< حِزِقیال 46 >

خداوند یهوه می‌فرماید: «دروازهٔ شرقی حیاط داخلی، شش روز هفته بسته باشد، ولی در روز شَبّات و روزهای اول ماه باز شود. 1
“‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Ɛsɛ sɛ wɔto mfimfini adihɔ ɛpono a ani hwɛ apueeɛ no mu nnafua nsia a wɔde yɛ adwuma, nanso Homeda ne Ɔbosome Foforɔ ɛda no deɛ, ɛsɛ sɛ wɔma ano da hɔ.
حاکم از حیاط بیرونی وارد اتاق بزرگ محوطهٔ دروازه شود و کنار چارچوب دروازه بایستد و در حالی که کاهن، قربانی سوختنی و قربانی سلامتی او را تقدیم می‌کند، در آستانهٔ دروازه عبادت کند، سپس از دروازه خارج شود. دروازه تا غروب باز بماند. 2
Ɔhene no bɛfiri mfikyire awura ɛpono no ntwonoo mu na wabɛgyina aponnwa no ho. Asɔfoɔ no de ne hyeɛ afɔrebɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔrebɔdeɛ bɛbɔ afɔdeɛ. Ɔbɛsɔre wɔ ɛpono no aboboano na wasane apue, nanso wɔrento ɛpono no mu kɔsi anwummerɛ.
قوم باید در روزهای شَبّات و روزهای اول ماه، جلوی این دروازه خداوند را پرستش نمایند. 3
Home nna ne ɔbosome foforɔ nna no, ɛsɛ sɛ asase no sofoɔ sɔre wɔ Awurade anim wɔ ɛpono no aboboano.
«قربانیهای سوختنی که حاکم در روزهای شَبّات به خداوند تقدیم می‌کند، شش بره بی‌عیب و یک قوچ بی‌عیب باشند. 4
Afɔrebɔdeɛ a ɛsɛ sɛ ɔhene no de brɛ Awurade wɔ Homeda no yɛ nnwammaa nsia ne odwennini baako a wɔn mu biara ho nni dɛm.
هدیهٔ آردی که او با هر قوچ تقدیم می‌کند، باید یک ایفه باشد، ولی برای بره‌ها هر مقدار هدیه که بخواهد می‌تواند بدهد. همراه هر ایفه آرد، یک هین روغن زیتون نیز تقدیم کند. 5
Aduane afɔrebɔdeɛ a wɔde ka odwennini no ho yɛ kilogram dunsia, na deɛ wɔde ka nnwammaa no ho yɛ deɛ ɛsɔ ani, na ɔde ngo lita ɛnan ka aduane kilogram dunsia biara ho.
در روز اول ماه، یک گاو جوان بی‌عیب، شش بره و یک قوچ بی‌عیب بیاورد. 6
Ɔbosome Foforɔ ɛda no, ɔmfa nantwie ba a ɔyɛ ɔnini, nnwammaa nsia ne nnwennini a wɔn mu biara nnii dɛm mmra.
هدیهٔ آردی که او با هر گاو تقدیم می‌کند باید یک ایفه باشد و برای هر قوچ نیز یک ایفه. ولی برای بره‌ها هر مقدار هدیه که بخواهد می‌تواند بدهد، همراه هر ایفه آرد، یک هین روغن زیتون نیز تقدیم کند. 7
Ɔmfa atokoɔ kilogram dunsia nka nantwinini no ho ne nnwennini no nso saa ara, na nnwammaa no deɛ, ɔmfa atokoɔ dodoɔ a ɔpɛ sɛ ɔde ma. Ɔmfa ngo lita ɛnan nka atokoɔ kilogram dunsia biara ho mmra sɛ aduane afɔrebɔdeɛ.
«حاکم باید از راه اتاق بزرگ دروازه داخل شده، از همان راه نیز خارج شود. 8
Na sɛ ɔhene no rebɛhyɛne mu a, ɔmfa ɛpono no ntwonoo no mu, na ɛsɛ sɛ ɛhɔ ara na ɔfa de firi adi.
اما هنگام عیدها، وقتی قوم برای عبادت خداوند می‌آیند، کسانی که از دروازهٔ شمالی وارد خانهٔ خدا می‌شوند باید از دروازهٔ جنوبی خارج شوند و کسانی که از دروازهٔ جنوبی وارد شده‌اند باید از دروازهٔ شمالی بیرون بروند. هیچ‌کس حق ندارد از دروازه‌ای که وارد شده خارج شود، بلکه باید از دروازهٔ مقابل بیرون رود. 9
“‘Na sɛ asase no sofoɔ ba Awurade anim apontoɔ nna no a, deɛ ɔbɛfa atifi ɛpono no mu akɔ mu akɔsɔre no, ɔmfa anafoɔ ɛpono no mu mfiri adi; saa ara na deɛ ɔfa anafoɔ ɛpono mu kɔ mu no nso, ɔmfa atifi ɛpono no mu mfiri adi. Ɛnsɛ sɛ obiara sane fa ɛpono a ɔfaa mu hyɛnee mu no mu firi adi.
در این عیدها، حاکم باید همراه مردم باشد، وقتی آنها داخل می‌شوند او نیز داخل شود و وقتی خارج می‌شوند او هم خارج شود. 10
Ɛsɛ sɛ ɔhene no fra wɔn mu; ɔne wɔn bɛba mu na ɔne wɔn afiri adi.
«بنابراین، در عیدها و جشنهای مقدّس، با هر گاو جوان یک ایفه آرد تقدیم شود و با هر قوچ هم یک ایفه؛ ولی برای بره‌ها هر مقدار که بخواهند می‌توانند هدیه کنند. همراه هر ایفه آرد، یک هین روغن زیتون نیز تقدیم شود. 11
“‘Afahyɛ ne apontoɔ nna no, aduane afɔrebɔdeɛ no nyɛ nantwinini baako ne atokoɔ kilogram dunsia, nnwennini ne atokoɔ kilogram dunsia, na nnwammaa no deɛ atokoɔ dodoɔ ɛsɔ ani na ɔde bɛka ho, na ngo lita ɛnan ka atokoɔ kilogram dunsia biara ho.
هر وقت که حاکم بخواهد هدیهٔ داوطلبانه تقدیم کند، خواه هدیهٔ او قربانی سوختنی باشد و خواه قربانی سلامتی، باید دروازهٔ شرقی حیاط داخلی برایش باز شود تا بتواند قربانیهایش را مثل قربانیهای روز شَبّات تقدیم کند. بعد او باید از همان راه بیرون برود و پشت سر او دروازه بسته شود. 12
“‘Ɛberɛ biara a ɔhene no bɛfiri ne pɛ mu abɔ afɔdeɛ ama Awurade no, sɛ ɛyɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ anaa asomdwoeɛ afɔdeɛ no, ɛsɛ sɛ wɔbue ɛpono a ɛkyerɛ apueeɛ no ma no. Ɔbɛbɔ ne ɔhyeɛ anaa ne asomdwoeɛ afɔdeɛ no sɛdeɛ ɔyɛ no wɔ Homeda no. Afei ɔbɛfiri adi na ɛno akyi wɔbɛto ɛpono no mu.
«هر روز صبح باید یک برهٔ یک ساله بی‌عیب، به عنوان قربانی سوختنی به خداوند تقدیم شود. 13
“‘Da biara da, anɔpa biara, ɛsɛ sɛ wode odwammaa a wadi afe na ɔnni dɛm bɛbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ma Awurade.
همچنین هر روز صبح هدیهٔ آردی که از یک ششم ایفه آرد نرم و یک سوم هین روغن زیتون تشکیل شده باشد، تقدیم شود. این یک قانون دائمی است که هر روز صبح یک بره و هدیهٔ آردی همراه با روغن زیتون به عنوان قربانی روزانه، به خداوند تقدیم شود.» 14
Anɔpa biara ɛsɛ sɛ wobɔ aduane afɔdeɛ a ɛyɛ atokoɔ kilogram mmiɛnsa ne ngo lita baako ne fa a wɔde bɛfɔre esiam no. Aduane afɔdeɛ a wɔbɔ ma Awurade yi yɛ nhyehyɛeɛ a ɛbɛtena hɔ daa.
15
Ɛno enti wɔde odwammaa ne atokoɔ afɔrebɔdeɛ ne ngo no bɛma anɔpa biara sɛ daa ɔhyeɛ afɔrebɔdeɛ.
خداوند یهوه می‌فرماید: «اگر حاکم قطعه زمینی به یکی از پسرانش هدیه کند، آن زمین برای همیشه به او تعلق خواهد داشت. 16
“‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Sɛ ɔhene no de nʼagyapadeɛ no mu bi kyɛ ne mmammarima no mu bi a, ɛbɛyɛ nʼasefoɔ dea na ɛyɛ wɔn agyapadeɛ.
ولی اگر به یکی از غلامانش زمینی ببخشد، آن غلام فقط می‌تواند آن زمین را تا سال آزادی خود نگه دارد. بعد آن زمین باید به حاکم پس داده شود. دارایی حاکم فقط به پسرانش به ارث می‌رسد. 17
Nanso sɛ ɔde nʼagyapadeɛ no mu bi kyɛ nʼasomfoɔ no mu bi a, ɛbɛyɛ ɔsomfoɔ no dea kɔsi nʼahofadie afe. Ɛno akyi ɛbɛsane abɛyɛ ɔhene no dea. Nʼagyapadeɛ yɛ ne mmammarima nko ara dea.
حاکم حق ندارد ملک افراد قومم را غصب نماید و ایشان را از میان ملک خودشان بیرون کند. اگر او بخواهد به پسرانش زمینی ببخشد باید از املاک خود بدهد.» 18
Ɛnsɛ sɛ ɔhene no gye nnipa no agyapadeɛ biara, pam wɔn firi wɔn asase so. Ɛsɛ sɛ ɔma ne mmammarima agyapadeɛ firi ɔno ankasa ahodeɛ mu, sɛdeɛ me nkurɔfoɔ mu biara remfiri nʼasase so.’”
سپس، آن مرد از دری که کنار دروازه بود، مرا به اتاقهای مقدّس کاهنان که رو به شمال بودند آورد. آنجا در انتهای سمت غربی اتاقها، او جایی را به من نشان داد 19
Afei, ɔbarima no de me faa ɛkwan a ɛda ɛpono no nkyɛnmu a ɛkɔ adan kronkron a ɛkyerɛ atifi fam no, deɛ ɛyɛ asɔfoɔ no dea no, na ɔkyerɛɛ me beaeɛ bi a ɛwɔ atɔeɛ fam.
و گفت: «در اینجا کاهنان گوشت قربانی جرم و قربانی گناه را می‌پزند و با آردی که هدیه می‌شود نان درست می‌کنند. این کارها را در اینجا انجام می‌دهند تا چیزی از این قربانیهای مقدّس به حیاط بیرونی برده نشود و به قوم صدمه‌ای نرسد.» 20
Ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Ɛha ne beaeɛ a asɔfoɔ no bɛnoa afɔdie afɔrebɔdeɛ ne bɔne afɔrebɔdeɛ na wɔato atokoɔ afɔrebɔdeɛ, sɛdeɛ wɔremfa mma mfikyire adihɔ hɔ mmɛdwira nkurɔfoɔ no ho.”
بار دیگر مرا به حیاط بیرونی آورد و به هر یک از چهار گوشهٔ حیاط برد. در هر گوشهٔ حیاط، اتاق بزرگی به طول بیست متر و عرض پانزده متر دیدم. 21
Ɔde me baa adihɔ a ɛwɔ afikyire hɔ no na ɔdii mʼanim de me kɔɔ ne ntweaso ɛnan no so, na mehunuu adihɔ foforɔ wɔ ntwea biara so.
22
Mfikyire adihɔ no ntweaso ɛnan no mu biara wɔ adihɔ a ɛhyɛ mu a ne tentene yɛ anammɔn aduosia na ne tɛtrɛtɛ yɛ anammɔn aduanan enum; na saa adihɔ yi nyinaa kɛseɛ yɛ pɛ.
دور تا دور داخل این اتاق طاقچه‌ای سنگی چسبیده به دیوار با اجاقی در زیر آن قرار داشت که برای طبخ به کار می‌رفت. 23
Afasuo no mu biara anim no na wɔahyehyɛ aboɔ de aseɛ no ayɛ bukyia wɔ afaafa nyinaa.
او به من گفت: «خادمین خانهٔ خدا قربانیهایی را که قوم تقدیم می‌کنند، در این اتاقها می‌پزند.» 24
Ɔka kyerɛɛ me sɛ, “Yeinom ne mukaase a wɔn a wɔsom wɔ asɔredan mu no bɛnoa nkurɔfoɔ no afɔrebɔdeɛ.”

< حِزِقیال 46 >