< اعداد 7 >
موسی در روزی که بر پا سازی خیمهٔ عبادت را به پایان رسانید تمامی قسمتهای آن و نیز مذبح و لوازم آن را تدهین و تقدیس نمود. | 1 |
Da a Mose wiee Ahyiae Ntamadan no hyehyɛ no, ɔsraa ho nyinaa ngo, tew mu nneɛma nyinaa ho. Ɔsan sraa afɔremuka ne ho nkuku ne nkaka nyinaa ngo, tew ho nso.
آنگاه رهبران اسرائیل، یعنی سران قبایل که ترتیب سرشماری را داده بودند، هدایای خود را آوردند. | 2 |
Afei, Israel mpanyimfo ne mmusuakuw no mu mpanyin a wɔhwɛɛ nnipakan no so no nyinaa de wɔn afɔrebɔde bae.
ایشان شش ارابهٔ سر پوشیده (یک ارابه برای دو رهبر) که هر ارابه را دو گاو میکشیدند آورده، در برابر خیمهٔ عبادت به خداوند تقدیم کردند. | 3 |
Wɔde nteaseɛnam asia a wɔakatakata ho ne anantwi dumien na ɛbae. Na nteaseɛnam no baako biara yɛ mpanyimfo baanu de, a nantwi baako yɛ wɔn mu biara de. Wɔde ne nyinaa maa Awurade wɔ Ahyiae Ntamadan no anim.
آنگاه خداوند به موسی فرمود: | 4 |
Awurade ka kyerɛɛ Mose se,
«هدایای ایشان را قبول کن و از آنها برای کار خیمۀ ملاقات استفاده نما. آنها را به لاویان بده تا هر کس متناسب با خدمتش از آنها استفاده کند.» | 5 |
“Gye wɔn akyɛde no na fa nteaseɛnam no yɛ Ahyiae Ntamadan no ho adwuma. Fa ma Lewifo no na obiara mfa nni dwuma biara a ɛsɛ sɛ odi.”
پس موسی، ارابهها و گاوها را در اختیار لاویان گذاشت. | 6 |
Enti Mose de nteaseɛnam no ne anantwi no maa Lewifo no.
دو ارابه و چهار گاو به طایفهٔ جرشون داد تا برای کار خود از آنها استفاده کنند | 7 |
Ɔmaa Gerson ne ne nkurɔfo nteaseɛnam abien ne anantwi anan sɛnea na ehia ma wɔn dwumadi,
و چهار ارابه و هشت گاو نیز به طایفهٔ مراری که تحت رهبری ایتامار پسر هارون بودند، داد تا برای کارشان از آنها استفاده کنند. | 8 |
na ɔmaa Merari ne ne nkurɔfo nso nteaseɛnam anan ne anantwi awotwe a Aaron babarima Itamar na na odi so panyin.
به قهاتیان گاو یا ارابه داده نشد، چون قرار بود ایشان سهم بار خود را از اسباب مقدّس خیمهٔ عبادت، روی دوش حمل کنند. | 9 |
Wɔamma Kohat nkurɔfo nteaseɛnam no bi, efisɛ na ɛsɛ sɛ wɔsoa wɔn kyɛfa a ɛfa Ahyiae Ntamadan no ho nneɛma no ho no wɔ wɔn mmati so.
رهبران در روزی که مذبح تدهین شد هدایایی نیز برای تبرک آن تقدیم کردند و آنها را جلوی مذبح گذاشتند. | 10 |
Mpanyimfo a wodi anim no nso de nsrabɔ akyɛde beguu afɔremuka no anim da a wɔresra afɔremuka no ngo no.
خداوند به موسی فرمود: «هر روز یکی از رهبران، هدیهٔ خود را جهت تبرک مذبح تقدیم کند.» | 11 |
Awurade ka kyerɛɛ Mose se, “Kyekyɛ nna a obiara de nʼafɔrebɔde bɛba afɔremuka no so.”
پس رهبران، هدایای خود را به ترتیب زیر تقدیم نمودند: روز از قبیله اسم رهبر اول یهودا نحشون پسر عمیناداب دوم یساکار نتنائیل پسر صوغر سوم زبولون الیاب پسر حیلون چهارم رئوبین الیصور پسر شدیئور پنجم شمعون شلومیئیل پسر صوریشدای ششم جاد الیاساف پسر دعوئیل هفتم افرایم الیشمع پسر عمیهود هشتم منسی جملیئیل پسر فدهصور نهم بنیامین ابیدان پسر جدعونی دهم دان اخیعزر پسر عمیشدای یازدهم اشیر فجعیئیل پسر عکران دوازدهم نفتالی اخیرع پسر عینان هدایای تقدیمی هر یک از رهبران که کاملاً مشابه یکدیگر بود عبارت بودند از: یک سینی نقرهای به وزن ۱٫۵ کیلوگرم با یک کاسهٔ نقرهای به وزن هشتصد گرم (برحسب مثقال عبادتگاه)، که هر دو پر از آرد مرغوب مخلوط با روغن برای هدیهٔ آردی بودند؛ یک ظرف طلایی به وزن ۱۱۰ گرم پر از بخور خوشبو؛ یک گوسالۀ نر، یک قوچ و یک برهٔ نر یک ساله برای قربانی سوختنی؛ یک بز نر برای قربانی گناه؛ دو گاو نر، پنج قوچ، پنج بز نر و پنج برهٔ نر یک ساله برای قربانی سلامتی. | 12 |
Aminadab babarima Nahson a ofi Yuda abusuakuw mu na ɔde nʼafɔrebɔde baa da a edi kan no.
Nneɛma a ɔde bae no yɛ: dwetɛ prɛte baako a emu duru yɛ kilogram baako ne fa, dwetɛ kuruwa kɛse bi a ɛbɛyɛ kilogram baako a ne nyinaa na wɔde asikresiam muhumuhu a wɔde ngo afra ahyɛ no amaama;
sikakɔkɔɔ adaka baako a ɛkari gram ɔha ne dunan a wɔde aduhuam ahyɛ no ma;
ɔde nantwinini ba, odwennini ne oguamma a wadi afe bae sɛ ɔhyew afɔrebɔde.
Wɔde ɔpapo bae sɛ bɔne ho afɔrebɔde
ne anantwi abien, adwennini anum, mmirekyi anum ne nguantenmma a wɔn mu biara adi afe, anum bae sɛ wɔn asomdwoe afɔrebɔde. Eyi ne Nahson, Aminadab ba afɔrebɔde.
Da a ɛto so abien no, Suar babarima Netanel a ɔda Isakar abusuakuw ano no de nʼafɔrebɔde bae.
Na nʼafɔrebɔde no yɛ: dwetɛ prɛte a ɛyɛ kilogram baako ne fa ne dwetɛ hweaseammɔ a emu duru yɛ kilogram baako a wɔde atoko afɔrebɔde a ɛyɛ asikresiam muhumuhu a wɔde ngo afra ahyehyɛ no amaama.
Sikakɔkɔɔ nnwetɛbona baako a ɛkari gram ɔha ne dunan a wɔde aduhuam ahyɛ no ma;
nantwi ba, odwennini ne oguamma a wɔadi afe bae sɛ ɔhyew afɔre,
ne anantwi abien, adwennini anum, mpapo anum ne nguantenmma anum a wɔn mu biara adi afe sɛ asomdwoe afɔre. Eyi ne afɔre a Suar babarima Netanel de bae.
Ne nnansa so no, Helon babarima Eliab a ɔda Sebulon abusuakuw ano no de nʼafɔrebɔde bae.
Na nʼafɔrebɔde no yɛ: dwetɛ prɛte a ɛyɛ kilogram baako ne fa ne dwetɛ hweaseammɔ a emu duru yɛ kilogram baako. Na wɔde atoko afɔrebɔde a ɛyɛ asikresiam a wɔayam no muhumuhu a wɔde ngo afra ahyɛ no amaama;
sikakɔkɔɔ akorade a emu duru yɛ gram ɔha ne dunan a wɔde aduhuam ahyɛ no ma;
nantwi ba, odwennini ne oguamma a wɔadi afe bae sɛ ɔhyew afɔre,
ne anantwi abien, adwennini anum ne mpapo anum sɛ asomdwoe afɔre. Eyi ne afɔre a Helon babarima Eliab de bae.
Ne nnaanan so no, Sedeur babarima Elisur a ɔda Ruben abusuakuw ano no de nʼafɔrebɔde bae.
Na nʼafɔrebɔde no yɛ: dwetɛ prɛte a ɛyɛ kilogram baako ne fa. Na wɔde atoko afɔrebɔde a ɛyɛ asikresiam a wɔayam no muhumuhu a wɔde ngo afra ahyɛ no amaama.
Sikakɔkɔɔ akorade a emu duru yɛ gram ɔha ne dunan a wɔde aduhuam ahyɛ no ma.
Nantwi ba, odwennini ne oguamma onini a wadi afe bae sɛ ɔhyew afɔre,
ne anantwi abien, adwennini anum, mpapo anum ne nguantenmma anum a wɔn mu biara adi afe. Eyi ne afɔre a Sedeur babarima Elisur de bae.
Ne nnaanum so no, Surisadai babarima Selumiel a ɔda Simeon abusuakuw ano no de nʼafɔrebɔde bae.
Na nʼafɔrebɔde no yɛ: dwetɛ prɛte a ɛyɛ kilogram baako ne fa ne dwetɛ hweaseammɔ a emu duru yɛ kilogram baako na wɔde atoko afɔrebɔde a ɛyɛ asikresiam a wɔayam no muhumuhu a wɔde ngo afra ahyɛ no amaama;
sikakɔkɔɔ akorade a emu duru yɛ gram ɔha ne dunan a wɔde aduhuam ahyɛ no ma;
nantwi ba, odwennini ne oguamma onini a wɔadi afe bae sɛ ɔhyew afɔre,
ne anantwi abien, adwennini anum, mpapo anum ne nguantenmma anum a wɔn mu biara adi afe sɛ asomdwoe afɔre bae. Eyi ne afɔre a Surisadai ba Selumiel de bae.
Ne nnansia so no, Deguel babarima Eliasaf a ɔda Gad abusuakuw ano no de nʼafɔrebɔde bae.
Na nʼafɔrebɔde no yɛ: dwetɛ prɛte a ɛyɛ kilogram baako ne fa ne dwetɛ hweaseammɔ a emu duru yɛ kilogram baako a wɔde atoko afɔrebɔde a ɛyɛ asikresiam muhumuhu a wɔde ngo afra ahyehyɛ no amaama;
sikakɔkɔɔ akorade bi a ɛkari gram ɔha ne dunan a wɔde aduhuam ahyɛ no ma;
nantwi ba, odwennini ne oguamma a wadi afe bae sɛ ɔhyew afɔre,
anantwi abien, adwennini anum, mpapo anum ne nguantenmma anum a wɔn mu biara adi afe sɛ asomdwoe afɔre. Eyi ne afɔre a Deguel ba Eliasaf de bae.
Ne nnanson so no, Amihud babarima Elisama a ɔda Efraim abusuakuw ano no de nʼafɔrebɔde bae.
Na nʼafɔrebɔde no yɛ: dwetɛ prɛte a ɛyɛ kilogram baako ne fa ne dwetɛ hweaseammɔ a emu duru yɛ kilogram baako. Na wɔde atoko afɔrebɔde a ɛyɛ asikresiam muhumuhu a wɔde ngo afra ahyehyɛ no amaama;
sikakɔkɔɔ akorade a ɛkari gram ɔha ne dunan a wɔde aduhuam ahyɛ no ma;
nantwi ba, odwennini ne oguamma a wadi afe bae sɛ ɔhyew afɔre;
ne anantwi abien, adwennini anum, mpapo anum ne nguantenmma anum a wɔn mu biara adi afe sɛ asomdwoe afɔre. Eyi ne afɔre a Amihud babarima Elisama de bae.
Ne nnaawɔtwe so no, Pedahsur babarima Gamaliel a ɔda Manase abusuakuw ano no de nʼafɔrebɔde bae.
Na nʼafɔrebɔde no yɛ: dwetɛ prɛte a ɛyɛ kilogram baako ne fa ne dwetɛ hweaseammɔ a emu duru yɛ kilogram baako. Na wɔde atoko afɔrebɔde a ɛyɛ asikresiam muhumuhu a wɔde ngo afra ahyehyɛ no amaama;
sikakɔkɔɔ akorade bi a ɛkari nnwetɛbona du a wɔde aduhuam ahyɛ no ma;
nantwi ba, odwennini ne oguamma a wadi afe bae sɛ ɔhyew afɔre;
ne anantwi abien, adwennini anum, mpapo anum ne nguantenmma anum a wɔn mu biara adi afe sɛ asomdwoe afɔre. Eyi ne afɔre a Pedahsur ba Gamaliel de bae.
Ne nnankron so no, Gideoni babarima Abidan a ɔda Benyamin abusuakuw ano no de nʼafɔrebɔde bae.
Na nʼafɔrebɔde no yɛ: dwetɛ prɛte a ɛyɛ kilogram baako ne fa ne dwetɛ hweaseammɔ a emu duru yɛ kilogram baako. Na wɔde atoko afɔrebɔde a ɛyɛ asikresiam muhumuhu a wɔde ngo afra ahyehyɛ no amaama;
sikakɔkɔɔ akorade a ɛkari gram ɔha ne dunan a wɔde aduhuam ahyɛ no ma;
nantwi ba, odwennini ne oguamma a wadi afe bae sɛ ɔhyew afɔre;
ne nantwi abien, adwennini anum, mpapo anum ne nguantenmma anum a wɔn mu biara adi afe sɛ asomdwoe afɔre. Eyi ne afɔre a Gideoni babarima Abidan de bae.
Ne nnadu so no, Amisadai babarima Ahieser a ɔda Dan abusuakuw ano no de nʼafɔrebɔde bae.
Na nʼafɔrebɔde no yɛ: dwetɛ prɛte a ɛyɛ kilogram baako ne fa ne dwetɛ hweaseammɔ a emu duru yɛ kilogram baako. Na wɔde atoko afɔrebɔde a ɛyɛ asikresiam a wɔayam no muhumuhu a wɔde ngo afra ahyehyɛ no amaama;
sikakɔkɔɔ akorade a ɛkari gram ɔha ne dunan a wɔde aduhuam ahyɛ no ma;
nantwi ba, odwennini ne oguamma onini a wadi afe bae sɛ ɔhyew afɔre;
ne anantwi abien, adwennini anum, mpapo anum ne nguantenmma anum a wɔn mu biara adi afe sɛ asomdwoe afɔre. Eyi ne afɔre a Amisadai babarima Ahieser de bae.
Ne nna dubaako so no, Okran babarima Pagiel a ɔda Aser abusuakuw ano no de nʼafɔrebɔde bae.
Na nʼafɔrebɔde no yɛ: dwetɛ prɛte a ɛyɛ kilogram baako ne fa ne dwetɛ hweaseammɔ a emu duru yɛ kilogram baako. Na wɔde atoko afɔrebɔde a ɛyɛ asikresiam a wɔayam no muhumuhu a wɔde ngo afra ahyehyɛ no amaama;
sikakɔkɔɔ akorade a ɛkari gram ɔha ne dunan a wɔde aduhuam ahyɛ no ma;
nantwi ba, odwennini ne oguamma onini a wadi afe bae sɛ ɔhyew afɔre;
ne anantwi abien, adwennini anum, mmirekyinini anum ne nguantenmma anum a wɔn mu biara adi afe sɛ asomdwoe afɔre. Eyi ne afɔre a Okran babarima Pagiel de bae.
Ne nnadumien so no, Enan babarima Ahira a ɔda Naftali abusuakuw ano no de nʼafɔrebɔde bae.
Na nʼafɔrebɔde no yɛ: dwetɛ prɛte a ɛyɛ kilogram baako ne fa ne dwetɛ hweaseammɔ a emu duru yɛ kilogram baako. Na wɔde atoko afɔrebɔde a ɛyɛ asikresiam a wɔayam no muhumuhu a wɔde ngo afra ahyehyɛ no amaama;
sikakɔkɔɔ akorade a ɛkari gram ɔha ne dunan a wɔde aduhuam ahyɛ no ma;
nantwi ba, odwennini ne oguamma onini a wadi afe bae sɛ ɔhyew afɔre;
ne anantwi abien, adwennini anum, mpapo anum ne nguantenmma anum a wɔn mu biara adi afe sɛ asomdwoe afɔre. Eyi ne afɔre a Enan babarima Ahira de bae.
بنابراین، در روزی که مذبح تدهین شد آن را بهوسیلۀ هدایایی که سران قبایل اسرائیل آورده بودند تبرک کردند. این هدایا عبارت بودند از: دوازده سینی نقرهای هر کدام به وزن تقریبی ۱٫۵ کیلوگرم؛ دوازده کاسهٔ نقرهای، هر کدام به وزن تقریبی ۸۰۰ گرم برحسب مثقال عبادتگاه (پس وزن تمام نقرهٔ اهدایی حدود ۲۸ کیلوگرم بود)؛ دوازده ظرف طلایی، هر یک به وزن تقریبی ۱۱۰ گرم که وزن کل آنها حدود ۱٫۳ کیلوگرم بود؛ دوازده گاو نر، دوازده قوچ، دوازده بز نر یک ساله (با هدایای آردی همراه آنها) برای قربانی سوختنی، دوازده بز نر برای قربانی گناه؛ بیست و چهار گاو نر جوان، شصت قوچ، شصت بز نر و شصت برهٔ نر یک ساله برای قربانی سلامتی. | 84 |
Eyinom ne afɔremuka no afɔrebɔde a Israel mpanyimfo de ba bɛsraa afɔremuka no, nam so bɔɔ no atenase: dwetɛ mprɛte dumien, dwetɛ hweaseammɔ dumien ne sikakɔkɔɔ aduhuam nnwetɛbona dumien.
Ne nyinaa mu, na dwetɛ nneɛma no kari bɛyɛ kilogram aduasa, na prɛte biara kari bɛyɛ kilogram baako ne fa, na hweaseammɔ no nso mu duru yɛ kilogram baako.
Sikakɔkɔɔ a wɔde bɛkyɛe no mu duru yɛɛ bɛyɛ kilogram baako ne fa a ɛkyerɛ sɛ, sikakɔkɔɔ no akorade no mu biara duru yɛ nnwetɛbona du a wɔde aduhuam ahyɛ no ma.
Wɔde anantwi dumien ne adwennini a wɔn mu biara adi afe na ɛbɛbɔɔ ɔhyew afɔre no a atoko afɔrebɔ nso ka ho. Wɔde mpapo bɛbɔɔ bɔne ho afɔre.
Asomdwoe afɔre nneɛma a wɔde bae ni: nantwininimma aduonu anan, adwennini aduosia, mmirekyi aduosia, adwennini a wɔn mu biara adi afe aduosia.
وقتی که موسی وارد خیمهٔ ملاقات شد تا با خدا گفتگو کند، از بالای تخت رحمت که روی صندوق عهد قرار داشت یعنی از میان دو کروبی، صدای خدا را که با او سخن میگفت شنید. | 89 |
Bere a Mose kɔɔ Ahyiae Ntamadan no mu sɛ ɔne Awurade rekɔkasa no, ɔtee nne bi fi soro a ɛrekasa kyerɛ no fi Mpata Beae no atifi hɔ, wɔ adaka no ho baabi a kerubim abien no sisi no ntam. Awurade faa saa kwan yi so kasa kyerɛɛ no.