< اول سموئیل 9 >
قِیس از مردان ثروتمند و بانفوذ قبیلهٔ بنیامین بود. قیس پسر ابیئیل بود و ابیئیل پسر صرور، صرور پسر بکورت و بکورت پسر افیح. | 1 |
Ɔbarima ɔdefo bi a odi mu tenaa ase a na ne din de Kis na ofi Benyamin abusua mu. Na ɔyɛ Abiel babarima, na ne nena ne Seror a ofi Bekorat fi ne Afia abusua mu.
قیس پسری داشت به نام شائول که خوشاندامترین مرد اسرائیل بود. وقتی او در میان مردم میایستاد، یک سر و گردن از همه بلندتر بود. | 2 |
Na ne babarima Saulo ho yɛ fɛ yiye sen obiara wɔ Israel. Na ɔware sen obiara fi ne mmati kosi ne ti so wɔ asase no so.
روزی الاغهای قیس گم شدند، پس او یکی از نوکران خود را همراه شائول به جستجوی الاغها فرستاد. | 3 |
Da bi Kis mfurum yerae, na ɔka kyerɛɛ Saulo se, “Fa asomfo no mu baako, na wo ne no nkɔhwehwɛ mfurum no.”
آنها تمام کوهستان افرایم، زمین شلیشه، نواحی شعلیم و تمام سرزمین بنیامین را گشتند، ولی نتوانستند الاغها را پیدا کنند. | 4 |
Enti Saulo faa asomfo no mu baako. Wɔkɔfaa Efraim bepɔw asase, Salisa asase, Saalim fam ne Benyamin asase nyinaa so, nanso wɔanhu mfurum no baabiara.
سرانجام پس از جستجوی زیاد وقتی به صوف رسیدند، شائول به نوکرش گفت: «بیا برگردیم، الان پدرمان برای ما بیشتر نگران است تا برای الاغها!» | 5 |
Na woduu Suf mansin mu no, Saulo ka kyerɛɛ ɔsomfo a ɔka ne ho no se, “Bra, ma yɛnsan nkɔ faako a yefi bae, na ebia, mʼagya agyae mfurum no ho dwene, ɔredwen yɛn ho mmom.”
اما نوکرش گفت: «صبر کن! در این شهر مرد خدایی زندگی میکند که مردم احترام زیادی برایش قائلند، زیرا هر چه میگوید، درست درمیآید. بیا پیش او برویم شاید بتواند به ما بگوید که از کدام راه برویم.» | 6 |
Nanso ɔsomfo no buae se, “Manya adwene bi, Onyame nipa bi te kurow yi mu a wobu no yiye. Na asɛm biara a ɔbɛka nso ba mu. Ma yɛnkɔ ne hɔ mprempren ara, ebia obetumi akyerɛ yɛn faako a ɛsɛ sɛ yɛfa.”
شائول جواب داد: «ولی ما چیزی نداریم به او بدهیم، حتی خوراکی هم که داشتیم تمام شده است.» | 7 |
Saulo buaa no se, “Yenni hwee a yebetumi de akyɛ saa ɔbarima no, yɛn nnuan mpo asa, yenni biribiara a yɛde bɛma no.”
نوکر گفت: «من یک سکهٔ کوچک نقره دارم. میتوانیم آن را به او بدهیم تا ما را راهنمایی کند.» | 8 |
Ɔsomfo no buaa no bio se, “Hwɛ! Mewɔ dwetɛ gram abiɛsa. Yebetumi de ama no, na yɛahwɛ nea ebesi.”
(در آن زمان به نبی، رایی میگفتند. پس هر که میخواست از خدا سؤال کند، میگفت: «بیایید نزد رایی برویم.») | 9 |
(Saa bere no, sɛ nnipa rekobisa Onyankopɔn hɔ ade a, wɔka se, “Momma yenkobisa adehuni” efisɛ saa bere no na wɔfrɛ adiyifo adehuni.)
شائول موافقت کرد و گفت: «بسیار خوب، برویم.» آنها روانۀ شهری شدند که مرد خدا در آن زندگی میکرد. | 10 |
Saulo penee so ka kyerɛɛ ne somfo no se, “Eye, ma yɛnsɔ nhwɛ!” Enti wosii mu kɔɔ kurow a Onyame nipa wɔ mu no so.
در حالی که از تپهای که شهر در بالای آن قرار داشت بالا میرفتند، دیدند چند دختر جوان برای کشیدن آب میآیند. از آنها پرسیدند: «آیا رایی در شهر است؟» | 11 |
Wɔreforo bepɔw bi akɔ kurow no mu no, wohyiaa mmabaa bi a wɔrekɔsaw nsu, na Saulo ne ne somfo no bisaa wɔn se, “Adehuni no wɔ ha nnɛ?”
دخترها گفتند: «بله! اگر از همین راه بروید به او خواهید رسید. او امروز به شهر آمده تا در مراسم قربانی که در بالای تپه برگزار میشود، شرکت کند. | 12 |
Wobuae se, “Ɔwɔ mo anim. Monka mo ho, nnɛ ara a waba yɛn kurow yi mu efisɛ ɔmanfo rebɛbɔ afɔre wɔ bepɔw no so hɔ.
تا او نیاید و قربانی را برکت ندهد، مردم چیزی نخواهند خورد. پس عجله کنید تا قبل از آنکه به تپه برسد او را ببینید.» | 13 |
Monka mo ho nkɔto no, ansa na waforo akɔ bepɔw no so akodidi. Nnipa no mfi ase nnidi kosi sɛ obehyira aduan no so.”
پس آنها وارد شهر شدند و به سموئیل که به سمت تپه میرفت برخوردند. | 14 |
Enti wɔkɔɔ kurow no mu. Na wɔrewura apon no mu no, na Samuel ani kyerɛ wɔn so a ɔrekɔforo bepɔw no.
خداوند روز قبل به سموئیل چنین گفته بود: | 15 |
Na Awurade aka akyerɛ Samuel da a atwa mu no se,
«فردا همین موقع مردی را از سرزمین بنیامین نزد تو خواهم فرستاد. او را به عنوان رهبر قوم من با روغن تدهین کن. او ایشان را از دست فلسطینیها خواهد رهانید، زیرا من ناله و دعای ایشان را شنیدهام.» | 16 |
“Ɔkyena sesɛɛ, mɛsoma obi afi Benyamin asase so. Sra no ngo, na ɔmmɛyɛ me nkurɔfo Israelfo kannifo. Obegye wɔn afi Filistifo nsam. Mede ahummɔbɔ ahwɛ me nkurɔfo, na mate wɔn sufrɛ.”
وقتی سموئیل شائول را دید، خداوند به سموئیل گفت: «این همان مردی است که دربارهاش با تو صحبت کردم. او بر قوم من حکومت خواهد کرد.» | 17 |
Bere a Samuel huu Saulo ara pɛ, Awurade kae se, “Oyi ne ɔbarima a mekaa ne ho asɛm kyerɛɛ wo no. Ɔno na obedi me nkurɔfo so no.”
کنار دروازهٔ شهر، شائول به سموئیل رسید و از او پرسید: «آیا ممکن است بگویید که خانهٔ رایی کجاست؟» | 18 |
Saulo kɔɔ Samuel nkyɛn wɔ abɔntenpon no ano kobisaa no se, “Wubetumi akyerɛ me baabi a ɔdehufo no fi wɔ ana?”
سموئیل پاسخ داد: «من همان شخص هستم. جلوتر از من به بالای آن تپه بروید تا امروز در آنجا با هم غذا بخوریم. فردا صبح آنچه را که میخواهی بدانی خواهم گفت و شما را مرخص خواهم کرد. | 19 |
Samuel buae se, “Mene ɔdehufo no. Di mʼanim kan wɔ bepɔw no so, kɔ faako a wɔbɔ afɔre hɔ, na yɛn nyinaa bedidi wɔ hɔ. Anɔpa, mɛkyerɛ wo nea wopɛ sɛ wuhu, na magya wo kwan.
برای الاغهایی که سه روز پیش گم شدهاند نگران نباش، چون پیدا شدهاند. در ضمن، بدان که امید تمام قوم اسرائیل بر تو و بر خاندان پدرت است.» | 20 |
Na mfurum a wɔyeraa nnɛnnansa no, mma wɔn ho asɛm nhaw wo koraa, efisɛ wɔahu wɔn. Na mepɛ sɛ meka kyerɛ wo se, Israel anidaso nyinaa yɛ wo ne wo fifo.”
شائول گفت: «ولی من از قبیلهٔ بنیامین هستم که کوچکترین قبیلهٔ اسرائیل است و خاندان من هم کوچکترین خاندان قبیلهٔ بنیامین است. چرا این سخنان را به من میگویی.» | 21 |
Saulo buae se, “So mimfi Benyamin a ɛyɛ abusua ketewa koraa wɔ mmusuakuw no mu. Na me fi nso nyɛ ketewa koraa wɔ Benyamin afi no nyinaa mu. Na adɛn nti na woka eyi kyerɛ me?”
سموئیل، شائول و نوکرش را به تالار مراسم قربانی آورد و آنها را بر صدر دعوتشدگان که نزدیک به سی نفر بودند، نشاند. | 22 |
Enti Samuel de Saulo ne ne somfo no baa asa so hɔ. Ɔma wɔtenaa wɔn a wɔato nsa afrɛ wɔn no pon ti, de hyɛɛ wɔn anuonyam wɔ nnipa dodow bɛyɛ sɛ aduasa no anim.
آنگاه سموئیل به آشپز گفت: «آن قسمت از گوشتی را که به تو گفتم نزد خود نگاه داری، بیاور.» | 23 |
Samuel ka kyerɛɛ osoodoni no se, “Fa nam sin a mede maa wo no bra, nea wɔde asie ama nea wɔrehyɛ no anuonyam no.”
آشپز ران را با مخلفاتش آورده، جلوی شائول گذاشت. سموئیل گفت: «بخور! این گوشت را برای تو نگاه داشتهام تا همراه کسانی که دعوت کردهام از آن بخوری.» پس سموئیل و شائول با هم خوراک خوردند. | 24 |
Enti osoodoni no de ba bɛtoo Saulo anim. Samuel kae se, “Di nea wɔde asi wʼanim no. Mede sie maa wo ansa na mereto nsa afrɛ afoforo yi.” Enti Saulo ne Samuel didii.
پس از پایان مراسم قربانی، مردم به شهر برگشتند و سموئیل، شائول را به پشت بام خانهٔ خود برد و با او به گفتگو پرداخت. | 25 |
Aponto no akyi a wɔsan baa kurow no mu no, Samuel de Saulo kɔɔ atifi dan mu kosiesie nnabea maa no.
روز بعد، صبح زود سموئیل، شائول را که در پشت بام خوابیده بود صدا زد و گفت: «بلند شو، وقت رفتن است!» پس شائول برخاست و همراه سموئیل خانه را ترک کردند. | 26 |
Ade kyee anɔpa no, Samuel kɔɔ Saulo nkyɛn kɔfrɛɛ no se, “Sɔre! Anka ɛsɛ sɛ saa bere yi wonam kwan so.” Enti Saulo siesiee ne ho na ɔne Samuel nyinaa bɔɔ mu fii fie hɔ.
چون به بیرون شهر رسیدند، سموئیل به شائول گفت: «به نوکرت بگو که جلوتر از ما برود.» نوکر جلوتر رفت. آنگاه سموئیل به شائول گفت: «من از جانب خدا برای تو پیغامی دارم؛ بایست تا آن را به تو بگویم.» | 27 |
Woduu kurotia no, Samuel ka kyerɛɛ Saulo sɛ ɔnsoma ne somfo no nni wɔn kan. Ɔsomfo no kɔe no, Samuel kae se, “Tena ha, efisɛ Onyankopɔn de nkra sononko bi ama me a, ɛsɛ sɛ meka kyerɛ wo.”