< عِزرا 9 >

پس از پایان این امور، سران قوم اسرائیل پیش من آمدند و گفتند که قوم و کاهنان و لاویان خود را از قومهای بت‌پرست ساکن این دیار جدا نکرده‌اند و از اعمال قبیح کنعانی‌ها، حیتی‌ها، فرزی‌ها، یبوسی‌ها، عمونی‌ها، موآبی‌ها، مصری‌ها و اموری‌ها پیروی می‌کنند. 1
Na Yudafo ntuanofo no baa me nkyɛn bɛkae se, “Israelfo bebree, na mpo, asɔfo ne Lewifo ntwee wɔn ho mfii nnipa afoforo bi a wɔte asase no so no ho. Wodi akyiwade a na Kanaanfo, Hetifo, Perisifo, Yebusifo, Amonfo, Moabfo, Misraimfo ne Amorifo yɛ no akyi.
مردان یهودی از دختران این قومها برای خود و پسرانشان زنان گرفته‌اند و به این وسیله قوم مقدّس را با قومهای بت‌پرست در هم آمیخته‌اند. در این فساد، سران و بزرگان قوم پیشقدم بوده‌اند. 2
Na Israelfo mmarima ware fi saa nnipa no mu, na wɔpɛ yerenom fi wɔn mu, ma wɔn mmabarima. Enti ananafo aware no ama nnipa kronkron no ho agu fi. Nea ɛsɛee asɛm no koraa ne sɛ, mpanyimfo ne ntuanofo no koraa na wodi ho fɔ kɛse.”
وقتی این خبر را شنیدم، جامۀ خود را دریدم، موی سر و ریش خود را کندم و متحیر نشستم. 3
Metee saa asɛm no, misunsuan me ntade mu, tutuu me tinwi fii me ti so, tutuu mʼabogyesɛ nso, tew tenaa fam ahodwiriw so.
سپس گروهی از کسانی که به خاطر این گناه قوم از خدای اسرائیل می‌ترسیدند نزد من جمع شدند و من تا وقت تقدیم قربانی عصر، همان‌طور نشسته ماندم. 4
Na wɔn a na wonya ayamhyehye wɔ Israel Nyankopɔn asɛm ho no bɛtenaa me nkyɛn wɔ ne nkurɔfo nokware a wɔanni no ho. Metenaa ase ahodwiriw so kosii anwummere afɔrebɔbere.
در هنگام قربانی عصر از جای خود بلند شدم و با همان جامهٔ دریده زانو زدم و دستهای خود را به حضور خداوند، خدایم بلند کرده، 5
Eduu afɔrebɔbere no, mesɔre gyinaa faako a na mete hɔ awerɛhow mu a masunsuan mʼatade mu no, na mibuu nkotodwe, maa me nsa so kyerɛɛ Awurade, me Nyankopɔn no.
گفتم: «خدایا در نزد تو شرمسارم و خجالت می‌کشم که در حضورت سر بلند کنم، چون گناهان ما از سر ما گذشته و خطاهای ما سر به فلک کشیده است. 6
Mebɔɔ mpae se: “Me Nyankopɔn, mʼani awu yiye, na mafɛre sɛ merema mʼani so kyerɛ wo. Na yɛn bɔne akɔ soro sen yɛn ti, na yɛn afɔdi adu ɔsorosoro.
قوم ما از زمانهای گذشته تا به حال مرتکب گناهان زیادی شده‌اند؛ به همین دلیل است که ما و پادشاهان و کاهنانمان به دست پادشاهان دیگر کشته و اسیر و غارت و رسوا شده‌ایم، و این رسوایی تا امروز هم باقی است. 7
Yɛn abakɔsɛm nyinaa yɛ bɔne kɛse. Ɛno nti na yɛn ne yɛn ahemfo ne yɛn asɔfo de yɛn ho akɔhyɛ abosonsomfo ahemfo a wɔwɔ asase no so ase no. Wɔakunkum yɛn, wɔakyere yɛn nnommum, wɔabɔ yɛn korɔn, agu yɛn anim ase sɛnea yɛte nnɛ yi
«و حال مدتی است که لطف تو ای خداوند، خدای ما، شامل حال ما شده و تو عده‌ای از ما را از اسارت بیرون آورده در این مکان مقدّس مستقر ساخته‌ای و به ما شادی و حیات تازه بخشیده‌ای. 8
“Nanso mprempren, Awurade, yɛn Nyankopɔn, ayɛ yɛn adom ama yɛn mu kakra atena nkwa mu sɛ nkaase. Wabɔ yɛn ho ban wɔ beae kronkron ha. Yɛn Nyankopɔn abue yɛn ani, ama yɛn ahomegye kakra afi yɛn nkoasom mu.
ما اسیر و برده بودیم، ولی تو ما را در حالت بردگی ترک نکردی، بلکه ما را مورد لطف پادشاهان پارس قرار دادی. تو به ما حیات تازه بخشیده‌ای تا بتوانیم خانهٔ تو را بازسازی کنیم و در سرزمین یهودا و شهر اورشلیم در امان باشیم. 9
Efisɛ na yɛyɛ nkoa, nanso ne dɔ a ɔde dɔ yɛn daa no nti, Onyankopɔn annyaa yɛn wɔ yɛn nkoasom mu. Mmom, ɔmaa Persiahene hwɛɛ yɛn yiye. Ɔkanyan yɛn, sɛnea yebetumi asan asi yɛn Nyankopɔn asɔredan no, asiesie nʼamamfo no. Wama yɛn bammɔ afasu wɔ Yuda ne Yerusalem.
«و حال ای خدای ما، پس از این همه لطف، چه می‌توانیم بگوییم؟ در حالی که بار دیگر از دستورهای تو که توسط انبیایت به ما داده بودی، سرپیچی کرده‌ایم. آنها به ما گفته بودند که سرزمینی که به‌زودی آن را به تصرف خود در خواهیم آورد زمینی است که بر اثر اعمال قبیح ساکنان بت‌پرست آن نجس شده است و سراسر آن پر از فساد و پلیدی است. 10
“Na mprempren, yɛn Nyankopɔn, asɛm bɛn na yɛwɔ ka wɔ eyinom nyinaa akyi? Efisɛ yɛapo wo mmara nsɛm
11
a wonam wʼasomfo adiyifo no so bɔɔ yɛn kɔkɔ sɛ, ‘Asase a mobɛfa no, nnipa a wɔte so no nam wɔn nneyɛe bɔne so agu ho fi koraa. Porɔwee ahyɛ asase no so ma, fi ti kosi ti.
به ما فرمودند که دختران خود را به پسران اهالی آنجا ندهیم و نگذاریم پسران ما با دختران ایشان ازدواج کنند و نیز هرگز به آن قومها کمک نکنیم تا بتوانیم از آن سرزمین حاصلخیز بهره‌مند شویم و آن را برای فرزندانمان تا ابد به ارث بگذاریم. 12
Enti mommma mo mmabea nware wɔn mmabarima, na mo mmabarima nso nware wɔn mmabea, na ɛnsɛ sɛ moboa saa aman no wɔ ɔkwan biara so, na yɛayɛ ɔman kɛse, adi asase no so nnepa, na yɛagyaw ama yɛn mma sɛ daapem agyapade.’
«اما ما مرتکب اعمال زشت و گناهان بزرگی شدیم و تو ما را تنبیه کردی. ولی می‌دانیم کمتر از آنچه که سزاوار بودیم ما را تنبیه نمودی و گذاشتی از اسارت آزاد شویم. 13
“Nea ato yɛn yi fi yɛn amumɔyɛsɛm ne yɛn afɔdi. Nanso asotwe a wode ama yɛn no sua koraa sen sɛnea ɛfata yɛn, efisɛ wo Awurade, yɛn Nyankopɔn ama yɛn mu bi atena sɛ nkaase.
با وجود این، باز از دستورهای تو سرپیچی نموده‌ایم و با این قومهای فاسد وصلت کرده‌ایم. حال، بدون شک مورد خشم تو قرار خواهیم گرفت و حتی یک نفر از ما نیز زنده باقی نخواهد ماند. 14
Nanso mprempren, yɛresan abu wo mmara nsɛm so, na yɛne wɔn a wɔyɛ saa akyiwade no redi aware. Nokware, wʼabufuw bɛsɛe yɛn ara akosi sɛ, nkaefo kakra no ase bɛtɔre koraa.
ای خداوند، خدای اسرائیل، تو خدایی عادل هستی. ما بازماندگان قوم اسرائیل در حضور تو به گناه خود اعتراف می‌کنیم، هر چند به سبب این گناه شایسته نیستیم در حضورت بایستیم.» 15
Awurade, Israel Nyankopɔn, woyɛ ɔtreneeni. Yɛnka hwee sɛ nkaefo a wɔafi nkoasom mu. Yɛde yɛn afɔdi gyina wʼanim a anka yɛn mu biara rentumi nnyina wʼanim wɔ saa tebea yi mu.”

< عِزرا 9 >