< دوم پادشاهان 21 >
مَنَسی دوازده ساله بود که پادشاه یهودا شد و پنجاه و پنج سال در اورشلیم سلطنت نمود. (اسم مادرش حفصیبه بود.) | 1 |
Bere a Manase dii hene no, na wadi mfe dumien, na odii hene wɔ Yerusalem mfirihyia aduonum anum. Na ne na din de Hefsibah.
او از اعمال زشت قومهای بتپرستی که خداوند آنها را از کنعان بیرون رانده بود، پیروی میکرد و نسبت به خداوند گناه میورزید. | 2 |
Ɔyɛɛ bɔne wɔ Awurade ani so, suasuaa abosonsomfo aman nneyɛe a ɛyɛ akyiwade a Awurade apam afi asase a ɛda Israel anim no so no.
مَنَسی معبدهای بالای تپهها را که پدرش حِزِقیا خراب کرده بود، دوباره بنا نمود، مذبحهایی برای بعل درست کرد و بت شرمآور اشیره را همانطور که اَخاب، پادشاه اسرائیل درست کرده بود، دوباره ساخت. مَنَسی آفتاب و ماه و ستارگان را پرستش میکرد و برای آنها مذبحهایی ساخت و آنها را در حیاط خانهٔ خداوند قرار داد، یعنی در همان خانه و در اورشلیم که خداوند برای نام خود برگزیده بود. | 3 |
Ɔsan sisii abosonsomfo abosonnan a nʼagya Hesekia bubu gui no. Ɔyɛɛ afɔremuka pii maa Baal, na osii Asera dua, sɛnea Israelhene Ahab yɛe ara pɛ. Afei, ɔkotow sɔree wim atumfo.
Na mpo, osisii abosom afɔremuka pii wɔ Awurade asɔredan mu; baabi a Awurade aka sɛ wɔnhyɛ ne din anuonyam no.
Osisii saa afɔremuka no wɔ Awurade Asɔredan no adiwo abien hɔ, de maa wim nsoromma no.
مَنَسی پسر خود را به عنوان قربانی سوزانید. او جادوگری و فالگیری میکرد و با احضارکنندگان ارواح و جادوگران مشورت مینمود. او با این کارهای شرارتآمیز، خداوند را به خشم آورد. | 6 |
Na mpo, Manase de ɔno ankasa babarima bɔɔ afɔre wɔ ogya mu. Na ɔyɛ abayisɛm, kɔ abisa. Ɔkɔɔ samanfrɛfo hɔ ne asumanfo so. Ɔyɛɛ bɔne bebree Awurade ani so, ma ɛhyɛɛ no abufuw.
او حتی بت شرمآور اشیره را در خانهٔ خداوند بر پا نمود، یعنی در همان مکانی که خداوند راجع به آن به داوود و سلیمان گفته بود: «نام خود را تا به ابد بر این خانه و بر اورشلیم، شهری که از میان شهرهای قبایل اسرائیل برای خود انتخاب کردهام، خواهم نهاد. | 7 |
Manase faa Asera dua a wayɛ no de kosii asɔredan mu, beae koro no ara a Awurade ka kyerɛɛ Dawid ne ne babarima Salomo se, “Wɔbɛhyɛ me din anuonyam wɔ ha daa nyinaa wɔ saa asɔredan yi mu wɔ Yerusalem. Yerusalem yɛ kurow a mayi afi Israel mmusuakuw a aka no nyinaa mu.
اگر قوم اسرائیل از دستورهایی که من بهوسیلۀ خادمم موسی به آنها دادهام پیروی نمایند، بار دیگر هرگز ایشان را از این سرزمین که به اجداد ایشان دادم، بیرون نخواهم راند.» | 8 |
Na sɛ Israelfo betie mʼahyɛde a menam mʼakoa Mose so hyɛ maa wɔn no a, merentwa wɔn asu mfi asase yi a mede maa wɔn agyanom no so.”
اما ایشان نه فقط از خداوند اطاعت نکردند، بلکه بدتر از قومهایی که خداوند آنها را از کنعان بیرون رانده بود، رفتار نمودند زیرا مَنَسی ایشان را گمراه نموده بود. | 9 |
Nanso nnipa no antie. Manase dii wɔn anim ma wɔyɛɛ bɔne bebree a ɛsen abosonsom aman a Awurade sɛee no bere a Israelfo kɔɔ saa asase no so no mpo.
پس خداوند بهوسیلۀ خدمتگزاران خود، انبیا چنین فرمود: | 10 |
Awurade nam nʼasomfo a wɔyɛ nʼadiyifo so kae se,
«چون مَنَسی، پادشاه یهودا این اعمال قبیح را انجام داده و حتی بدتر از اموریهایی که در گذشته در این سرزمین ساکن بودند، رفتار نموده و مردم یهودا را به بتپرستی کشانیده است؛ | 11 |
“Yudahene Manase ayɛ akyiwade bebree. Na mpo, ɔyɛ omumɔyɛfo sen Amorifo a wɔbɛtenaa asase yi so ansa na Israel reba no. Wadi Yudafo anim de wɔn akɔ ahonisom mu.
من نیز بر اورشلیم و یهودا چنان بلایی نازل خواهم کرد که هر که آن را بشنود وحشت کند. | 12 |
Enti sɛɛ na Awurade, Israel Nyankopɔn se: Mede ɔhaw ne abɛbrɛsɛ bɛto Yerusalem ne Yuda so ama aso a ɛbɛte saa nsɛm no mu ayɛ no yonn.
همان بلایی را سر اورشلیم میآورم که بر سر سامره و خاندان اَخاب آوردم. اورشلیم را از لوث وجود ساکنانش پاک میکنم، درست همانطور که ظرف را پاک کرده، میشویند و آن را وارونه میگذارند تا خشک شود. | 13 |
Mɛfa ɔkwan a menam so buu Samaria ne Ahab abusua atɛn no so abu Yerusalem atɛn. Mɛpepa nnipa a wɔwɔ Yerusalem nyinaa, te sɛnea obi hohoro asanka mu, na ɔdan butuw no.
بازماندگان قوم را نیز ترک خواهم گفت و ایشان را به دست دشمن خواهم سپرد تا آنها را غارت کنند، | 14 |
Na mpo, mɛpo me nkurɔfo kakra a wɔaka no, na mede wɔn bɛma wɔn atamfo sɛ asade.
زیرا ایشان نسبت به من گناه ورزیدهاند و از روزی که اجدادشان را از مصر بیرون آوردم تا به امروز مرا خشمگین نمودهاند.» | 15 |
Efisɛ wɔayɛ bɔne kɛse wɔ mʼanim, nam so ahyɛ me abufuw, fi bere a wɔn agyanom fii Misraim no.”
مَنَسی علاوه بر این که اهالی یهودا را به بتپرستی کشانده، باعث شد آنها نسبت به خداوند گناه ورزند، افراد بیگناه بیشماری را نیز کشت و اورشلیم را با خون آنها رنگین ساخت. | 16 |
Manase kunkum nnipa a wɔnyɛɛ bɔne nso bebree kosii sɛ, mogya a edi bem hyɛɛ Yerusalem ma, fi ti kosi ti. Eyi ka bɔne a ɔmaa Yudafo no yɛ de wɔn kɔɔ bɔne a wɔyɛɛ no Awurade ani so no ho.
شرح بقیهٔ رویدادهای دوران سلطنت مَنَسی و اعمال گناهآلود او در کتاب تاریخ پادشاهان یهودا نوشته شده است. | 17 |
Manase ahenni ho nsɛm nkae ne dwuma a odii nyinaa ne bɔne a ɔyɛe no, wɔankyerɛw angu Yuda Ahemfo Abakɔsɛm Nhoma no mu ana?
وقتی مَنَسی مرد او را در باغ کاخ خودش که عوزا نام داشت دفن کردند و پسرش آمون به جای وی پادشاه شد. | 18 |
Manase wui no, wosiee no wɔ ahemfi no turo a na ɛyɛ Usa dea no mu. Na ne babarima Amon na odii nʼade sɛ ɔhene.
آمون بیست و دو ساله بود که پادشاه یهودا شد و دو سال در اورشلیم سلطنت کرد. (مادرش مِشُلِمِت، دختر حاروص از اهالی یطبه بود.) | 19 |
Amon dii hene no, na wadi mfe aduonu abien. Odii hene wɔ Yerusalem mfe abien. Na wɔfrɛ ne na Mesulemet a na ɔyɛ Harus a ofi Yolba no babea.
او نیز مانند پدرش مَنَسی نسبت به خداوند گناه ورزید. | 20 |
Ɔyɛɛ bɔne wɔ Awurade ani so, sɛnea nʼagya Manase yɛe no ara pɛ.
آمون از تمام راههای بد پدرش پیروی مینمود و بتهای پدرش را میپرستید. | 21 |
Ɔfaa nʼagya nhwɛso so, som ahoni koro no ara a na nʼagya som wɔn no.
او از خداوند، خدای اجدادش برگشت و به دستورهای خداوند عمل نکرد. | 22 |
Ogyaw Awurade, nʼagyanom Nyankopɔn no na wampɛ sɛ ɔbɛfa Awurade akwan so.
سرانجام افرادش بر ضد او توطئه چیدند و او را در کاخ سلطنتیاش به قتل رساندند. | 23 |
Na Amon no ankasa asomfo bɔɔ ne ho pɔw, kum no wɔ nʼahemfi.
مردم قاتلان آمون را کشتند و پسرش یوشیا را به جای او بر تخت سلطنت نشاندند. | 24 |
Na nnipa a wɔwɔ asase no so nyinaa kunkum nnipa a wɔbɔɔ ɔhene Amon ho pɔw no, na wɔde ne babarima Yosia dii ade sɛ ɔhene.
شرح بقیه رویدادهای دوران سلطنت آمون در کتاب تاریخ پادشاهان یهودا ثبت گردیده است. | 25 |
Amon ahenni ho nsɛm nkae ne dwuma a odii no nyinaa, wɔankyerɛw angu Yuda Ahemfo Abakɔsɛm Nhoma no mu ana?
او را در آرامگاه باغ عوزا دفن کردند و پسرش یوشیا به جای او پادشاه شد. | 26 |
Wosiee no wɔ ne boda a ɛwɔ Usa turo mu hɔ no mu. Na ne babarima Yosia dii ade sɛ ɔhene.