< ارمیا 44 >
خداوند لشکرهای آسمان، خدای اسرائیل دربارهٔ تمام یهودیانی که در شمال مصر زندگی میکردند، یعنی در شهرهای مجدل، تحفنحیس، ممفیس، و آنهایی که در سراسر جنوب مصر ساکن بودند، به من چنین فرمود: «شما دیدید که من با اورشلیم و سایر شهرهای یهودا چه کردم! حتی امروز هم ویران و خالی از سکنه هستند، | 1 |
Saa asɛm yi baa Yeremia nkyɛn; ɛfa Yudafo a wɔtete Misraim anafo fam wɔ Migdol, Tapanhes, Memfis ne Misraim atifi fam no ho.
“Sɛɛ na Asafo Awurade, Israel Nyankopɔn, se: Muhuu amanehunu kɛse a mede baa Yerusalem ne Yuda nkurow nyinaa so no. Nnɛ wɔayeyɛ amamfo na wɔasɛesɛe
چون ساکنین آنها خدایان بیگانهای را میپرستیدند که نه خودشان میشناختند و نه اجدادشان، و با این شرارتها خشم مرا شعلهور ساختند. | 3 |
esiane bɔne a wɔayɛ no nti. Wɔhyew nnuhuam, som anyame foforo a, wɔn anaa mo anaa mo agyanom nnim wɔn de hyɛɛ me abufuw.
با اینکه من همواره خدمتگزاران خود، انبیا را میفرستادم تا ایشان را از این کارهای نفرتانگیز منع کنند، | 4 |
Mesomaa mʼasomfo adiyifo mpɛn pii a wɔkae se, ‘Monnyɛ saa atantanne a mikyi no!’
ولی آنها گوش نمیدادند و از گناهان خود دست نمیکشیدند، بلکه به پرستش بتها ادامه میدادند. | 5 |
Nanso wɔantie, wɔamfa anyɛ asɛm, na wɔannan amfi wɔn amumɔyɛsɛm no ho na wɔannyae hyew a wɔhyew nnuhuam ma anyame foforo no.
به همین جهت، خشم و غضب من همانند آتش بر شهرهای یهودا و کوچههای اورشلیم فرود آمد و همانطور که امروز میبینید، همه جا را ویران ساخته است. | 6 |
Enti mihwiee mʼabufuw gui, na ɛdɛw kɔɔ Yuda nkurow ne Yerusalem mmɔnten so ma ɛsɛesɛe na ɛdedaa mpan sɛnea ɛtete nnɛ yi.
پس حال خداوند لشکرها، خدای اسرائیل میفرماید: چرا تیشه به ریشهٔ خود میزنید؟ چرا کاری میکنید که همگی از مرد و زن، طفل و نوزاد، از میان یهودا منقطع شوند، و کسی از شما باقی نماند؟ | 7 |
“Na mprempren, nea Asafo Awurade Nyankopɔn, Israel Nyankopɔn se ni: Adɛn nti na mode amanehunu kɛse aba mo ho so, sɛ muyii mmarima ne mmea, mmofra ne mmotafowa fii Yuda a moannyaw nkae biara amma mo ho.
چرا در مصر با پرستیدن بتها و سوزاندن بخور برای آنها، آتش خشم و غضب مرا شعلهور میسازید؟ با این کارها خودتان را نابود خواهید کرد و مورد لعنت و نفرت همهٔ قومهای روی زمین خواهید شد. | 8 |
Adɛn nti na mode nea mo nsa ayɛ hyɛ me abufuw, na mohyew nnuhuam ma anyame foforo wɔ Misraim, baabi a moabɛtena hɔ no? Mobɛsɛe mo ho, na moayɛ nnome ne nsopa wɔ asase so amanaman nyinaa mu.
آیا گناهان پدران خود را فراموش کردهاید؟ آیا گناهانی را که پادشاهان و ملکههایتان، خود شما و زنانتان در یهودا و اورشلیم مرتکب شدهاید، از یاد بردهاید؟ | 9 |
Mo werɛ afi amumɔyɛsɛm a mo agyanom, Yuda ahemfo ne ahemmea yɛe, na mo ne mo yerenom nso yɛɛ wɔ Yuda asase ne Yerusalem mmɔnten so no ana?
حتی تا این لحظه نیز، هیچکس از کردهٔ خود پشیمان نشده و هیچکس نخواسته نزد من بازگردد و از دستورهایی که به شما و پدران شما دادهام، پیروی نماید. | 10 |
Ebesi nnɛ yi, wɔmmrɛɛ wɔn ho ase, wɔnnaa nidi adi na wonnii me mmara ne ahyɛde a mede maa mo ne mo agyanom no so.
«از این رو من، خداوند لشکرهای آسمان، خدای اسرائیل اراده کردهام همهٔ مردم یهودا را نابود کنم، | 11 |
“Enti nea Asafo Awurade, Israel Nyankopɔn, se ni: Masi mʼadwene pi sɛ mede amanehunu bɛba mo so na masɛe Yuda nyinaa.
و باقیماندهٔ مردم یهودا را نیز که تصمیم دارند مانند شما به مصر بیایند، از بین ببرم. در اینجا آنها خوار و ذلیل، ملعون و منفور خواهند گردید و در اثر جنگ و قحطی همه از خرد و بزرگ هلاک خواهند شد. | 12 |
Mɛfa Yuda nkae a wosii wɔn adwene pi sɛ wɔbɛkɔ Misraim akɔtena hɔ no. Wɔn nyinaa bewuwu wɔ Misraim; wɔbɛtotɔ wɔ afoa ano anaa ɔkɔm bekum wɔn. Efi akumaa so kosi ɔkɛse so, afoa ne ɔkɔm bekunkum wɔn. Wɔbɛyɛ nnome, ahodwiriwde, afɔbude ne ahohora.
«همانگونه که ایشان را در اورشلیم با جنگ، قحطی و مرض مجازات کردم، در مصر نیز همانطور مجازات خواهم نمود. | 13 |
Mede afoa, ɔkɔm ne ɔyaredɔm bɛtwe wɔn a wɔtete Misraim no aso, sɛnea metwee Yerusalem aso no.
از اهالی یهودا که در مصر سکونت گزیدهاند، کسی زنده باقی نخواهد ماند؛ بهجز چند فراری، هیچیک از آنها نخواهند توانست به یهودا بازگردند به جایی که اینقدر مشتاقش هستند!» | 14 |
Yuda nkae a wɔakɔtena Misraim no mu biara renguan, na wɔremfa wɔn ho nni na wɔasan aba Yuda, asase a wɔpɛ sɛ wɔsan bɛtena so no so; wɔn mu biara remma, gye aguanfo kakraa bi.”
آنگاه تمام مردانی که میدانستند همسرانشان برای بتها بخور میسوزانند، و زنان حاضر در آنجا و گروه بزرگی از یهودیان ساکن جنوب مصر، چنین جواب دادند: | 15 |
Afei mmarima a na wonim sɛ wɔn yerenom hyew nnuhuam ma anyame foforo, wɔne mmea a wɔwɔ hɔ no nyinaa, nnipadɔm no, ne nnipa a wɔwɔ Misraim Atifi fam ne Anafo fam ka kyerɛɛ Yeremia se,
«ما به دروغهای تو که ادعا میکنی پیغام خداوند است، گوش نخواهیم داد! | 16 |
“Yɛrentie asɛm a waka akyerɛ yɛn wɔ Awurade din mu no!
ما هر چه دوست داشته باشیم، خواهیم کرد. برای ملکهٔ آسمان بخور خواهیم سوزاند و برایش قربانی خواهیم کرد، همانگونه که خود و اجدادمان، پادشاهان و بزرگانمان، قبلاً در شهرهای یهودا و در کوچههای اورشلیم این کار را انجام میدادیم. در آن زمان خوراک به اندازه کافی داشتیم، خوشبخت بودیم و دچار هیچ بلایی نمیشدیم! | 17 |
Ampa ara yɛbɛyɛ biribiara a yɛkae se yɛbɛyɛ: Yɛbɛhyew nnuhuam ama Ɔsoro Hemmea na yɛahwie ahwiesa ama no, sɛnea yɛne yɛn agyanom, ahemfo ne adwumayɛfo yɛɛ wɔ Yuda nkurow ne Yerusalem mmɔnten so no pɛpɛɛpɛ. Saa bere no na yɛwɔ aduan, na yedi yiye a yenni ɔhaw biara nso.
ولی از روزی که از بخور سوزاندن و پرستش ملکهٔ آسمان دست کشیدیم، بدبخت شدهایم و در اثر جنگ و قحطی از بین میرویم.» | 18 |
Nanso efi bere a yegyaee nnuhuam a yɛhyew ma Ɔsoro Hemmea, na yegyaee ahwiesa a yɛde ma no no, biribiara abɔ yɛn na yɛrewuwu wɔ afoa ne ɔkɔm ano.”
زنان نیز چنین گفتند: «آیا خیال میکنی ما بدون اطلاع و کمک شوهرانمان ملکهٔ آسمان را میپرستیدیم و هدایای نوشیدنی، تقدیمش میکردیم و برای او نانهای شیرینی با تصویر خودش میپختیم؟» | 19 |
Na mmea no ka kaa ho se, “Bere a yɛhyew nnuhuam maa Ɔsoro Hemmea, na yehwiee ahwiesa maa no no, na yɛn kununom nnim sɛ yɛto ɔfam a ɛyɛ ne sɛso, hwie ahwiesa ma no ana?”
پس به تمام مردان و زنانی که این جواب را به من دادند، گفتم: | 20 |
Na Yeremia ka kyerɛɛ nnipa no nyinaa; mmarima ne mmea a wɔrebua no no se,
«آیا تصور میکنید خداوند نمیدانست که شما و اجدادتان، پادشاهان و بزرگانتان، و تمام مردم در شهرهای یهودا و کوچههای اورشلیم، برای بتها بخور میسوزاندید؟ بله، او میدانست، | 21 |
“Mususuw sɛ, Awurade nnim sɛ, na mo ne mo agyanom, mo ahemfo, adwumayɛfo ne ɔmanfo no hyew nnuhuam ma ahoni wɔ Yuda nkurow so ne Yerusalem mmɔnten so ana?
ولی چون دیگر نمیتوانست بیش از این کارهای زشت شما را تحمل کند، سرزمینتان را ویران و ملعون کرد، به طوری که تا به امروز خالی از سکنه مانده است. | 22 |
Bere a mo amumɔyɛ ne akyiwade a moyɛɛ no fonoo Awurade no, mo asase dannan nnomede ne amamfo a obiara nte so, sɛnea ɛte nnɛ yi.
به این دلیل تمام این بلاها بر سر شما آمده که برای بتها بخور میسوزاندید و نسبت به خداوند گناه میکردید و نمیخواستید او را اطاعت کنید.» | 23 |
Esiane sɛ moahyew nnuhuam, ayɛ bɔne atia Awurade, na moanyɛ osetie amma no, na moanni ne mmara, nʼahyɛde ne nʼadansesɛm so nti, amanehunu aba mo so sɛnea muhu yi.”
سخنان خود را خطاب به همۀ مردمان یهودا منجمله جمیع زنان، ادامه دادم و توجه آنها را به کلام خداوند جلب کرده، گفتم که | 24 |
Afei Yeremia ka kyerɛɛ nnipa no nyinaa a mmea no ka ho se, “Mo Yudafo a mowɔ Misraim nyinaa muntie Awurade asɛm.
خداوند لشکرهای آسمان، خدای اسرائیل چنین میفرماید: «شما و زنانتان گفتهاید که هرگز از پیروی و پرستش ملکهٔ آسمان دست نخواهید کشید و این را با اعمال و رفتارتان ثابت کردهاید. بسیار خوب، پس به قول و قرار و نذرتان وفا کنید! | 25 |
Sɛɛ na Asafo Awurade, Israel Nyankopɔn, se: Mo ne mo yerenom de mo nneyɛe akyerɛ mo bɔ a mohyɛe se, ‘Ampa ara yebedi bɔ a yɛhyɛe sɛ, yɛbɛhyew nnuhuam ahwie ahwiesa ama Ɔsoro Hemmea no,’ no so.” Monkɔ so, munni mo bɔhyɛ ne mo ntam so!
ولی ای اهالی یهودا که در مصر ساکن هستید، به آنچه میگویم، گوش کنید! من به نام پرشکوه خود قسم خوردهام که از این پس هرگز به دعای شما توجهی نکنم و به درخواست کمک شما اعتنایی ننمایم. | 26 |
Nanso muntie Awurade asɛm, mo Yudafo a mowɔ Misraim nyinaa. Mede me din kɛse no ka ntam se, nea Awurade se ni, obiara a ofi Yuda a ɔte Misraim asase so baabiara remmɔ me din nka ntam bio da se, “Sɛ Otumfo Awurade te ase yi.”
من همیشه مراقب شما خواهم بود، اما نه برای خوبی کردن! ترتیبی خواهم داد که بدی و بلا بر سرتان نازل شود و در اثر جنگ و قحطی نابود شوید و از بین بروید. | 27 |
Na mɛhwɛ ama wɔahu amane na ɛnyɛ yiyedi; Yudafo a wɔwɔ Misraim bewuwu wɔ afoa ne ɔkɔm ano kosi sɛ wɔbɛsɛe wɔn nyinaa.
«فقط عدهٔ کمی از مرگ رهایی یافته، از مصر به یهودا مراجعت خواهند کرد. آنگاه آنانی که زنده مانده باشند، خواهند دانست چه کسی راست میگوید من یا آنها! | 28 |
Wɔn a wobeguan afi afoa ano na wɔasan afi Misraim akɔ Yuda asase so no bɛyɛ kakraa bi. Afei Yuda nkae a wɔbɛtenaa Misraim no nyinaa behu nea nʼasɛm yɛ nokware; me de anaa wɔn de.
و برای اینکه به شما ثابت شود که همینجا در مصر شما را مجازات خواهم کرد و بر شما بلا نازل خواهم نمود، این علامت را به شما میدهم: | 29 |
“‘Eyi na ɛbɛyɛ nsɛnkyerɛnne ama mo sɛ mɛtwe mo aso wɔ ha, na moahu sɛ ampa ara mʼahunahuna a ɛfa ɔhaw ho no bɛba mu,’ Awurade na ose.
حفرع، پادشاه مصر را به دست دشمنانش که به خونش تشنهاند خواهم سپرد، همانگونه که صدقیا، پادشاه یهودا را تحویل نِبوکَدنِصَّر پادشاه بابِل دادم.» این را خداوند میگوید. | 30 |
‘Mede Misraimhene Farao Hofra rebɛhyɛ nʼatamfo a wɔpɛ sɛ wokum no no nsa, sɛnea mede Yudahene Sedekia hyɛɛ Babiloniahene Nebukadnessar, ne tamfo a na ɔrehwehwɛ no akum no no nsa. Sɛɛ na Awurade se.’”