< دوم سموئیل 4 >
وقتی ایشبوشت پادشاه شنید که ابنیر در حبرون کشته شده است، هراسان گشت و تمام قومش نیز مضطرب شدند. | 1 |
Ɛberɛ a Is-Boset tee sɛ Abner awu wɔ Hebron no, ne bo tuiɛ, na saa ara nso na ne nkurɔfoɔ no bɔɔ huboa.
ایشبوشت دو فرمانده سپاه داشت به نامهای بعنه و ریکاب. آنها پسران رمون بئیروتی از قبیلهٔ بنیامین بودند. (با اینکه اهالی بئیروت به جتایم فرار کرده و در آنجا ساکن شده بودند، ولی باز جزو قبیلهٔ بنیامین محسوب میشدند.) | 2 |
Afei, na anuanom baanu a wɔn din de Baana ne Rekab na na wɔyɛ asafohene ma Is-Boset akofoɔ no. Na wɔyɛ Rimon a ɔfiri Benyamin efie wɔ Beerot kuro mu no mmammarima. Seesei, na kuro Beerot ka Benyamin ho,
ɛfiri sɛ, wɔn a na wɔte Beerot dadaada no dwane kɔɔ Gitaim a wɔda so te hɔ sɛ ahɔhoɔ de bɛsi ɛnnɛ yi.
(در ضمن، شائول نوهٔ لنگی داشت به نام مفیبوشت که پسر یوناتان بود. هنگامی که شائول و یوناتان در جنگ یزرعیل کشته شدند، مفیبوشت پنج ساله بود. وقتی خبر مرگ شائول و یوناتان به پایتخت رسید، دایهٔ مفیبوشت، او را برداشت و فرار کرد. ولی هنگام فرار به زمین خورد و بچه از دستش افتاد و پایش لنگ شد.) | 4 |
Na Saulo babarima Yonatan wɔ ɔbabarima bi a ne din de Mefiboset a na ɔyɛ obubuafoɔ firi ne mmɔfraase. Wɔkumm Saulo ne Yonatan wɔ Yesreel akono no, na abɔfra no adi mfeɛ enum. Ɛberɛ a ɔko no ho asɛm duruu kuro no mu no, obi a ɔhwɛ abɔfra no kyekyeree no de no dwaneeɛ. Nanso, ɛberɛ a ɔredwane no, ɔhwee ase maa abɔfra no bɔɔ fam, ma ɔyɛɛ obubuafoɔ.
یک روز ظهر، موقعی که ایشبوشت پادشاه خوابیده بود، ریکاب و بعنه وارد خانهٔ او شدند. | 5 |
Dabi Beerotni, Rimon mmammarima baanu a wɔn din de Rekab ne Baana kɔɔ Is-Boset fie awia berɛ mu a na ɔregye nʼahome.
آنها به بهانهٔ گرفتن یک کیسه گندم به کاخ او آمدند و مخفیانه به اتاق پادشاه رفتند. سپس او را کشته، سرش را از تنش جدا کردند و آن را با خود برداشته، از راه بیابان گریختند. آنها تمام شب در راه بودند | 6 |
Ɛpono ano hwɛfoɔ a na ɔreporo ayuo no, na wada. Enti Rekab ne Baana twaa ne ho kɔɔ Is-Boset pia mu, kɔwɔɔ ne yafunu mu sekan, na wɔdwaneeɛ.
Ansa na wɔbɛkɔ no, wɔtwaa ne ti ɛberɛ a ɔda ne mpa so. Wɔfaa ne ti no kɔtwaa Yordan bɔnhwa no, nantee anadwo mu no nyinaa kɔeɛ.
تا به حبرون رسیدند. ریکاب و بعنه سر بریده شدهٔ ایشبوشت را به داوود تقدیم کرده، گفتند: «این سر ایشبوشت، پسر دشمنت شائول است که میخواست تو را بکشد. امروز خداوند انتقام تو را از شائول و تمام خاندان او گرفته است!» | 8 |
Wɔde Is-Boset tire no brɛɛ Dawid wɔ Hebron, na wɔka kyerɛɛ ɔhene no sɛ, “Wo ɔtamfoɔ Saulo a anka ɔrepɛ wo akum wo no babarima Is-Boset tire nie. Ɛnnɛ, Awurade ama me wo aweretɔ ho kwan atia Saulo ne nʼabusua.”
اما داوود جواب داد: «به خداوند زنده که مرا از دست دشمنانم نجات داد، قسم | 9 |
Na Dawid buaa Beerotni Rimon mma Rekab ne ne nua Baana sɛ, “Mmerɛ dodoɔ a Awurade a ɔgyee me firi ɔhaw ne abɛbrɛsɛ mu te ase yi, mɛka nokorɛ akyerɛ mo.
که من آن شخصی را که خبر کشته شدن شائول را به صقلغ آورد و گمان میکرد که مژده میآورد، کشتم. آن مژدگانیای بود که به او دادم. | 10 |
Ɛberɛ a onipa bi bɛka kyerɛɛ me sɛ, ‘Saulo awu’ a na ɔdwene sɛ ɔreka asɛm pa akyerɛ me no, mekyeree no kumm no wɔ Siklag. Nʼasɛm a ɔbɛka kyerɛɛ me no so akatua a mede maa no ne no.
حال، آیا سزای مردان شروری که شخص بیگناهی را در خانهٔ خود و در رختخوابش به قتل رساندهاند، کمتر از این باید باشد؟ بدانید که شما را نیز خواهم کشت.» | 11 |
Na akatua bɛn na memfa mma amumuyɛfoɔ a wɔakum obi a ne ho nni asɛm wɔ ne fie ɛberɛ a ɔda ne mpa so. Ɛnsɛ sɛ mebisa ne mogya firi mo nsam anaa?”
بعد داوود به افرادش دستور داد که هر دو را بکشند. پس آنها را کشتند و دستها و پاهایشان را بریده، بدنهایشان را در کنار برکهٔ حبرون به دار آویختند؛ اما سر ایشبوشت را گرفته، در قبر ابنیر در حبرون دفن کردند. | 12 |
Enti, Dawid hyɛɛ ne mmarima ma wɔkunkumm wɔn. Wɔtwitwaa wɔn nsa ne wɔn nan, na wɔde kuntunsini no sensɛn Hebron ɔtadeɛ ho. Na wɔfaa Is-Boset tire no kɔsiee no wɔ Abner ɔboda mu wɔ Hebron.