< لاویان 8 >

خداوند به موسی فرمود: 1
Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ,
«هارون و پسرانش را با لباسهای مخصوص ایشان و روغن تدهین، گوسالهٔ قربانی گناه، دو قوچ و یک سبد نان بدون خمیرمایه دم در خیمۀ ملاقات بیاور 2
“Afei fa Aaron ne ne mmammarima bra Ahyiaeɛ Ntomadan no kwan no ano. Wɔmfa wɔn ntadeɛ, ɔsra ngo, nantwie ba a wɔde no bɛbɔ bɔne afɔdeɛ, nnwennini mmienu ne burodo a mmɔreka nni mu nkɛntɛmma mmienu
و تمام جماعت اسرائیل را در آنجا جمع کن.» 3
na frɛ Israelfoɔ no nyinaa na wɔmmra hɔ bi.”
موسی طبق فرمان خداوند عمل کرد. همهٔ قوم اسرائیل دم در خیمۀ ملاقات جمع شدند. 4
Enti nnipa no nyinaa hyiaeɛ wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no kwan ano.
سپس موسی به ایشان گفت: «آنچه اکنون انجام می‌دهم طبق فرمان خداوند است.» 5
Mose ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Adeɛ a merebɛyɛ yi, Awurade na wahyɛ me sɛ menyɛ.”
آنگاه موسی، هارون و پسرانش را فرا خواند و ایشان را با آب غسل داد. 6
Afei, ɔfaa Aaron ne ne mmammarima de nsuo hohoroo wɔn ho,
پیراهن مخصوص کاهنی را به هارون پوشانید و کمربند را به کمرش بست. سپس ردا را بر تن او کرد و ایفود را به‌وسیلۀ بند کمر آن بر او بست. 7
de Aaron atadeɛ sononko a ne mmeamu ka ho de ne batakari a asɔfotadeɛ a wɔde tam a ɛyɛ fɛ ayɛ nʼabɔwomu hyɛɛ no.
بعد سینه‌پوش را بر او بست و اوریم و تُمّیم را در آن گذاشت، 8
Afei, Mose de adaaboɔ fam Aaron bo de Urim ne Tumim no hyɛɛ mu.
و چنانکه خداوند فرموده بود، دستار را بر سر هارون نهاد و نیم تاج مقدّس را که از طلا بود جلوی دستار نصب کرد. 9
Ɔbɔɔ Aaron abotire a ɛwɔ sika abɔnimu kronkron sɛdeɛ Awurade hyɛɛ no sɛ ɔnyɛ no ara pɛ.
آنگاه موسی روغن مسح را گرفت و آن را بر خیمۀ عبادت و هر چیزی که در آن بود پاشید و آنها را تقدیس نمود. 10
Afei, Mose faa ɔsra ngo no de bi petee Ahyiaeɛ Ntomadan no ankasa ne biribiara a ɛwɔ mu ho de tee ne nyinaa ho.
سپس مقداری از روغن را برداشت و آن را هفت مرتبه بر مذبح، لوازم آن، حوض و پایه‌اش پاشید و آنها را نیز تقدیس کرد. 11
Ɔduruu afɔrebukyia no so no, ɔpetee so mprɛnson. Afei, ɔpetee nkukuo a ɛwɔ afɔrebukyia no so no ne atam ne ne ntaamu ho de tee ho.
بعد قدری از روغن مسح را بر سر هارون ریخت و به این ترتیب او را برای خدمت کاهنی تقدیس نمود. 12
Afei, ɔhwiee ɔsra ngo no guu Aaron tirim de tee ne ho sɛ ɔnhyɛ nʼadwuma ase.
سپس موسی به امر خداوند پسران هارون را فرا خواند و پیراهنها را به آنان پوشانید و شال به کمرشان بست و کلاهها را بر سرشان گذاشت. 13
Deɛ ɛdi hɔ ne sɛ, Mose de mmatakari no hyehyɛɛ Aaron mmammarima a abɔwomu ne ɛkyɛ ka ho sɛdeɛ Awurade hyɛɛ no sɛ ɔnyɛ no.
بعد گوسالهٔ قربانی گناه را جلو آورد و هارون و پسرانش دستهای خود را بر سر آن گذاشتند. 14
Afei, ɔfaa nantwinini ba sɛ ɔde no rekɔbɔ bɔne ho afɔdeɛ. Aaron ne ne mmammarima de wɔn nsa guu aboa no apampam,
موسی گوساله را ذبح کرد و قدری از خون آن را با انگشت خود بر شاخهای مذبح مالید تا آن را طاهر سازد. باقیماندهٔ خون را به پای مذبح ریخت. به این ترتیب مذبح را تقدیس کرده، برای آن کفاره نمود. 15
ma Mose kumm no. Ɔde ne nsateaa baako bɔɔ ne mogya mu de yɛɛ afɔrebukyia mmɛn nan no ho ne afɔrebukyia no ankasa ho de tee ho, ɛnna ɔhwiee mogya no nkaeɛ no guu afɔrebukyia no ase de tee ho sɛ mpatadeɛ.
سپس تمام چربی داخل شکم، سفیدی روی جگر، قلوه‌ها و چربی روی آنها را گرفت و همه را روی مذبح سوزانید، 16
Ɔfaa nʼayamdeɛ ho sradeɛ ne ne berɛboɔ ho sradeɛ ne ne sawa mmienu no ne ɛho sradeɛ hyee ne nyinaa wɔ afɔrebukyia no so.
و همان‌طور که خداوند فرموده بود، لاشه و پوست و فضلۀ گوساله را در خارج از اردوگاه سوزانید. 17
Wɔhyee nantwinini ba no ne ne nhoma ne nʼagyanan wɔ sraban no akyi sɛdeɛ Awurade hyɛɛ Mose no.
بعد قوچ قربانی سوختنی را جلو آورد و هارون و پسرانش دستهای خود را روی سر آن گذاشتند. 18
Afei, ɔde odwennini maa Awurade sɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ. Aaron ne ne mmammarima de wɔn nsa guu aboa no apampam
موسی قوچ را ذبح کرد و خونش را بر چهار طرف مذبح پاشید. 19
na Mose kumm no de ne mogya no bi petee afɔrebukyia no ho nyinaa.
سپس قوچ را قطعه‌قطعه کرد و آنها را با کله و چربی حیوان سوزانید. 20
Afei, ɔbobɔɔ odwennini no nam na ɔhyee asinasini no a ne ti ne ne sradeɛ ka ho.
دل و روده و پاچه‌ها را با آب شست و آنها را نیز بر مذبح سوزانید. پس همان‌طور که خداوند به موسی دستور داده بود تمام آن قوچ بر مذبح سوزانده شد. این قربانی سوختنی، هدیه‌ای خوشبو و مخصوص برای خداوند بود. 21
Na ɔde nsuo hohoroo nʼayamdeɛ ne ne nan no ho hyee no wɔ afɔrebukyia no so maa ne nyinaa hyee pasaa wɔ Awurade anim. Ɛyɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ a ɛsɔɔ Awurade ani yie, ɛfiri sɛ, Mose dii Awurade akwankyerɛ no nyinaa so pɛpɛɛpɛ.
سپس موسی قوچ دوم را که برای تقدیس کاهنان بود جلو آورد و هارون و پسرانش دستهای خود را روی سر آن گذاشتند. 22
Afei, Mose de odwennini baako a ɔyɛ ahoteɛ dwennini baeɛ. Aaron ne ne mmammarima de wɔn nsa guu nʼapampam.
موسی قوچ را ذبح کرده، قدری از خونش را بر نرمهٔ گوش راست هارون و شست دست راست او و شست پای راستش مالید. 23
Mose kumm no na ɔde mogya no bi kaa Aaron aso nifa ase ne ne nsa nifa kokurobetie ne ne nan nifa kokurobetie.
بعد قدری از خون را بر نرمهٔ گوش راست و شست دست راست و شست پای راست پسران هارون مالید. بقیهٔ خون را بر چهار طرف مذبح پاشید. 24
Ɔde mogya no bi yɛɛ Aaron mmammarima no nso aso nifa ase ne wɔn nsa nifa kokurobetie ne wɔn nan nifa kokurobetie. Ɔde mogya no nkaeɛ petee afɔrebukyia no ho nyinaa.
آنگاه چربی، دنبه، چربی داخل شکم، سفیدی روی جگر، قلوه‌ها و چربی روی آنها و ران راست قوچ را گرفت 25
Afei, ɔfaa sradeɛ no, ne dua, ne ne mu sradeɛ, ne berɛboɔ kotokuo, ne sawa mmienu no ne ɛho sradeɛ ne nʼabati nifa
و از داخل سبد نان بدون خمیرمایه که در حضور خداوند بود، یک قرص نان بدون خمیرمایه، یک قرص نان روغنی و یک نان نازک برداشت و آنها را روی چربی و ران راست گذاشت. 26
ɛnna ɔde saa burodo ntrawa a mmɔreka nni mu no baako nso ne burodo ntrawa no baako a wɔde ngo agu so ne burodo ntrawa baako a wɔfaa ne nyinaa firii kɛntɛn a wɔde bɛsii hɔ wɔ Awurade anim no mu guguu yeinom nyinaa so.
سپس، همهٔ اینها را بر دستهای هارون و پسرانش قرار داد تا به عنوان هدیهٔ مخصوص در حضور خداوند تکان دهند. 27
Wɔde yeinom nyinaa hyɛɛ Aaron ne ne mmammarima nsa sɛ wɔnhim no afɔrebukyia no anim sɛ ɔhim afɔrebɔ mma Awurade.
پس از انجام این تشریفات، موسی آنها را از دست ایشان گرفت و با قربانی سوختنی بر مذبح سوزانید. این قربانی تقدیس، هدیه‌ای خوشبو و مخصوص برای خداوند بود. 28
Mose gyee ne nyinaa firii wɔn nsam hyee no wɔ afɔrebukyia no so de maa Awurade; na afɔrebɔ no sɔɔ Awurade ani.
موسی سینهٔ قربانی را گرفت و آن را به عنوان هدیهٔ مخصوص تکان داده، به خداوند تقدیم کرد، درست همان‌طور که خداوند به او دستور داده بود. این سهم خود موسی از قوچی بود که برای مراسم تقدیس ذبح می‌شد. 29
Afei Mose faa ne yan no hinhim no Awurade anim; yei ne Mose kyɛfa wɔ ahoteɛ odwennini no mu sɛdeɛ Awurade ka kyerɛɛ no sɛ ɔnyɛ no.
سپس موسی قدری از روغن مسح و قدری از خونی را که بر مذبح بود گرفت و بر هارون و لباسهای او و بر پسران او و لباسهای ایشان پاشید و به این ترتیب هارون و پسرانش و لباسهای آنها را تقدیس کرد. 30
Afei ɔfaa ɔsra ngo no ne mogya a ɔde apete afɔrebukyia no so no bi de petee Aaron ne ne mmammarima ntadeɛ mu de tee Aaron ne ne mmammarima ne wɔn ntadeɛ ho maa Awurade dwumadie.
آنگاه موسی به هارون و پسرانش گفت: «همان‌طور که خداوند فرموده است، گوشت را دم در خیمۀ ملاقات بپزید و در آنجا آن را با نان مراسم تقدیس که در سبد است، بخورید. 31
Mose ka kyerɛɛ Aaron ne ne mmammarima no sɛ, “Monnoa ɛnam no wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no kwan ano na momfa nni burodo a ɛwɔ kɛntɛn a asɔfohyɛ afɔrebɔdeɛ wɔ mu no sɛdeɛ meka kyerɛɛ mo no.
هر چه از گوشت و نان باقی ماند باید سوزانده شود. 32
Ɛnam ne burodo biara a ɛbɛka no, monhye.
هفت روز از در خیمۀ ملاقات بیرون نروید تا روزهای تقدیس شما سپری شود، زیرا مراسم تقدیس شما هفت روز طول می‌کشد. 33
Bio, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔntena Ahyiaeɛ Ntomadan no ano nnanson, mfa nwie asɔfohyɛ dwumadie no.
آنچه امروز انجام شد به فرمان خداوند بود تا به این ترتیب برای گناه شما کفاره داده شود. 34
Mose kaa bio sɛ, deɛ ɔyɛɛ no ɛda no nyinaa no, Awurade na ɔhyɛɛ no sɛ ɔnyɛ mfa nyɛ mpata mma wɔn.
شما باید هفت شبانه روز دم در خیمۀ ملاقات بمانید و آنچه را که خداوند فرموده است انجام دهید و گرنه خواهید مرد. این دستور خداوند است.» 35
Ɔsane hyɛɛ Aaron ne ne mmammarima no sɛ wɔntena Ahyiaeɛ Ntomadan no ano anadwo ne awia nnanson. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, ‘Sɛ mofiri hɔ a, mobɛwuwu. Yei ne asɛm a Awurade aka.’”
بنابراین هارون و پسرانش هر چه را که خداوند توسط موسی امر فرموده بود، انجام دادند. 36
Enti, Aaron ne ne mmammarima dii nsɛm a Awurade nam Mose so hyɛɛ wɔn sɛ wɔnyɛ no nyinaa so.

< لاویان 8 >