< امثال 31 >
سخنان الهام بخش مادر لموئیلِ پادشاه به او: | 1 |
Ɔhene Lemuel nsɛm a ɛyɛ nkuranhyɛ a ne na kyerɛɛ no:
ای پسر من، ای پسری که تو را در جواب دعاهایم یافتهام، | 2 |
Tie, me babarima! Tie, me yafunu ba, Tie, me bɔhyɛ ba, me mpaebɔ ho mmuae!
نیروی جوانی خود را صرف زنان نکن، زیرا آنها باعث نابودی پادشاهان شدهاند. | 3 |
Nsɛe wʼahoɔden wɔ mmea ho, wɔn a wogu ahemfo asu no.
ای لموئیل، شایستهٔ پادشاهان نیست که میگساری کنند، | 4 |
Enye mma ahemfo, Lemuel, asanom nye mma ahemfo, ɛnsɛ sɛ sodifo pere bobesa ho;
چون ممکن است قوانین را فراموش کرده نتوانند به داد مظلومان برسند. | 5 |
sɛ wɔnom nsa a wɔn werɛ befi nea mmara no ka, na wɔn a wɔhyɛ wɔn so no rennya nea ɛyɛ wɔn kyɛfa.
شراب را به کسانی بده که در انتظار مرگند و به اشخاصی که دلتنگ و تلخکام هستند، | 6 |
Fa bobesa ma wɔn a wɔresɛe, na fa nsa ma wɔn a wɔwɔ amanehunu mu;
تا بنوشند و فقر و بدبختی خود را فراموش کنند. | 7 |
Momma wɔnnom, na wɔn werɛ mfi wɔn hia, na wɔnnkae wɔn awerɛhow bio.
دهان خود را باز کن و از حق کسانی که بیزبان و بیچارهاند دفاع کن. | 8 |
Kasa ma wɔn a wontumi nkasa mma wɔn ho, kasa ma mmɔborɔfo yiyedi.
دهان خود را باز کن و به انصاف داوری نما و به داد فقیران و محتاجان برس. | 9 |
Kasa na bu atɛntrenee; kasa ma ahiafo ne onnibi yiyedi.
زن خوب را چه کسی میتواند پیدا کند؟ ارزش او از جواهر هم بیشتر است! | 10 |
Ɔyere pa, hena na obenya? Ɔsom bo pa ara sen nhene pa.
او مورد اعتماد شوهرش میباشد و نمیگذارد شوهرش به چیزی محتاج شود. | 11 |
Ne kunu wɔ ne mu ahotoso pa ara, na biribiara a ɛwɔ bo nhia no.
در تمام روزهای زندگی به شوهرش خوبی خواهد کرد، نه بدی. | 12 |
Ɔde nea eye brɛ no, na ɛnyɛ ɔhaw, ne nkwanna nyinaa mu.
پشم و کتان میگیرد و با دستهای خود آنها را میریسد. | 13 |
Ɔhwehwɛ oguannwi ne asaawa na ɔde ne nsa nwen wɔ fɛw so.
او برای تهیه خوراک، مانند کشتیهای بازرگانان به راههای دور میرود. | 14 |
Ɔte sɛ aguadifo ahyɛn, ɔde ne nnuan fi akyirikyiri ba.
قبل از روشن شدن هوا، بیدار میشود و برای خانوادهاش خوراک آماده میکند و دستورهای لازم را به کنیزانش میدهد. | 15 |
Ade nnya nkyee no na wasɔre; osiesie aduan ma nʼabusuafo na ɔkyekyɛ nnwuma ma ne mmaawa.
مزرعهای را در نظر میگیرد و پس از بررسیهای لازم آن را میخرد و با دسترنج خود تاکستان ایجاد میکند. | 16 |
Osusuw afuw ho na ɔtɔ; ofi nea onya mu yɛ bobeturo.
Ɔde nsi yɛ nʼadwuma; nʼabasa mu wɔ ahoɔden ma nʼadwuma.
به امور خرید و فروش رسیدگی مینماید و شبها تا دیر وقت در خانه کار میکند. | 18 |
Ɔhwɛ sɛ nʼaguadi so wɔ mfaso, na ne kanea anum anadwo.
با دستهای خود نخ میریسد و پارچه میبافد. | 19 |
Daa, na ne nsa kura tadua mu a ne nsateaa nso retoatoa asaawa.
او دست و دل باز است و به فقرا کمک میکند. | 20 |
Ogow ne nsam ma ahiafo na ne nsa so ohiani so.
از برف و سرما باکی ندارد، چون برای تمام اهل خانهاش لباس گرم بافته است. | 21 |
Sɛ sukyerɛmma tɔ a ne yam nhyehye no wɔ ne fifo ho; efisɛ wɔn nyinaa wɔ adurade a wɔde ko awɔw.
برای خود نیز لباسهای زیبا از پارچههای نفیس میدوزد. | 22 |
Ɔyɛ ne mpasotam; na ofura nwera ne sirikyi ntama.
او لباس و کمربند تهیه میکند و به تاجرها میفروشد. شوهر چنین زنی در میان بزرگان شهر مورد احترام خواهد بود. | 23 |
Ne kunu wɔ anuonyam wɔ kuropɔn pon ano, faako a ɔne asase no so mpanyimfo tena.
Ɔpempam nwera ntade tontɔn, na otu nkyekyeremu ma aguadifo.
او زنی است قوی و باوقار و از آینده نمیترسد. | 25 |
Ɔwɔ ahoɔden ne anuonyam; na onsuro nna a ɛwɔ nʼanim.
سخنانش پر از حکمت و نصایحش محبتآمیز است. | 26 |
Ɔkasa nyansa mu, na nokware nkyerɛkyerɛ wɔ ne tɛkrɛma so.
او تنبلی نمیکند، بلکه به احتیاجات خانوادهاش رسیدگی مینماید. | 27 |
Ɔhwɛ ne fi mu nnwuma so na onnyigye anihaw so.
فرزندانش او را میستایند و شوهرش از او تمجید نموده، میگوید: | 28 |
Ne mma sɔre a wɔfrɛ no nhyira; ne kunu nso saa ara, na ɔkamfo no se,
«تو در میان تمام زنانِ خوب، بینظیر هستی!» | 29 |
“Mmea pii yɛ nneɛma a ɛwɔ din na wo de, wosen wɔn nyinaa.”
زیبایی فریبنده و ناپایدار است، اما زنی که خداترس باشد قابل ستایش است. | 30 |
Ɔbea kɔnnɔfo yɛ nnaadaa, na ahoɔfɛ twa mu ntɛm so; nanso ɔbea a osuro Awurade no fata nkamfo.
پاداش کارهایش را به او بدهید و بگذارید همه او را تحسین کنند. | 31 |
Fa abasobɔde a wanya no ma no, na wɔnkamfo ne nnwuma wɔ kuropɔn pon ano.