mmoa ho sufrɛ nnu wʼanim.
وقتی که در زحمت هستم، روی خود را از من برنگردان! به من توجه فرما، و هرگاه دعا کنم بی‌درنگ مرا اجابت فرما! 2
Mmfa wʼanim nhintaw me bere a mewɔ ahohia mu. Brɛ wʼaso ase ma me; na sɛ misu frɛ wo a, gye me so ntɛm.
عمرم چون دود به سرعت ناپدید می‌شود و استخوانهایم همچون چوب خشک می‌سوزد. 3
Me nkwanna reyera te sɛ wusiw; me nnompe adɔ sɛ nyansramma.
دل من مانند گیاهی است که کوبیده و خشک شده باشد. غذا خوردن را از یاد برده‌ام. 4
Me koma abotow na akisa sɛ sare; na me kɔn nnɔ aduan.
با صدای بلند می‌نالم؛ جز پوست و استخوان چیزی در بدنم نمانده است. 5
Mʼapinisi dennen nti maka ɔhonam ne nnompe.
همچون پرنده‌ای وحشی، آوارهٔ صحرا شده‌ام و چون جغد خرابه‌نشین، بی‌خانمان گشته‌ام. 6
Mete sɛ sare so patu, te sɛ patu a ɔte nnwiriwii mu.
مانند گنجشکی بر پشت بام، تنها مانده‌ام؛ خواب به چشمانم نمی‌رود. 7
Meda hɔ a, mʼani gu so; mayɛ sɛ anomaa bi a ɔno nko ara si ɔdan atifi.
هر روز دشمنانم مرا تحقیر می‌کنند و مخالفانم مرا لعنت می‌نمایند. 8
Da mu nyinaa mʼatamfo bɔ me akutia. Wɔn a wodi me ho fɛw no bɔ me din de dome.
به سبب خشم و غضب تو ای خداوند، غذای من خاکستر است و نوشیدنی‌ام با اشکهایم آمیخته است. زیرا تو مرا برداشتی و به کنار انداختی. 9
Mede nsõ ayɛ mʼaduan na mede nusu fra me nsu mu
10
esiane wʼabufuwhyew dennen no nti, woama me so, ayi me asi nkyɛn.
عمرم چون سایه‌های عصر، زودگذر است؛ همچون علف خشک پژمرده شده‌ام. 11
Me nkwa nna te sɛ anwummere sunsuma; na mehyew sɛ sare.
اما تو ای خداوند، تا ابد پادشاه هستی؛ ذکر تو در تمام نسلها باقی خواهد ماند. 12
Nanso wo Awurade, woyɛ ɔhene daa daa; na wo din a ahyeta no te hɔ daa awo ntoatoaso nyinaa mu.
تو برخاسته، بر اورشلیم ترحم خواهی فرمود؛ اکنون زمان آن رسیده است که بر اورشلیم رحمت فرمایی. 13
Wobɛsɔre na woahu Sion mmɔbɔ; bere adu sɛ wuhu no mmɔbɔ; bere a wohyɛe no aso.
بندگان تو سنگها و خاک اورشلیم را دوست دارند! 14
Nʼabo som bo ma wʼasomfo; ne mfutuma hyɛ wɔn awerɛhow.
قومها از نام خداوند خواهند ترسید و همه پادشاهان جهان از قدرت و عظمت او هراسان خواهند شد. 15
Amanaman no besuro Awurade din; asase so ahemfo nyinaa bedi wʼanuonyam ni.
او شهر اورشلیم را دوباره بنا خواهد کرد و با جلال و شکوه فراوان ظاهر خواهد شد. 16
Awurade bɛkyekyere Sion bio, na wapue wɔ nʼanuonyam mu.
به دعای قوم درمانده خود توجه نموده، ایشان را اجابت خواهد نمود. 17
Obetie mmɔborɔfo mpaebɔ; na ɔremmu nʼani ngu wɔn sufrɛ so.
آنچه که خداوند انجام می‌دهد برای نسل آینده نوشته خواهد شد تا ایشان نیز او را ستایش کنند: 18
Monkyerɛw eyi mma nkyirimma, sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn a wonnya nwoo wɔn no bɛkamfo Awurade;
«خداوند از مکان مقدّس خود در آسمان، به زمین نظر انداخت تا ناله اسیران را بشنود و آنها را که به مرگ محکوم شده بودند، آزاد سازد.» 19
“Awurade hwɛɛ fam fi ne kronkronbea wɔ ɔsoro hɔ; ofi ɔsoro hwɛɛ asase,
20
sɛnea ɔbɛte nneduafo apinisi, na wɔagyaa wɔn a wɔabu wɔn kumfɔ no.”
بنابراین وقتی قومها در اورشلیم گرد هم بیایند تا خدا را در خانهٔ او پرستش کنند، نام خداوند در اورشلیم ستوده و سراییده خواهد شد. 21
Enti wɔbɛpae mu abɔ Awurade din wɔ Sion na wɔakamfo no wɔ Yerusalem,
22
bere a amanaman ne ahenni ahorow behyia mu na wɔasom Awurade.
خداوند در جوانی‌ام توان مرا از من گرفته و عمرم را کوتاه ساخته است. 23
Ɔmaa me yɛɛ mmerɛw wɔ bere a merenyin. Otwaa me nkwa nna so.
ای خدای من، نگذار در جوانی بمیرم! تو تا ابد زنده هستی! 24
Enti mekae se, “Me Onyankopɔn, mfa me nkɔ, wɔ me nkwa nna mfimfini; wo mfe wɔ hɔ daa kodu awo ntoatoaso nyinaa mu.
تو از قدیم بنیاد زمین را نهادی و آسمانها را به دست خود ساختی. 25
Mfiase no wotoo asase fapem, na ɔsoro yɛ wo nsa ano adwuma.
آنها فانی می‌شوند، اما تو باقی هستی. همهٔ آنها همچون جامۀ کهنه، پوسیده خواهند شد. تو آنها را مانند لباس عوض خواهی کرد و به دور خواهی افکند. 26
Ne nyinaa betwa mu na wo de, wobɛtena hɔ daa; wɔbɛtetew te sɛ atade. Wobɛsesa wɔn te sɛ ntama, na wɔbɛtow wɔn agu.
اما تو جاودانی هستی و برای تو هرگز پایانی وجود ندارد. 27
Nanso wote sɛnea wote, na wo mfe to rentwa da.
فرزندان بندگانت، همیشه در امان خواهند بود و نسل آنها از حمایت تو برخوردار خواهند شد. 28
Wʼasomfo mma bɛtena nkwa mu wɔ wʼanim; na wɔn asefo ase betim wɔ wʼanim.”

< مزامیر 102 >