< اعداد 35 >

زمانی که قوم اسرائیل در دشت موآب، کنار رود اردن و در مقابل اریحا اردو زده بودند، خداوند به موسی فرمود: 1
Ɛberɛ a Israelfoɔ bɔɔ atenaseɛ wɔ Yordan ho, Moab tata so a ɛne Yeriko di nhwɛanimu no, Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ,
«به قوم اسرائیل دستور بده که از ملک خود، شهرهایی با چراگاههای اطرافشان به لاویان بدهند. 2
“Ka kyerɛ Israelfoɔ no na wɔmfa wɔn agyapadeɛ no mu bi a ɛyɛ nkuro ne ɛho mmoa adidibea mma Lewifoɔ.
شهرها برای سکونت خودشان است و چراگاههای اطراف آنها برای گله‌های گوسفند و گاو و سایر حیوانات ایشان. 3
Nkuro no mu na wɔbɛtena na wɔn anantwie, wɔn nnwan ne wɔn mmoa a aka no nso akɔ adidi wɔ adidibea hɔ.
چراگاههای اطراف هر شهر، از دیوار شهر تا فاصله پانصد متر به هر طرف امتداد داشته باشد. 4
“Wɔn mmoa adidibea no kɛseɛ bɛfiri kuro no afasuo ho a ne fa biara tɛtrɛtɛ yɛ anammɔn apem ne ahanum.
بدین ترتیب محوطه‌ای مربع شکل به وجود می‌آید که هر ضلع آن هزار متر خواهد بود و شهر در وسط آن قرار خواهد گرفت. 5
Monsusu anammɔn mpensa mfiri kuro no afasuo no ho wɔ nʼafanan nyinaa. Yei bɛyɛ adidibea kɛseɛ ama nkuro no.
«چهل و هشت شهر با چراگاههای اطرافشان به لاویان داده شود. از این چهل و هشت شهر، شش شهر به عنوان پناهگاه باشد تا اگر کسی مرتکب قتل شود بتواند به آنجا فرار کند و در امان باشد. 6
“Momma Lewifoɔ no dwanekɔbea nkuropɔn nsia, baabi a obi a wafom akum ɔfoforɔ no bɛtumi adwane akɔ. Momfa nkuro aduanan mmienu nka wɔn ho.
7
Ne nyinaa bɛyɛ nkuro aduanan nwɔtwe ne ho adidibea.
قبیله‌های بزرگتر که شهرهای بیشتری دارند، شهرهای بیشتری به لاویان بدهند و قبیله‌های کوچکتر شهرهای کمتر.» 8
Saa nkuro yi bɛfiri Israelfoɔ no agyapadeɛ mu. Mmusuakuo no mu akɛseɛ bɛma Lewifoɔ no nkuro bebree na mmusuakuo nketewa no ama kakraa. Abusuakuo biara bɛma sɛdeɛ nʼagyapadeɛ kɛseɛ teɛ.”
خداوند به موسی فرمود: 9
Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ,
«به قوم اسرائیل بگو، هنگامی که از رود اردن عبور کرده به سرزمین موعود می‌رسند، 10
“Ka kyerɛ nnipa no sɛ, sɛ wɔduru asase no so a,
شهرهای پناهگاه تعیین کنند تا هر کس که ناخواسته شخصی را کشته باشد بتواند به آنجا فرار کند. 11
wɔnyi Dwanekɔbea Nkuro a wɔde bɛma obiara a wafom akum onipa na ɔpɛ sɛ ɔdwane kɔ hɔ.
این شهرها مکانی خواهند بود که قاتل در برابر انتقام جویی بستگان مقتول در آنها ایمن خواهد بود، زیرا قاتل تا زمانی که جرمش در یک دادرسی عادلانه ثابت نگردد، نباید کشته شود. 12
Saa nkuro yi bɛyɛ dwanekɔbea ama owudifoɔ no afiri owufoɔ no abusuafoɔ a wɔpɛ sɛ wɔtɔ owufoɔ no wuo so awere; na ɛnsɛ sɛ wɔkum owudifoɔ no, gye sɛ wɔadi nʼasɛm abu no kumfɔ.
سه شهر از این شش شهر پناهگاه، باید در سرزمین کنعان باشد و سه شهر دیگر در سمت شرقی رود اردن. 13
Ɛsɛ sɛ wɔsisi Dwanekɔbea Nkuro yi mu mmiɛnsa wɔ Kanaan asase so
14
na wɔsisi mmiɛnsa nso wɔ Asubɔnten Yordan apueeɛ fam.
این شهرها نه فقط برای قوم اسرائیل، بلکه برای غریبان و مسافران نیز پناهگاه خواهند بود. 15
Ɛnyɛ Israelfoɔ nko na ɛhɔ bɛyɛ wɔn dwanekɔbea, na mmom, ɛbɛyɛ dwanekɔbea ama ahɔhoɔ ne akwantufoɔ nyinaa.
«اگر کسی با استفاده از یک تکه آهن یا سنگ یا چوب، شخصی را بکشد، قاتل است و باید کشته شود. 16
“Nanso, sɛ obi de dadeɛ poma sin bi bɔ obi kum no a, wɔfa no sɛ wadi awu, enti ɛsɛ sɛ wɔkum owudifoɔ no.
17
Anaasɛ, sɛ wɔde ɛboɔ kɛseɛ bi bɔɔ owufoɔ no a, ɛyɛ awudie enti ɛsɛ sɛ wɔkum owudifoɔ no.
18
Saa ara nso na sɛ wɔde dua na wɔde kumm no a, ɛte ara ne no.
مدعی خون مقتول وقتی قاتل را ببیند خودش او را بکشد. 19
Sɛ ɔweretɔfoɔ no hyia owudifoɔ no baabiara a, ɔwɔ ho kwan sɛ ɔkum no bi.
اگر شخصی از روی کینه با پرتاب چیزی به طرف کسی یا با هل دادن او، وی را بکشد، 20
Enti, sɛ obi nam ɔtan so to biribi bɔ obi, anaasɛ ɔtetɛ no,
یا از روی دشمنی مشتی به او بزند که او بمیرد، آن شخص قاتل است و قاتل باید کشته شود. مدعی خون مقتول وقتی قاتل را ببیند خودش او را بکشد. 21
anaa ɔde abufuo bɔ no kuturuku na onii no wu a, ɔyɛ owudifoɔ enti ɛsɛ sɛ ɔweretɔfoɔ no kum owudifoɔ no.
«ولی اگر قتل تصادفی باشد، برای مثال، شخصی چیزی را به طور غیرعمد پرتاب کند یا کسی را هل دهد و باعث مرگ او شود و یا قطعه سنگی را بدون قصد پرتاب کند و آن سنگ به کسی اصابت کند و او را بکشد در حالی که پرتاب کننده، دشمنی با وی نداشته است، 22
“Na sɛ nkwanhyia no mu, sɛ obi anhyɛ da na ɔtoo biribi anaa ɛboɔ bi a wanto no abufuo so, na ɔnnim sɛ ɛbɛbɔ obi
23
anaasɛ ɛnyɛ nʼadwene sɛ ɔbɛha ne ɔtamfoɔ, na sɛ onipa ko no wu a,
در اینجا قوم باید در مورد اینکه آیا قتل تصادفی بوده یا نه، و اینکه قاتل را باید به دست مدعی خون مقتول بسپارند یا نه، قضاوت کنند. 24
ɛsɛ sɛ wɔdi asɛm no. Wɔbɛhwɛ sɛ ɛyɛ nkwanhyia anaa ɛnyɛ nkwanhyia, anaasɛ ɛsɛ sɛ wɔde saa onipa no hyɛ owufoɔ no weretɔni nsa anaa wɔmmfa no nhyɛ ne sa.
اگر به این نتیجه برسند که قتل تصادفی بوده، آنگاه قوم اسرائیل متهم را از دست مدعی برهانند و به او اجازه بدهند که در شهر پناهگاه، ساکن شود. او باید تا هنگام مرگ کاهن اعظم، در آن شهر بماند. 25
Sɛ wɔsi gyinaeɛ sɛ ɛyɛ nkwanhyia a, nnipa no bɛgye owudifoɔ no afiri ɔweretɔfoɔ no nsam. Wɔbɛma owudifoɔ no atena Dwanekɔbea Kuro no mu hɔ ara akɔsi sɛ ɔsɔfopanin bɛwu.
«اگر متهم، شهرِ پناهگاه را ترک کند، 26
“Sɛ owudifoɔ no firi kuro no mu
و مدعی خون مقتول، وی را خارج از شهر پیدا کرده، او را بکشد، عمل او قتل محسوب نمی‌شود، 27
na ɔweretɔni no hyia no na ɔkum no tua ka a, wɔmmfa no sɛ ɛyɛ awudie,
چون آن شخص می‌بایستی تا هنگام مرگ کاهن اعظم در شهر پناهگاه می‌ماند و بعد از آن به ملک و خانهٔ خود بازمی‌گشت. 28
ɛfiri sɛ, anka ɛsɛ sɛ owudifoɔ no tena kuro no mu kɔsi mmerɛ a ɔsɔfopanin no bɛwu. Ɔsɔfopanin no wuo akyi no, owudifoɔ no tumi kɔ ne kurom.
اینها برای تمامی قوم اسرائیل نسل اندر نسل قوانینی دائمی می‌باشند. 29
“Yei yɛ Israelfoɔ mmara a ɛwɔ hɔ daa firi awoɔ ntoatoasoɔ so kɔsi awoɔ ntoatoasoɔ so.
«هر کس شخصی را بکشد، به موجب شهادت چند شاهد، قاتل شناخته می‌شود و باید کشته شود. هیچ‌کس تنها به شهادت یک نفر نباید کشته شود. 30
“Ɛsɛ sɛ wɔkum awudifoɔ nyinaa. Nanso gye sɛ adansefoɔ boro onipa baako di tia no ansa na ɛsɛ sɛ wɔkum no. Sɛ onipa baako di adanseɛ tia no nso a, ɛnsɛ sɛ wɔkum no.
هر وقت کسی قاتل شناخته شد باید کشته شود و نباید خونبهایی برای رهایی او پذیرفته شود. 31
“Ɛberɛ biara a wɔbɛbua obi kumfɔ no, ɛsɛ sɛ ɔwuo a wɔnnye mpata biara.
از پناهنده‌ای که در شهر پناهگاه سکونت دارد پولی برای اینکه به او اجازه داده شود قبل از مرگ کاهن اعظم به ملک و خانهٔ خویش بازگردد گرفته نشود. 32
“Odwanefoɔ bi a ɔhyɛ Dwanekɔbea Kuropɔn no mu no nso nni ho ɛkwan sɛ ɔtua sika ma wɔma no ɛkwan kɔ ne kurom ansa na ɔsɔfopanin no awu.
اگر این قوانین را مراعات کنید سرزمین شما آلوده نخواهد شد، زیرا قتل موجب آلودگی زمین می‌شود. هیچ کفاره‌ای برای قتل به‌جز کشتن قاتل پذیرفته نمی‌شود. 33
“Yei na ɛbɛma awerɛhyɛmu sɛ asase a mote so no ho rengu fi, ɛfiri sɛ, awudie gu asase ho fi. Wɔrentumi nyɛ mpatadeɛ foforɔ biara mma awudie gye sɛ wɔkum owudifoɔ no.
سرزمینی را که در آن ساکن خواهید شد نجس نسازید، زیرا من که یهوه هستم در آنجا ساکن می‌باشم.» 34
Monngu asase a morekɔtena so no ho fi, ɛfiri sɛ, Me, Awurade mete hɔ bi. Mene Awurade a mete Israelfoɔ mu no.”

< اعداد 35 >